Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 7/8 kr. 3-4
  • Anigye—Hwehwɛ A Wɔhwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye—Hwehwɛ A Wɔhwehwɛ
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe na Wobetumi Anya Nokware Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Anigye—Ɛho Ayɛ Na Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwahosan Ne Anigye​—Wobɛyɛ Dɛn Na Woatumi Anya?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nokware Anigye Wɔ Yehowa A Wɔsom No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 7/8 kr. 3-4

Anigye​—Hwehwɛ A Wɔhwehwɛ

UNITED STATES Ahofadi Mpaemuka no ka hokwan a wɔwɔ sɛ ‘wɔtra nkwa mu, wonya ahofadi na wɔhwehwɛ anigye’ ho asɛm. Ɛnnɛ, wɔ pii fam no, asɛntitiriw a ɛwom ne hwehwɛ a wɔbɛhwehwɛ. Wɔde mmɔdenbɔ kɛse na ɛhwehwɛ na wɔde simma biara yɛ ade a ɛbɛma wɔn ani agye. Wɔkɔ agorudibea ahorow kɔhwɛ agumadi ahorow, wɔhwɛ video so agoru ahorow, wɔma TV kyere wɔn tra hɔ ma wɔhwɛ so dwumadi ahorow anwummere biara, wɔyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn anigye kɛse wɔ adapɛn awiei no ho nhyehyɛe, wotu kwan kokyinkyin mmeae horow wɔ wiase no mu na saa ara nso na wɔde bere pii yɛ asetra mu nneɛma ahorow. Pii dan kɔ nnubɔne a wɔde di dwuma so mpo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkate a ano yɛ den. Wɔyɛ biribiara a ɛbɛma wɔn ani agye bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentra ase komm nsusuw wɔn ankasa ho​—ne yɛ a asetra yɛ mfonoe no. Nanso anigye a wɔmfa ɔkwan pa so nhwehwɛ yi mma wonnya anigye ankasa.

Ebinom di asetra kwan foforo akyi wɔ hwehwɛ a wɔhwehwɛ anigye no mu. Wommu aware mu nhyehyɛe sɛ ɛyɛ biribi a ɛkyerekyere wɔn bio​—wogyae aware bere biara a wɔpɛ anaasɛ wogyina asɛm biara so gyae aware na mmofra di awofo ntam akɔneaba. Wɔn a wɔnwaree no bɔ aguamman. Mmarima ne mmea bom tra ase bere a wɔnyɛ awarefo​—bɔhyɛ biara nni mu, biribiara nkyerekyere wɔn, wɔwɔ hokwan sɛ wogyina asɛm biara so gu aware no. Mmarima a wɔne wɔn ho da bom tra ase sɛ awarefo anaasɛ ankorankoro di wɔn akɔnnɔ bɔne akyi. Wɔ sɔ a wɔsɔ nneɛma pii hwɛ yi nyinaa mu no, nkurɔfo regu wɔ honam so na awiei koraa no, nea ebefi mu aba ne adwenemhaw, te a wɔte afobu nka, ninkutwe, mpaapaemu kɛse ne nyarewa ahorow​—mpɛn pii nea wontumi nsa. “Abrabɔ foforo” no de amanehunu kɛse mpo ba sen abrabɔ dedaw no.

Afoforo pii de anigye toto honam fam nneɛma ho nanso honam fam nneɛma ano a wɔboaboa no ma nya a wobenya no ho nkate mu kɔ so yɛ den kɛse. Nnwuma ahorow a wɔbɔ nneɛma ho dawuru de anigye kanyan ɛho akɔnnɔ na wɔma wonya nneɛma a ɛyɛ fɛ a wobesusuw ho​—nsusuwii horow a wɔbɛkɔ so akura mu denam din a aguadifo de ma ntade a wɔbɛhyɛ, nsa a wɔbɛnom, kar ahorow a wɔbɛka, afie, ne nneɛma afoforo pii a wɔde betwa wɔn ho ahyia no so.

Nyansahu ma honam fam ade dodowpɛ nya nkɔso sɛnea abɔde ho ɔdenimfo René Dubos ka no: “Sɛnea ɛte mpɛn pii no, mprempren wɔde mfiridwuma ho nyansahu yɛ nneɛma a ɛmfa adesamma ahiade ho hwee a ɛma wɔhwehwɛ nneɛma afoforo a wɔpɛ mmom.” Ɔka sɛ, saa apɛde horow yi “mfaa pii nkaa anigye anaasɛ hia a nkwa ho hia no ho,” bere a wɔadi ho dwuma no. Wɔ aman a wodi yiye no mu no, wɔnam mfiridwuma ho nimdeɛ so ayɛ nneɛma a ntease nni mu a wɔde adi dwuma a wɔansusuw ho. Wɔ pii fam no, anigye a adetɔfo wɔ wɔ nneɛma ho a wɔbɛma anya nkɔso no gyina sɛnea wotumi kanyan wɔn ma wɔtɔ ade no so. Honam fam ade dodowpɛ no ma wobu wɔn ani gu honhom fam nneɛma nyinaa so.

Bere a na Stewart Udall yɛ United States asoɛe a ɛhwɛ ɔman no mu nsɛm so ɔkyerɛwfo no, ɔkae sɛ: “Yɛwɔ mfiri horow a ɛwɔ ɔman biara a ɛwɔ wiase mu no pii​—ne baabi a wɔtow nnadegow a enye sen biara gu. Yɛne nnipa a wɔde kar ahorow tu kwan kɛse wɔ asase so​—na yɛn na yetumi gyina nkyereso kɛse ano. Yɛwɔ nneɛma te sɛ anyinam ahoɔden ne nea ɛkeka ho sen obiara, na yɛwɔ mframa a enye sen biara.” Ɔkaa eyi wɔ mfe bi a atwam no mu na ɔkaa ho asɛm sɛ “ɛyɛ asiane a ɛwɔ nsasepɔn ahorow so.” Afei wɔ mfe bi akyi no, ɛyɛ asiane a ɛwɔ wiase nyinaa. Mfe bi a atwam ni no, Amerika kurow kɛse bi odikro kae sɛ, “sɛ yɛanhwɛ yiye a wɔbɛkae yɛn awo ntoatoaso yi sɛ nea ɛde onipa kɔɔ ɔsram so bere a na wogyina nneɛma funu a emu dɔ du nankroma mu no.” Mprempren wɔ mfe bi akyi no, nyansahufo pii rebɔ kɔkɔ sɛ ebia yɛn na yɛbɛyɛ awo ntoatoaso a etwa to no.

Sɛ honam fam nneɛma na ɛma yɛn nkate wɔ sɛnea yɛsom bo ho no nya nkɔso sen su pa mmom a, saa nkate yi mu ba bɛyɛ mmerɛw na ɛma yɛyɛ nnipa a yenni akomatɔyam wɔ bere tiaa bi akyi. Honam fam ade dodowpɛ ne ɛho anuonyam a ɛyɛ aniani de ntumi nyɛ biribiara mfa nni adesamma honhom fam ahiade horow no ho dwuma na entumi mma yennya anigye da. Adwenemyare ho ɔdenimfo Erich Fromm kae sɛ, “ɛnyɛ nea ɛboa yiyedi, saa ara nso na ɛnyɛ ɔkwan a wɔnam so nya anigye anaa anigye kɛse mpo.” Nanso bere tenten ansa na Fromm reka eyi no, na ɔbarima nyansafo bi a honhom aka no aka no pefee sɛ: “Na mihuu nea enti a nkurɔfo yɛ adwuma denneennen na ama wɔayɛ yiye nso no: efisɛ wɔtwe nneɛma a wɔn afipamfo wɔ ho ninkunu.”​—Ɔsɛnkafo 4:4, Today’s English Version.

Ebinom a wɔn aba mu abu na wɔayɛ basaa no hwehwɛ akomatɔyam denam wɔn ankasa ho a wosusuw kɛse a ntease nni mu no so. Ɛdefa eyi ho no, The Culture of Narcissism ka sɛ: “Esiane anidaso a wonni sɛ wobetumi ama wɔn asetra ayɛ yiye denam ɔkwan biara a ɛho hia so a ɛsɛ sɛ wɔfa nti, nkurɔfo agye adi sɛ nea ɛho hia ne nkɔso a obi ankasa benya wɔ honhom mu: wɔn nkate horow ho dwuma a wobedi, nnuan a ɛma ahoɔden a wobedi, sua a wobesua ballet asaw, Apuei famfo nyansa a wobesua no kɛse . . . Wonya osuahu ahorow pii, wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛhyɛ ɔhonam a ayɛ mmerɛw no den na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkanyan akɔnnɔ horow a ano akum no bio.”​—Nkratafa 29, 39, 40.

Anigye a wɔbɛhwehwɛ denam dwumadi ahorow anaa asetra kwan foforo anaa honam fam nneɛma akyidi anaa obi ankasa ho a obesusuw kɛse so​—ɛnyɛ eyinom mu biara na ɛma yenya anigye ankasa a enni awiei.

Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woanya anigye?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena