Mmofra Bisa Sɛ. . .
So Abarimaa Ne Abeawa Betumi ‘Ayɛ Nnamfo Ara Kwa’?
SCOTT ne Kelly ka sɛ wɔyɛ nnamfo ara kwa. Nanso Kelly a ɔyɛ abeawa a onnii mfe aduonu no ka sɛ: ‘Ɛda adi sɛ Scott yɛ m’adamfo a oye sen biara—obi a mapaw no sɛ me ne no bɛbom ayɛ nneɛma ne obi a meka me kokoam nsɛm kyerɛ no. Meka nneɛma a ɛho hia me ho asɛm kyerɛ no.’
Mmarima ne mmea adamfofa nyɛ ade a wɔntaa nhu. Wɔ nhwehwɛmu bi a Seventeen nsɛmma nhoma no yɛe nnansa yi ara mu no, mmeawa a wonnii mfe aduonu a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 65 kae sɛ wɔwɔ nnamfo a wɔyɛ mmarimaa. Wɔ nokwarem no; mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔn dodow yɛ 625 a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ nhwehwɛmu foforo mu no bu “adamfo a abarimaa ne abeawa bi” bɛyɛ ara kwa no sɛ ɛho hia kɛse.
Ɛdɛn, so adamfo a abarimaa ne abeawa bi bɛyɛ no yɛ nea aba so? Adolescence nhoma no ka sɛ: “Bere a ɔrefi ase ayɛ aberante no, ɛda adi kɛse sɛ abarimaa bi bɛpaw ne yɔnko mmarimaa sɛ ne nnamfo. Nanso bere a ɔte nka sɛ otumi di ne ho so kɛse wɔ nsakrae ahorow a ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho nkate ama aba ne nipadua mu no mu no, ɔpaw mmeawa ne mmarimaa nyinaa sɛ ne nnamfo.”
Nanso mmarimaa binom sua nea ɛsen nnamfo a wɔne mmeawa bɛyɛ na wɔne wɔn atra hɔ anigye so no. Wɔne mmeawa no nya nnamfofa a emu yɛ den—abusuabɔ a mpɛn pii wɔka sɛ ɛyɛ abusuabɔ a ɔdɔ wom a wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu mu. Dɛn nti na eyi te saa? Gregory a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ me ne mmeawa bɛkasa efisɛ mpɛn pii wɔkyerɛ mmɔborɔhunu kɛse na wɔn nkate ano yɛ den. Sɛ wohu sintɔ bi wɔ wo ho a, wɔnka ho asɛm mma ɛntra so.” Cyndi a wadi mfe dunson no ka n’adamfo a ɔyɛ abarimaa no ho asɛm saa ara sɛ: “Mitumi ka biribiara ho asɛm kyerɛ no. Wubetumi aka nsɛm akyerɛ w’adamfo a ɔyɛ abeawa nanso obiara te ho asɛm wɔ ɔkwan bi so.” Mmofra afoforo ka sɛ adamfofa a ɛte saa no boa wɔn ma wonya nipasu a edi mũ kɛse.
Nanso nipasu a edi mũ anaa pɛ a wɔpɛ obi a wɔka kokoam nsɛm kyerɛ no ne atirimpɔw titiriw nti a abarimaa fa abeawa bi adamfo?
“Ɛyɛ Okontomponi Sen Ade Nyinaa”
Bible no ka wɔ Yeremia 17:9 sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?” Yiw mpɛn pii ɛyɛ den ankasa sɛ yɛbɛte yɛn ankasa nkate horow ase anaa yebehu nea enti a yɛyɛ nneɛma ahorow bi no. Enti bere a ebia abarimaa bi bɛka sɛ onni adwene a ɛnteɛ wɔ nya a ɔne abeawa bi benya adamfofa a emu yɛ den ho no, ɛda adi sɛ mpɛn pii mmofra nnim atirimpɔw ankasa nti a wɔde wɔn ho hyɛ abusuabɔ yi mu. Birgita a ɔyɛ abeawa a onnii mfe aduonu no, kae sɛ: “Bere a mihyia nsɛnnennen no, mepɛ ankasa sɛ mɛda obi mmati so asu, obi a ɔte m’ase wɔ ɔkwan foforo so sen m’awofo, ne obi a metumi de me honam aka ne honam.” Scott a wadi mfe 17 no kae sɛ, “Ɛho hia sɛ minya obi a metumi de me ho afam ne ho.” Debbie gye toom sɛ, “Ɛboa wo ma wote nka sɛ obi susuw wo ho.” Na aberante biako kae sɛ, ‘Obiara wɔ obi a ɔne no bɔ na mete nka sɛ meyɛ ankonam.’
Enti nnamfofa ahorow pii a wɔka ho asɛm no yɛ mpena a wɔtwe wɔ sum ase anaasɛ akwan horow bi a abeawa bi nam so ma abarimaa bi yɛ aso ma no a bɔhyɛ biara nni mu.
Nanso, So Ɛyɛ Mfomso sɛ Wubenya Nnamfo?
Ɛnte saa ankasa. Mmebusɛm 18:24, NW ka sɛ: “Nnamfo bi wɔ hɔ a wɔn mu paapae nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔde ne ho fam ne yɔnko no ho kɛse sen onua.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ ha sɛ “nnamfo” no betumi akyerɛ adamfo a obi ankasa wɔ a ɔka ne kokoam nsɛm kyerɛ no na ɔte nka sɛ ɔde ne ho fam ne ho kɛse. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17, NW.
Nanso so Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛ mmea a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no hwehwɛɛ nnamfo a wɔte saa no wɔ mmarima mu? Susuw Yefta babea no ho. Bere a odii awerɛhow esiane ne papa ntam a ɔkae nti no, so osui bere a na ɔda n’adamfo bi a ɔyɛ abarimaa a ɔde ne ho fam ne ho kɛse mmati so? Dabi, ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Ma me kwan . . . na minkosu, . . . me ne me mfɛfo mmeawa.” (Atemmufo 11:37, NW) Kae Yesu abebu a ɛfa dwetɛbona a ɛyerae no ho no nso. Henanom na awiei koraa no, bere a ɔbea warefo no hui no, wɔne no nyaa anigye? Yesu kae sɛ: “Na bere a ohui no, ɔfrɛɛ ne nnamfonom a wɔyɛ mmea.” (Luka 15:9, NW) Saa ara na ɔhene Dawid yɛe. Na ɛyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Husai na wohuu no sɛ “Dawid adamfo.”—2 Samuel 15:37.
Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa ɔbea adamfo. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ ɔhokwafo no ne Kristofo mmea dodow bi faa nnamfo. (Hwɛ Romafo 16:1, 3, 12.) Nokwarem no, bere a ɔrekyerɛw krataa akɔma Filipifo no, ɔkaa ‘mmea baanu a wɔkaa ne ho peree asɛmpa no’ ho asɛm. (Filipifo 4:3) Yesu Kristo nso ne mmea nyaa abusuabɔ a ɛkari pɛ a eye mu anigye. Bible no ka wɔ Yohane 11:5 sɛ: “Yesu dɔ Marta ne ne nuabea no.” Saa mmea yi yii ahɔhoyɛ su adi kyerɛɛ no na wɔne no bɔɔ nkɔmmɔ mpɛn pii.—Luka 10:38, 39.
Nanso so wubetumi ayɛ Yesu ho mfonini sɛ ɔne Maria ne Marta retu mpase te sɛ obi ne ne mpena akɔ baabi a ɛhɔ ware? Dabi. Ɛwom sɛ na Yesu ne mmea yi dodɔ wɔn ho wɔn ho de, nanso wɔmaa wɔn ntam abusuabɔ no yɛɛ nea asiane biara nnim’. Bio nso, na Yesu ne Paulo nyinaa yɛ mmarima a wɔanyinyin a wotumi di wɔn nkate horow so. Ná wɔnyɛ mmofra a wontumi nni wɔn ho so a wohia obi a obeso “wɔn nsam.”
“Ɛyɛ Nea Ɔhaw Ahorow Ka Ho”
Nhoma bi a wɔfrɛ no The Challenge of Being Single ka sɛ: “Nea ɛne anansesɛm a agye din bɔ abira no, ɔbarima ne ɔbea betumi anya adamfofa a ɔdɔ wom a wɔremfa wɔn ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ampa.” Ɛyɛ nokware sɛ “wubetumi” anya nkwa wɔ wimhyɛn a ɛhwe ase mu. Asemmisa no ne sɛ nyansa bɛn na ɛwom sɛ, sɛ́ abarimaa no, wo ne abeawa bi benya abusuabɔ a emu yɛ den? Nyansa nni mu koraa. Nhwehwɛmu biako a wɔyɛe wɔ Rusia no kae sɛ “ɔhaw ahorow ka” fa ɔbarima fa ɔbea adamfo no ho. Dɛn ntia?
Ade biako ne sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ yɛ ade a ano yɛ den kɛse. Sɛ́ abofra no, afei na woresua sɛnea wubegyina ano. Enti bere a ebia ɛte sɛ nea ɛnyɛ atirimpɔw nti a abarimaa bi fa abeawa bi adamfo ne sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu mprempren no, akyiri yi nso ɛ? Nea ɛyɛ anigye no, wɔ nhwehwɛmu a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu no, wobisaa mmofra no sɛ, “Wɔ w’adwene mu no, so mmarimaa ne mmeawa betumi ayɛ nnamfo ankasa a ɛnyɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho?” Wɔn mu ɔha biara mu aduɔson anum kae sɛ yiw. Nhwehwɛmufo no kae sɛ, “Nanso bere a wɔrenyinyin no, wɔn adwenem a ɛyɛɛ wɔn naa wɔ eyi ho no yɛɛ kɛse ma enti wɔn mu [mmarimaa a wɔanyinyin] bɛboro fã buae sɛ dabi. Ebia osuahu ama mmofra binom ahu nyansa a ɛwɔ Mmebusɛm 6:27 no mu: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom na ne ntade renhyew?”
Sɛ nhwɛso no, abofra bi a wɔfrɛ no Wayne ka sɛ: “Nnipa a minim wɔn no mu binom wɔ ahokafo a wɔne wɔn bɔ anan ‘kɔ mmeae horow.’ Eyinom yɛ mmofra baanu bi a wɔbom saw anaasɛ wɔn ani gye wɔn ho wɔn ho ho. Wofii ase sɛ nnamfo pa a obiara tumi ka ne kokoam nsɛm kyerɛ ne yɔnko. Nanso afei wofii ase de bere pii yɛɛ nneɛma boom. Na nkurɔfo ka sɛ ‘wɔyɛ nhyehyɛe de fi adi’ na awiei koraa no na wɔyɛɛ saa ampa.” Nanso “nhyehyɛe a mobɛyɛ afi adi” bere a munsiesiee mo ho sɛ mobɛware no yɛ ogya a ɛbɛma ‘mo ahyew.’ Ebetumi akanyan akɔnnɔ a ano yɛ den a muntumi nnwudwo ano. Dɛn na ebefi mu aba? Abasamtu anaasɛ aguamammɔ.
Mmofra afoforo “hyew” bere a ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ sɔre wɔ obiako mu no. Bible no ka aberantewaa bi a wɔfrɛ no Amnon a na “ɔpɛ” ne nuabea a wɔfrɛ no Tamar a na ɔno de ɔmpɛ no no ho asɛm. Bible no ka sɛ: “Na Amnon ne nuabea Tamar nti ne ho hiaa no ma ɔyaree.” (2 Samuel 13:1, 2) Ɛwom, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Tamar hyɛɛ Amnon nkuran. Nanso so wobɛpɛ sɛ woyɛ biribi ma woanya nkate a ɛte saa? Adamfofa a emu yɛ den a abarimaa ne abeawa bi benya no yɛ nea asiane wom.
“Yi Awerɛhow”
Salomo tuu mmofra fo sɛ: “Yi awerɛhow fi wo komam, na ma adebɔne mpare wo honam.” (Ɔsɛnkafo 11:10) Abarimaa ne abeawa betumi ayɛ nnamfo nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye. Ɛsɛ sɛ wɔto abusuabɔ a ɛte saa ano hye. Sɛ wɔanyɛ saa a ɛbɛma wɔadi awerɛhow.
[Kratafa 15 mfoni]
Yesu ne mmea faa nnamfo nanso ɔhwɛɛ yiye sɛ ɔne wɔn renyɛ sɛ obi ne ne mpena
[Kratafa 16 mfoni]
Mpɛn pii ɔbarima ne ɔbea ntam abusuabɔ a wɔka sɛ adwene biara nni akyi no yɛ nea awiei koraa no ɛma wodi awerɛhow