Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 6/8 kr. 12-14
  • Adwuma Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mepaw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mepaw?
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Ɛnka Hwee’
  • Adwuma a Ɛma Akomatɔyam
  • Sukuupɔn mu Ntetee​—Ɛno Ma Wonya Hokwan?
  • Nokwasɛm foforo a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho
  • Nea Wubetumi Ayɛ Asi Sukuupɔn mu Ntetee Ananmu
  • Mɛyɛ Dɛn Apaw Adwuma A Mɛyɛ?
    Nyan!—1985
  • Awofo—Dɛn Na Mopɛ Sɛ Mo Mma Yɛ Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Mɛyɛ Dɛn Asiesie Me ho Ama Adwumayɛ?
    Nyan!—1992
  • Sukuu A Wɔtoa So—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 6/8 kr. 12-14

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Adwuma Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mepaw?

‘DƐN na me de m’asetra nna a aka no bɛyɛ?’ Ɛrenkyɛ na saa asemmisa a ɛyɛ den yi abɛda w’anim. Hokwan ahorow a ɛyɛ hwanyann bɛba​—nnuruyɛ, aguadi, adwinni, nhomasua, computer nyansahu, mfiridwuma, nsaanodwuma. Na ebia wobɛte nka sɛ abofra bi a ɔkae sɛ: “Nea misusuw sɛ ɛno ne yiyedi . . . ne sɛ ahotɔ a wode nyinii no bɛkɔ so atra hɔ sɛ nea ɛte” no. Anaasɛ ebia wubesusuw sɛ wobɛma wo sikasɛm anya nkɔanim wɔ asetram.

Nanso so yiyedi kyerɛ pii sen honam fam nneɛma mu mfaso a wubenya? So honam fam adwuma betumi de akomatɔyam ankasa abrɛ wo?

‘Ɛnka Hwee’

Ɛyɛ fɛ, ɛyɛ ahomeka, ɛyɛ mfasode! Saa na sini, TV, ne nhoma ahorow taa ka honam fam adwuma ho asɛm. Nanso ansa na wobedu nea wɔfrɛ no yiyedi ho no, nnwumayɛfo taa ne wɔn ho wɔn ho si akane wɔ owu ne nkwa kwan so de pere sɛnea wobenya edin. Ɔbenfo Douglas LaBier ka sɛnea mmerante ne mmabaa a wɔn mu pii “pɛ ntɛm anya wɔn ho na wɔyɛ mfiridwuma akɛse bɔ akomatɔyam a wonnya, adwennwene, adwenemhaw, huammɔdi, nnaadaa adwene ne honam mu nyarewa pii ho amanneɛ ho asɛm.” Wɔ mmere tenten a atwam no mu no, Ɔhene Salomo kaa mfaso biara a enni wiase yiyedi mu no ho asɛm. Esiane sɛ na ɔwɔ agyapade ahorow a ɛkame ayɛ sɛ ɛnsa da nti, Salomo yeyɛɛ nnwuma akɛse pii. (Kenkan Ɔsɛnkafo 2:4-10.) Nanso Salomo de asɛm no baa awiei sɛ: “Ɛnna medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ yɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude [“Mihui sɛ ná ɛnka hwee,” Today’s English Version] ne ɔdadwene hunu.”​—Ɔsɛnkafo 2:11.

Adwuma betumi de ahonyade aba yiye na ama obi agye din, nanso entumi mma obi nnya ne ‘honhom mu ahiade ahorow.’ (Mateo 5:3) Enti akomatɔyam bɔ wɔn a wɔde wɔn asetra gyina nneɛma a wotumi yɛ wɔ honam fam nkutoo so no.

Adwuma a Ɛma Akomatɔyam

Ɔhene Salomo tu fo sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.” (Ɔsɛnkafo 12:13) Kristofo asɛde titiriw nnɛ ne sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ. (Mateo 24:14) Na mmofra a wɔfa saa asɛde yi aniberesɛm no te nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya adwuma yi mu kyɛfa pii sɛnea ɛsɛ​—mpo wɔ awosu mu no sɛ wɔn ani nnye asɛnka ho a. (Fa toto 2 Korintofo 5:14 ho.) Sɛ anka wobetiw honam fam adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no, wɔn mu mpempem pii apaw sɛ wɔbɛsom sɛ daa asɛmpakafo (akwampaefo) . Ebinom som sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amanɔnne anaasɛ wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow mu.

