Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 7/8 kr. 23-25
  • ‘So Yɛrentumi Nyɛ Nnamfo Ara Kwa?’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘So Yɛrentumi Nyɛ Nnamfo Ara Kwa?’
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkate Mu Ɔhaw
  • Ɔhaw Ahorow a Wubekwati
  • Mmofra Bisa Sɛ. . .
    Nyan!—1985
  • So Yɛyɛ Nnamfo Kɛkɛ​—Anaa Biribi Wɔ Akyi?, Ɔfã 2
    Nyan!—2012
  • So Yɛyɛ Nnamfo Kɛkɛ​—Anaa Biribi Wɔ Akyi?, Ɔfã 1
    Nyan!—2012
  • Mɛyɛ Dɛn Ayi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 7/8 kr. 23-25

Mmofra Bisa Sɛ. . .

‘So Yɛrentumi Nyɛ Nnamfo Ara Kwa?’

MARIE ka sɛ, “Biribiara nkɔ so wɔ yɛn ntam.a Yɛbɔ nkɔmmɔ kɛkɛ. Dɛn na ɛreba wiase yi sɛ ɛsɛ sɛ wunya obiara ho adwene a ɛnteɛ a? Ebia ɛsɛ sɛ wotra fie nkutoo.” Marie kaa asɛm a emu yɛ den yi bere a obi bɔɔ no kɔkɔ wɔ asiane ahorow a ɛwɔ bere a ɔsɛe ne abarimaa bi a ɔne no anya mfe pɛ nkutoo tra kar mu no mu akyi no. Ɛda adi sɛ n’ani annye kɔkɔbɔ no ho. Osusuw sɛ: ‘Ɔhaw a ebetumi aba bɛn na ɛwɔ nnamfo ara a yɛbɛyɛ kwa no mu?’

Michel kura adwene a emu da hɔ kɛse, ne titiriw, esiane osuahu a ɔne ne fipamfo Louise a ne ho yɛ fɛ nyae nti. Aberante no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yenyaa abusuabɔ a emu yɛ den a aware ho adwene biara nni yɛn tirim. Nanso, mihuu ntɛm sɛ mayɛ basaa kɛse​—na mintumi nnyae Louise ho adwennwene. Na mintumi nni me nkate horow so! Enti anwummere bi mekaa me haw no ho asɛm kyerɛɛ m’adamfo bi a ɔkae sɛ ɔne me bɛda anadwo no.” Bere a Michel afi ‘asiane no mu’ no, otumi susuw faako n’adamfofa no de no rekɔ ho pefee.

Ɛte sɛ nea ɔbenfo Marion Hilliard kae wɔ mfe pii a atwam no mu wɔ The Ladies Home Journal no mu sɛ: “Abusuabɔ a emu nyɛ den betumi adan ayɛ nea emu yɛ den ntɛm ara a wɔrentumi nhu ho hwee.”

Nkate Mu Ɔhaw

Bible no hyɛ mmerante sɛ wommu “mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.” (1 Timoteo 5:2) Pii atumi de nnyinasosɛm yi adi dwuma na esiane eyi nti wɔne mmabaa nya adamfofa a ɛho tew a eye mu anigye. Wɔhwɛ yiye sɛ wɔremma wɔne wɔn ntam abusuabɔ no nkɔ akyiri dodo. Nanso dɛn na ɛba bere a wɔantumi anto adamfofa a ɛte saa ano hye no? Asɛm bi a wɔatintim dedaw no bɔɔ ɔhaw ahorow a ebetumi afi mu aba ho kɔkɔ.b Nea eye no, Kristofo mmofra pii remma kwan ma ɛmma saa. Nanso, nkate mu ɔhaw ahorow nso betumi afi mu aba.

Mike a wadi mfe dunsia no huu eyi bere a ɔne abeawa bi a wadi mfe 14 nyaa abusuabɔ no. “Mfiase no, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nnamfo ara kwa. Nanso sɛnea mihuu ntɛm no, nnipa baanu rentumi nyɛ nnamfo ara kwa bere a wɔn nkutoo kɔ so srasra wɔn ho wɔn ho no. Yɛn abusuabɔ no mu kɔɔ so yɛɛ den. Ankyɛ biara yenyaa yɛn ho yɛn ho ho nkate titiriw bi na yɛda so ara yɛ saa.” Esiane sɛ wonnuu baabi a wɔn mu biara betumi aware nti, saa nkate horow no de abasamtu kɛse ba. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mike bisa sɛ: “So ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden twa abusuabɔ no mu?”

Ebia obi bɛkasa atia sɛ, ‘Nanso mente nka saa wɔ m’adamfo no ho. Ɛnyɛ nea mepɛ no, na minnyaa ne ho akɔnnɔ.’ Ebia ɛte saa. Nanso, mmebusɛm bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea.” (Mmebusɛm 28:26) Yɛn koma betumi adaadaa yɛn a ɛremma yenhu botae a yekura ankasa.

Onyankopɔn nam ne diyifo Yeremia so bɔ yɛn kɔkɔ wɔ eyi ho: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ kontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye? Me, [Yehowa], na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.”​—Yeremia 17:9, 10.

Sɛ nhwɛso no, Kristoni abeawa kumaa bi ne abarimaa bi yɛɛ nnamfo wɔ sukuu. Osusuwii sɛ eyi ye efisɛ ɔne no besusuw Bible mu nsɛm ho. Nanso ankyɛ biara ɛbɛdaa adi sɛ na abarimaa no ani gye biribi a ɛsen Bible no ho asɛm a wɔbɛka ara kwa ho. Abeawa no ka sɛ, “Ɔde ne ho afam me ho kɛse a mfomso no mfi me.” Wɔ abeawa no fam no, ɔnte nka te sɛ nea abarimaa no te no.

Nea ɛyɛ anigye no, abeawa no gye tom sɛ: “Me maame ka sɛ ogye di sɛ manya ne ho dɔ.” Ɛnanom yɛ nnipa a wɔwɔ nhumu kɛse. Na akyinnye biara nni ho sɛ ɛna yi hui sɛ ne babea no mpɛ sɛ ɔbɛka nokware. Anyɛ yiye koraa no, so ɛnyɛ nea ntease wom sɛ yebesusuw sɛ, sɛ ɛnyɛ sɛ abeawa no pɛ no a, anka ɔbɛka sɛ ɔbɛkɔ so ne no anya abusuabɔ? Na sɛ ɛyɛ koma pa mu na abeawa no fi pɛ sɛ ɔboa n’adamfo kumaa no mpo a, so obetumi aka sɛ ‘ɛnyɛ ɔno’ na wama abarimaa no anya ne ho nkate a emu yɛ den no? The Family, Society, and the Individual nhoma no ka sɛ, “ɛyɛ ɔbarima na onya ɔbea ho anigye ntɛmntɛm.” Ɔbea bi ho a obesiesie kama bere a adwene a ɛnteɛ biara nni akyi mpo betumi akanyan ɔbarima no akɔnnɔ​—wɔ ɔbarima ne ɔbea nna fam.

Asɛm koro no ara na esi bere a aberante bi ma n’ani ku ababaa bi ho titiriw no. Ebia mmea renni aso a mmarima yɛ ma wɔn no ho dwuma ntɛmntɛm te sɛ nea mmarima yɛ bere a mmea yɛ aso ma wɔn no, nanso sɛ awiei koraa no, wɔyɛ saa a nkate a wɔama wɔanya no mu taa yɛ den kɛse. Enti, ɔbarima biara a ɔma adamfofa a ɔne ɔbea bi nya mu yɛ den kɛse no redaadaa ne ho na ɛte saa ara wo mmea nso fam. Enti wɔ baabi a ankanyan obiako nkate no, ebia ɛbɛyɛ saa wɔ ɔfoforo no fam.

Ka a wɔbɛka sɛ, ‘Ma yɛnyɛ nnamfo,’ no betumi na ɛma yaw a obi di wɔ mfaso a onnya wɔ ɔdɔ a oyi adi kyerɛ ɔfoforo ho no tra hɔ kyɛ mpɛn pii. Sɛnea Your Youth​—Getting the Best out of It nhoma no kyerɛkyerɛ mu no: “Mpɛn pii ɛyɛ ɔbarima no na ɔma nantew a edi aware anim no fi ase denam anigye a ɔkyerɛ wɔ ɔbea no ho no so. Sɛ odi nokware na obu no aniberesɛm a, ɔbea no wɔ hokwan sɛ ogye di sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔresusuw aware ho.”c Enti wobetumi ate fekuw a wɔkɔ so bɔ no ase sɛ ɛyɛ nantew a edi aware anim a aware wɔ wɔn adwenem.

Ampa, w’adamfo a ɔpɛ sɛ wokyerɛ ɔdɔ ma no a wobɛka akyerɛ no sɛ wonte nka te sɛ nea ɔte wɔ nneɛma ho no bɛma wɔayɛ basaa kɛse. Nanso abusuabɔ a wobɛkɔ so ne no anya remma onhu eyi ntɛm. Bible no ka sɛ: “Sɛ ɔbɔdamfo a ɔtow nyansramma, agyan ne owu te no, so onipa a ogyigye ne yɔnko, na ɔka sɛ: agoru na meredi, te no no.” (Mmebusɛm 26:18, 19) Hebri mfitiase asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “agoru” no betumi akyerɛ sɛ “wɔbɛdaadaa obi.” Sɛ adamfofa bi yɛ nea wogyina so de gye wɔn ani ara kwa a bɔhyɛ anaasɛ asɛyɛde biara nnim a, so eyi nyɛ nnaadaa? Sɛ ɔbarima bi yɛ aso ma ɔbea bi a aware nni n’adwenem a, so eyi nyɛ nnaadaa? Ampa, ebia na adwene a ɛnteɛ biara nni akyi. Nanso so ɛnna pɛsɛmenkominya bi ne obi foforo nkate ho a wonsusuw adi? Ɛda adi sɛ mmɔden a wobɛbɔ akwati asɛm no na woaka sɛ ‘Yɛyɛ nnamfo ara kwa’ anaasɛ ‘Manhyɛ wo bɔ biara no’ remmoa nea woapow no no.

Ɔhaw Ahorow a Wubekwati

Mmebusɛm 2:7, NW, tu mmofra fo sɛ “wɔnkora nyansa.” Enti mmerantewa a wɔyɛ anyansafo kwati adamfofa a wɔne mmeawa nya a wɔbɛma mu ayɛ den kɛse​—no kosi sɛ wobesiesie wɔn ho ama aware. Nneɛma a mobɛbom ayɛ sɛ kuw no betumi ayɛ ɔkwan pa a mobɛfa so akwati ɔhaw a ɛne mo ho akɔnnɔ a mubenya no. Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode wo ho bɔ nnamfo kakraa bi nkutoo ho? Mo ho mo ho akɔnnɔ a mubenya betumi aba bere a mowɔ nnipa kuw bi mu mpo no. Ahobammɔ foforo nso ne sɛ mode ɔpanyin biako anaasɛ baanu bɛka nneɛma a mobom yɛ sɛ kuw no ho.

Ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ sɛ ɛba sɛ wɔ ahobammɔ nyinaa akyi no, ɛda adi sɛ obi pɛ wo bere a wonte nka saa mma no a? Kyerɛkyerɛ nneɛma mu kyerɛ no ntɛm ara sɛnea wubetumi na ama mo nyinaa moahu mo gyinabea. Bible no kamfo kyerɛ sɛ “Obiara nni ne yɔnko nokware.” (Efesofo 4:25) Sɛ wo nkate ho asɛm a wobɛka akyerɛ pefee amma asɛm no antwa a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woremmɛn saa onipa yi. Nsusuw sɛ: ‘Wiɛ, afei nneɛma mu ada hɔ kɛse enti yebetumi aka sɛ asɛm no aba awiei. Nanso biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ esiw yɛn kwan wɔ nnamfo pa a yɛbɛkɔ so ayɛ no mu.’ Mpɛn pii mo hɔ mo ho akɔnnɔ a moanya no kɔ so a obiako hwɛ kwan sɛ ɔfoforo no bɛsakra n’adwene.

Ebia nyansahyɛ ahorow yi a wubedi akyi no renyɛ mmerɛw. Nanso kae sɛ: Ɔbɔadeɛ no ahyɛ mmara sɛ adamfofa ankasa a ɔbarima ne ɔbea benya no yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛkɔ so wɔ aware mu. “[Yehowa] Nyankopɔn kae sɛ: Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no. Ne saa nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” Yesu faa saa asɛm no kae na osii aniberesɛm a aware yɛ no so dua: Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa ntetew mu!”​—Genesis 2:18, 24; Mateo 19:5, 6.

Enti sɛ woyɛ abarimaa a, to adamfofa a wone mmeawa nya no ano hye sɛnea ɛfata na ama woakwati yaw ne awerɛhowdi kɛse.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din ahorow no bi.

b Yɛsrɛ wo, hwɛ asɛm a ɛne “Mfomso Bɛn Na Ɛwɔ Yɛ a Yɛbɛyɛ ‘Nnamfo Ara Kwa’ No Mu” a epuei wɔ June 22, 1985 Awake! mu no.

c Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no na etintimii wɔ 1976 mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

Hu a obi behu sɛ ɔfoforo nte nka sɛnea ɔte no betumi ama wayɛ basaa kɛse

[Kratafa 24 mfoni]

Nnipa baanu rentumi nkɔ so nyɛ nnamfo ara kwa bere a wɔn nkutoo kɔ so srasra wɔn ho wɔn ho no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena