Mmofra Bisa sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Nea M’awofo Pɛ?
WALLY maame susuw sɛ ɛbo hia sɛ ɔde bere pii yɛ ne sukuu adwuma a wɔde ama no sɛ ɔnyɛ wɔ fie no. Nanso Wally ka sɛ, “Meyɛ adwuma denneennen wo sukuu na sɛ meba fie a, mehwɛ kwan sɛ mɛhome kakra. Mekɔsra me nnamfo binom. Nanso ɔka sɛ, ‘Meremma womfi adi.’”
‘Ma m’ani nnye wo ho kɛse! Yɛ nea wubetumi nyinaa!’ ‘Di nkonim!’ Nsɛm a ɛte sɛɛ na awofo de hyɛ wɔn mma nkuran. Na bere a nsɛm yi hyɛ mmofra binom nkuran no, ebia wode wudi ho yaw. Ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ w’awofo to wo sraha na mmom ɛtɔ bere bi a wɔn ani a ekũ wo ho bere nyinaa no te sɛ biribi pa bi a wɔyɛ ma ɛtra so. Wubisa sɛ ‘Mɛyɛ dɛn atumi ayɛ nea wɔpɛ?’
Nea Enti a Awofo Hwɛ Pii Kwan
Nea edi kan no, ma yennye nokwasɛm a ɛho hia yi ntom: Awofo pa te nka sɛ wɔn mma ho asɛyɛde da wɔn so. Na sɛnea Mmebusɛm 10:1 ka no: “Ɔba nyansafo ma n‘agya ani gye na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.” Enti ɛyɛ awosu sɛ w’awofo bɛpɛ sɛ wobɔ mmɔden. Sɛnea wo te no ka wɔn. Nea ɛho hia kɛse no, wosusuw wo ho kɛse. Ɔbenfo Joan Lipsitz ka sɛ, “Mpɛn pii no, nneɛma ahorow a awofo hwɛ kwan no yɛ nea egyina pɛ a wɔmpɛ sɛ abofra no bɛfa tebea koro no ara a wɔfaa mu no mu bere a wɔadi mfe a wadi no.
Enti Papa anaasɛ Mama ka kyerɛ wo sɛ tra fie na yɛ sukuu adwuma a wɔde ama wo sɛ yɛ wɔ fie no wie a, ɛno nkyerɛ ankasa sɛ onsusuw wo ho. Wonim sɛ, sɛ wubetumi ahwɛ wo ho bere a woanyin ayɛ ɔpanyin no a, ɛho hia sɛ wuhu nneɛma ahorow bi yɛ na wubetumi ahu nnwuma ahorow yi yɛ denam mmɔden a wobɛbɔ so. Na sɛ wɔyɛ Kristofo a, wɔhwɛ kwan nso sɛ wubedu nea wubetumi ayɛ wɔ honhom mu no ho. (Fa toto Efesofo 4:13 ho.) Yiw, nea ɛhyɛ w‘awofo nkuran a wɔhyɛ wo sɛ bɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu anaasɛ wɔhwehwɛ sɛ wokɔ Kristofo nhyiam ahorow ne nea ɛkeka ho no akyi ne ɔdɔ. Sɛnea aberantewaa a wɔfrɛ no Gary ka no: “Ampa, m’awofo de botae horow a ɛkɔ anim sisii m’anim. Wofi ɔdɔ mu sɛee wɔn bere ne wɔn sika wɔ me ho. Na meyɛ wɔn ahode a ‘ɛsom bo.’”
Yegye tom sɛ awofo binom yɛ wɔn ade ma ɛtra so, na wɔde wɔn koma si nya a wɔn mma benya nnwuma ahorow a n’akatua kɔ anim, dibea ne anuonyam mpo so. Sɛ nhwɛso no, Billy maame ne ne papa pɛe sɛ ogye din wɔ mmirikatu mu. Bere a wapɔn sukuu no, ne papa kyerɛ no sɛnea obetumi atu mmirika yiye wɔ afaako a wɔbɔ basketball. Nanso na Billy nyɛ obi a onim mmirikatu yiye.
Hwɛ nea Yesu kae bere a n’asomafo baanu maame bɔɔ mmɔden sɛ obenya dibea a anuonyam wom ama ne mmabarima baanu wɔ Kristo Ahenni mu no—‘obiako ntra ne nifa, na obiako nso ntra ne benkum.’ Pɛ a ɔpɛ sɛ ne mmabarima ne Yesu som afoforo no ye. Nanso ebia na botae bi a enye wɔ n’adesrɛ no mu. Nanso sɛnea ɛte biara no, Yesu teɛɛ adwene biara a na ebia ɔne ne mmabarima no anya wɔ ‘tumi a wobedi wɔ nnipa so sɛ wɔn mu akɛse’ no ho no so. Mmɔden a wɔbɔ sɛ ‘wobedi kan wɔ biribi mu no nyɛ su a ɛsɛ sɛ ɛtra Kristofo mu. (Mateo 20:21-26) Saa ara nso na ɛte nnɛ, abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn wɔ no na ɛho hia ankasa. (1 Korintofo 1:31) Atirimɔden akansi ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboaboa honam fam nneɛma pii ano bere nyinaa no yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu!—Ɔsɛnkafo 4:4; hwɛ Galatifo 5:26 ne 1 Yohane 2:16 nso.
Nanso awofo binom nhu eyi. Ebia wopiapia wɔn ma sɛ wonnye din—ɛtɔ bere bi mpo a, na ɛyɛ nea ɛtra wɔn ahoɔden so. Dɛn na ebetumi afi mu aba? Ɔpanyin biako ka sɛ: “Ɛda adi sɛ nneɛma ahorow a wɔrentumi nye a awofo, akyerɛkyerɛfo ne atipɛnfo hwɛ kwan no na ɛde adwenemhaw a mmofra nya no ba kɛse sen biribi foforo biara.”
Nanso awofo a wɔhwɛ nneɛma pii kwan ma ɛtra so no yɛ kakraa bi. Enti ebia ahwehwɛde ahorow a w’awofo de asisi w’anim no yɛ nea ntease kɛse wom. Nanso pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ—na woasua—na ama nneɛma ahorow a wɔhwɛ kwan no ho aba wo mfaso!
Nea Wubetumi Nyinaa a Wubesua sɛ Wobɛyɛ!
Abeawaa bi a wadi mfe 16 a n’awofo ka kyerɛɛ no sɛ ɔntra n’ananmu wɔ faako a wadu wɔ sukuu a wosua nneɛma a ɛkɔ anim mu no kae sɛ, “Me bo fuwii, meyɛɛ basaa na ehu kaa me. Na misusuw sɛ minnim ade yiye.” Nanso so na n’awofo rebisa pii afi ne hɔ ankasa esiane sɛ wɔhyɛɛ nyansa sɛ ɔmmɔ ne ho mmɔden kakra no nti? Ɛnte saa koraa. Ɔbɔɔ mmɔden yiye wɔ sɔhwɛ a ɔyɛ de wiee sukuu no mu na mprempren obu osuahu no nyinaa sɛ “nkonimdi ma me.”—Teen nsɛmma nhoma.
Mpɛn pii mmofra mmu wɔn tumi horow ahe biara? Enti sɛ w’awofo hyɛ wo nkuran sɛ nya nkɔso wɔ biribi mu—sɛ nhwɛso no, sukuu adesua mu mmɔdenbɔ mu—a, wubenya mu mfasodenam adwene a wɔwɔ no ho a wubesusuw no so. Mmebusɛm 23:22 ka sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” Ebia wɔn osuahu wɔ asetra mu no bɛboa wɔn ma wɔahu sɛnea wo mmɔdenbɔ te ankasa no kɛse. Mary Susan Miller kyerɛw wɔ ne nhoma Childstress! mu sɛ: “Mepɛ sɛ misi nokwasɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ awofo ne akyerɛkyerɛfo de nneɛma ahorow bi a wɔhwɛ kwan sisi mmofra anim. Sɛ eyinom nni hɔ a, mmofra nni ahotoso a wonya bere a mpanyimfo gye wɔn di no.”
Ɛnde bɔ mmɔden sɛ wubedi nneɛma ahorow a w’awofo hwɛ kwan a ntease wom no ho dwuma.
Munni Nkitaho! Munni Nkitaho!
Ɛnde sɛ wote nka sɛ nneɛma ahorow a w’awofo hwehwɛ no rema wo ho akyere wo kɛse nso ɛ? Anaasɛ wɔn botae horow ne nneɛma ahorow a wopɛ no bɔ abira nso ɛ? Hia a ɛho hia sɛ wode ayamhyehye—ne wɔn di nkitaho—ne asɛm a wɔtaa te fi mmofra a wɔatumi adi saa tebea yi ho dwuma no hɔ. Sɛ nhwɛso no, Veronica ka sɛ: “Wo ne w’awofo ntra ase bere a obiara bo mfuwii no na ma wonhu wo sɛnea wuhu w’ankasa ho no.” David de ka ho sɛ: “Sɛ mifii ase kaa sɛnea mete nka sɛ me ho kyere me no ho asɛm ntɛm a, anka ɛnyɛ me nkutoo na ɛrenyɛ den mma me na mmom m’awofo nso.”
