Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 8/8 kr. 19-21
  • Ɔkwan A Afoforo Betumi Afa So Aboa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Afoforo Betumi Afa So Aboa
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ . . .
  • Nea Ɛnsɛ sɛ Woyɛ . . .
  • Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Kyekye Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Werɛ Sɛnea Yesu Yɛe No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nkuranhyɛ a Efi “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” no Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Mo ne Wɔn a Wosu Nsu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 8/8 kr. 19-21

Ɔkwan A Afoforo Betumi Afa So Aboa

EBIA yɛbɛka akyerɛ yɛn adamfo anaa yɛn busuani a ne dɔfo bi awu wɔ bere tiaa bi mu no sɛ, “Sɛ biribi wɔ hɔ a metumi ayɛ a ma minhu.” Oh, yɛbɛyɛ ampa. Yɛbɛyɛ biribiara de aboa.

Nanso so nea ne dɔfo bi awu no afrɛ yɛn pɛn aka akyerɛ yɛn sɛ, “Masusuw biribi a wubetumi ayɛ de aboa me no ho”? Ɛntaa mma saa. Ɛda adi sɛ ɛho hia sɛ yedi kan kɔ ne nkyɛn, sɛ yebetumi aboa nea odi ne dɔfo a wahwere no no ho awerɛhow no na yɛakyekye ne werɛ ampa a.

Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:11; 15:23) Nyansa wɔ hu a wobehu nea ɛsɛ sɛ woka ne nea ɛnsɛ sɛ woka, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ woyɛ no mu. Nyansahyɛ ahorow kakraa bi a eye a egyina nea nnipa binom a wɔn adɔfo awuwu ka kyerɛɛ Nyan! so ni.

Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ . . .

Tie: Nneɛma a eye sen biara no mu biako a wubetumi ayɛ ne sɛ wo ne nea ne dɔfo bi awu no bɛbom adi yaw denam tie a wubetie no no so. Enti bisa sɛ, “So wobɛpɛ sɛ woka ho asɛm? Ma onsi gyinae. Talmadge kae bere a ne papa wui no sɛ: “Ɛboaa me ankasa bere a afoforo bisaa nea asi no ho asɛm na afei wotiei ankasa no.” Enti fa boasetɔ ne ahummɔbɔ tie. Bible no kamfo kyerɛ sɛ, “Mo ne asufo nsu.”​—Romafo 12:15; Yakobo 1:19.

Kyekye ne werɛ: Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔyɛe nea wobetumi nyinaa (anaasɛ biribi foforo a wunim sɛ ɛyɛ nokware na ɛyɛ adepa) . Kyekye wɔn werɛ sɛ sɛnea wɔte nka no nyɛ nea ɛntaa mma. Ka afoforo a wunim sɛ wɔatumi ahyɛ wɔn ho den wɔ tebea a ɛte saa ara mu no ho asɛm kyerɛ wɔn.​—Mmebusɛm 16:24; 1 Tesalonikafo 5:11, 14.

Kɔ wɔn nkyɛn: Kɔ wɔn nkyɛn wɔ bere a ɛnyɛ sɛ nnamfo ne abusuafo pii wɔ hɔ wɔ nna kakraa a edi kan no mu nko, na mmom wɔ asram bi akyi nso, bere a afoforo asan kɔ rekɔyɛ wɔn nnwuma ahorow a wɔyɛ daa no. Teresea a ne ba wui wɔ kar akwanhyia mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Yɛn nnamfo hwɛe sɛ wɔbɛboa yɛn anwummere sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nkutoo rensɛe bere pii wɔ fie. Ɛno boaa yɛn ma yetumi gyinaa tebea no ano.”​—Fa toto Asomafo no Nnwuma 28:15 ho.

Di kan yɛ ho biribi: Cindy ka sɛ. “Nkurɔfo pii dii kan yɛɛ nneɛma maa me. Wɔammisa ara kwa sɛ ‘Dɛn na metumi ayɛ?’” Enti di kan yɛ ho biribi. Sɛ́ anka wobɛma wɔato nsa afrɛ wo sɛ “bra bere biara” mmom no, fa da ne bere bi si hɔ. Sɛ mfiase no, nea ne dɔfo bi awu no ampene so a, nnye nea ɔka no ntom ntɛm ara. Yɛ te sɛ ɔbea yamyefo Lidia a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu no. Bere a ɔtoo nsa frɛɛ nkurɔfo kɔɔ ne fie akyi no, Luka ka sɛ, “Ɔhyɛɛ yɛn.”​—Asomafo no Nnwuma 16:15.

Hwɛ nkate horow a ɛnteɛ kwan: Mma nea ebia ne dɔfo bi awu no bɛka mfiase no nyɛ wo nwonwa pii. Kae, ebia na ne bo afuw na ɔte afobu nka. Sɛ ne bo fuw wo a, ebehia nhumu ne ayamhyehye wɔ wo fam na amma wo nso wo bo amfuw no.​—Kolosefo 3:12, 13.

Kyerɛw krataa: Mpɛn pii nea wobu ani gu so ne krataa a wɔkyerɛw kɔhyɛ wɔn den. Mfaso a ɛwɔ so? Cindy bua sɛ: “M’adamfo biako kyerɛw me krataa bi a emu nsɛm yɛ awerɛkyekye. Ɛno boaa me ankasa efisɛ mitumi kenkanee mpɛn pii.” Ɛho nhia sɛ krataa a ɛte saa no yɛ tenten, nanso ɛsɛ sɛ ɛda wo komam nsɛm adi.

Wo ne wɔn mmɔ mpae: Mmu mpae a wo ne wɔn a wɔn adɔfo bi awu no bɛbɔ anaa wobɛbɔ ama wɔn no sɛ ɛnsom bo ahe biara. Bible no ka sɛ: ‘Onipa trenee adesrɛ. . . mu yɛ den.’ (Yakobo 5:16) Sɛ nhwɛso no, mpae a wɔbɔ ma wɔn a wɔte no betumi aboa wɔn ma wɔadi nkate horow a ɛnteɛ te sɛ afobu no ho dwuma.​—Fa toto Yakobo 5:13-15 ho.

Nea Ɛnsɛ sɛ Woyɛ . . .

Nhyɛ wɔn sɛ wonnyae awerɛhowdi: Ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛka sɛ, “Hwɛ, hwɛ, mprempren de, nsu.” Nanso ebia eye sɛ yɛbɛma nusu no aba. Katherine ka ne kunu wu ho asɛm sɛ, “Misusuw sɛ ɛho hia sɛ wɔma wɔn a wɔn dɔfo bi awu no kwan ma wɔda wɔn nkate horow adi na wɔn ho tɔ wɔn ankasa.”​—Romafo 12:15.

Nka sɛ, ‘Wubetumi anya abofra foforo’: Teresea ka sɛ, “Me bo fuw nkurɔfo a wɔka kyerɛɛ me sɛ metumi anya abofra foforo no.” Ebia nea wɔka no ye nanso wɔ ɔwofo a ɔredi awerɛhow no fam de, nsɛm a ɛkyerɛ sɛ obetumi anya abofra foforo asi nea wahwere no ananmu no betumi ‘awɔ no te sɛ nkrante.’ (Mmebusɛm 12:18) Abofra biako ntumi nsi ɔfoforo ananmu koraa nwie.

Nhyɛ da nkwati bɔ a wobɛbɔ nea wawu no din ankasa: Geneal ka sɛ, “Nnipa pii mmɔ me babarima Jimmy din anaasɛ wɔnka ne ho asɛm mpo. Ɛsɛ sɛ migye tom sɛ ɛhaw me kakra bere a afoforo yɛ saa no.” Enti nhyɛ da nsakra asɛm no ankasa. Bisa onii no sɛ ebia ɔpɛ sɛ ɔka ne dɔfo no ho asɛm anaa. Nnipa a wɔn adɔfo awuwu no mu binom ani sɔ sɛ nnamfo bɛka su titiriw a ɛma wɔdɔɔ nea wawu no ho asɛm.

Nyɛ ntɛm nka sɛ, ‘Ebia na ne yiye mu nen!’: Mmɔden a wɔbɔ sɛ wobehu biribi pa wɔ owu no ho no nyɛ awerɛkyekye bere nyinaa. Cindy ka sɛ: “Afoforo bɛka sɛ, ‘Onhu amane’ anaa ‘Anyɛ yiye koraa no, ɔwɔ asomdwoe mu.’ Nanso na mempɛ sɛ mɛte eyi.”

Eye sɛ worenka sɛ, ‘Minim sɛnea wote nka’: Wunim ankasa? Sɛ nhwɛso no, so wubetumi ahu sɛnea ɔwofo te nka bere a ne ba bi awu no, sɛ ebi ntoo w’ankasa pɛn a? Na mpo sɛ woahwere biribi a ɛte saa ara a, hu sɛ ebia afoforo rente nka te sɛ nea wotee nka no.​—Fa toto Kwadwom 1:12 ho.

Sɛ wobɛboa obi a ne dɔfo awu no hwehwɛ sɛ wubenya ayamhyehye, nhumu ne ɔdɔ kɛse. Ntwɛn mma nea ne dɔfo awu no mma wo nkyɛn. Nka ara kwa sɛ, “Sɛ biribi wɔ hɔ a metumi ayɛ a . . . ” Di kan yɛ biribi a eye.

Asemmisa biako wɔ hɔ: Dɛn na wɔn a wɔn adɔfo awu no betumi ayɛ de adi wɔn nkate horow ho dwuma anaa de adi tebea no ho dwuma yiye?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena