Mmofra Bisa Sɛ . . .
Sɛ M’awofo Te Nka sɛ Misua sɛ Mɛyɛ Nhyehyɛe Apue Nso Ɛ?
“Maame, wo bere atwam. Ɛnyɛ 1950 mu na yɛwɔ no. Obiara ne obi yɛ nhyehyɛe pue! Menyɛ abofra bio.”—Janie a wadi mfe 16.a
EBETUMI ayɛ abasamtu sɛ wɔbɛka akyerɛ wo sɛ wunnuu bere a ɛsɛ sɛ wo ne obi bɛyɛ nhyehyɛe apue. Abofra bi ka sɛ: “Mepɛ sɛ meyɛ nea Bible ka no na midi m’agya ne me na ni, nanso misusuw sɛ nea wɔreka no nteɛ. Minhu sɛnea me ne wɔn bɛbɔ ho nkɔmmɔ mpo.” Te sɛ aberante yi no, ebia wobɛte nka sɛ w’awofo nna ntease ne ahummɔborɔ adi. Ebia woahu obi a wopɛ n’asɛm na wopɛ sɛ wuhu no yiye. Anaasɛ ebia wote nka sɛ nhyehyɛe a wo ne obi bɛyɛ apue no bɛboa ma wo ne w’atipɛnfo ayɛ pɛ. Michelle ka sɛ: “Woguan wo ho. Sɛ wo ne obi nyɛ nhyehyɛe mpue a, mmofra a wo ne wɔn wɔ sukuu mu no susuw sɛ woyɛ atetekwaa.”
Abusua fotufo bi kaa nhyehyɛe a aberantewaa ne ababaa bi yɛ pue ho asɛm sɛ: “Yɛrentumi nka no pen sɛ awofo nna ntease adi.” So sɛnea ɛyɛ wo sɛ w’awofo nni ntease kɛkɛ no kyerɛ sɛ wonni ntease ankasa? Anyɛ yiye koraa no, w’awofo na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wo, ntete wo, mma wo akwankyerɛ. (Deuteronomium 6:6, 7) So ebetumi aba sɛ w’awofo dwen wo yiyedi ho ankasa? Ɔwofo bi ka sɛ: “Mihu asiane a ɛyɛ hu bi wom.” Dɛn nti na nhyehyɛe a aberante ne ababaa bi pere wɔn ho yɛ no haw awofo pii saa?
Nna Ho Nkate a Ɛmfata
Beth a wadi mfe 14 no ka sɛ: “M’awofo ma ɛyɛ sɛ nea mfomso wɔ ho sɛ wobɛpɛ obi asɛm.” Nanso, sɛ w’awofo yɛ Kristofo a, wonim yiye sɛ Onyankopɔn yɛɛ ɔbea ne barima sɛ obiara betumi anya ne yɔnko ho akɔnnɔ. (Genesis 2:18-23) Wonim sɛ saa akɔnnɔ yi fi awosu mu, na edi atirimpɔw a yɛn Bɔfo no wɔ ma adesamma sɛ ‘wɔnyɛ asase so ma’ no ho dwuma.—Genesis 1:28.
Bio nso, w’awofo nim sɛnea nna ho nkate mu betumi ayɛ den bere a woyɛ “baabun” no. (1 Korintofo 7:36) Wonim nso sɛ wunni suahu pii a wode bedi saa nkate no so. Sɛ wufi ase ne obi a ɛsono ne bɔbeasu bɔ kɛse, denam telefon anaa nkrataakyerɛw anaa E-mail mpo so a, ɛda adi sɛ nkate no mu bɛyɛ den. Ebia wubebisa sɛ ‘Mfomso bɛn koraa na ɛwom?’ Wiɛ, hokwan bɛn na wowɔ a wubetumi de adi saa nkate no ho dwuma? So woayɛ ahoboa ankasa sɛ wobɛfa adeyɛ biako pɛ—aware—so adi saa nkate no ho dwuma? Entumi mma saa.
Aware ho nhyehyɛe a wɔyɛ wɔ mmofraberem no de asiane ahorow bi a emu yɛ den ba. Bible bisa sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew?” (Mmebusɛm 6:27) Mpɛn pii no, aware ho nhyehyɛe a wofi ase mmofraberem no kowie aguamammɔ mu, na ɛma mmofra nyinsɛn bere a wɔnwaree, na wonya nna mu yare nso. (1 Tesalonikafo 4:4-6) Sɛ nhwɛso no, na ababaa Tammy susuw sɛ n’awofo ne no nni no ɔkwampa so bere a wɔmma no kwan mma ɔne aberante bi nyɛ nhyehyɛe mpue no. Enti ofii ase ne aberante bi yɛɛ nhyehyɛe kokoam wɔ sukuu mu a na wɔde pue. Nanso, ankyɛ na Tammy nyinsɛnee—na n’asetra sesae. Seesei nea ɔka ne sɛ: “Nhyehyɛe a aberante ne ababaa yɛ de pue no nyɛ anigye te sɛ nea wɔka no.”
Na sɛ aberante ne ababaa bi yɛ ahwɛyiye na wɔkwati sɛ wobesuso wɔn ho mu nso ɛ? Ɛno mpo no, asiane da so wɔ hɔ sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛbɛma biako anya ɔfoforo ho dɔ ntɛm. (Nnwom mu Nnwom 2:7) Akɔnnɔ a ɛbɛhyɛ wo so a daakye bi na wubetumi adi ho dwuma no betumi akowie abasamtu ne awerɛhodi mu.
Nsɛm foforo a ɛsɛ sɛ wususuw ho nso ni: So wowɔ asetram suahu pii a ɛbɛma woatumi ahu nea ɛsɛ sɛ wohwehwɛ fi w’aware mu ɔhokafo hɔ? (Mmebusɛm 1:4) Afei nso, so wowɔ su ne ahokokwaw a ehia ma woayɛ okunu anaa ɔyere a wɔbɛdɔ no na wɔabu no ankasa no dedaw? So wowɔ boasetɔ ne nsi a ebetumi ama wo ne obi anya abusuabɔ a ɛbɛtra hɔ akyɛ? Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ a mmofra a wɔadu mpanyin afe so dodow no ara nya ma wɔn ho no ntumi ntra hɔ nkyɛ koraa. Emu kakraa bi na ɛkowie aware a ɛtra hɔ daa mu.
Enti, Monica a wadi mfe dunwɔtwe bɔ no mua saa kwan yi so sɛ: “Na me nnamfo mmea a me ne wɔn wɔ sukuu mu no nyinaa ka wɔn mpenafo ho nsɛm kyerɛ me. Nanso wɔn mu binom waree a na wosusua na ebinom nso ntam abusuabɔ baa awiei wɔ awerɛhow mu efisɛ na wɔnyɛɛ ahoboa sɛ wɔbɛware.” Aberante bi a wɔfrɛ no Brandon nso ka sɛ: “Sɛ wuhu sɛ wonyɛɛ w’adwene sɛ wobɛware obi nanso woama no anya adwene a ɛte saa esiane sɛ wo ne no yɛ nhyehyɛe de pue nti a, ɛyɛ abasamtu kɛse. Wobɛyɛ dɛn atwe wo ho afi ne ho a worenhaw no?”
Akyinnye biara nni ho sɛ w’awofo rebɔ mmɔden sɛ saa yawdi ne abasamtu no bɛpare wo, enti na wɔhyɛ wo sɛ wo ne obi nnyɛ nhyehyɛe mmpue kosi sɛ wobɛyɛ ahoboa ama aware. Nokwarem no, nea wɔreyɛ no ne honhom mu afotu a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 11:10 no hyia sɛ: “Yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam.”
‘Trɛw Wo Fekubɔ Mu’
Eyi nkyerɛ sɛ wuntumi ne obi a ɛsono ne bɔbeasu mfa yɔnko. Nanso dɛn nti na onipa biako pɛ na wofa no yɔnko? Ɔkwan foforo so no, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛntrɛw’ yɛn fekubɔ mu. (2 Korintofo 6:12, 13) Eyi yɛ afotu pa ma mmofra. Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wo ne mmarima ne mmea nyinaa bɛbɔ feku. Tammy ka sɛ: “Misusuw sɛ woyɛ saa a, w’ani begye kɛse. Eye sɛ wubenya nnamfo pii.” Monica ka sɛ: “Ɛfata sɛ wobɛfa nnipa pii nnamfo efisɛ ɛma wuhu nnipa a ɛsono wɔn su, na ɛma wuhu sɛ nnipa pii wɔ hɔ a wunnya nhyiaa wɔn.”
Ebia w’awofo mpo bɛpɛ sɛ wɔbɛboa wo ma woanya mmofra a wɔyɛ nnamfo pa a wubetumi ne wɔn abom agye mo ani. Anne, ɛna bi a ɔwɔ mma baanu, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛhwɛ hu bere nyinaa sɛ yɛn fie bɛyɛ baabi a ɛyɛ anigye a mmofra bɛpɛ sɛ wɔtra. Yɛto nsa frɛ wɔn nnamfonom ba hɔ, ma wɔn anonne, na yɛma wodi agoru. Saa kwan yi so no, wɔnte nka sɛ wobepue akɔ abɔnten akogye wɔn ani.”
Nokwarem no, bere a woafa nnamfo mpo no, ɛsɛ sɛ wokɔ so yɛ ahwɛyiye sɛ womfa w’adwene nsi onipa biako pɛ so. Mmerante ne mmabaa bi susuw sɛ bere tenten a nnipa foforo wɔ hɔ no de, ɛnkyerɛ sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe bi. Nnya adwene a ɛte saa. (Dwom 36:2) Sɛ ɛkɔba sɛ bere biara a wo ne wo nnamfonom behyiam no, onipa koro no ara na wo ne no bɔ a, na ɛkyerɛ sɛ nhyehyɛe bi wɔ mo ntam.b Bɔ mmɔden sɛ wode atɛmpa bedi dwuma bere a wo ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu nya adamfofa no.—1 Timoteo 5:2.
Mfaso a Ɛwɔ So sɛ Wobɛtwɛn
Ɛrenyɛ wo anigye sɛ wɔbɛka akyerɛ wo sɛ wusua dodo sɛ wo ne obi bɛyɛ nhyehyɛe apue. Nanso ɛnyɛ sɛ w’awofo repira wo. Mmom no, wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa de abɔ wo ho ban. Enti sɛ́ anka wode wo ho bɛto wo koma so na woapo wɔn afotu no, dɛn nti na womfa wɔn suahu no nni dwuma nhwɛ? Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na wonhwehwɛ wɔn afotu bere foforo a wubehyia ɔhaw bi a ɛfa obi a ɛsono ne bɔbeasu a wo ne no bɛbɔ ho no? Mmebusɛm 28:26 kae yɛn sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea.” Ababaa Connie ka sɛ: “Sɛ aberante bi ka sɛ ɔpɛ me a, nea ɛboa me a ɛmma mempene so ne sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ me maame. Ɔka nea ɛtoo ne nnamfonom ne n’abusuafo mmere bi a atwam ho asɛm kyerɛ me. Ɛboa me ankasa.”
Twɛn a wobɛtwɛn kakra ansa na wo ne obi ayɛ nhyehyɛe no rensiw anigye a wubenya no kwan anaasɛ ɛrensiw w’ahofadi kwan. Esiane sɛ wunnya mmɛyɛɛ ɔpanyin nhuu asɛyɛde a ɛwɔ nantew a edi aware anim ne aware ankasa mu nti, wowɔ hokwan sɛ ‘wugye w’ani wo mmofraberem.’ (Ɔsɛnkafo 11:9) Twɛn a wobɛtwɛn nso bɛma woanya su pa, na wo ho akokwaw, na nea ehia sen biara no, woayɛ den wɔ honhom fam. (Kwadwom 3:26, 27) Sɛnea Kristoni ababaa bi ka no no, “ɛsɛ sɛ wode wo ho ma Yehowa ansa na wode wo ho ama obi foforo biara.”
Bere a wunyin na nnipa nyinaa hu wo nkɔso no, ɛbɛma w’awofo ahu wo wɔ ɔkwan soronko so. (1 Timoteo 4:15) Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ wo ne obi yɛ nhyehyɛe ware ankasa a, ɛda adi sɛ wɔbɛpene so ma woayɛ saa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Yɛasesa edin ahorow no.
b Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm foforo a, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no nkratafa 232-3.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]
Mpɛn pii no, obi a ɛsono ne bɔbeasu a wo ne no nkutoo bɛbɔ no. . .
. . . bɛma moanya ɔdɔ ama mo ho
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Sɛ́ anka wo ne nipa biako pɛ bɛbɔ no, trɛw wo fekubɔ mu