Nkitahodi kyerɛ sɛ wubetie na woakasa. Ebia nea w’awofo rebisa no mu da hɔ. Nanso so wunim nea enti a wɔrebisa no ankasa? Kae sɛ, “Asemmisa [anaasɛ ahwehwɛde] ho mmuae a woma ansa na woate ase no yɛ agyimisɛm ne ɔyaw.” (Mmebusɛm 18:13, The New English Bible) Tom Kennon a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ California Sukuupɔn mu no ka sɛ: “Nkitahodi ne ano aduru. . . . Nea efi mu ba ne nimdeɛ foforo a abofra a onnii mfe aduonu ne—awofo nyinaa nya no.” Nneɛma abien betumi aboa wɔ nkitahodi a ɛte saa mu.
Biakoyɛ: Gary ka sɛ, “Mihui sɛ ɛho hia sɛ mebɔ mmɔden gye nea wɔka no tom.” Ogye tom sɛ eyi “nyɛ mmerɛw bere nyinaa.” Sɛ ɛyɛ mmerɛw anaasɛ dabi no, Bible no kyerɛ sɛ ɛno na ɛteɛ: “Tie w’awofo, efisɛ ɛteɛ sɛ wobɛyɛ saa.” (Efesofo 6:1, NE) Animtiaa a wubu wɔn no bɛma woatwe wo ho afi wɔn ho. Veronica a yɛadi kan aka ne ho asɛm no de ka ho sɛ biakoyɛ a ɛte saa no, “ma awiei koraa no woyɛ onipa pa.”
Kyerɛ Obu: Obu betumi ama wo ne w’abusua no ntam abusuabɔ anya nkɔso. Ɛma woda wo nkate horow adi a womfom obiara. Enti sɛ wote nka sɛ w’awofo rebisa nea ɛsen nea wubetumi de ama a, fa odwo ne obu a emu dɔ ka w’adwen horow kyerɛ.—Fa toto 1 Petro 3:15 ho.
Sɛ nhwɛso no, Kristoni abofra bi a wɔfrɛ Edward ne n’awofo nyaa akasakasa wɔ botae horow a ɔwɔ wɔ n’adwuma ho no ho. Ɔyɛɛ dɛn na ɔmaa wɔn koma tɔɔ wɔn yam wɔ tebea a emu yɛ den yi mu? Edward ka sɛ, “Nneɛma pa fii mu bae bere mede obu kyerɛkyerɛ nea enti a mepɛ sɛ meyɛ Kristofo som adwuma mmom sen adwuma a wɔapaw ama me no. Na mehwɛ kwan sɛ asɛm no ka bɛyɛ den, ne titiriw no wɔ me maame fam nanso ɔyɛɛ n’ade bɔkɔɔ wɔ ho.”
Nea ɛyɛ anigye no, wɔ mfe bi akyi no, Edward bɛkaa adwumayɛfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti no ho. Nnansa yi ne maame kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ yɛyɛɛ basaa bere a wusii gyinae sɛ wobɛkɔ [hɔ] no. Nanso yegye eyi tom na yɛte nka sɛ ebia ɛyɛ gyinaesi a eye sen biara ma wo. Ɛte sɛ nea w’ani gye wɔ hɔ na ɛno ne nea ɛho hia. Ɛwom sɛ yɛrentumi mpene ɔkwan a wofa so susuw nyamesom ho no so de, nanso ɛno mma ɛnyɛ nea ɛteɛ anaasɛ nea ɛnteɛ.”
Enti sɛ́ anka wobɛma wo bo afuw wɔ nneɛma ahorow a w’awofo hyɛ wo sɛ yɛ no ho no, dɛn nti na wommu nneɛma ahorow a w’awofo hwɛ kwan sɛ wobɛyɛ no sɛ ɛyɛ ahotoso a wɔwɔ wɔ wo mu no ho sɛnkyerɛnne mmom? Na sɛ ebia ɛho hia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ nneɛma ahorow a wɔn anaasɛ wohwɛ kwan no mu a, ma obu a wowɔ no nna adi bere a wo ne wɔn susuw ho no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Abofra biako kamfo kyerɛ sɛ, “Wo ne w’awofo ntra ase bere a obiara bo mfuwii no na ma wonhu wo sɛnea wuhu wo ho no”
[Kratafa 20 mfoni]
So wote nka sɛ w’awofo ma woyɛ basaa denam w’asetra ho nhyehyɛe a wɔyɛ no so?