Wiase A Wonnya Ne Haw Ahorow No Ano Aduru
NNIPA yɛ abɔde a wɔwɔ anidaso.Bere a wɔadi wɔn huammɔ mpɛn pi no,wɔkɔ so ara nya anidaso. Bere a wohu sɛ nneɛma ntumi nyɛ yiye no, wɔkɔ so ara nya anidaso. Sɛnea anwensɛn kyerɛwfo bi kae bere bi no, “Anidaso wɔ ɔdasani kokom daa.”
Anidaso a wɔkɔso nya yi yɛ nea ɛda adi kɛse wɔ nnipa nniso horow mu sen biribi foforo biara mu. Bere a biako adi wɔn huammɔ akyi no, nnipa asiesie wɔn ho ara sɛ wobenya nea ɛbɛba bio mu anidaso. Akɔ so mfe mpempem pii. Ahemman, atirimɔden nniso horow, kwasafoman, demokrase, komunism anaa kapitalism nniso ahorow—wɔasɔ ne nyinaa ahwɛ nanso antumi anyɛ yiye.
Wɔasɔ wiase nyinaa nniso ahwɛ mpo. Wɔsɔɔ Amanaman nkabom no hwɛe na ɛredi huammɔ. Nanso nkurɔfo da so ara wɔ anidaso, wɔasiesie wɔn ho sɛ wobenya biribiara mu anidaso—gye nokware anidaso koro pɛ no nkutoo.
WIASE a yɛte mu yi yɛ nea wonnya ne haw ahorow no ano aduru. Adesamma mfirihyia mpem asia abakɔsɛm akyerɛ saa. Saa ara na mprempren wiase a nyansahu anya nkɔanim kɛse wom yi mma wonnyaa awo ntoatoaso yi mu ɔhaw ahorow a emu yɛ den no ano aduru. Susuw emu kakraa bi ho.
Wonnyaa ɔko ano aduru
Mfehaha pii ansa na Yɛn Bere yi reba ne de besi Wiase Ko II awiei no, mfe kakraa bi na nnipa de atra ase wɔ asomdwoe mu nanso wɔyeyɛɛ asomdwoe apam mpempem pii a wɔanni so. Na Wiase Ko I bɛma demokrase atumi atra wiase no mu. Ekunkum nnipa ɔpepem 14 nanso amma wɔanya demokrase. Na Wiase Ko II bɛma wɔayi sodifo atirimɔdenfo afi asase no so nanso nnipa ɔpepem 55 a ekunkum wɔn no amma wɔantumi anyɛ eyi. Efi saa bere no reba no, nnipa ɔpepem 30 awuwu wɔ ɔko ahorow pii mu na mpempem pii rewuwu wɔ ɔko ahorow a ɛrekɔ so mprempren no mu.
Nea ɛyɛ hu kɛse no, nuklea akodeyɛ ho akansi rekɔ so mprempren. Aman ahorow a wɔyɛ eyi no sɛe dɔla ɔpepem biako simma biara. Nanso ɔko a wɔde nuklea akode bedi dwuma wom betumi de “nuklea awɔwbere” aba. Na afei nyansahufo pii reka sɛ ebetumi atɔre adesamma ase wɔ asase so.
Wonnyaa aduankɔm ano aduru
Ɔkɔm kunkum nnipa ɔpepem pii afe biara. Wɔn a wowuwu no dodow fi ɔpepem 20 kosi 50—na asɛm a ɛkyerɛ sɛ “ɔkɔm kunkum nnipa” no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde ɔpepem pii a aduan a ahoɔden wom a wonnya nni ne nyarewa ahorow a ɛma wonya no ma wowuwu no ka ho. Wɔ Afrika no, nnipa a wɔredɔɔso ntɛmntɛm no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotwitwa nsase pii so nnua de yɛ ogya, na asase a wotwitwa so nnua no mma osu ntɔ kɛse na ɛma dɔte pa a ɛwɔ asase ani no fi so na ɛmma wonnya nnɔbae pii. Ɛdefa Afrika ho no, Worldwatch lnstitute no titrani kae nnansa yi sɛ: “Yɛabɛn adesamma haw bi a emu yɛ den a ɛte sɛ nea yenhuu bi da ho.” Wɔ Afrikafo a wɔrehu amane fam no, wonnya nnyaa ɔhaw no ano aduru ɛ. Wɔ United States a nkurɔfo redi yiye wɔ hɔ mpo no, wɔaka sɛ ɔkɔm rede nnipa pii—aka nnipa ɔpepem 20. Wɔ wiase nyinaa no, ɔkɔm reyɛ aka ɔpepem 450.
Mmɔden kɛse a wɔbɔ sɛ wɔde mmoa bɛma no ntumi nyɛ yiye esiane nhyehyɛe mu kateeyɛ nti. Wɔmma wɔn a ɔkɔm de wɔn no aduan na wɔde di amammui ne sraadi ho atirimpɔw ho dwuma mmom. Mfaso pii a wɔpɛ ma atra so mma wɔmmfa aduan mma wɔn a ɔkɔm de wɔn no nso sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika pii. Wɔ mfe abien a atwam no mu no, Wiase Nyinaa Sikakorabea no buu akontaa sɛ ebegye dɔla ɔpepepem 600 wɔ mfe du a edi hɔ no mu na amma ɔkɔm a ɛde nkurɔfo mprempren no mu anyɛ den. Nanso bere a nnipa redɔɔso na anhweatam ahorow retrɛw no, ɔkɔm no mu bɛyɛ den. Wonni anidaso na wonhu sɛ wobenya ano aduru da bi.
Wonnyaa ɔyare ano aduru
Aduruyɛ ho nyansahu ayɛ pii de ako atia ɔyare nanso wontumi ntuu ɔyare ase te sɛnea wiase nyansahufo atitiriw no mu biako ka too hɔ wɔ 1975 mu sɛ wɔbɛyɛ no: “Minnim ɔyare bi a yɛrentumi nsa nnansa yi ara.” Wɔ mfe du akyi no, ɛnyɛ sɛ wontumi nyɛɛ ho hwee nko na mmom nyarewa ahorow pii renya nkɔso. Akisikuru, komayare, asikyire yare, atiridii, tɔnkomna, dwensɔyaw ne kwata—ne nyinaa rekɔ so a wontumi nyɛ ho hwee.
Nnuru a ekunkum mmoawa a wɔde nyarewa ba no ntumi nsa mmaninyare. Saa nnuru yi mu nea ano yɛ den ma mmoawa no tumi ko tia nnuru ahorow kɛse. Ɔyare bi a nipadua no ntumi nko ntia a wɔfrɛ no AIDS no yɛ nea wontumi nsa na ɛretrɛw—wɔ mmarima ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne wɔn a wɔde nnubɔne fa wɔn ntini mu ne wɔn a wogye mogya no mu titiriw. Wonni ɔyare bi a wɔfrɛ no genital herpes ano aduru. Chlamydia yɛ ɔyare a ɛka nnipa pii afe biara, “anyɛ yiye koraa no, ɛka nnipa ɔpepem abiɛsa anaasɛ ebia ɛka nnipa a wɔn dodow yɛ ɔpepem 10.” Wɔ bubu a ɛma nkurɔfo bubu gu hɔ akyi no, ɛmma wontumi nwo mma.
Newsweek a wotintimii February 4, 1985 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mprempren wɔ United States no, ɔyare a wonya fi ɔbea ne ɔbarima nna mu aka nnipa pii. Akontaabu no ma ehu ka obi. Amerikafo a wɔanya mfe 15 kosi 55 no mu 4 mu 1 benya ɔyare no wɔ bere bi mu wɔ n’asetra mu.” Asɛm no de ba awiei sɛ: “Ɛte sɛ nea ahobammɔ a eye sen biara a wobenya wɔ ɔyare no ho ne sɛ wɔbɛsan adan akɔ tete ahobammɔ no so: ɔyere biako aware.” Eyi yɛ ano aduru a wiase yi nnye ntom.
Wonnyaa mmofra a wokunkum wɔn ano aduru
Tete no, na nkurɔfo a wɔwo mma a wɔmpɛ wɔn a wɔde wɔn kɔto mmorɔn so ma wowuwu no ma ehu ka yɛn. Ɛnnɛ, wokunkum wɔn bere a wɔda so ara wɔ wɔn nanom awotwaa mu no. Wɔn a wɔyɛ eyi ka sɛ nkokoaa no nyɛ nnipa anaa akra ankasa na wɔnte yaw nka. Nanso akokoaa a ɔwɔ awotwa no mu no huruw bere a biribi nnyigyei a ɔte mpofirim ma ɔbɔ piriw, onum ne kokurobeti, ɔnom biribiara a ɛyɛ nsunsu na ɔte sɛ ne maame koma rebɔ—nanso ebinom ka sɛ ɔnte nkwa mu. Ɛyɛ anwonwasɛm! N’adwene yɛ adwuma, ne koma bɔ na ne nkatede yɛ adwuma—nanso ɔnte yaw nka? Bio nso, ɛyɛ anwonwasɛm! Nyinsɛn a woyi gu a abofra no nte yaw nka—so ɛyɛ biribi a wɔka na amma wɔante afobu nka?
Ɛbɛyɛ sɛ ɛte saa, esiane sini bi a wɔayɛ nnansa yi a wɔfrɛ no The Silent Scream no nti. Ɛda nea ɛte sɛ nea ɛyɛ yaw a akokoaa a wɔreyi no afi awotwaa no mu akyene, wɔretetew no mu na wɔatwe ne mu a atetew asinasin afi awotwaa no mu no te no adi. Wɔ eyi yɛ mu no, ohuruw, ɔdandan ne ho na obue n’anom wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ “ɔteɛm a wɔnte” so. Wɔ eyi ne akwan afoforo so na wiase yi nam yi mmofra bɛyɛ ɔpepem 55 fi yafunu mu gu afe biara!
Bible no bu abofra a wɔnwoo no a ɔwɔ awotwaa mu no sɛ ɔyɛ onipa ne ɔkra, na wɔ Mose Mmara no ase no, obiara a okum no, sɛ ɛnam asiane anaa ɔkwan a ɛyɛ yaw anaa nea ɛnyɛ yaw so no di fɔ na ɛsɛ sɛ wɔde “nkwa si nkwa ananmu” anaa “ɔkra si ɔkra ananmu.”—Exodus 2:22, 23, Ref. Bi., asehɔ asɛm.
Wonnyaa efĩ ano aduru
Acid nsu a ɛyɛ yerɛwyerɛw no kunkum mpata na ɛsɛe kwae ahorow. Nneɛma funu a bɔre wom a wɔtow gu no sɛe dɔte ne nsu a ɛwɔ asase ase. Kar ahorow mu wusiw sɛe nnuan a wɔadua ne onipa ahrawa. Petrol a ehwie gu, nnade a emu yɛ duru, mframa bɔne, nnuru a wɔde kunkum mmoawa nketenkete ne nea wɔde kum nwura—eyinom nyinaa ne afoforo pii ama nkwa a ɛwɔ okyinsoromma a ɛne Asase so no ho reba asɛm. Abɔde pii ase atɔre dedaw na pii ase reyɛ atɔre da biara.
Bere a Mostafa Tolba a ɔyɛ Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a ɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm so panyin no kasa maa ahyehyɛde no, ɔka kyerɛɛ nhyiamfo bɛboro ɔha wɔ Kenya sɛ: “Monyɛ ho biribi mprempren anyɛ saa asiane bɛto yɛn.” Ɔkae sɛ, sɛ moantumi anyɛ ho biribi a, “ebedu afeha no awiei no, na nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no asɛe pasaa na ɛbɛyɛ sɛ ɔsɛe a ɔko a wɔde nuklea akode bedi dwuma wom biara bɛma aba no ara pɛ.” Ahunmu akwantufo a wodi kan kaa sɛnea asase no yɛ fɛ ho asɛm: “Yɛn okyinsoromma a ɛyɛ bruu no yɛ fɛ yiye.” Wɔ 1983 mu no, ahunmu kwantufo Paul Weitz kae sɛ: “Ɛyɛ me ahobow bere a mihu sɛnea ahunmu reyɛ fi no. . . . Saa wiase yi reyɛ okyinsoromma a ɛresɛe ntɛmntɛm. Yɛresɛe yɛn ankasa fie.” Nanso adifudepɛ ma wobu wɔn aso gu asɛm a ɛte sɛɛ so. Bere tiaa mu adifudepɛ ho hia kɛse sen ahiade a ɛbɛkyɛ ansa na wɔn nsa aka no.
Wontumi nsiw nnubɔne a wɔde di dwuma no ano
Nkurɔfo a wɔde nnubɔne di dwuma a ahyehyɛde ahorow a wɔhwɛ ma wodi mmara so kyere wɔn wɔ wiase nyinaa no mmaa dwuma a wɔde di no ano mmrɛɛ ase ɛ. Nnansa yi nsɛmti ahorow da asɛm no adi: “Wosuro Sɛ Wɔde Nnubɔne Pii Bedi Dwuma Kɛse.” “Mmea ne Cocaine: Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse.” “Wiase Nyinaa Wii Aguadi Renya Nkɔso.” Wɔ Mexico wɔ November a etwaam no mu no, nkurɔfo a wɔyɛ wii ho adwuma a wɔkyeree wɔn mpɛn pii no ma wonyaa nea emu duru yɛ tɔn 10,000—ɛdɔɔso sen nea aban mpanyimfo susuw sɛ wonyaa wɔ Mexico wɔ afe biako mu mpɛn awotwe! Nhwehwɛmufo gye di sɛ wɔabu nnubɔne a wonya wɔ wiase nyinaa no sɛ ɛyɛ nea ɛnnɔɔso ahe biara. Ɛnyɛ sɛ adanse kyerɛ sɛ Mafiafo de wɔn ho ahyɛ mu kɛse nko na mmom ankorankoro a wodi ho gua wɔ sum ase a wofi Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu no “redɔɔso sɛ ntɛtea.”
Ebia nkurɔfo fi ase nom nnubɔne esiane biribi a wɔpɛ ahu anaa nhyɛso a efi atipɛnfo hɔ nti, nanso ɛkyɛ biara na adan anigyede. Nnubɔne no betumi ama wɔanya anigye kɛse asen nea biribi foforo biara bɛma wɔanya a ɔbarima ne ɔbea nna ka ho. Nea edi hɔ ne aduru no nom a wontumi nnyae ne afei nneɛma a wowiawia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ so anom na awiei koraa no, wonya nyarewa ahorow na wowu esiane nom a wɔnom ma ɛboro so nti. Nea ɛka nsɛmmɔnedi ahorow yi ho ne awu a wɔn a wɔtɔn nnubɔne di no. Nanso ansa na wode asodi no nyinaa bɛto nsɛmmɔnedifo no so no, kae sɛ: Wɔn a wɔtɔ no na wɔboa ma wotumi di nsɛmmɔne ahorow yi nyinaa. Ano aduru ne sɛ: Mo a monom no, munnyae nom, mo a motɔn no, munnyae tɔn na adwuma bɔne no ngu prɛko pɛ. Nanso wonnye ano aduru yi nso ntom.
Ɔhaw afoforo pii a wonnyaa ano aduru
Nokware a wonni, kura a wonkura wɔn mudi mu, nyamesom mu nnaadaa, abusua a ɛsɛe, aware a wogyina biribiara so gyae, mmofra a wɔnhwɛ wɔn, ɔdɔ a wonni, pɛsɛmenkominya obu a wonni mma afoforo, obi ho ankasa a osusuw kɛse, ɔbrasɛe, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa, basabasayɛ a ɛretrɛw, amumɔyɛ a ɛrenya nkɔso, nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so wɔ amanaman mu—yebetumi akɔ so abobɔ ɔhaw ahorow a wonnyaa ano aduru wɔ wiase yi mu no din. Ɔhaw ahorow pii wom nanso wonnyaa ano aduru a eye ankasa. Hwɛ sɛnea Yesu kaa bere a yɛte mu yi ho asɛm pɛpɛɛpɛ too hɔ bere a ɔkae sɛ. “Amanaman ho bɛyeraw wɔn” no.—Luka 21:25.
Nanso ɔkwan a yɛbɛfa so afi mu wɔ hɔ.