Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 9/8 kr. 3-4
  • Sukuu A Wɔtoa So—Dɛn Ntia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sukuu A Wɔtoa So—Dɛn Ntia?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Ɔhaw?
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔtoa Sukuu So Anaasɛ Ɛnsɛ Sɛ Wɔyɛ Saa?
    Nyan!—1994
  • Nhomasua A Ɛwɔ Atirimpɔw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Awofo—Dɛn Na Mopɛ Sɛ Mo Mma Yɛ Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 9/8 kr. 3-4

Sukuu A Wɔtoa So—Dɛn Ntia?

ADWUMA a Robert hwehwɛe no yɛɛ osuahu a abasamtu wom a edii mfe abiɛsa. Awiei koraa no, wɔfaa no sɛ ahohuru bere mu ahomegyebea bi sohwɛfo bere a na wadi mfe 21 no. Ɛwom sɛ afei de na Robert ho atɔ no kakra de, nanso na adwuma hwehwɛ a na ɛyɛ den no ama wabrɛ. Ɔka sɛ: “Yɛn awofo nte ase. Ɛyɛ den yiye sɛ wubenya adwuma nnansa yi.”

Te sɛ Robert no, mmofra pii a wɔawie sukuu foforo fi ase yɛ adwuma afe biara. Wɔhwɛ nneɛma ahorow kwan. Wɔwɔ nhyehyɛe ahorow. Nanso wɔn mu pii rehu sɛ wontumi nnya adwuma a na wɔhwɛ kwan no.

Enti, pii retoa wɔn nhomasua so.a Fortune nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Sɛ Mfe Aduɔson no mu osuahu ahorow ma wonyaa nhomasua ho adwene a ɛnteɛ a, Mfe Aduɔwɔtwe no maa wonyaa adwene foforo bi. Sɛ woannya kɔlege nhomasua adansedi krataa a, wubehu amane.”

Dɛn Nti na Ɛyɛ Ɔhaw?

Dɛn nti na nhomasua ntoaso ho taa hia? Nea edi kan no, ehia nimdeɛ a ɛkorɔn na wɔatumi ayɛ nnɛyi nnwuma no pii. United States Adwumayɛ Asoɛe nanmusini bi ka sɛ: “Afiri a wɔde gye sika ayi sikakorabea dwumayeni a ogyigye sika a wɔde bɛto hɔ kɛkɛ no afi hɔ. Mprempren ɛsɛ sɛ [nea ogyigye sika no] tumi kyerɛ me akwan abiɛsa a wɔde sika to hɔ ne nea enti a mepɛ eyi sen ɛno.” William D. Ford, Mmarahyɛ Bagua no Nhomasua ne Adwuma Boayikuw guamtrani ka sɛ: “Nnwuma a ne yɛ nyɛ den nni hɔ bio.”

Nea ɛto so abien ne sɛ ebinom te nka sɛ sukuu ahorow no nkyerɛ sukuufo ade sɛnea ɛsɛ. Wɔka sɛ wɔde adwene si nsɛm te sɛ nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, AIDS, ne nyinsɛn anosiw so kɛse sen akenkan, akyerɛw, ne akontaabu a wɔkyerɛ. Ɔdenimfo Robert Appleton a wakyerɛ ade mfe 27 no ka sɛ ɛte sɛ nea sukuu nhyehyɛe no abɛyɛ “asetra mu nsɛm asoɛe” a ɛyɛ adwumaden de “di ɔhaw ahorow a kan no na wommu no sɛ ɛka sukuu adesua ho no ho dwuma.”

Esiane sɛ sukuu ahorow bi ntumi nkyerɛ sukuufo nnwuma a wohia no yɛ nti, wɔn a wɔawie ntoaso sukuu no pii ntumi nhwɛ wɔn ho. Joseph W. Schroeder, Florida Ɔmanfo adwuma ho nsɛm asoɛe panyin bi ka sɛ: “Wɔnkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔyɛ adwuma. Bere a me ne mmofra redi no, ɔhaw a adwumawuranom ka kyerɛ me bere nyinaa ne sɛ wontumi nkenkan anaa wɔnkyerɛw ade yiye. Wontumi nhyehyɛ krataa a wɔde hwehwɛ adwuma.”

Nea ɛto so abiɛsa a enti ebia nhomasua ntoaso behia ne sɛ wɔn a wɔawie kɔlege a wonnya adwuma nyɛ no abu so wɔ aman pii mu. The New York Times ka sɛ: “Wɔn a wɔawie sukuupɔn no dɔɔso sen nnwuma a wɔwɔ ho nimdeɛ no.” Amanneɛbɔ no toa so sɛ: “Esiane sɛ wɔabu so nti, adwumawuranom mpɛ sɛ wɔbɛfa wɔn a wɔawie ntoaso sukuu a wɔn ho nkokwaw kɛse no.”

Nea ɛbɛyɛ na wɔafata ama adwuma a wohia na wɔatumi ahwɛ wɔn ho sɛnea ɛsɛ no, nnipa pii rekɔ sukuu bio. Wɔ United States no, ɔha biara mu 59 toa wɔn nhomasua so bere a wɔawie ntoaso sukuu no. Eyinom boro ɔha biara mu 50 a na wɔyɛ saa bere nyinaa wɔ mfe du du a atwam mu no so kɛse.

Wɔahu tebea a ɛtete saa ara wɔ aman afoforo nso mu. Sɛ nhwɛso no, efi 1960 mfe no mu reba no, sukuufo a wɔkɔ sukuu tra nea mmara hwehwɛ no dodow anya nkɔanim kɛse wɔ Britain. Wɔ nnansa yi afe bi mu no, wɔn a wowiee ntoaso sukuu wɔ Australia no mu ɔha biara mu 85 kɔhwehwɛɛ kwan wɔ sukuupɔn ahorow mu. Japan sukuufo ɔha biara mu 95 yɛ sɔhwɛ a ɛbɛma wɔde mfe abiɛsa atoa wɔn nhomasua so, faako a wosiesie wɔn ma adwumayɛ anaa sukuupɔn kɔ.

Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na nhomasua a wɔtoa so no de mfaso horow a wɔhwehwɛ no ma? Mfaso ne huammɔdi a ɛwom ne dɛn?

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛsono edin a wɔde frɛ sukuu gyinapɛn ahorow wɔ ɔman biara mu. Wɔ nsɛm yi mu no, “ntoaso sukuu” kyerɛ sukuu a mmara hwehwɛ sɛ obiara kɔ. “Sukuupɔn,” “tɛknikal sukuu,” ne “nsaanodwuma sukuu” nyɛ nhomasua foforo a mmara hwehwɛ na mmom nea obi fi ne pɛ mu de ne ho hyem.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena