Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 9/8 kr. 21-22
  • Ireland “Nsubura Kronkron” No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ireland “Nsubura Kronkron” No
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Celtfo a Wɔtraa Ase Ansa Na Kristosom Reba No
  • Wofi Druidsom Mu bɛyɛɛ “Kristofo”
  • Dɛn Na Wobesusuw?
  • Bedell Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nokwasɛm a Ɛfa Buronya, Easter, ne Halloween Ho
    Nyan!—1994
  • Akwamma a Ɛkyɛn Akwamma Biara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Onyankopɔn, Ɔman no, ne Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 9/8 kr. 21-22

Ireland “Nsubura Kronkron” No

Efi Ireland “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

AKWAKORA no ho popoe kakra. Ne nsa popoe bere a ɔka muaa ano na ɔde saw nsu fii asubura no mu na ɔde twitwiw ne nannweaa a emu ayɛ mmerɛw no ho no. Te sɛ afoforo no, na waba sɛ ɔbɛbɔ mmɔden ama sɛe a nipadua no sɛe esiane onyin nti no agyae denam tumi a ɛwɔ “asubura kronkron” yi mu nsu no mu a ɔde bedi dwuma no so.

Asubura no a ɛwɔ baabi a ɛhɔ yɛ atɛkyɛ wo Donegal, Ireland no, yɛ Irelandfo “nsubura kronkron” 3,000 no mu biako. Sɛnea nhoma a wɔde kyerɛ akwantufo kwan kyerɛ no, akwantufo ba beae yi a “wɔwɔ anidaso, na wɔsaw nsu a wɔahyira so no bi de di dwuma sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya honhom mu ahoɔden.” Nanso wobɛhwehwɛ biribi a ɛsen honhom mu ahoɔden. Nhomawa no kɔ so sɛ: “Wɔ mfe pii mu no, wɔaka nsɛm pii afa nyarewa ahorow a wɔsa wɔ beae no ho asɛm ne sɛnea akwantufo a wɔyɛ mmubuafo atumi agyaw wɔn nnua a wɔde nantew ne ntamagow a wɔde kyekyeree wɔn akuru agu hɔ no kyerɛ.”

Yɛannye yɛ a na akwantufo no yɛ nyamesomfo a wɔwɔ anidaso no ho akyinnye. Nanso nea yehuu no maa nsemmisa ahorow sɔree wɔ yɛn adwenem. “Honhom mu ahoɔden” bɛn na kwan a wotu kɔ “asubura kronkron” bi ho no ma wonya ankasa? Sɛ wonyaa anwonwa kwan so ayaresa bi ankasa a, so na efi Onyankopɔn?

Bere a na yɛrehwɛ akwakora no sɛ ɔrebɔ mpae wɔ asubura no ho no, yebisae sɛ ebia onim sɛ ne nananom ayɛ nea ɔreyɛ no mfe mpempem pii anaa. Gyidi a wɔwɔ wɔ “asubura kronkron” mu no yɛ nea akyɛ wɔ Ireland na na ɛyɛ Celtfo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no som fã.

Celtfo a Wɔtraa Ase Ansa Na Kristosom Reba No

Celtfo no baa Ireland mfehaha pii ansa na wɔwoo Yesu Kristo. Na wɔyɛ anyamesomfo kɛse na na wɔn som no fã titiriw ne gye a wogye dii sɛ nsubɔnten, nsuti ne asubura ahorow yɛ kronkron no. Wɔtee nka sɛ wobetumi afrɛ wɔn anyame ne wɔn anyamewa no wɔ hɔ ma wɔabɛsa wɔn yare.

Anne Ross a ɔyɛ asɛm no ho ɔkyerɛwfo a wobu no no ka Celtfo gyidi ne wɔn nneyɛe ahorow no ho asɛm sɛ: “Na wogye di sɛ wɔn asɔfo no na na wɔyɛ wɔn amanne horow no, na na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame no wɔ mmeae horow a wonsisii adan wɔ hɔ​—sɛ nhwɛso no, wɔ nnua a abɔ kuw a wɔama adan kronkron denam bata a wɔde abata wɔn anyame no ho bere tenten no anaa wɔ asubura kronkron a emu nsu no kura nneɛma pa a ɛyɛ soronko a wobetumi afa so adu wɔn nyame a ɔyɛ otitiriw no nkyɛn no.”​—Everyday Life of the Pagan Celts, kratafa 136.

Yebetumi ayɛ saa Celtfo abosonsomfo a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ beae a ɛte sɛɛ a wɔrehwehwɛ mmoa afi wɔn anyame no nkyɛn ho mfonini. Nanso nkurɔfo a yehuu wɔn mprempren no bu wɔn ho sɛ wɔyɛ Kristofo. Dɛn na na wɔreyɛ wɔ ha?

Wofi Druidsom Mu bɛyɛɛ “Kristofo”

Mfiase no, kan Katolek Asɔre a ɛwɔ Ireland no mu mpanyimfo bɔɔ mmɔden kɛse sɛ wobegu saa kan abosonsomfo gyidi no. Nanso awiei koraa no wɔsakraa ɔkwan a wɔnam so no. Anne Ross kyerɛkyerɛ mu sɛ “Akyiri yi, wɔ Kristofo Asɔre no ase no, wɔde kurow no mu akronkronfo sisii saa kurow no mu anyame no ananmu a mpɛn pii wokura din koro no ara sɛ wɔn kan anyame no; na som a wɔsom asubura no kɔɔ so a wɔansiw ho kwan.”

Irelandfo atetesɛm ho ɔkyerɛwfo foforo a wagye din de eyi ka ho sɛ: “Saa atetesɛm yi mu pii ase atim araa ma mfehaha pii ɔsɔretia a efi Kristofo Asɔre no mu antumi angu no, na bere a ama wɔyɛ nneyɛe binom wɔ kokoam no, ama wɔnam ɛno so abɔ afoforo ho ban. Sɛ nhwɛso no, eyi fa nsubura kronkron a wɔsom no no ho.”​—Irish Heritage a E. Estyn Evans kyerɛwee, kratafa 163.

Enti awiei koraa no, Katolek Asɔre no faa atetesɛm ahorow a efi tete yi. Anne Ross kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔsom no ho anansesɛm no kɔɔ so na [mprempren] Ireland Asɔre no danee tete anyame ne anyamewa a mprempren ebia wɔsom wɔn wɔ kokoam anaa wɔkae wɔn wɔ anansesɛm a wɔtow fa afie ho no mu no yɛɛ wɔn nnɔmmarima ne mmosam a wɔwɔ abon ahorow ne wim no, na ɛdenam saa nsakrae kakraa bi yi so no, wɔama tete anansesɛm a ɛfa ɔsom no ho no akɔ so.”​—Pagan Celtic Britain a Anne Ross kyerɛwee, kratafa 384.

Dɛn Na Wobesusuw?

Yesusuw sɛ, dɛn na nnɛyi akwantufo yi bɛyɛ wɔ eyinom nyinaa ho? So wɔn ho bedwiriw wɔn sɛ wobehu sɛ nea wɔreyɛ no fi abosonsom mu? So saa akwantufo koma pafo yi a wogyaw sika anaa afɔrebɔde afoforo gu asubura no mu anaa ho no ho bedwiriw wɔn sɛ wobehu sɛ na wɔresuasua tete nneyɛe a ɛfa gyaw a wogyaw aboade ahorow gu hɔ ma Celtfo anyame no ho?

Na mmea baanu a wɔwɔ wɔn mfinimfini mfe mu a wɔatu kwan bɛboro akwansin 60 sɛ wɔbɛsra beae yi​—ɔkwan a wɔatu no mpɛn pii wɔ mfe no mu no nso ɛ? So na wonim sɛ bere a na wotwa asubura no ho hyia na wodi faako a owia no kɔ akyi na wɔbɔ mpae bere a wɔrekɔ no, na wɔreyɛ nea wɔn nananom Celtfo a na wɔnyɛ Kristofo no ayɛ mfehaha pii ansa na wɔrewo Kristo no? Na abofra kumaa bi maame a yehuu no wɔ baabi a ɛbɛn asubura no ho kakra a ɔrebɔ mpae bere a otwa nkyɛkyerɛ dedaw bi a wɔde ntamagow ne akwantufo kan adesrɛ ho nkaede afoforo agugu so no ho hyia no nso ɛ​—so na onim sɛ na saa nkyɛkyerɛ no yɛ kronkron ma Celtfo a wɔyɛ abosonsomfo no?

Ɔkyerɛwfo Patrick Logan kae sɛ nsubura ahorow a ɛte saa no “taa ma nneɛma ahorow a wogye di ne nneyɛe ahorow a na ɛwɔ hɔ ansa na Kristosom reba no ho adanse atra hɔ na ɛtɔ bere bi a Kristosom mu de a ɛwɔ mu no yɛ kakraa bi.” (The Holy Wells of Ireland, kratafa 62) Nanso asemmisa no sɔre. So ɛfa ho? Sɛnea akwantufo no mu biako de ne Irelandfo kasa a ɛyɛ dɛ no ka kyerɛɛ yɛn no: “Maba ha mfe pii, na empiraa me ɛ!”

Sɛ empira de a, dɛn nti na mfiase no asɔre no bɔɔ mmɔden sɛ wobegu nneyɛe a ɛte sɛɛ? Ebia na asɔre mu mpanyimfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no nim Yeremia nsɛm a ɔka faa abosonsomfo aman ahorow a atwa Israel ho ahyia nneyɛe ahorow ho no: “Munnsua amanaman kwan.”​—Yeremia 10:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena