Onyankopɔn, Ɔman no, ne Wo
“Asɔre ne Ɔman no De Si Ani Wɔ Awaregu Ho Abatow mu Wɔ Ireland”
ASƐMTI yi a epuei wɔ The New York Times mu no kyerɛ sɛnea nnipa betumi ahyia nsɛnnennen wɔ paw a wɔbɛpaw nea Ɔman no pɛ anaa nea wɔn asɔre kyerɛkyerɛ mu nnɛ.
Asɛm no kae sɛ: “Bere a aka nea ennu ɔsram biako ma wɔatow aba ahu sɛ ebia wobetwa bara a aban mmara abara awaregu mu no, Ireland a nnipa dodow no ara yɛ Roma Katolekfo no rehyia ntawntawdi soronko wɔ n’Aban mpanyimfo ne n’asɔre mpanyimfo ntam.” Ɔman no kae sɛ wontwa bara a wɔabara awaregu no mu, bere a Katolek Asɔre no nso kasa tia awaregu ne ware a wɔsan ware bio denneennen. Ná ɛsɛ sɛ Ireland Katolekfo no paw sɛ wobegyina Ɔman anaa Asɔre no afã. Sɛnea ɛkɔbae no, Ɔman no akyigyinafo dɔɔso sen wɔn asidifo no kakraa bi.
Nea ɛsen saa no, Northern Irelandfo ahyia ɔman tumidi ho akodi a emu yɛ den mfe pii. Wɔakunkum nnipa pii. Ná Roma Katolekfo ne Protestantfo adwene anhyia wɔ Ɔman a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ wɔnase mu: wɔn ho a wɔbɛkɔ so de ahyɛ Britania nniso ase wɔ Northern Ireland anaa nniso biako a ebedi Ireland nyinaa so.
Saa pɛpɛɛpɛ na wɔ kan Yugoslavia no, wɔn a na wodi tumi no ahwehwɛ sɛ wɔn a wokura gyidi soronko, a Katolekfo ne Ortodɔksfo ka ho no bedi ako wɔ asasesin ho akodi mu. Na ɔmamma no asɛyɛde a edi kan ne dɛn? So na ɛsɛ sɛ wodi wɔn a wose wogyina ɔman no ananmu no akyi, anaasɛ na ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn, a ɔkae sɛ: “Nni awu . . . Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no?—Romafo 13:9.
Ebia wobɛte nka sɛ tebea a ɛte sɛɛ ntumi nto wo da. Nanso ebetumi aba saa. Nokwarem no, ebetumi mpo afa wo ho seesei ara. Wɔ ne nhoma The State in the New Testament mu no, nyamekyerɛfo Oscar Cullmann kasa fa “gyinae ahorow a ɛyɛ nkwa ne owu asɛm a ɛsɛ sɛ nnɛyi Kristofo si anaa ebia wɔbɛhwehwɛ sɛ wosi wɔ tebea horow a emu yɛ den mu bere a katabaako kwan so nniso horow hunahuna wɔn no” ho. Nanso, biribi foforo a ɔka ho asɛm ne “asɛyɛde a ɛwɔ hɔ ankasa a ɛno nso ho hia saa ara a ɛda Kristoni biara—a Kristoni a ɔwɔ asetra a wɔfrɛ no ‘da biara da’ tebea horow a akomatu nnim mu nso ka ho—so sɛ obehyia na wadi ɔhaw a ano yɛ den a ɛto no esiane sɛ ɔyɛ Kristoni nti no so.”
Enti ɛsɛ sɛ abusuabɔ a ɛda nyamesom ne Ɔman no ntam no hia Kristofo nnɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ ɛba saa. Efi tete na Kristofo abɔ mmɔden sɛ wobekura adwene a ɛkari pɛ mu wɔ wiase tumidi horow ho. Roma Man no buu wɔn kannifo, Yesu Kristo, fɔ na wokum no. Ná ɛsɛ sɛ n’asuafo no ma wɔn Kristofo asɛyɛde ahorow ne nnwuma a wɔyɛ ma Roma Ahemman no kari pɛ. Ɛnde, sɛnea wɔne tumidifo no dii nsɛm a yebesusuw ho no de akwankyerɛ bɛma Kristofo nnɛ.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Tom Haley/Sipa Press