Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 3/8 kr. 20-22
  • Mɛyɛ Dɛn Na M’awofo Agye Me Adi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Na M’awofo Agye Me Adi?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sakra a Wobɛsakra Wo Su ne W’akwan Horow
  • “Sintɔ Ahorow”
  • Ntawntawdi Ahorow
  • Mmara ne Ahyɛde Horow
  • Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Nea M’awofo Pɛ?
    Nyan!—1985
  • Dɛn Nti Na M’awofo Yɛ Katee Wɔ Me So Saa?
    Nyan!—1985
  • Mmara a M’awofo Ahyehyɛ Ama Me No, Mɛyɛ Dɛn Ne Wɔn Aka Ho Asɛm?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Nyan!—1985
g85 3/8 kr. 20-22

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Mɛyɛ Dɛn Na M’awofo Agye Me Adi?

Wohwɛ kwan sɛ Mama ne Papa bɛyɛ basaa. Efisɛ wohyɛɛ bɔ sɛ wubedu fie ansa na nnɔndu abɔ, nanso nnɔndu abɔ dedaw. Nanso na wobɛyɛ dɛn ohu sɛ lɔre akwanhyia bi besi a ɛremma wunnya kwan wɔ baabiara? Anka wobɛbɔ wɔn amanneɛ​—sɛ anka wubetumi onya telefon a.

Awiei koraa no wodu fie, wo ho popo nanso wowɔ ahotoso sɛ w’awofo de ahummɔbɔ betie wo nkyerɛkyerɛmu a woasiesie no yiye no. Mmom no, wobisaa wo nsɛm pii ntɛm ara ma enti na ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛhome mpo. Mama teɛm sɛ ‘ɛkaa kakraa anka ɔkɔbɔɔ polisifo amanneɛ,’ bere a papa nso hyɛ mmara sɛ ‘woremfi adi’ ɔsram biako! Wubisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na wonnye me nni? Dɛn nti na wɔyɛ me sɛ abofra bere nyinaa saa?’

MMOFRA a wonnii mfe aduonu pii nwiinwii sɛ wonnya obu a wɔte nka sɛ ɛsɛ wonya fi wɔn awofo hɔ no. Sɛ anka wobegye wɔn adi no, wobu wɔn fɔ bere a wontie wɔn. Sɛ́ anka wɔbɛma wɔade wɔn ho no, wɔde mmara horow kyekyere wɔn. Abeawa biako a onnii mfe aduonu kae sɛ: ‘Me papa de mmara ne anohyeto ahorow pii ama me ma enti mete nka te sɛ nea meda afiase. Merenyin na di a wɔne me di wɔ saa kwan yi so no afono me. Nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a mepɛ na mehwɛ kwan fi m’awofo hɔ wɔ faako a manyin adu wɔ asetra mu yi. Mepɛ sɛ wɔte m’ase na wobu me sɛ obi a ɔde ne ho.’

Ebia wo nso wopɛ sɛ wo ne w’awofo abusuabɔ no yɛ biribi a ɛsen nea egyina ntease, wo ho koma a wobenya ne obu so. Nanso ɔkwan bɛn so na wubenya eyi?

Sakra a Wobɛsakra Wo Su ne W’akwan Horow

Ɔkyerɛwfo Andrea Eagan ka sɛ: “Bere a wunnii mfe aduonu no, wo ne w’awofo de bere tenten anya abusuabɔ na moanya su horow a ɛfa mo ho mo ho ho a ebia ɛyɛ den sɛ mubegyaw mu.” Enti sɛ w’awofo ne wo di te sɛ abofra wɔ bere horow bi mu a, kae sɛ wɔ bere tiaa bi a atwam mu no na woyɛ abofra ankasa. Enti w’awofo adwene a wokura wɔ wo ho sɛ woyɛ abofra a wɔdɔ no a ohia mmoa no yɛ nea wɔda so ara kae na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobepia ato kyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛsakra akwan horow a wɔnam so ne wo di a wɔde adi dwuma akyɛ no. Ebia mmofraberem mfomso ahorow a wotaa di no da so ara wɔ wɔn adwenem.

Sɛ w’awofo yɛ basaa esiane sɛ wɔamma fie ntɛm nti a, bisa wo ho sɛ: ‘So mamma fie ntɛm wɔ bere bi a atwam mu a mannya anoyi a ɛfata amma? Mpɛn ahe? So manni m’awofo nokware wɔ mmere horow bi mu?’ Mmofra binom hu sɛ ‘wotwa nea wɔagu no.’ (Galatifo 6:7) Sɛ nsɛnnennen sɔre a, ebia wɔn su ma wɔn awofo nya adwen horow bi ntɛm ara.

Nanso wubetumi ama w’awofo asakra adwene a wɔanya wɔ wo ho no. Wɔka kyerɛɛ aberantewaa bi a wɔfrɛ no Timoteo bere bi sɛ: “Mma obi mmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.” (1 Timoteo 4:12) Asɛm a ɛwɔ eyi mu ne sɛ mmofra betumi anya obu afi afoforo hɔ. Akwan horow bɛn so na wubetumi ayɛ eyi?

“Sintɔ Ahorow”

Ɔreka mmara pa a agye din no ho asɛm no, Yesu Kristo kae sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Enti sɛ wopɛ sɛ w’awofo kyerɛ obu ma wo a, wo nso bu wɔn!

Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ eyi bere nyinaa. Bere a woyɛ abofra ketewaa no na wubu w’awofo sɛ wɔyɛ anyansafo a wonim biribiara. Ɔkyerɛwfo Mike Edelhart ka sɛ, “Afei mpanyimfo a yɛreyɛ no ma yɛn adwene sesa ntɛm ara na yɛn awofo bɛyɛ nnipa ara kwa, ɔbarima ne ɔbea bi a wɔwɔ sintɔ ahorow a wɔyɛ basaa, wontumi nyɛ nea ɛsɛ wɔyɛ na wɔn adwene mu yɛ wɔn naa kɛse.” Anyɛ yiye koraa no, saa na osusuw asɛm no ho. Nanso ɛyɛ ampa sɛ bere a woabehu w’awofo mfomso ahorow no, ebia su a wubenya ne sɛ wobɛma eyinom ayɛ kɛse wɔ w’adwenem.

Mmofra binom bu wɔn awofo sɛ wɔyɛ “nnipa bɔne” (‘Wonsusuw obiara ho na mmom wɔn nkutoo ho!’) . Ebinom nso nya adwene sɛ “wɔanyin sen” wɔn wɔ ɔkwan bi so (‘M’awofo nnim nea ɛrekɔ so!’) . Afoforo mpo de animtiaabu ka nsɛm a ɛmfata kyerɛ wɔn bere a wɔaka bi akyerɛ wɔn no. Ɛnyɛ sɛ abofra a ɔyɛ n’ade wɔ akwan horow yi so ma n’awofo twe wɔn ho fi ne ho nko, na mmom ɔda ne ho a ɛnkokwawee no adi. Bere a ɔyɛ n’ade te sɛ abofra no, wɔne no bedi te sɛ abofra.

Nanso ɔsomafo Paulo kae bere bi sɛ: “Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefo na yɛfɛree wɔn.” (Hebrifo 12:9) Ná saa Kristofo a wodii kan yi awofonom nyɛ wɔn a mfomso nni wɔn ho anaasɛ wɔn a wonim biribiara sen w’awofo. Paulo kɔɔ so (nkyekyem 10) sɛ: “Yɛn honam fam agyanom . . . betumi ayɛ nea wosusuw sɛ eye wɔ wɔn ani so nko.”​—The Jerusalem Bible.

Ɛtɔ bere bi a na saa nnipa yi fom wɔ wɔn atemmu mu. Nanso na ɛfata sɛ wɔn mma bu wɔn. Saa ara na w’awofo te. Ampa, wodi mfomso ahorow nanso kae sɛ wonso wowɔ “sintɔ ahorow.” Bɔ mmɔden sɛ wubenya wɔn mfomso ahorow ho adwempa na fa obu koro no ara a wohwehwɛ ama wo ho no ma wɔn.

Ntawntawdi Ahorow

Wunya hokwan foforo a ɛbɛma wɔabu wo bere a ntease mma wɔ nsɛm bi mu no. Fa no sɛ wowɔ awofo baanu a wɔn bo afuw a ɛsɛ sɛ wo ne wɔn di. Wo bo a wobɛma afuw no bɛma tebea a asɛe no mu ayɛ den. Nanso kae sɛnea abofra Yesu hwɛɛ ne ho so bere a na n’awofo ayɛ basaa no. Bere a wɔafi Yerusalem a ɔnka wɔn ho no, n’awofo a na wɔn ho pere wɔn no hwehwɛɛ no nnansa wɔ baabiara. Bere a wohuu no wɔ asɔrefi hɔ a ɔne akyerɛkyerɛfo binom resusuw Onyankopɔn Asɛm ho no, na n’awofo ayɛ basaa kɛse. Nanso so Yesu bo fuwii anaasɛ osui wɔ yɛ a wɔanyɛ no yiye sɛ wɔkaa nsɛm a ɛnteɛ faa ne botae horow ho no? Hyɛ ne mmuae bɔkɔɔ no nsow: “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ sɛ metra m’agya fi?” (Luka 2:41-49) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu awofo ani gyee ahokokwaw a ɔdaa no adi wɔ ha no ho. Na kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobisaa no mmeae horow a ɔkɔe ho asɛm bio.

Ɛnyɛ sɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere” nko na mmom ebetumi aboa wɔ ma woanya obu afi w’awofo hɔ nso.​—Mmebusɛm 15:1.

Mmara ne Ahyɛde Horow

Ansa na w’awofo benya wo mu ahotoso koraa no, ɛda adi sɛ wɔde anohyeto ahorow bɛma wo. Sɛnea wubedi nneɛma ahorow a wɔhwehwɛ afi wo hɔ ho dwuma no wɔ pii yɛ wɔ sɛ́ ebia awiei koraa no wobegow saa anohyeto ahorow yi mu anaasɛ wɔbɛma emu ayɛ den no mu. Sɛ nhwɛso no, mmofra binom hyɛ da ne wɔn awofo di asi anaasɛ wɔ kokoam no wontie wɔn. Nanso nhoma a wɔfrɛ no Options no akyerɛwfo bɔ kɔkɔ sɛ: “Atoro a wudi kyerɛ wɔn bere a wopɛ sɛ wogye wo di no te sɛ nea wuwia ade de kyerɛ sɛnea wudi nokware. Sɛ wɔkyere wo a, wobemia mmara a wɔde ama wo no mu kɛse, esiane sɛ woyɛ oniferefo nti.”

Fa ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ woanyin so. Sɛ wopɛ sɛ wɔma kwan na ama woatumi afi adi akyɛ a, “nhwehwɛ” nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wunnyinii ɛ, anaasɛ nsu sɛ “mmofra afoforo nyinaa tumi fi adi kyɛ.” Ɔkyerɛwfo Andrea Eagan ka sɛ: “Nneɛma pii ka te a wobɛte w’awofo ase no ho. Biako ne sɛ wobɛka nea wopɛ sɛ woyɛ no ho asɛm pii akyerɛ wɔn sɛnea wubetumi, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte tebea no ase ankasa. . . . Sɛ woka faako a worekɔ ne oniiko a wo ne no rekɔ ne nea enti a woremma fie ntɛm ho asɛm nyinaa kyerɛ wɔn a . . . ebia wɔbɛka sɛ yiw.”

Anaasɛ w’awofo pɛ sɛ wohu sɛnea wo nnamfo te​—sɛnea ɛsɛ sɛ wohu no a​—nwiinwii te sɛ abofra. Seventeen nsɛmma nhoma no kamfo kyerɛw sɛ: “Fa wo nnamfo bra fie wɔ bere ne bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ woka sɛ wo ne Bill rekɔ sini a, wo papa rennya biribi nnyina so nteɛm mfi ɔdan mu sɛ ‘Bill? hena ne Bill?’” Na sɛ wote nka sɛ nneɛma a w’awofo hwehwɛ no yɛ nea ntease nnim mpo a, ntew atua. Wo ne wɔn nsusuw ho.

Ebia eyi renyɛ mmerɛw. Enti di wo nkate horow so. Mmebusɛm 29:11 ka sɛ: “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no na ɛka akyiri.” Ma w’awofo nte ase sɛ wodɔ wɔn na w’ani sɔ wo ho a wosusuw no. Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ wopɛ sɛ woyɛ ɔpanyin pa na wo ne wɔn nsusuw nneɛma ahorow​—a wote nka sɛ ɛbɛboa wo ma woanyin ayɛ saa no ho.

Bere a wɔatie nea wowɔ ka akyi no, ebia w’awofo​—bɛyɛ nsakrae wɔ nea wɔhwehwɛ afi wo hɔ no mu​—anaa ebia wɔrenyɛ saa. Nanso sɛnea ɛte biara no, ebia na wɔahu ahokokwaw a wode di nsɛm ahorow ho dwuma no. Na bere a bere kɔ so no, bere a wohu w’abrabɔ pa no, wɔn adwene a wɔwɔ wɔ wo ho sɛ abofra a ohia mmoa no befi ase ayera na wubehu sɛ wohu wo wɔ ɔkwan foforo so koraa​—wɔde obu foforo koraa na ɛbɛyɛ saa.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

“Atoro a wudi kyerɛ [w’awofo] bere a wopɛ sɛ wogye wo di te sɛ wuwia ade de kyerɛ sɛnea wudi nokware”

[Kratafa 22 adaka]

“Na afei, mma, muntie me, na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so. Muntie nteɛso na munhu nyansa, na monntew atua. Nhyira ne onipa a otie me na ɔwɛn m’apon ano daa daa, na ɔhwɛ m’abobowano apongua so: Na nea ohu me no hu nkwa, na onya [Yehowa] hɔ anisɔ; na nea ɔfom me no di ne kra aboro, wɔn a wɔtan me nyinaa dɔ owu.”​—Mmebusɛm 8:32-36.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena