Mmofra Bisa Sɛ
So Yɛyɛ Nnamfo Kɛkɛ—Anaa Biribi Wɔ Akyi?, Ɔfã 2
WƆ ƆFÃ A EDI KAN NO MU NO, yesusuw asetena mu nokwasɛm abien ho.
● Sɛ wonsoo aware na wo ne obi bɔ kɔ akyiri a, ebetumi apira wo.—Mmebusɛm 6:27.
● Sɛ wonsoo aware na wo ne obi bɔ kɔ akyiri a, ebetumi asɛe mo adamfofa.a—Mmebusɛm 18:24.
WƆ EYI MU NO, yebesusuw
● Asetena mu nokwasɛm a ɛto so abiɛsa a ɛfa obi a wo ne no bɛbɔ akɔ akyiri ho
● Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu sɛ wo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu ntam ayɔnkofa akɔ akyiri
ASETENAM NOKWASƐM: Sɛ wonsoo aware na wo ne obi bɔ kɔ akyiri a, ebetumi asɛe wo din. Miab ka sɛ: “Mahu mmerante a wɔafa mmabaa pii nnamfo. Sɛ yɛbɛka paa a, ‘wɔpɛ mmea agoru.’ Mmabaa no susuw sɛ aberante no ani gye wɔn ho, nanso na mmea agoru kɛkɛ na ɔpɛ.”
Nea wubetumi asusuw ho:
● Sɛ́ ebia woyɛ aberante anaa ababaa no, ɔkwan bɛn so na obi a ɛsono ne bɔbeasu a wo ne no bɛbɔ fẽẽ no bɛka wo din?
“Sɛ wosɛnde “text” ma nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu a, ebetumi de wo ato asiane kɛse mu. Wufi ase de nsɛm ntiantiaa mena onipa biako, nanso ebewie ase no, na wode amena nkurɔfo pii. W’ani bɛba wo ho so no, na wo ne mmerante baasa na ɛredi nkitaho, a wɔn mu biara susuw sɛ ɔno na w’ani gye ne ho. Sɛ wohu nea ɛrekɔ so no a, ɛbɛhaw wɔn—na wo nso, wobebu wo sɛ wopɛ mmarima agoru.”—Lara.
Bible no ka sɛ: “Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu sɛ ne nnwuma ho tew na ɛteɛ.”—Mmebusɛm 20:11.
Nea ehia sɛ wohyɛ no nsow: Mfomso nni ho sɛ wo ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu bɛbɔ. Nanso sɛ woanhwɛ yiye a, wode ɔhaw bɛto wo ho so, wo ne afoforo adamfofa bɛsɛe, na woagye dimmɔne.
Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woayɛ ade ma atra so? Ɔkwan biako ne sɛ wubebisa wo ho sɛ, ‘So me ne m’adamfo bi a ɛsono ne bɔbeasu di atirimsɛm?’ Ababaa bi a wɔfrɛ no Erin ka sɛ, “Sɛ wo ne aberante bi yɛ adamfo kɛkɛ a, ɛnsɛ sɛ ade kye pɛ a, na worehwehwɛ no, anaa wote asɛm foforo biara a, na wopɛ sɛ wobɔ no amanneɛ. Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ wode no bɛyɛ wo werɛkyekyefo.”
Nea ɛsɛ sɛ wususuw ho:
● Dɛn na ɛma w’ani gye ho sɛ wobɛka w’atirimsɛm akyerɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu? Nanso asiane bɛn na ɛwom?
“Mmerante a minim wɔn no nyɛ me nnamfo paa. Me ne wɔn nkasa wɔ fon so nkyɛ pii sɛnea me ne m’adamfowaa bi bɛyɛ no. Na nsɛm bi wɔ hɔ a, me ne wɔn remmɔ ho nkɔmmɔ da.”—Rianne.
Bible no ka sɛ: “Hwɛ w’anom kasa yiye . . . Nea ɔnhwɛ ne kasa yiye sɛe ne ho.”—Mmebusɛm 13:3, Good News Translation.
Susuw ho hwɛ: So asiane wom sɛ wobɛda wo kokoam nsɛm pii adi akyerɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu? Na sɛ bere bi akyi no, mo adamfofa no sɛe nso ɛ? So wubenu wo ho sɛ wokaa nsɛm a ɛte saa kyerɛɛ no?
Ababaa bi a wɔfrɛ no Alexis bɔ asɛm no mua. Ɔka sɛ: “Ntwe wo ho mfi obi ho esiane sɛ ɛsono ne bɔbeasu kɛkɛ nti. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnaadaa wo ho nka sɛ moyɛ nnamfo kɛkɛ bere a ɛnte saa. Hyɛ wo ho so, na ɛbɛma woakwati ɔhaw pii.”—g12-E 07.
Wubetumi ahu “Mmofra Bisa Sɛ” nsɛm a ɛba no pii wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Nyan! a ɛbae July-September 2012, kratafa 15-17.
b Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.
[Adaka wɔ kratafa 11]
ASƐM A ESII ANKASA: “Ná me ne aberante bi yɛ nnamfo, na na yɛka paa. Nanso afei mebɛhyɛɛ no nsow sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ reyɛ tenten, na na yɛkeka yɛn kokoam nsɛm kyerɛ yɛn ho. Ná mitumi hu sɛ yɛrebɔ akɔ akyiri kakra efisɛ na otumi ka ne haw nyinaa kyerɛ me. Afei dakoro ɔsɛndee me text ka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ me. Ná minhu nea menka. Ɔkwan bi so no, me tirim yɛɛ me dɛ—obi kyerɛ wo ho anigye a, ɛyɛ dɛ paa. Nanso na mahaw. Ná minim sɛ yɛrentumi ntoa so nyɛ ‘nnamfo kɛkɛ’ efisɛ na wabenya adwene sɛ yɛnyɛ nnamfo ara kwa. Ná minim sɛ sɛ meka kyerɛ no sɛ yenyinii sɛ yebetumi anya ɔbea ne ɔbarima ntam dɔ ama yɛn ho a, ɛbɛhaw no. Mekaa ho asɛm nyinaa kyerɛɛ m’awofo, na wosii hia a ɛho hia sɛ me ne aberante no tew yɛn nnamfofa so no so dua. Saa osuahu no ma mihuu sɛnea biribi a adwemmɔne biara nni akyi no betumi adan asɛnkɛse prɛko pɛ. Na efi saa bere no, meyɛ ahwɛyiye wɔ me nnamfofa ho, titiriw bere a meresɛnde text akɔma wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu no. Ɛboa me nso ma me ne afoforo bɔ sɛ kuw sen sɛ me ne onipa biako pɛ bɛbɔ. Saa kwan no so no, wo ne afoforo remmɔ kokoam nkɔmmɔ, na saa ara nso na mo abusuabɔ remmɛyɛ papee.”—Elena.
[Adaka wɔ kratafa 12]
DƐN ENTI NA WUMMISA W’AWOFO?
Bisa w’awofo ma wɔnkyerɛ wɔn adwene wɔ “Nea wubetumi asusuw ho” abien a ɛwɔ asɛm yi mu no ho. So wɔn adwene ne wo de nhyia? Sɛ saa, wɔ ɔkwan bɛn so? Mfaso bɛn na wohwɛ a, ɛwɔ wɔn adwenkyerɛ no so?—Mmebusɛm 1:8.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 12]
NEA W’ATIPƐNFO KA
Andre—Sɛ wo ne ababaa bi bɔ pii a, ɛnyɛ den koraa sɛ wubenya atenka ama no, na saa ara na onii ko no nso besusuw sɛ wopɛ no. Sɛ botae a esi w’ani so no mma wo kwan sɛ wode wo ho bɛhyɛ adamfofa a ɛte saa mu a, ɛnde hwɛ na woamfi bi ase.
Cassidy—Mitumi ne obiara bɔ, na esiane sɛ wɔwoo me too mmarima mu nti, ɛnyɛ den sɛ me ne wɔn bɛbɔ—nanso ɛnyɛ bere nyinaa na eye. Ɛnyɛ papa sɛ me ne ɔbarima bɛyɛ ade sɛnea me ne m’adamfowaa bɛyɛ—ebetumi ama wanya adwene foforo. Ɛsɛ sɛ me ne ɔbarima bɔ te sɛ me nuabarima!
[Adaka wɔ kratafa 13]
AWOFO NHYƐ NO NSOW
Sɛ tebea no fata a, ɛnyɛ mfomso sɛ mmabun a ɛsono wɔn bɔbeasu ne wɔn ho wɔn ho bɛbɔ fekuw. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wonsiesiee wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ nantew a edi aware anim mu no hwɛ fekubɔ a ɛte saa no yiye.c Wɔ wɔn fam no, ɛnsɛ sɛ wɔn adamfofa no yɛ biribi a ɛsen nnipa baanu a ɛsono wɔn bɔbeasu ntam ayɔnkofa ara kɛkɛ.
Sɛ nnipa baanu a wɔnsoo aware bɔ kɔ akyiri a, dɛn na ebetumi afi mu aba? Ɛnkyɛ ná anigye a wonyaa no mfiase no adan awerɛhow. Ɛte sɛ nea wote kar a tae nhyɛ ase mu. Ɛnkyɛ ná aberante anaa ababaa no ahu sɛ wɔn adamfofa no remfa wɔn nkosi baabiara. Ebinom tumi de wɔn ho hyɛ nantew a edi aware anim wɔ sum ase—adeyɛ a etumi kowie abrabɔ bɔne mu. Afoforo twa abusuabɔ no mu—na ebetumi ama nnipa baanu no adi yaw, na adan wɔn adwennwen mpo. Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wo babun na wampere ne ho amfa ne ho ankɔhyɛ nantew a edi aware anim mu?—Ɔsɛnkafo 11:10.
Nea ɛbɛboa ne sɛ, wo ne wo ba a wasi so no bɛbɔ mmarima ne mmea ntam ayɔnkofa ho nkɔmmɔ. Sɛ woyɛ saa a, ɔremfa biribiara nsie wo, na sɛ ɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu adamfofa rekɔ akyiri dodo a, wubetumi aboa no.
Awofo binom siw nkɔmmɔbɔ a ɛte saa a wɔne wɔn mmabun betumi anya no kwan bere a wɔn ani nna wɔn ho so. Susuw nsɛm a mmabun bi ka kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo yi ho hwɛ.
“Bere nyinaa mepɛ sɛ mɛka obi a m’ani gye ne ho ho asɛm kyerɛ me maame, nanso ɛyɛ a, misuro sɛ ɔbɛyɛ ade ma atra so.”—Cara.
“Sɛ meka kyerɛ me maame sɛ m’ani gye aberante bi ho a, sɛ́ anka ɔbɛka sɛ, ‘Ka w’adamfo no ho asɛm kyerɛ me,’ anaa ‘Dɛn na ɛma w’ani gye ne ho’ no, nea ɔka mmom ne sɛ ‘Nhwɛ kwan sɛ mɛba w’ayeforo ase!’ Sɛ me maame bisaa nsɛm a ɛte sɛɛ a, ebia anka ɛbɛyɛ mmerɛw ama me sɛ metie n’afotu.”—Nadeine.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ awofo tɔ wɔn bo ase tie wɔn mma nsɛm na wɔde akwankyerɛ pa ma wɔn a, hwɛ sɛnea nneɛma sesa fa.
“Bere a mekaa aberante bi a m’ani gye ne ho ho asɛm kyerɛɛ m’awofo no, wɔanyɛ ade antra so. Wɔkaa asɛm pa kyerɛɛ me, na wɔkyerɛe sɛ wɔte me tebea no ase. Esiane eyi nti, ɛnyɛ den mma me sɛ metie wɔn afotu na mada me komam nsusuwii ne me nkate adi akyerɛ wɔn.”—Corrina.
“Bere a m’awofo kaa nnipa a na wɔn ani gye wɔn ho bere a wosii so no ho asɛm kyerɛɛ me—na mpo wɔkyerɛɛ nea enti a wɔne ebinom ayɔnkofa ankɔ yiye—no, ɛboaa me ma mihui sɛ mfomso nni ho sɛ mɛka obi a m’ani gye ne ho ho asɛm akyerɛ wɔn.”—Linette.
Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ɛtɔ bere bi a, nneɛma bi nti na ɛma obi pere ne ho de ne ho kɔhyɛ nantew a edi aware anim mu.
“Nea enti a na me ne aberante bi ayɛ nhyehyɛe nantew wɔ sum ase no ne sɛ, na ɔma m’ani gye, na na otie me nso.”—Annette.
“Ná m’ani gye sɛ me ne aberante bi bɛbɔ bere nyinaa. Ná daa onya me ho adagyew, ma enti na mente ne ho kasa koraa. Nea mepɛ ara ne sɛ obi benya me ho adagyew, a sɛnea ɛte biara mfa ho.”—Amy.
“Sɛ m’awofo fi wɔn komam kamfo me sɛ me ho ayɛ fɛ anaasɛ atade bi fata me a, ɛmma menhwɛ kwan sɛ aberante bi bɛkamfo me bio.”—Karen.
Bisa wo ho sɛ:
Mɛyɛ dɛn na ama me ba a wasi so no atumi abɛn me paa?—Filipifo 4:5.
So ‘meyɛ ntɛm tie asɛm, yɛ nyaa kasa’?—Yakobo 1:19.
Dɛn na mɛyɛ na me ba a wasi so no annya adwene sɛ ɔbɛkɔ abɔnten akɔhwehwɛ obi a ɔbɛdɔ no na wagye no atom?—Kolosefo 3:21.
Nea ehia sɛ wohyɛ no nsow: Boa wo babun no na onsua sɛnea ɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu bɛbɔ a ɔhaw biara mma. Ɛyɛ ade a ɛbɛboa no bere a wanyin no.—Kolosefo 3:5; 1 Tesalonikafo 4:3-6.
[Ase hɔ asɛm]
c Hwɛ asɛm a edii kan puei wɔ “Mmofra Bisa Sɛ” a ɛwɔ Nyan! a ɛbae wɔ July-September 2012 mu no.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 17]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
HYƐ EYINOM NSOW
ƐSƐ SƐ ƐNSƐ SƐ
✔ mobom yɛ ade sɛ kuw X mo nkutoo bɔ
✔ muhu mo ho yiye X mudi atirimsɛm
✔ mutumi bɔ nkɔmmɔ X mudi mpenagorɔ
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 18]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
FEKUBƆ
MPENAGORƆ
AHOTWITWIW
NSAM SUSO
MFEWANO