Mmofra Bisa Sɛ. . .
Mɛyɛ Dɛn Apaw Adwuma A Mɛyɛ?
EMILY a ɔyɛ ɔbea a ɔwɔ ne mfe 20 mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Bere a nnafua 60 a wɔde resɔ me ahwɛ wɔ adwuma mu baa awiei no, m’adwuma mu panyin ka kyerɛɛ me sɛ mabɔ mmɔden kɛse . . . ne sɛ, metumi ahwɛ kwan sɛ me ne adwumayɛkuw no bɛyɛ adwuma.”
Na ɛsɛ sɛ Emily si gyinae: sɛ́ ɔbɛpene adwuma a n’akatua kɔ anim yiye ne mu mfaso horow nyinaa so—ntetee soronko, anuonyam, honam fam mfaso horow—anaasɛ ɔbɛhwehwɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ adwuma foforo bi a ɔrenya ho ntetee. Ne gyinaesi no bɛka no kɛse wɔ n’asetra mu.
Ɛwom sɛ na Emily awie sukuu dedaw de, nanso na onnya nhuu adwuma a ɔbɛyɛ. Na sɛ aka mfe kakraa bi na woawie ntoaso sukuu a, ɛnde wo nso wowɔ bere a ɛsɛ sɛ wusi gyinae wɔ w’asetra mu mu saa ara. Ebia worebisa wo ho sɛ, ‘So ɛsɛ sɛ mekɔ sukuupɔn na mekɔtoa m’adesua so? So ɛsɛ sɛ misua nsaanodwuma?’
Faako a Wubenya Afotu Pa
Ɛbɛ bi ka sɛ: “Nea otie afotu yɛ onyansafo. (Mmebusɛm 12:15) Sukuu ahorow bi ma adesuafo no afotufo a wɔbɛboa wɔn ma wɔapaw adwuma a wɔbɛyɛ anaa wɔbɛboa wɔn ma wɔde botae ahorow asisi wɔn anim. Sɛ sukuu a wokɔ no wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ a, ebia wubehu sɛ afotu a wɔde ma mpɛn pii no hyɛ wo nkuran sɛ fa mfe a ɛsɛ sɛ wode kɔ sukuu no di dwuma yiye na wie sukuu no. Dɛn ntia? Efisɛ nhomasua ho hia na ama obi anya adwuma ayɛ.a Wɔ ne Monthly Letter mu no, Royal Bank a ɛwɔ Canada no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ɔkwan yi so sɛ: Obi “a ɔmfa adesua ho hokwan ahorow nyinaa a ɛwɔ mfe a ɔde kɔ sukuu no mu nni dwuma kɛse no ho bɛkam wɔ akane a ɔne afoforo besi wɔ asetra mu akyiri yi no mu.”
Ebia ntoaso sukuu a worenkɔ nwie denam gyae a wubegyae no so no remma wunnya adwuma nyɛ. Amanneɛbɔ biako daa no adi pefee sɛ, “ɛyɛ den kɛse ma wɔn a wogyae sukuu no sɛ wobenya adwuma ayɛ nnɛ sen sɛnea ɛte wɔ mfe 30 a atwam ni no mu . . . Bere a wɔn a wogyae sukuu no dodow rekɔ soro no, saa ara na nhomasua mu gyinapɛn a wɔhwehwɛ wɔ adwumayɛfo ho no rekɔ soro, na ɛrema akane a wosi wɔ adwuma a wɔhwehwɛ ayɛ ho no ayɛ den kɛse mpo ama wɔn a wogyae sukuu no.”
Nanso ebia afotufo a wokura adwempa bɛte nka sɛ, ɛsɛ sɛ obi nya nhomasua a ɛkɔ anim wɔ wiase a mfiridwuma anya nkɔanim wom yi mu. Nanso Bible no bɔ kɔkɔ sɛ ‘Nnye nsɛm nyinaa nni.’ (Mmebusɛm 14:15) Nokwarem no, ɔbarima bi kae bere bi sɛ: “Mansua nsaanodwuma na mankɔ sukuupɔn na nneɛma kakraa bi na misua fii nkurɔfo nkyɛn bere a na mekɔ so bu me bra no.” Na hena ne onipa yi? Ɔmanyɛfo ne nhoma kyerɛwfo, Owura Winston Churchill! Mmofra pii ahu saa ara sɛ ɛnyɛ sukuupɔn a wɔkɔ nkutoo na ɛho hia. Jane a wadi mfe dunwɔtwe no kae sɛ: “Mmofra a wonnii mfe aduonu no mu pii kɔ kɔlege efisɛ wosusuw sɛ ‘ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.’ . . . Sɛ anka wɔbɛtra ase asusuw nneɛma afoforo a ɛwɔ hɔ a wobetumi apaw no ho na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ soronko a!”
Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nhoma a wɔfrɛ no Adolescence a Eastwood Atwater kyerɛwee no ka sɛ: “Mmofra pii resan asusuw kɔlege a wɔbɛkɔ no ho.” Ade biako ne sɛ, sɛ wɔhwɛ adwuma a ɛwɔ hɔ a wobenya ayɛ no yiye a, ɛda adi sɛ ɛnyɛ nhomasua a ɛkɔ anim so na wogyina nya adwuma ankasa. Ɛyɛ den ma nnipa pii a wokura sukuupɔn mu abodin ahorow sɛ wobenya adwuma ayɛ na mpɛn pii wobu wɔn sɛ wɔn nhomasua no boro adwuma a eye na n’akatua kɔ soro a wobenya ayɛ no so. San Francisco Examiner and Chronicle no bɔɔ amanneɛ sɛ, “Ɛnnɛ, nnwuma anum biara mu anan nhwehwɛ nhomasua a ɛkɔ anim, na bio nso, ebia nhomasua mu abodin betumi ayɛ ɔhaw kɛse mmom sen sɛ ɛbɛboa.” Nokwasɛm no ne sɛ, wɔ nneɛma pii mu no, nnipa a wowie kɔlege no dɔɔso sen adwuma a ɛwɔ hɔ no.
Enti sɛ wopɛ afotu a, eye sɛ wobɛkɔ wɔn a wo yiyedi ankasa ho hia wɔn na wɔwɔ adwuma ho osuahu kɛse no nkyɛn. Ɛda adi sɛ ebia w’awofo betumi aboa wo kɛse wɔ eyi mu. (Mmebusɛm 23:22) Wonim nneɛma ahorow a wutumi yɛ. Na sɛ wɔyɛ nnipa a wosuro Onyakopɔn a, wobenya adwene a ɛyɛ soronko wɔ nnwuma ahorow no ho asen sɛnea sukuu mu akwankyerɛfo-afotufo benya no. Susuw a wo ne wɔn besusuw ho komm na wɔada nsɛm adi pefee no bɛma woanya akwankyerɛ a wuhia a ɛbɛma woanya adwuma pa ayɛ no.
Yehowa Adansefo a wɔyɛ mmofra nso wɔ hokwan a ɛbɛma wɔanya afotu afi wɔn a wɔwɔ osuahu a wɔwɔ asafo a wɔwɔ mu no nkyɛn. So woakɔhwehwɛ akwankyerɛ afi wɔn hɔ?
Nneɛma Ahorow a Wɔde Si Sukuupɔn Ananmu
Bere a mmofra pii bisaa afotu fii wɔn awofo nkyɛn akyi no, wosii gyinae sɛ wɔmpɛ nhomasua a egye mfe pii esiane sɛ wonnim nea daakye de bɛba nti. Bible no ka sɛ, “Wɔatwa bere no tiaa.” (1 Korintofo 7:29) Na so ɛnyɛ nokware sɛ ebia ntetee pɔtee bi a wubenya wɔ adwuma bi mu no renyɛ nea worentumi mfa nyɛ adwuma bio esiane mfiridwuma ho nimdeɛ a ɛrenya nkɔanim ntɛmntɛm no nti? Enti susuw wo daakye ho yiye. Obi a onnii mfe aduonu a wɔfrɛ no Stephanie sii gyinae sɛ obesua nneɛma a ɛbɛboa no ma wanya nnwuma ahorow ho nimdeɛ a ɛbɛma wanya adwuma ayɛ bere a ɔkɔ ntoaso sukuu no. Sɛnea ɔka no: “Wɔ ɔkwan yi so no, mmere a mede kɔɔ ntoaso sukuu no renyɛ nea masɛe no.” Bere a wobisaa no sɛ ebia nneɛma ahorow a osuae bere a ɔkɔɔ ntoaso sukuu no siesiee no maa adwuma a ɔbɛyɛ de ahwɛ ne ho ankasa no, abofra bi a wɔfrɛ no Alice buae sɛ: “Mitumi suaa nnwuma pɔtee bi na minyaa adwuma.” Nnwuma bɛn? Alice ka sɛ, “Sika akontaabu ne ɔkyerɛwfo adwuma.”
So woahwehwɛ nneɛma a wɔkyerɛ wɔ sukuu a wokɔ no mu no mu? So wɔde nsaanodwuma ho ntetee ma? Anaa, so ntoaso sukuu bi bɛn wo fie a ebetumi de nsaanodwuma bi ho ntetee pa ama a wote nka sɛ eye ma wo? Sɛ nhwɛso no, sukuu ahorow pii de mfiri ahorow a wosiesie, computer, ɔdorobɛn mu nsu ho adwuma ne nea ɛkeka ho ho ntetee ma.
Mmofra binom bisa sɛ, ‘Hena na ɔpɛ sɛ ɔyɛ duadwumfo anaa ɔdorobɛn mu nsu ho odwumayɛfo?’ Bere a Yesu yɛ abofra no, wɔkyerɛɛ no duadwumfo adwuma. Ɛwom sɛ na ɛno renyɛ adwuma a ɔbɛyɛ de, nanso osuaa adwuma no yiye araa ma wɔbɛfrɛɛ no “duadwumfo no.” (Marko 6:3) Salomo nso huu mfaso a ɛwɔ nsi a wɔbɛyɛ wɔ adwuma bi ho so no: “Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina, ɔrennyina mpapahwekwa anim.” (Mmebusɛm 22:29) Ɛnnɛ, nnipa pii mmu nsaanodwuma. Esiane eyi nti, nnipa a wɔhwehwɛ wɔn ma wɔayɛ saa nnwuma yi dodow redɔɔso! Paul McCracken a ɔyɛ sukuu bi ɔkyerɛkyerɛfo panyin kaa asɛm yi: “Mɛpɛ sɛ wɔ bere a ɛfata mu no, misi nnwuma ahorow te sɛ mfiri horow a wosiesie no ho ntetee a wɔde ma no so dua kɛse. Sɛ yɛfa no sɛ sikasɛm nhyehyɛe no mu bɛkɔ so atrɛw a, wobebue saa nnwuma ahorow yi pii—na ɛyɛ nnwuma pa.” So nsaanodwuma bɛyɛ nea wuhia na ama woatumi anya wo mprempren ne wo daakye ahiade ahorow?
Adwene a Ɛteɛ a Wubenya Wɔ Daakye Ho
Ɛsɛ sɛ Kristoni adwene a ɔwɔ wɔ daakye ho no ka adwuma a ɔbɛpaw no nso. Esiane sɛ ‘wiase no retwam akɔ’ nti, wiase no mu botae horow so a wobegyina ayɛ adwuma bi no yɛ nea enni mu ankasa. Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛnea adwuma a ɛte saa no rentra hɔ nkyɛ no.—Luka 21:29-35.
Esiane eyi nti, mmofra pii a wɔyɛ Yehowa Adansefo repaw Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no—adwuma a wotu wɔn ho ma de yɛ a wɔde boa nkurɔfo ma wɔte Bible no ase no. Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ahwɛ ne ho wɔ saa kwan yi so?’ Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔ sika fam no, ebinom adi kan anya nsaanodwuma bi ho ntetee pa. Ɔsomafo Paulo yɛɛ eyi. (Asomafo no Nnwuma 18:3) Na n’afotu a egyina ɔno ankasa osuahu so ne sɛ: ‘Yɛ adwuma denneennen na fa wo nsa yɛ adwuma pa.’—Efesofo 4:28; 1 Tesalonikafo 4:11.
Enti adwuma pa a wobɛpaw no yɛ nea egyina afotu a wubenya afi nnipa a ɛsɛ sɛ wunya fi wɔn nkyɛn no hɔ, nnwuma a ɛbɛboa ma woadu wo botae horow no ho ntetee a wubenya ne adwene a ɛteɛ a wubenya wɔ wo daakye ho no so. Nea ɛyɛ anigye no, Emily a yɛaka ne ho asɛm wɔ asɛm no mfiase no penee adwuma a anuonyam wom a ɛne ɔkyerɛwfo panyin no so mfitiase no. Nanso afei ohuu sɛ ɔrentumi nyɛ adwuma abien a ɛsono emu biara no. (Fa toto Luka 16:13 ho.) Enti ɔpaw adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ a ɛne nkurɔfo a ɔbɛboa wɔn ma wɔate Bible no ase no. Ná eyi kyerɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ a ɛsɛ sɛ onya na ɔde ahwɛ ne ho. Dɛn ne ne nkate horow wɔ adwuma a n’akatua kɔ anim yiye a ogyaee na ɔkɔyɛɛ n’adwuma a ɔpawee no ho? Emily ka sɛ, “M’ani gye kɛse sɛ mɛka sɛ mitumi duu me botae a ɛfa ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ ho no ho. Manya adwuma yi ho anigye ankasa.”
Ɛdenam nhyehyɛe pa ne mpaebɔ a wɔde besusuw ho so no, wo nso wubetumi apaw adwuma a w’ani begye ho saa ara—adwuma pa a wubetumi ayɛ daakye!
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Ɛsɛ Sɛ Migyae Sukuu?” a ɛwɔ January 22, 1984 Awake! mu no.
[Kratafa 12 mfoni]
Pii hu sɛ nsaanodwuma a wobesua no yɛ ɔkwan pa a wɔnam so siesie wɔn ho ma adwuma a wɔbɛyɛ daakye