Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 1/8 kr. 30-32
  • Mmofra a Wɔyɛ Aware Nhyehyɛe—Asiane Bɛn na Ɛwom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra a Wɔyɛ Aware Nhyehyɛe—Asiane Bɛn na Ɛwom?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne Aware Nhyehyɛe?
  • Nnantew a Edi Aware Anim—Asiane Ahorow a Ɛwom
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Wo ne Obi Yɛ Aware Nhyehyɛe
  • Sɛ M’awofo Te Nka sɛ Misua sɛ Mɛyɛ Nhyehyɛe Apue Nso Ɛ?
    Nyan!—2001
  • Ɔbarima Ne Ɔbea Nantew—Yehowa Adansefo Ahyehyɛ Ho Mmara Anaa?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Ɔbea Ne Barima Nantew—Ɔfã 1: Masõ Sɛ Me Ne Ɔbea Anaa Barima Bɛnantew?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Ɔbea Ne Barima Nantew—Ɔfã 2: Sɛ Me Ne Obi Renantew, Dɛn Na Ɛsɛ Mehwɛ Kwan?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 1/8 kr. 30-32

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mmofra a Wɔyɛ Aware Nhyehyɛe—Asiane Bɛn na Ɛwom?

“Nnansa yi, mmarimaa a wɔwɔ sukuu mu no binom pɛ sɛ mene wɔn pue anaasɛ wɔne me twe mpena.”—Becky, wadi mfe 11.a

“Mmofra a wɔwɔ yɛn sukuu mu no pii twe mpena. Ampa, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobehu mmarimaa ne mmeawa sɛ wɔrefew wɔn ano wɔ abrannaa so.”—Liana, osuani a ɔwɔ sukuu afe a ɛto so 10.

MMERANTE ne mmabaa pii fi ase twe mpena bere a wosusua koraa. Nsɛm ho amanneɛbɔfo hyɛ nneyɛe yi ho nkuran sɛ asɛm biara nni ho—te sɛ nea ɛyɛ agodi a asiane biara nnim. Oneyda a wadi mfe 12 ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ sukuu no mu wɔ mpena.” Ababaa bi a ne din de Jenifer ka sɛ: “Mekae mmofra bi a na wɔwɔ sukuu afe a ɛto so abiɛsa a na wɔtwe mpena.” Ɔde ka ho sɛ: “Mifii ase tee nka sɛ ɛsɛ sɛ metwe mpena bere a midii mfe 11 no.”

Enti ɛyɛ nea ntease wom sɛ sɛ wunni mpena a, ebetumi ama woate nka sɛ woatom. Nokwarem no, ebia wobedi wo ho fɛw sɛ wonyɛ saa. Bere a Jenifer hui sɛ osua dodow sɛ ɔbɛtwe mpena no, wampene so ne mmarimaa no ampue. Dɛn na wɔyɛe? Jenifer ka sɛ: “Wɔde yɛɛ fɛwdi.” Obiara mpɛ sɛ wobedi ne ho fɛw. Nanso, so ɛsɛ sɛ wotwe mpena esiane sɛ afoforo reyɛ saa nti? Dɛn koraa ne aware nhyehyɛe? Na atirimpɔw bɛn ho dwuma na edi?

Dɛn ne Aware Nhyehyɛe?

Ɛmfa ho sɛ mmofra pii gye bere pii ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu nnantew no, wɔka sɛ ‘ɛnyɛ mpena na yɛretwe, yɛyɛ nnamfo ara kwa.’ Nanso, sɛnea wobɛfrɛ no biara—mpenatwe, bɔ a obi ne obi bɔ anaa hu a wohu wɔn ho kɛkɛ—no, sɛ abarimaa ne abeawa fi ase bɔ fekuw a, ɛnkyerɛ adamfofa ara kɛkɛ. Na ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa hyia wɔn ho ansa na wɔatwe mpena. Wɔnam nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ so wɔ Intanɛt so, telefon so, krataa a wɔde mena, anaa E-mail so nso betumi atwe mpena.

Asɛmmisa no ne sɛ, asiane bɛn na ɛwom sɛ obi ne ɔfoforo a ɛsono ne bɔbeasu nkutoo bɛbɔ bere nyinaa?

Nnantew a Edi Aware Anim—Asiane Ahorow a Ɛwom

Bible ka “ɔbarima kwan, ababaa ho” ho asɛm wɔ Mmebusɛm 30:19. Asɛm yi kyerɛ sɛ abusuabɔ a ɛda ɔbarima ne ɔbea ntam wɔ baabi a ekowie. Sɛ afanu no nyinaa ho akokwaw na wɔn bra ye a, ebetumi akowie ɔdɔ mu, na awiei koraa no, wɔaware nidi mu. Ɛda adi sɛ Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea sɛ wɔn ani begye wɔn ho. Nanso, sɛ wunnyinii sɛnea ɛsɛ a wubetumi aware nso ɛ? Sɛ wode wo ho hyɛ aware nhyehyɛe mu ntɛm a, na wode wo ho reto asiane mu.

Dɛn ntia? Efisɛ sɛ wo ne obi a ɛsono ne bɔbeasu bɔ mpɛn pii a, sɛnea ɛte biara no wubenya ne ho akɔnnɔ. Bere nyinaa na wopɛ sɛ wuhu no. Sɛ munni faako a, mudwennwen mo ho. Nanso mpɛn pii no, mo mu biako na n’akɔnnɔ mu yɛ den—na etumi ma obi di awerɛhow kɛse. Na sɛ mo nyinaa akɔnnɔ yɛ pɛ mpo a, etumi de abasamtu ne yawdi ba ara bere a obiako anaa ɔfoforo no ho nkokwawee pii anaa onnyinii sɛnea ɛsɛ a obetumi aware no. Ɛnde, na ɛhe ankasa na abusuabɔ a ɛte saa betumi akowie? Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew?”—Mmebusɛm 6:27.

Susuw abeawa bi a ne din de Nina ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Mihyiaa abarimaa bi wɔ Intanɛt so. Da biara na yedi nkɔmmɔ wɔ Intanɛt so nnɔnhwerew pii. Mibenyaa nkate a emu yɛ den maa no, na na medwen ne ho bere nyinaa wɔ m’asetram. Abusuabɔ no ankyɛ. Bere a ɛbaa awiei no ɛhaw me yiye. Afei ɔfrɛɛ me ka kyerɛɛ me sɛ ɔrekɔkum ne ho esiane sɛ yɛatwa abusuabɔ no mu nti. Ɛno maa mehawee kɛse.” Sɛ Nina kae asɛm no a, ɔka sɛ: “Na mfaso biara nni so! Mfe abien ni a yetwaa mu, nanso asɛm no da so ara haw me.” Na Nina sua dodow sɛ obenya atenka a ɛte saa ama obi.

Nea yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, bere a Bible no ka “ɔbarima kwan, ababaa ho” ho asɛm no, na ebetumi afa nna mu nkitahodi ho. Wɔ nnɛ wiase yi mu no, mpenatwe taa kowie nna mu nkitahodi mu. Ebia ebefi ase a wonkura adwemmɔne biara, te sɛ wɔn nsa mu a wobesoso. Ebia nea ebedi hɔ ne bam a wɔbɛbam wɔn ho bere tiaa mu na obiako afew ne yɔnko ano. Ɛsono sɛ aberante ne ababaa bi ahyɛ bɔ sɛ wɔbɛware na wɔbɛda nneyɛe a ɛte saa a ɛkyerɛ ɔdɔ adi. Nanso, sɛ nnipa baanu nnyinii sɛ wɔbɛware a, nneyɛe a ɛte saa mmoa wɔn ahe biara na mmom ɛbɛkanyan nna ho akɔnnɔ kɛkɛ. Nneyɛe a ɛda “ɔdɔ” adi betumi akɔ so abɛyɛ nea ɛmfata anaa nea ɛho ntew. Ebia ebetumi akowie aguamammɔ mu mpo.b

Nea efi aguamammɔ mu ba nye. Ebinom a wɔde wɔn ho hyɛ mu nya nna mu nyarewa ahorow. Ɛhyɛ afoforo aniwu na ɛsɛe wɔn ahonim. Mmabaa binom nyinsɛn. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no de afotu yi ma: “Munguan aguamammɔ!” (1 Korintofo 6:13, 18; 1 Tesalonikafo 4:3) Kwati a wobɛkwati mpenatwe bere a wunnyinii no bɛboa wo ma woadi afotu yi so.

Bere a Ɛsɛ sɛ Wo ne Obi Yɛ Aware Nhyehyɛe

Eyi nkyerɛ sɛ wuntumi ne obi nyɛ aware nhyehyɛe da. Nanso sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, akyinnye biara nni ho sɛ woadu bere a Bible frɛ no ‘baabunbere’ no mu. (1 Korintofo 7:36) Afei na woadu wo mpanyin afe so. Saa bere yi na wo nipadua, nkate, ne nna ho nkate a wowɔ afi ase nyin. Ebia wo nkate—a nna ho akɔnnɔ ka ho—mu bɛyɛ den asen biara. Nanso, saa nkate no betumi asesa ntɛm ara. Esiane eyi nti, nna ho akɔnnɔ a obi nya wɔ ne baabunbere no nkyɛ. Ababaa bi ka sɛ: “Sɛ metwe mpena a, mpɛn pii no akɔnnɔ no ba dapɛn biako na dapɛn a edi hɔ no ate kɔ.

Ɛda adi pefee sɛ nyansa nnim sɛ wobɛyɛ aware nhyehyɛe wɔ wo ‘baabunbere’ mu. Ɛfata sɛ wotwɛn kosi sɛ wubehu sɛnea wote ankasa, ahu nea wopɛ ne nea wompɛ, ne botae ahorow a wopɛ sɛ wode si w’ani so ansa. Afei nso, ɛsɛ sɛ woyɛ obi a wanyin sɛnea ɛfata a wubetumi adi aware mu asɛyɛde ahorow ho dwuma nso. Sɛ nhwɛso no, Yehowa hwɛ kwan sɛ okunu bɛma n’abusua nea wohia—honam fam, ne honhom fam. Sɛ woyɛ abarimaa a, wasiesie wo ho sɛ wobɛpɛ adwuma ayɛ na woahwɛ wo yere ne ebia mma? So wubetumi aboa wɔn ma wɔadi wɔn honhom fam yiyedi ho dwuma? Na sɛ woyɛ ababaa nso ɛ? Ɛsɛ sɛ ɔyere dɔ ne kunu na obu no; ɛsɛ sɛ ɔboa no wɔ ne gyinaesi ahorow mu. So woasiesie wo ho ankasa sɛ wobɛyɛ eyi wɔ bere tenten mu? Afei nso, wubetumi ahwɛ fie da biara—anoa aduan na woahwɛ mmofra?—Efesofo 5:22-25, 28-31; 1 Timoteo 5:8.

Mfatoho bi ni: Wɔ atɔe fam aman mu no mmerante ne mmabaa wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛka abusua kar. Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ abofra bi yɛ ansa na wɔama no kwan? Wɔ nsase pii so no ɛsɛ sɛ wunya ntetee na wɔsɔ wo hwɛ ansa na wɔde tumi krataa ama wo. Dɛn ntia? Efisɛ karka yɛ asɛyɛde a anibere wom. Sɛ woreka kar a, afoforo nkwa ne w’ankasa de kura wo nsam. Saa ara na aware nso yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru paa! Sɛ́ obi a wadu mpanyin afe so no, ebia na wonyɛɛ ahoboa a ɛte saa. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wokwati sɛ wode wo ho bɛhyɛ nantew a edi aware anim esiane sɛ wɔnam so na enya aware mu hokafo nti. Ne tiaatwa mu ne sɛ: Sɛ wommoaa wo ho sɛ wobɛware a, ɛnsɛ sɛ wo ne obiara yɛ aware nhyehyɛe.

Sɛ wubetumi asi eyi ho gyinae pa a, wuhia nea Bible frɛ no “nimdeɛ ne adwempa” no. (Mmebusɛm 1:4) Afei ɛbɛyɛ papa sɛ wubenya nimdeɛ afi obi a wanyin sen wo a ɔwɔ suahu nkyɛn. Mpɛn pii no Kristofo a wɔyɛ awofo na wobetumi aboa wo ma woahu sɛ woaso aware. Na ebia wobɛpɛ sɛ wunya afotu nso fi wɔn a wɔn ho akokwaw hɔ wɔ Kristofo asafo no mu. Sɛ w’awofo mpɛ sɛ wo ne obi yɛ aware nhyehyɛe a, bɔ mmɔden sɛ wubetie wɔn. Wɔpɛ sɛ wɔboa wo ma wuyi “awerɛhow fi wo koma mu.”—Ɔsɛnkafo 11:10.

Sɛ wɔte nka sɛ wunnyinii sɛ wobɛyɛ aware nhyehyɛe a, ebia wɔbɛkamfo akyerɛ wo sɛ saa bere yi de, sɛ́ anka wode w’adwen besi onipa biako so no, trɛw wo nnamfofa mu. Mpanyimfo ne mmofra, ahokwafo ne awarefo, ne afei w’atipɛnfo a wo ne wɔn bɛbɔ no betumi aboa wo ma woanya nipasu a ɛfata na ama woanya asetra ne aware ho adwene a ɛkari pɛ.

Twɛn a wobɛtwɛn akosi sɛ wobɛso sɛ wo ne obi bɛyɛ aware nhyehyɛe no nyɛ mmerɛw. Nanso mfaso wɔ so sɛ wotwɛn. Sɛ woma wo ‘baabunyɛ’ twam kosi sɛ wubenyin ayɛ ɔpanyin a otumi di asɛyɛde ho dwuma a, wobɛde wo ho afi ɔhaw pii ho. Wubetumi abɛyɛ obi a otumi di nhyɛso ne aware mu asɛyɛde horow ho dwuma. Afei nso wubenya bere de abɛyɛ honhom muni. Saa kwan no so no, bere a awiei koraa no woaso sɛ wo ne obi yɛ aware nhyehyɛe no, afoforo behu wo sɛ obi a ɛfata sɛ wohu wo yiye.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa edin no bi.

b Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase aguamammɔ ne por·neiʹa. Na nea ɛkyerɛ ne bɔbeasu a nnipa a wɔnnyɛ awarefo de di nkitaho. Nea ɛka ho ne obi anan mu anaa ne barima ho a wɔtaforo anaa wɔhyɛ da goru ho.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Nneyɛe a wɔde da ɔdɔ adi taa kowie ɔhaw mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena