So Ɛsɛ Sɛ Wɔtoa Sukuu So Anaasɛ Ɛnsɛ Sɛ Wɔyɛ Saa?
NHOMASUA a ekodu he na ɛho hia na obi atumi ahwɛ ne ho? Ɛsono mmuae no wɔ ɔman biara mu. Ɛte sɛ nea wɔ aman pii mu no, sukuu gyinapɛn a ehia na obi atumi ahwɛ ne ho no akɔ soro sen sɛnea na ɛte mfe kakra a atwam ni no. Wɔ mmeae bi no, sukuu a mmara hwehwɛ sɛ obiara kɔ no ntumi mma obi nhwɛ ne ho.
Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nti na wɔn a wɔawie sukuu no mu pii resan akɔ sukuu sen sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma no. Nokwarem no, ɛte sɛ nea ɛso akatua ye. The New York Times kaa Sikasɛm Nhyehyɛe Asuae bi a ɛkae sɛ “bo a mmarima a wɔyɛ adwuma a wɔwɔ ntoaso sukuu adansedi krataa nkutoo akatua som so tewee ɔha biara mu nkyekyem 7.4 fi 1979 besi 1987, na mmarima a wɔawie sukuupɔn akatua kɔɔ soro ɔha biara mu nkyekyem 7” no ho asɛm.
Wɔn a wɔawie sukuupɔn nya nhomasua adansedi krataa a etumi ma wonya nnwuma. William B. Johnson, Hudson Asuae no nhwehwɛmufo panyin bi ka sɛ: “Sukuupɔn nhomasua adansedi krataa anaasɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ obi akɔ sukuupɔn mpo abɛyɛ hokwan titiriw a ɛbɛma watumi anya adwuma wɔ ɔman no mu.”
Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ wɔn a wɔawie sukuupɔn no mu pii brɛ ansa na wɔanya adwuma, na wotumi yi wɔn adi.” Karl a wadi mfe 22 ka sɛ: “Me nnamfo a me ne wɔn wiee sukuu no mu dodow no ara nnya adwuma.” Jim a wadi mfe 55 no nyaa sukuupɔn a agye din bi nhomasua mu abodin kɛse, nanso woyii no adi February 1992. Ne nhomasua adansedi krataa antumi amma wantra adwuma no mu, saa ara nso na ammoa no ma wannya adwuma a ɔbɛyɛ daa. Ɔka sɛ: “Ɛda adi sɛ wunni nnyinaso pa.”
Te sɛ Jim no, wɔn a wɔawie sukuupɔn no mu pii ahu sɛ wɔwɔ nea U.S.News & World Report frɛ no “krakyedwuma mfinimfinibea”—wonnyinii koraa sɛ wɔbɛpɛhyɛn wɔn, na wɔanyin dodo sɛ adwuma foforo bɛfa wɔn.
Enti, ɛwom sɛ ebia mfaso horow wɔ sukuupɔn a wɔbɛkɔ so de, nanso ɛda adi pefee sɛ ɛno nyɛ ɔhaw no ano aduru. Ɛnyɛ ɛno ne ade biako pɛ a ɛsɛ sɛ wɔpaw nso. Herbert Kohl kyerɛw wɔ The Question Is College mu sɛ: “Nnipa a asi wɔn yiye pii wɔ hɔ a wɔankɔ sukuupɔn, na nnwuma a ɛfata pii wɔ hɔ a ne yɛ nhia sukuupɔn adansedi nkrataa.” Sɛ nhwɛso no, adwuma bi fa nnipa a wɔnkɔɔ sukuupɔn ma wɔn adwuma a wɔn a wɔawie sukuupɔn na wɔtaa yɛ. Sɛ́ anka adwuma no bɛhwehwɛ nhomasua adansedi krataa no, ɛhwehwɛ wɔn a wɔhwehwɛ adwuma a ɛda adi sɛ wobetumi ayɛ adwuma no yiye.” Wɔn kasamafo bi ka sɛ: “Sɛ yenya obi a ɔte saa pɛ a, yɛte nka sɛ yebetumi akyerɛ [no] sɛnea wɔyɛ adwuma pɔtee bi.”
Yiw nnipa pii a wonni sukuupɔn adansedi krataa atumi ahwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua yiye. Eyinom mu binom asua ade wɔ nsaanodwuma sukuu, tɛknikal sukuu, ne sukuupɔn a wɔtra fie kɔ mu a wɔansɛe bere ne sika pii.a Ebinom asua nsaanodwuma anaa adwuma bi a wɔannya ntetee soronko biara. Esiane sɛ wɔwɔ din pa sɛ wodi nokware nti, wɔatumi anya adwuma a wɔyɛ daa.
Adwene a Ɛkari Pɛ
Nokwarem no, nhomasua biara—a sukuupɔn anaa nhomasua biara a wɔtoa so ka ho—rentumi nkyerɛ sɛ wubedi yiye. Bio nso, Bible no ka no nokwarem sɛ “wi yi ase su retwam.” (1 Korintofo 7:31) Ebia nea wɔhwehwɛ nnɛ bɛyɛ nea mfaso nni so ɔkyena.
Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔresusuw ho sɛ ɔbɛtoa ne nhomasua so no kari emu mfaso ne huammɔdi hwɛ yiye. ‘So metumi atua ho ka? Tebea ne ayɔnkofo bɛn na mehyia? So adesua no bɛma manya ntetee a wotumi de yɛ adwuma a ebetumi ama mahwɛ me ho? So ɛbɛboa me ma mahwɛ m’abusua, sɛ awiei koraa no meware a?’ Awofo a wɔyɛ mmoa betumi de afotu pa ama ma ɛne asɛyɛde a Bible de to wɔn so no ahyia. (Deuteronomium 4:10; 6:4-9; 11:18-21; Mmebusɛm 4:1, 2) Sɛ woresusuw sika fam mfaso horow a ɛwɔ nhomasua a wɔtoa so anaa ne fã biara so ho a, Yesu nsɛm yi ho hia: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?”—Luka 14:28.
Nokwarem no, sɛ́ ebia obi bɛtoa ne nhomasua so no yɛ gyinaesi a ɛsɛ sɛ osusuw ho yiye. Kristoni ma Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 yi tra n’adwenem bere nyinaa: “Monhwehwɛ [mo soro Agya no] ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” Wɔ nokware Kristofo mu no, wommu wɔn a wɔantoa wɔn nhomasua so no animtiaa anaasɛ wommu wɔn sɛ wɔba fam, na saa ara na wɔntwe wɔn ho mfi wɔn a wɔasua ade akɔ akyiri no ho na wommu wɔn sɛ wobu wɔn ho dodo. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Hena ne wo a wubu obi fienipa atɛn? N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase; nanso obegyina, na [Yehowa] betumi ama wagyina.”—Romafo 14:4.
Yesu daa adwene a ɛkari pɛ yi adi. Wammu wɔn a na “wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no” animtiaa, na wantwentwɛn ne nan ase nso sɛ ɔbɛpaw Paulo a na wasua nhoma akɔ akyiri no ma wayɛ asɛmpaka adwuma kɛse bi. (Asomafo no Nnwuma 4:13; 9:10-16) Wɔ tebea yi biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔma nhomasua tra n’afa sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.
[Ase hɔ asɛm]
a Nhomasua a wɔtoa so ho nhyehyɛe gu ahorow wɔ mmeaemmeae. Sukuu, nhomakorabea ne aban nnwuma asoɛe yɛ mmeae pa a wubetumi ahu nhyehyɛe ko a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ.
[Kratafa 5 adaka]
Nhomasua a Wɔtoa So
November 1, 1992 Ɔwɛn-Aban no kaa Yehowa Adansefo ne bere nyinaa som adwuma no ho asɛm sɛ: “Nea ɛrekɔ so wɔ nsase pii so ne sɛ sukuu gyinapɛn a ehia na obi atumi anya akatua a eye no akɔ soro mprempren sen sɛnea na ɛte mfe kakra a atwam ni no. . . . Ayɛ den sɛ wobenya nnwuma a akatua no ye bere a wɔawie mfitiase sukuu a mmara hwehwɛ no . . .
“Sɛ wɔka ‘akatua a eye’ a, dɛn na ɛkyerɛ? . . . Wobetumi aka wɔn akatua ho asɛm sɛ ‘nea ɛfata’ anaasɛ ‘nea ɛsɔ ani,’ sɛ nea wonya no ma wɔtra ase sɛnea ɛsɛ na wonya bere ne ahoɔden a ɛdɔɔso de yɛ wɔn Kristofo adwuma no a.”
Enti Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ mmara katee bi wɔ nhomasua a wɔtoa so anaa wɔntoa so ho.’