Emily, a ogyaee adwuma a na ɔyɛ sɛ ɔkyerɛwfo panyin na ɔyɛɛ ɔkwampaefo no ka sɛ: “Manya ɔdɔ ankasa bi ama adwuma yi.” Yiw, bere nyinaa ɔsom adwuma no ne nea akomatɔyam ne anigye a ɛkyɛn so koraa a wubetumi asusuw ho wom!

Na hokwan kɛse bɛn na obi betumi anya akyɛn sɛ ɔbɛyɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo” no mu biako?​—1 Korintofo 3:9.

Sukuupɔn mu Ntetee​—Ɛno Ma Wonya Hokwan?

Asomfo a wɔyɛ akwampaefo pii de adwuma a wɔde wɔn bere fã yɛ na ɛhwɛ wɔn ho. Nanso sɛ akyiri yi ɛho behia sɛ wohwɛ abusua ɛ? Nokwarem no obi rennu ne ho sɛ ɔde ne mmofraase mfe no dii dwuma wɔ Onyankopɔn som mu! Nanso ebinom bisa ara sɛ, So ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ obi nsa bɛka sukuupɔn mu abodin bi na afei akyiri yi ɔde ne ho ahyɛ ɔsom adwuma no mu?

Nokwarem no Bible no nka mfe dodow a ɛsɛ sɛ abofra a ɔyɛ Kristoni de kɔ sukuu ho asɛm. Na ɛnkasa ntia nhomasua nso. Yehowa, “Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse” no hyɛ ne nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ akenkanfo pa na wɔatumi ayɛ akasafo pa. (Yesaia 30:20; Dwom 1:2; Hebrifo 5:12) Afei nso, nhomasua betumi ama yɛn ntease a yɛwɔ wɔ nnipa ne wiase a yɛte mu no ho no ayɛ kɛse.

Nanso, so bere nyinaa na sukuupɔn mu abodin fata bere ne sika kɛse a egye a wɔsɛe wɔ ho no?a Bere a akontaabu kyerɛ sɛ wɔn a wɔakɔ sukuupɔn gye akatua a ɛso wɔ adwuma mu na wɔn mu bi a wonnya adwuma nyɛ no sua sen kɔlegefo no, nhoma Planning Your College Education no kae yɛn sɛ saa nkontaabu no yɛ wɔn dodow mu nkyekyem ahorow ara kwa. Wɔn a wɔakɔ sukuupɔn mu kakraa bi na wogye akatua a ɛkɔ soro ankasa; wɔn a aka no akatua ba fam koraa. Afei nso, wɔn a wɔakɔ sukuupɔn akatua a ɛso no betumi ayɛ nea efi nneɛma horow te sɛ “mmɔdenbɔ ahorow a ɛkyɛn so, nkanyan, beae a hokwan ahorow a wobenya ayɛ adwuma wɔ, . . . ɔdom akyɛde atitiriw ahorow”​—ɛnyɛ nhoma a wɔasua akɔ akyiri no nti ara kwa.

U.S. Adwumayɛ ho Dwumadibea no ka sɛ: “[Sukuupɔn] mu abodin no ntumi nkyerɛ bio sɛ obi bedi yiye wɔ adwumayɛ mu. [Wɔn a wɔakɔ sukuupɔn] mu dodow a wɔfa wɔn sɛ wɔn a wonim adwuma pɔtee bi yɛ yiye, mfiridwuma ne adwuma so hwɛ nnwuma horow mu . . . no so huanee efisɛ saa nnwuma yi mu antrɛw pii na agye wɔn a wɔawie sukuupɔn a wɔn dodow reyɛ kɛse no. Nea afi mu aba ne sɛ, [sukuupɔn] mu adesuafo 5 biara mu 1 a onyaa adwuma wɔ 1970 ne 1984 ntam no faa adwuma a na obi nhia abodin biara na watumi ayɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ saa adesuafo a wɔba pii yi bɛkɔ so akodu 1990 mfe no mu.”

Nokwasɛm foforo a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho

Ebia sukuupɔn mu abodin bɛma woanya adwuma kɛse bi ayɛ anaasɛ ebia ɛmma saa. Nanso akyinnye biara nni nokwasɛm yi ho: “Wɔatwa bere no tiaa.”! (1 Korintofo 7:29) Esiane emu mfaso a wususuw sɛ wubenya no nti, so mfirihyia anan anaa nea ɛboro saa a wode bɛkɔ sukuupɔn no ne ɔkwan pa a wonam so de saa bere a aka no bedi dwuma?​—Efesofo 5:16.

So sukuupɔn mu ntetee bɛkyerɛ wo kwan akɔ honhom mu botae ahorow ho anaasɛ ɛbɛtwe wo afi ho? Kae sɛ akatua a ɛso no nyɛ Kristofo ahiade a edi kan. (1 Timoteo 6: 7, 8) Nanso, nhwehwɛmu bi a U.S. Sukuupɔn mu mpanyimfo yɛe no kaa nnɛyi sukuufo ho asɛm sɛ wɔn a ‘adwuma ho adwene na wokura, na honam fam yiyedi ne wɔn ho na wodwen.’ Sukuufo bi kae sɛ: “Ɛda adi sɛ nea yɛka ho asɛm nyinaa fa sika ho.” Tebea a ɛyɛ akansi ne pɛsɛmenkominya honam fam adedodowpɛ a ɛbɛmene wo no bɛka wo dɛn?

Ebia basabasayɛ remma sukuupɔn ahorow mu te sɛ 1960 mfe no mu. Nanso akanea a wɔde sua ade wɔ sukuupɔn mu a ɛso kɔ so huan no rentumi nkyerɛ sɛ sukuu no mu tebea no yɛ papa. Sukuu mu asetra ho adesua bi de asɛm no baa awiei sɛ: “Sukuufo da so ara wɔ ahofadi a ɛkame ayɛ sɛ anohyeto biara nni mu wɔ nsɛm a ɛfa obi ankasa ne asetra mu nsɛm ahorow ho.” Wɔde nnubɔne ne nsa a ano yɛ den di dwuma a obiara nka ho hwee, na ahohwibɔ ne nea ɛkɔ so​—ɛnyɛ ade a wopɛ a na woyɛ. Sɛ eyi te saa wɔ sukuupɔn ahorow a ɛwɔ wo man mu no mu a, so ebia emu a wobɛtra no bɛsɛe mmɔden ahorow a wobɔ sɛ wode abrabɔ pa bɛtra ase no?​—1 Korintofo 6:18.

Asɛm biako a ɛsɛ sɛ wususuw ho ne nokware adanse a ɛwɔ hɔ sɛ obi ho nyinaa a ɔde ma nhomasua a ɛkɔ akyiri no ama “nyamesom mu nnyinasosɛm ahorow a wokura mu yiye abrɛ ase.” (The Sacred in a Secular Age) Ɔhyɛ a ɛwɔ hɔ sɛ ɛsɛ sɛ wonya abodin kɛse no ama Kristofo mmofra pii abu wɔn ani agu honhom fam dwumadi ahorow so ma enti honam fam nneɛma ho a wodwen a sukuupɔn ahorow ma enya nkɔso no anya wɔn so tumi. Ebinom agu wɔn gyidi ho asu.​—Kolosefo 2:8.

Nea Wubetumi Ayɛ Asi Sukuupɔn mu Ntetee Ananmu

Esiane saa nokwasɛm ahorow yi nti, Kristofo mmofra pii apow sukuupɔn mu ntetee. Wɔn mu pii ahu sɛ ntetee a wɔde ma wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu​—wɔ nnawɔtwe biara Teokrase Ɔsom Sukuu no mu titiriw​—no ama wɔn nsa aka gyinabea bi a ɛbɛma wɔanya adwuma. Ɛwom sɛ saa mmofra no nni sukuupɔn mu abodin biara de nanso wɔasua akokoduru, sɛnea wobetumi akasa na wotumi di wɔn asɛyɛde ho dwuma. Afei nso, ebinom sua type bɔ, sɛnea wɔde computer yɛ adwuma, mfiri asiesie, adwuma a wɔyɛ wɔ mfiritɔnbea ne nea ɛkeka ho bere a wɔkɔ ntoaso sukuu no. Ebia adesua a ɛtete saa no bɛma wɔatumi anya adwuma a wɔde bere fã yɛ a abu so no bi. Ɛwom sɛ mmofra pii bu ‘adwuma a wɔde wɔn nsa bɛyɛ’ no animtiaa de nanso Bible no kamfo ‘adwuma a wɔbɔ mmɔden de nsa yɛ no.’ (Efesofo 4:28) Mpo, Yesu ankasa suaa nsaanodwuma ma enti wɔfrɛɛ no “duadwumfo.”​—Marko 6:3.

Nokwarem no, wɔ aman binom so no wɔn a wɔakɔ sukuupɔn no abu so wɔ nnwuma ahorow mu ara ma ɛyɛ den sɛ wubenya nnwuma nketenkete no bi mpo ayɛ wɔ bere a wunni ɛho ntetee titiriw bi no. Nanso ɛtaa ba sɛ adwumasua ho nhyehyɛe ahorow wɔ hɔ, nsaanodwuma anaasɛ mfiridwuma ho sukuu ne sukuupɔn mu bere tiaa mu adesua ahorow a wɔde kyerɛ nneɛma tɔn a ennye bere ne sika pii. Afei nso, ade biako nso wɔ hɔ a adwuma ho akontaabu nsusuw ho: Onyankopɔn bɔ a wahyɛ wɔn a wɔde honhom fam ahiade ahorow di kan wɔ asetra mu no.​—Mateo 6:33.

Adwuma mu hokwan ne nhomasua nhyehyɛe ahorow sonsonoe wɔ mmeaemmeae. Nea mmofra tumi yɛ ne wɔn nkate ahorow no sonsonoe. Na bere a wɔkamfo adwuma a wɔbɛyɛ wɔ Kristofo som adwuma no mu kyerɛ no, ɛda so ara yɛ obi ankasa gyinaesi. Ɛnde ɛsɛ sɛ wo ne w’awofo susuw nsɛm a ɛfa gyinae a mubesi wɔ faako a ɛsɛ sɛ wokɔ sukuu kodu no ho yiye. ‘Obiara bɛsoa n’ankasa adesoa’ wɔ saa gyinae ahorow a wosi no mu.​—Galatifo 6:5.

Sɛ nhwɛso no, sɛ w’awofo hyɛ sɛ nya sukuupɔn a wɔkɔ mu kyɛfa a, biribiara nni hɔ a wubetumi ayɛ, bere dodow a woda so wɔ wɔn hwɛ ase no ɛsɛ sɛ wutie wɔn.b (Efesofo 6:1-3) Ebia wubetumi akɔ so atra fie na woakwati sukuupɔn mu nkɛntɛnso no. Yɛ ahwɛyiye wɔ adesua ahorow a wobɛpaw no mu, sɛ nhwɛso no, fa w’adwene si adwumasua so sen wiase nyansapɛ ahorow no. Yɛ ahwɛyiye wɔ wo nnamfo fa mu. (1 Korintofo 15:33) Kɔ so sɛ wo ho bɛyɛ den wɔ honhom mu denam adesuakɔ, asɛnka ne kokoam adesua so. Mmofra binom a ɛho hia sɛ wonya sukuupɔn mu ntetee mu kyɛfa no mpo atumi ayɛ akwampaefo denam adesua ahorow a ɛho nhyehyɛe ma saayɛ ho kwan a wɔpawee no so.

Fa ahwɛyiye ne mpaebɔ paw adwuma a wobɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnyɛ sɛ ɛbɛma woanya anigye nkutoo na mmom sɛ ɛbɛma woatumi ‘ahyehyɛ ademude wɔ ɔsoro.’​—Mateo 6:20.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔ United States no, sɛ wɔkyekyɛ sukuupɔn a obi kɔ ho ka no mu a ɛyɛ nea ɛboro dɔla 10,000 koraa afe biara! Ɛtaa gye asuafo no mfe pii na wɔde atua ɛho ka a wɔbɔ no.

b Ebia ɛho renhia sɛ wubenya mfirihyia anan mu adesua ho abodin na ama w’awofo ani agye. Sɛ nhwɛso no, adwumawuranom a wɔwɔ nnwuma a wɔde abenfo yɛ ne nnwuma a ɛfa ɔsom ahorow ho pene nhomasua mu abodin bi a wɔfrɛ no associate degree a wotumi de mfe abien nya no so wɔ United States.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

‘Sukuupɔn mu abodin ntumi nkyerɛ bio sɛ obi bedi yiye wɔ adwumayɛ mu.’U.S. Adwumayɛ ho Dwumadibea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena