Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛbɔ Yɛn Okyinnsoromma no Ho Ban
Efi yNyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Spain hɔ
YURY, a ɔte Russia kurow bi a wɔfrɛ no Karabash mu no wɔ mma baanu, na wɔn baanu nyinaa yare. Wahaw, nanso ɛnyɛ no nwonwa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abofra biara nni ha a ɔwɔ ahoɔden.” Wɔredi nnipa a wɔte Karabash no awu. Afe biara, adwumayɛbea bi a ɛwɔ hɔ no ma afide tɔn 162,000 kɔ mframa mu—sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a ɔte hɔ de yɛ tɔn 9. Wɔ Nikel ne Monchegorsk a ɛwɔ Kola Supɔw so wɔ Arctic Po no kusuu fam no, “adwinnan abien a ɛsõsõ na akyɛ sen biara wɔ wiase no mu a wɔnan fagude a wɔfrɛ no nickel no . . . ma fagude a emu yɛ duru ne ade a wɔfrɛ no sulfur dioxide kɔ mframa mu afe biara sen adwinnan foforo a ɛtete saa no mu biara wɔ Russia.”—The New York Times.
Mframa no nyɛ papa wɔ Mexico Kurow mu. Nhwehwɛmu bi a Oduruyɛfo Margarita Castillejos yɛe no ma ohui sɛ, wɔ kurow no mmeae a wodi yiye mpo no, mmofra yare nna 4 wɔ nna 5 biara mu. Ɔkae sɛ: “Wɔ wɔn fam no, sɛ́ obi bɛyare no abɛyɛ ade a asɛm biara nni ho.” Ɔka sɛ, nneɛma atitiriw a ɛde yare no ba no biako ne kar mpempem pii a ɛnam kurow no akwan so wusiw a ɛtrɛw kɔ baabiara no. Nea ɛkɔ mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so mu yɛ dodow a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ sɛ eye no mmɔho anan.
Wɔ Australia no, asiane no yɛ nea wontumi nhu—nanso edi awu saa ara. Ɛsɛ sɛ mmofra hyɛ kyɛw bere a wɔredi agoru wɔ sukuu agodibea no. Mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a wɔasɛe no wɔ Asase no Kesee Fam no ama Australiafo afi ase bu owia no sɛ adebɔne mmom sen adepa. Wɔahu dedaw sɛ honam ani kokoram dodow ayɛ mmɔho abiɛsa.
Wɔ wiase afã foforo no, nsu dodow a ɛsɛ a wobenya yɛ ade a egye mmɔdenbɔ kɛse da biara. Bere a Amalia dii mfe 13 no, ɔpɛ sii Mozambique. Wɔannya nsu a ɛdɔɔso wɔ afe a edi kan no mu, na wɔannya bi koraa afe a edi hɔ no. Nnɔbae kisae na ewuwui. Ɛhyɛɛ Amalia ne n’abusua ma wodii wuram nnuaba na wotutuu nsubon a anhwea wom hwehwɛɛ nsupa biara a wobetumi anya.
Wɔ India mantam a wɔfrɛ no Rajasthan mu no, asase a mmoa didi so resa ntɛmntɛm. Phagu a ɔyɛ mmoa yɛnfo a odi atutra no taa ne hɔnom akuafo ham. Ontumi nnya wura mma ne nguan ne ne mmirekyi. Esiane asase pa a ɛho ayɛ den paa nti, asomdwoe a atra akuafo ne atutrafo ntam mfehaha pii no asɛe.
Tebea no nye koraa wɔ Sahel, Sahara a ɛwɔ Afrika kesee fam asase kɛse bi a osu tɔ wɔ so kakra no. Esiane kwae a wɔdɔw gu ne ɔpɛ a ɛde ba nti, mmoa nyinaa awuwu, na anhweatam a ɛreyɛ kɛse no ama mfusase pii adan anhwea. Bere a Fulanini kuani bi a ofi Niger hui sɛ n’atoko anyɛ yiye bere a ɛto so ason no, ɔkaa ntam sɛ: “Merennua bio.” Esiane wura a n’anantwi nnya nti, wɔawuwu dedaw.
Asiane a Ɛreyɛ Kɛse
Ɔpɛ a esi nnansa yi, nnɔbae a ɛnyɛ yiye, ne nkurow mu mframa a wɔasɛe no de asiane a ɛte saa ara bɛba. Ɛyɛ okyinnsoromma a ɛyare ho sɛnkyerɛnne, okyinnsoromma a ɛrentumi nnyina ɔkwan a onipa nam so de ɛso nneɛma di dwuma no ano bio.
Biribiara nni asase so a ehia ma yɛn asetra sen mframa a yɛhome, aduan a yedi, ne nsu a yɛnom. Onipa ankasa—akɔ so asɛe nneɛma atitiriw a ɛkora nkwa so yi anaa wama ɛso atew. Wɔ aman bi so no, sɛnea nneɛma a atwa yɛn ho ahyia tebea ayɛ no de nkwa reto asiane mu dedaw. Sɛnea kan Soviet mampanyin, Mikhail Gorbachev kyerɛkyerɛɛ mu pefee no, “abɔde a nkwa wom ne wɔn asetra ho haw no de yɛn nkwa reto asiane mu kɛse.”
Ɛsɛ sɛ wobu asiane no aniberesɛm. Wiase mu nnipa dodow redɔɔso pii, na sɛnea wohia nneɛma kakra a ɛwɔ hɔ no reyɛ kɛse. Lester Brown, Worldwatch Institute titrani, no kae nnansa yi sɛ “ɛnyɛ asraafo ntua na ɛma yɛn daakye ho ba asɛm kɛse, na mmom, okyinnsoromma yi so nneɛma a wɔresɛe no no.” So wɔrebɔ mmɔden sɛnea ɛsɛ na wɔakwati asiane yi?
Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛbɔ Yɛn Okyinnsoromma no Ho Ban
Ɛyɛ den sɛ wɔbɛboa ɔsadweam a ogye di sɛ onni nsa ho haw biara. Saara na ɔkwan a edi kan a wobetumi afa so ama okyinnsoromma no akwahosan ayɛ papa ne sɛ wobehu yare no kɛse. Wɔ nnansa yi mfe mu no, ɛda adi sɛ nkyerɛkyerɛ a wotumi de ma ne ɔkwan a ɛda nsow a wɔfa so bɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban. Nnipa dodow no ara nim yiye nnɛ sɛ asase no so nneɛma resa na wɔreyɛ ɛso fĩ—na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no ho asiane no yɛ kɛse nnɛ sen asiane a nuklea ɔko betumi ama aba no.
Wiase akannifo nim ɔhaw ahorow no. Aman mpanyimfo bɛyɛ 118 kɔɔ Asase Ho Nhyiam a wɔyɛ faa asase so nneɛma ho wɔ 1992 mu, a emu na wosusuwii akwan kakra a wɔbɛfa so abɔ wim tebea ne asase so nneɛma a ɛresɛe ho ban ho no. Aman no mu dodow no ara de wɔn nsa hyɛɛ wim tebea ho apam a wɔpenee so sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe bi a wɔbɛfa so abɔ nsakrae a ɛba carbon a ɛkɔ mframa mu ho amanneɛ no ase, a na wɔn botae ne sɛ wobesiw ne dodow ano daakye bi a enni akyiri. Wɔsan susuw akwan a wɔbɛfa so abɔ nsakrae a ɛba abɔde a nkwa wom wɔ yɛn okyinnsoromma yi so mu, ne afifide ne mmoa dodow ho ban ho. Wɔn adwene antumi anhyia wɔ wiase mu kwae ahorow a wɔbɛbɔ ho ban ho de, nanso nhyiam no ma wɔyɛɛ nhoma abien—“Rio Mpaemuka” ne “Nneɛma a Wosusuw Ho a Ɛto so 21,” a akwankyerɛ a ɛfa sɛnea aman no betumi anya “nkɔso a ebetumi anya nkɔanim” ho wom.
Sɛnea nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nimdefo Allen Hammond ka no, “sɔhwɛ a emu yɛ den ne sɛ, ebia wobedi bɔ a wɔhyɛɛ wɔ Rio no so anaa—sɛ́ ebia wɔde aniberesɛm a wɔkae no bedi dwuma wɔ asram ne mfe a edi hɔ no mu.”
Nanso, nkɔanim titiriw a wɔanya ne 1987 Montreal Nhyiam Ho Kyerɛwtohɔ a ɛfa amanaman ntam nhyehyɛe a wɔyɛe sɛ wobegyae aduru bi a wɔfrɛ no chlorofluorocarbons (CFCs) yɛ wɔ bere bi a wɔahyɛ mu ho no.a Dɛn nti na ɛno hia? Efisɛ wɔka sɛ CFCs rema mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛbɔ asase ho ban no sɛe ntɛmntɛm. Dwuma titiriw a saa wim mframa a ɛwɔ asase no atifi fam di ne sɛ, ɛsɔn owia no ahoɔden a ebetumi de honam ani kokoram ne ɛtɛ aba no so. Ɛnyɛ Australia nko na saa ɔhaw yi wɔ. Nyansahufo ahu nnansa yi sɛ awɔ bere mu mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so wɔ Asase no Kusuu Fam mmeae bi a ɛhɔnom wim hyew yɛ hɔ ne hɔ, no so atew ɔha biara mu nkyem 8. CFCs tɔn ɔpepem 20 akɔ wim dedaw.
Bere a wim tebea a ɛresɛe yi haw wiase aman no, wogyaee wɔn ntam akasakasa no na wodii tebea no ho dwuma prɛko. Amanaman no reyɛ nneɛma foforo a wɔde bɛbɔ abɔde a wɔn nkwa da asiane mu ho ban, wɔakora Antarctica po no so, na wɔasiw wura a edi awu a wɔde kɔ aman foforo so no ano.
Aman pii reyɛ nhyehyɛe a wɔde besiesie wɔn nsubɔnten mu (sama aba Asubɔnten Thames a ɛwɔ England no mu seesei), wɔde besiw mframa a wɔsɛe no ano (nhyehyɛe no ama United States nkurow mu wusiw a enye koraa no so atew ɔha mu nkyem 10), wɔde benya nea ɛbɛma wɔanya anyinam ahoɔden a ɛrenhaw nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no (wɔde anyinam ahoɔden a efi asase mu na ɛma afie a ɛwɔ Iceland no ɔha mu nkyem 80 mu yɛ hyew), ne nea wɔde bɛkora adebɔ so (Costa Rica ne Namibia de nsase a wɔwɔ no mu ɔha mu nkyem 12 ayɛ ɔman turo).
So saa nsɛnkyerɛnne pa yi kyerɛ sɛ adesamma bu asiane no aniberesɛm? Ɛnkyɛ koraa na yɛn okyinnsoromma yi asan asi ne dedaw mu? Nsɛm a edi so no bebua saa nsemmisa yi.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔde CFCs adi dwuma kɛse wɔ aerosal spray, fridge, air-condition, nnuru a wɔde horo nneɛma, ne ade a wɔde siw ɔhyew ano mu. Hwɛ December 22, 1994, Nyan! (Engiresi de) no asɛmti “Bere a Wɔsɛe Yɛn Mframa.”