Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 1/8 kr. 6-11
  • Wɔredi Mmɔdenbɔ no Mu Nkonim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔredi Mmɔdenbɔ no Mu Nkonim?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔde a Nkwa Wom ne Nneɛma a Atwa Wɔn Ho Ahyia Ho Adesua Mu Nokwasɛm Turodoo Abiɛsa
  • Wɔasɛe Nneɛma Adu He?
  • So Onipa Betumi Adi Ɔhaw no Ho Dwuma?
  • Aman a Wodi Hia Abɛyɛ Sumina Ama Wɔn a Wodi Yiye No
    Nyan!—1995
  • Dɛn Na Onipa Reyɛ Asase No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛbɔ Yɛn Okyinnsoromma no Ho Ban
    Nyan!—1996
  • Asase So Nneɛma Dodow so Rehuan
    Nyan!—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 1/8 kr. 6-11

Wɔredi Mmɔdenbɔ no Mu Nkonim?

“HWƐ saa okyinnsoromma yi so, ɛno nkutoo na yɛwɔ.” Ná eyi ne Prince Philip a ofi Britania, a ɔyɛ Wiase Nyinaa Abɔde Ho Foto ahyehyɛde no titrani, no adesrɛde a emu yɛ den.

Mfe mpempem pii a atwam no, odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Ɔsoro yɛ Awurade soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dwom 115:16) Onyankopɔn de asase no ama yɛn sɛ yɛn fie, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so. Ɛno ara na abɔde a nkwa wom ne wɔn asetra kyerɛ.

Nea asɛm “abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae ho adesua” ankasa kyerɛ ne “ofie ho adesua.”a Nkyerɛase biako a The American Heritage Dictionary de ma ne “ɔsɛe a nnɛyi anibuei de aba nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so ho adesua, a atirimpɔw no ne sɛ wɔnam kora a wɔbɛkora so so abɔ ho ban anaa wɔasiesie.” Ne tiaa mu no, abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae ho adesua kyerɛ nneɛma a onipa asɛe no a wobehu na afei wɔahwehwɛ akwan a wɔbɛfa so asiesie. Emu biara nyɛ adwuma a ɛda fam.

Abɔde a Nkwa Wom ne Nneɛma a Atwa Wɔn Ho Ahyia Ho Adesua Mu Nokwasɛm Turodoo Abiɛsa

Barry Commoner, afifide ne mmoa atrae ho nimdefo, no kaa abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae ho mmara a asete nyɛ den abiɛsa a ɛboa ma wɔkyerɛkyerɛ nea enti a wotumi sɛe asase no mu ho asɛm wɔ ne nhoma Making Peace With the Planet mu.

Biribiara ne biribi foforo yɛ adwuma bom. Sɛnea ɛsẽ a enye betumi aka nipadua no nyinaa no, saa ara na abɔde bi a wɔsɛe no betumi ayɛ ɔhaw ama nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nyinaa.

Sɛ nhwɛso no, wɔ mfe 40 a atwam mu no, wɔabu kwae a ɛwɔ Himalaya so wɔ Nepal no mu ɔha mu nkyem 50 de ayɛ ogya anaa nneɛma a wɔde nnua yɛ. Bere a wotwaa nnua no, bepɔw no so dɔte hohoro kɔe bere a eduu sutɔ bere no. Nnua a ɛrefifi no antumi annye ntini ntɛm esiane asase ani dɔte a annya nti, mmepɔw pii dan asase kesee. Esiane kwae a wɔadɔw nti, ɛnnɛ, Nepal rehwere asase ani dɔte tɔn ɔpepem pii afe biara. Na ɛnyɛ Nepal nkutoo na ɛrehyia saa ɔhaw no.

Wɔ Bangladesh no, nsu a ɛtɔ denneennen, a bere bi na nnua no twe kɔ wɔn mu no sen koguu mmepɔw a nnua nni so so ne mpoano, baabi a ɛde nsuyiri a ɛsɛe ade ba no. Mmere bi a atwam no, na nsuyiri a ɛyɛ hu ba Bangladesh pɛnkoro mfe 50 biara; nanso ɛnnɛ, ɛba mfe 4 biara anaa nea ennu saa.

Wɔ wiase no afã foforo no, kwae a wɔdɔw no ama nsase no adan ahweatam na ɛde nsakrae aba ɛhɔ wim tebea mu. Kwae nkutoo ne abɔde biako pɛ a onipa de redi dwuma. Esiane sɛ abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae ho animdefo nni nneɛma pii a atwa yɛn ho ahyia a ɛyɛ adwuma bom no ho nimdeɛ kɛse ara nti, ebia wɔrenhu ɔhaw bi gye sɛ biribi sɛe kɛse ansa. Eyi yɛ nokware wɔ wura a wɔtow gu, a ɛkyerɛkyerɛ abɔde a nkwa wom nneɛma a atwa wɔn ho ahyia ho mmara a ɛto so abien mu yiye no mu.

Ɛsɛ sɛ biribiara kɔ baabi. Sɛ wɔntow ofie bi mu wura ngu a, susuw sɛnea anka saa fie no bɛyɛ ho. Yɛn okyinnsoromma no yɛ ade ketewa bi—ɛsɛ sɛ yɛto yɛn nwura nyinaa gu baabi wɔ yɛn fie a ɛne asase no so. Mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so fã bi a wɔasɛe no no kyerɛ sɛ mframa a ɛda adi sɛ empira mpo, te sɛ chlorofluorocarbons (CFCs), mfi hɔ koraa a ebi renka. CFCs yɛ nneɛma ɔhaha pii a edi awu a wɔde regu wim, nsubɔnten ne po mu no mu biako pɛ.

Nokwarem no, wobetumi asɛe aguade bi—nea wɔka ho asɛm sɛ “wotumi sɛe no” no—wɔ bere bi mu na akɔ abɔde ahorow mu de, nanso afoforo nte saa. Rɔba nkankyee ayɛ wiase no mpoano mã, na ebegu hɔ mfe du du pii. Ade a yenhu nso ne adwinnan mu nwura a edi awu, a mpɛn pii no wotu amena wɔ baabi de gu mu no. Ɛwom sɛ yenhu de, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ yɛn werɛ befi. Ɛho nsu betumi atene akogu asase ase nsu mu na ɛde nnipa ne mmoa akwahosan ato asiane kɛse mu. Nyansahufo bi a ofi Hungary, na ɔwɔ Budapest Nsusɛm Ho Adesuabea, no kae sɛ: “Yenhu nea yɛde nnuru a nnɛyi mfiridwuma yɛ no nyinaa bɛyɛ. Yennim nnuru a wɔyɛ no nyinaa ne baabi a wɔde gu mpo.”

Wura a ɛyɛ hu sen biara ne nuklea ho wura, a efi nuklea mfiri a ɛma anyinam nkanea mu no. Ɛwom sɛ wɔatow nuklea ho wura no bi agu po mu dedaw de, nanso wɔakora tɔn mpempem pii so bere tiaa bi wɔ mmeae bi. Ɛmfa ho sɛ wɔde mfe pii ayɛ nyansahu mu nhwehwɛmu no, wonnyaa ɔkwan biara seesei a wɔbɛfa so akora so yiye daa anaa wɔatow agu, na wonnya nnyaa bi ɛ. Obiara nnim bere a abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae ho ade a ɛyɛ hu yi betumi de asiane aba. Nokwarem no, ɔhaw no remfi hɔ da—nuklea ho wura bɛkɔ so agu hɔ mfehaha pii anaa mfe mpempem pii a ɛbɛba no, anaa kosi bere a Onyankopɔn bɛyɛ ho biribi. (Adiyisɛm 11:18) Ani a onipa abu agu wura a wɔtow gu ho nsɛm so no nso kae yɛn abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae ho mmara a ɛto so abiɛsa no.

Ma abɔde nyɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ. Wɔ ɔkwan foforo so no, ehia sɛ onipa yɛ ade ma ɛne adebɔ mu nhyehyɛe no hyia sen sɛ ɔbɛkwati biribi a osusuw sɛ eye kyɛn ɛno. Nhwɛso biako ne nnuru a wɔde kum mmoawa. Bere a wodii kan yɛe no, ɛboaa akuafo ma wokum wura na ɛtɔree mmoawa a wɔsɛe ade ase ankasa. Ná ɛte sɛ nea wobenya nnɔbae bebree. Nanso afei nneɛma sɛee. Nnuru ahorow a ekunkum mmoawa no antumi ansɛe wura ne mmoawa no, na ɛbɛdaa adi sɛ na nnuru no reyɛ awuduru ama mmoa a wɔkyere mmoawa no we, ne onipa ankasa mpo. Ebia worehu awu a nnuru a wɔde kum mmoawa redi no ho amane. Ɛnde, anyɛ yiye koraa no, woyɛ nnipa ɔpepem biako a ama wohu amane wɔ wiase nyinaa no mu biako.

Nokwasɛm a etwa to koraa ne adanse a ɛredɔɔso sɛ, awiei koraa no, nnuru a ekum mmoawa no ntumi mma nnɔbae pii mpo. Wɔ United States no, mmoawa no sɛe nnɔbae pii seesei sen bere a na wɔnyɛɛ aduru no. Saara na Amanaman Ntam Ɛmo Ho Nhwehwɛmu Adesuabea, a ɛwɔ Philippines, no ahu sɛ aduru no mma wonnya ɛmo pii wɔ Asia Kesee Fam Apuei. Nokwarem no, nhyehyɛe bi a Indonesian aban gyinaa akyi a ɛmma wɔmfa nnuru a ekum mmoawa nni dwuma kɛse no ama ɛmo dodow a wonya no anya nkɔanim ɔha mu nkyem 15 fi 1987, ɛmfa ho sɛ wɔatew dwuma a wɔde nnuru a wɔde kum mmoawa di so ɔha mu nkyem 65 no. Nanso, afe biara wiase no akuafo de nnuru a ekum mmoa di dwuma kɛse.

Abɔde a nkwa wom ne nneɛma a atwa wɔn ho ahyia ho mmara abiɛsa a yɛabobɔ din wɔ atifi hɔ no boa ma wɔkyerɛkyerɛ nea enti a nneɛma resɛe mu. Nsemmisa foforo a ɛho hia ne, Wɔasɛe nneɛma dedaw akodu he, ne so wobetumi asiesie no?

Wɔasɛe Nneɛma Adu He?

Wiase asase mfonini a ɛka ho yi (hwɛ nkratafa 8-9) ka nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw atitiriw bi ne baabi a ɛyɛ hu sen biara ho asɛm. Ɛda adi sɛ, sɛ baabi a afifide ne mmoa wɔ sɛe anaa nneɛma foforo ma afifide ne mmoa ase tɔre a, onipa rentumi nsiesie nneɛma a asɛe no. Wɔasɛe nneɛma foforo—te sɛ mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so no—dedaw. Na nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wogu so resɛe no no ɛ? So wɔrenya nkɔso wɔ adesɛe no a wobegyae anaa wɔbɛtew so no mu?

Nneɛma atitiriw abien a wɔde hu sɛnea wɔasɛe abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae ne kuayɛ ne namyi adwuma. Dɛn ntia? Efisɛ pii a yebenya no gyina nneɛma pa a atwa yɛn ho ahyia so ne afei nso, esiane sɛ yɛn nkwa gyina aduan a yɛbɛkɔ so anya so nti.

Abien no nyinaa reda sɛnkyerɛnne bi adi a ɛkyerɛ sɛ dodow a wonya no so retew. Amanaman Nkabom Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Aduan ne Kuayɛ So abu akontaa sɛ wiase no po so ahyɛn a wɔde yi nam no rentumi nyi nsunam bɛboro tɔn 100 a ɛremma nam dodow a ɛwɔ hɔ no nka kakraa bi. Wɔ 1989 mu no, woyii nea ɛboro saa, na nokwarem no, dodow a woyii wɔ wiase nyinaa no so tew tɔn ɔpepem anan afe a edi hɔ no. Po ahorow a woyi mu nam no so atew kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ Atlantic kusuu fam apuei mu no, nam dodow a woyi no so atew ɔha mu nkyem 32 wɔ mfe 20 a atwam no mu. Ɔhaw atitiriw ne nsunam a woyi no mmoroso, po a wɔyɛ mu fĩ, ne baabi a wɔwo gu a wɔsɛe no.

Tebea a ɛyɛ hu yi da adi wɔ nnɔbae a wonya mu. Wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu no, nnɔbae a ɛsow aba pii ne nsu a wɔde gugu nneɛma so ne nnuru a ekum mmoawa ne nea ɛyɛ asase yiye a wɔde dii dwuma kɛse no maa awi a wonya no wiase nyinaa no dodow nyaa nkɔanim kɛse. Seesei, ahoɔden a ɛwɔ nnuru a ekum mmoawa ne nea ɛyɛ asase yiye mu no resa, na nsu a ɛho yɛ na ne fĩ nso mma wontwa nnɔbae pii.

Ɛwom sɛ nnipa foforo bɛyɛ ɔpepem 100 na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn aduan afe biara de, nanso wɔ mfe du a atwam no mu no, mfusase a wɔdɔw so atew. Na saa mfusase yi mu srade resa. Worldwatch Institute bu akontaa sɛ dɔte a nsu hohoro kɔ no ama akuafo ahwere asase ani dɔte tɔn ɔpepepem 500 wɔ mfe 20 a atwam no mu. Aduan a wonya so afi ase retew a wontumi nyɛ ho hwee. Amanneɛbɔ a wɔato din State of the World 1993 no ka sɛ “ebia awi a onipa biako biara nya a ɛso atew ɔha biara mu nkyem asia wɔ 1984 ne 1992 mfe no ntam no yɛ wiase no mu sikasɛm tebea a ɛhaw adwene paa nnɛ.”

Ɛda adi pefee sɛ, esiane sɛ onipa nhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no so yiye nti, nnipa ɔpepem pii nkwa da asiane mu dedaw.

So Onipa Betumi Adi Ɔhaw no Ho Dwuma?

Ɛwom sɛ seesei, onipa te nneɛma a ɛresɛe no ho biribi ase de, nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ obesiesie. Asɛnnennen a edi kan ne sɛ ebehia sika kɛse—anyɛ yiye koraa no, dɔla ɔpepepem 600 afe biara—na wɔde adi nyansahyɛ a emu da hɔ a wɔde too gua wɔ Asase Ho Nhyiam a wɔyɛe wɔ 1992 mu no ho dwuma. Nneɛma a wɔde bɔ afɔre ankasa nso ho behia—afɔrebɔ te sɛ nneɛma a wɔrensɛe no kɛse ne nneɛma a wɔbɛsan de ayɛ nneɛma foforo, nsu ne anyinam ahoɔden a wɔbɛkora so, aban lɔre a wɔde betu kwan sen wɔn ankasa de, ne nea ɛyɛ den sen ne nyinaa no, okyinnsoromma no a wobesusuw ho sen wɔn ankasa apɛde. John Cairns Jr., a ɔyɛ U.S. boayikuw a ɛhwɛ ma wosiesie abɔde a ɛwɔ nsu mu titrani, no ka ɔhaw no ho asɛm tiawa sɛ: “Mewɔ nea yebetumi ayɛ no mu awerɛhyem. Minnye nni sɛ nea yɛbɛyɛ no bɛyɛ yiye.”

Ɛka dodow a wɔbɛbɔ wɔ nsiesiei kɛse a wɔbɛyɛ ho no dɔɔso araa ma aman dodow no ara pɛ sɛ wotu ne yɛ hyɛ da. Wɔ sikasɛm mu ahokyere bere mu no, wobu akwan a wɔfa so bɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban no sɛ ebetumi agu nnwuma anaa abrɛ sikasɛm ase. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde wɔn ano bɛka sen sɛ wɔbɛyɛ. Caring for the Earth nhoma no ka nea wɔayɛ abesi saa bere yi ho asɛm sɛ ɛte sɛ “bɔhyɛ akɛseakɛse a wɔnyɛ ho hwee.” Nanso ɛmfa ho sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase no, so mfiridwuma ho nimdeɛ foforo—sɛ wɔma bere a—ntumi nnya okyinnsoromma no haw ahorow ano aduru a empira? Ɛda adi sɛ ennyaa ano aduru.

U.S. Ɔman Nyansahu Sukuu ne London Adehye Fekuw no gye toom pefee wɔ asɛm bi a wɔboom kae no mu: “Sɛ nkɔm a wɔhyɛ nnɛ sɛ nnipa no dodow benya nkɔanim no bam pɛpɛɛpɛ na dwuma a onipa di okyinnsoromma no so no ansesã a, nyansahu ne mfiridwuma rentumi nsiw nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔkɔ so sɛe no anaa ohia a wiase no mu nnipa dodow no ara kɔ so di no ano.”

Ɔhaw a ɛyɛ hu a ɛne sɛ wonnya baabi ntow nuklea ho wura ngu no di adanse sɛ ɛnyɛ nneɛma nyinaa na nyansahu betumi ayɛ. Nyansahufo de mfe 40 ahwehwɛ baabi pa a wɔbɛkora nuklea ho wura pii no so daa. Baabi a wobenya no ayɛ den araa ma aman bi, te sɛ Italy ne Argentina, aka sɛ sɛ wobenya baabi a wɔbɛtow wura no agu ntɛm paa a, ɛbɛyɛ afe 2040 mu. Germany, ɔman a ɛwɔ awerɛhyem sen biara sɛ obenya baabi no, wɔ anidaso sɛ ebedu afe 2008 no, na ayɛ ho nhyehyɛe awie.

Dɛn nti na nuklea ho wura no yɛ ɔhaw saa? Asase ne ɛso abotan ho nimdefo, Konrad Krauskopf kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wɔkora nuklea ho wura so wɔ baabi a eye sen biara mpo a, nyansahufo anaa mfiri ho nimdefo biara nni hɔ a obetumi aka koraa sɛ, nea ɛdɔɔso pii rennwunu ngu da bi. Nanso ɛmfa ho sɛ wɔde nsɛnnennen a wura a wɔtow gu de ba ho kɔkɔ ama ntɛm no, nniso ahorow ne nuklea nnwumakuw kɔ so yɛ wura no a wonnwen ho, a wosusuw sɛ daakye mfiridwuma bɛma wɔanya ano aduru. Wɔannya saa ano aduru no.

Sɛ mfiridwuma nni nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw no ano aduru koraa a, dɛn bio na wobetumi ayɛ? So awiei koraa no, ahokyere bɛhyɛ aman no ma wɔayɛ biako abɔ okyinnsoromma no ho ban?

[Ase hɔ asɛm]

a Efi Hela asɛmfua oiʹkos (ofie) ne lo·giʹa (adesua) mu.

[Kratafa 7 adaka]

Nneɛma a Wonya Kanea ne Ogya Fi Mu a Wotumi Yɛ no Foforo

Yɛn mu dodow no ara mmu kanea ne ogya ahiade titiriw biara—kosi sɛ wobedum kanea anaa fango bo bɛkɔ soro. Nanso, kanea ne ogya a yɛwɔ yɛ nneɛma a ɛde efĩ ba sen biara no mu biako. Wonya kanea ne ogya a wɔde di dwuma no mu dodow no ara fi nnua a wɔhyew anaa fango mu, adeyɛ a ɛma carbon dioxide tɔn ɔpepem pii kɔ wim na ɛsɛe wiase mu kwae ahorow.

Nuklea akanea, a ɛyɛ ade foforo no kɔ so yɛ nea nkurɔfo ani nnye ho esiane asiane a ebetumi de aba ne baabi a ɛyɛ den sɛ wobenya de ɛho nwura agu nti. Wɔfrɛ afoforo a aka no sɛ nneɛma a wonya kanea ne ogya fi mu a wotumi yɛ no foforo esiane sɛ efi abɔde a wonya kanea ne ogya fi mu a ɛho nyɛ na koraa mu nti. Ɛyɛ atitiriw anum na ɛwɔ hɔ.

Ahoɔden a efi owia mu. Wobetumi atwe eyi afi owia mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so de anya ɔhyew, na wɔ aman bi, te sɛ Israel mu no, afie pii wɔ nnwinnade a wɔde twe owia ahoɔden de noa nsu. Ɛyɛ den yiye sɛ wobenya anyinam ahoɔden kanea afi owia mu, nanso biribi a wɔfrɛ no photovoltaic cells ama wɔanya anyinam ahoɔden nkanea wɔ nkuraa ase dedaw, na ɛho ka kɔ so tew.

Mframa ahoɔden. Mfiri akɛse a ɛde mframa yɛ adwuma abu so wɔ wiase no afã a mframa bɔ kɛse wɔ hɔ no. Anyinam ahoɔden a wonya fi mframa ahoɔden mu yi, sɛnea wɔfrɛ no no, bo so atew koraa, na wɔ mmeae bi no, ne bo wɔ fam seesei sen nneɛma a ɛma anyinam ahoɔden nkanea a wɔde adi dwuma akyɛ no.

Anyinam ahoɔden a efi nsu mu. Nsu mu mfiri a ɛma anyinam ahoɔden no ma wonya ɔha mu nkyem 20 dedaw, nanso nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ wɔyɛ biribi wɔ mmeae a wobetumi anya bi afi hɔ wɔ aman a wɔanya nkɔso no mu dedaw. Nsu mu ban a ɛsoso nso betumi asɛe abɔde a nkwa wom ne wɔn atrae. Ɛte sɛ nea ade pa a wɔhwɛ kwan, titiriw wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu, ne sɛ wɔbɛyɛ nsu mu mfiri nketewa a ɛma anyinam ahoɔden.

Ahoɔden a efi asase mu. Aman bi, te sɛ Iceland ne New Zealand titiriw, atumi de ahoɔden afi “nsuɔhyew” a ɛwɔ asase ase mu adi dwuma. Ogya bepɔw dwumadi a ɛkɔ so wɔ asase ase no ma nsu a ɛwɔ asase ase no yɛ hyew, na wotumi de nsuɔhyew no ma afie mu yɛ hyew na wɔsan nya anyinam ahoɔden fi mu. Italy, Japan, Mexico, Phillippines, ne United States de saa abɔde mu ahoɔden yi adi dwuma akosi baabi.

Ahoɔden a efi po asorɔkye mu. Wɔde po asorɔkye di dwuma wɔ aman bi te sɛ Britain, France, ne Russia mu, de nya anyinam ahoɔden. Nanso, mmeae kakra bi na ɛwɔ wiase no mu a wobetumi de saa anyinam ahoɔden kanea yi ama a ne bo wɔ fam.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Wiase mu Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Haw Atitiriw no Bi

Kwae a wɔsɛe no. Wɔasɛe kwae a osu a ɛtɔ ne owia a ɛbɔ wom yɛ hɔ ne hɔ mu nkyem anan mu abiɛsa ne kwae a osu tɔ na owia bɔ wom kɛse mu fã dedaw, na sɛnea wɔdɔw koraa no anya nkɔanim ntɛmntɛm ma ɛyɛ hu wɔ mfe du a atwam no mu. Akontaa a wɔabu no nnansa yi ara kyerɛ sɛ kwae a osu tɔ na owia bɔ wom kɛse a wɔsɛe no afe biara kɛse yɛ kilomita 150,000 kosi 200,000, bɛyɛ Uruguay kɛse.

Wura a edi awu. Nnuru 70,000 a wɔyɛ no seesei no mu fã na wɔka ho asɛm sɛ edi awu. Afe biara United States nkutoo yɛ wura a edi awu tɔn ɔpepem 240. Ɛho amanneɛbɔ a wonnya no mma wonhu wura dodow a wɔyɛ no wiase nyinaa. Bio nso, ebedu afe 2000 mu no, na nuklea ho wura a wɔkora so bere tiaa bi wɔ mmeae bi no adu bɛyɛ tɔn 200,000.

Asase a wɔsɛe no. Wiase nsase no mu nkyem abiɛsa redan anhweatam. Wɔ Afrika mmeae bi no, Sahara Desert atrɛw adu kilomita 350 wɔ mfe 20 pɛ mu. Nnipa ɔpepem pii ano aduan abɔ wɔn dedaw.

Nsu a ɛho yɛ na. Bɛyɛ nnipa ɔpepepem abien na wɔte mmeae a nsu ho yɛ na yiye. Nea ɛma ho yɛ na kɛse ne mmura a emu nsu yow esiane sɛ abotan a wonya nsu no fi mu no mu nsu resa nti.

Abɔde ahorow a wɔreyɛ atɔre wɔn ase. Ɛwom sɛ wɔde adwene na ebu ne dodow de, nanso nyansahufo bu akontaa sɛ, ebedu afe 2000 no, na mmoa, afifide, ne mmoawa a wɔagu wɔn ase koraa yɛ 500,000 kosi 1,000,000.

Wim mframa a wɔsɛe no. Nhwehwɛmu bi a Amanaman Nkabom yɛe wɔ 1980 mfe no mfiase no daa no adi sɛ nnipa ɔpepepem biako te nkurow akɛse a lɔre wusiw anaa mframa a edi awu, te sɛ sulfur dioxide, nitrogen dioxide, ne carbon monoxide de nnipa akwahosan to asiane mu wom daa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ nkurow akɛse a adɔɔso wɔ mfe du a atwam mu no na ama ɔhaw no ayɛ kɛse. Bio nso, wɔma carbon dioxide tɔn ɔpepepem 24 kɔ wim afe biara, na wosuro sɛ “mframa a ɛma ɔhyew ba asase so” yi bɛma wiase nyinaa ayɛ hyew.

[Asase mfonini]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Kwae a wɔdɔw

Wura a edi awu

Wim mframa a wɔsɛe no

Nsu a ɛho yɛ na

Abɔde ahorow a wɔn nkwa da asiane mu

Asase a wɔsɛe no

[Nsɛm Fibea]

Mountain High Maps™ copyright© 1993 Digital Wisdom, Inc.

Mfonini: Hutchings, Godo-Foto

Mfonini: Mora, Godo-Foto

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena