Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 12/8 kr. 18-20
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mekenkan Bible No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mekenkan Bible No?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘So Bible no Akenkan Nyɛ Anihaw?’
  • Bible No Wɔ Nkwa!
  • ‘Nanso Mɛyɛ Dɛn Atumi Akenkan?’
  • Ebetumi Aboa Wo Mprempren Ara!
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Bible Akenkan Ayɛ Anigye Kɛse?
    Nyan!—2001
  • Wopɛ Sɛ Wunya Bible No So Mfaso Paa a, Dɛn Na Wobɛyɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • So W’ani Gye Akenkan Ho?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 12/8 kr. 18-20

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mekenkan Bible No?

‘Duadwumfo ara kwa, Yesu a ofi Nasaret asɛm no maa wiase wosowee!’ saa na ɔdenimfo no kae. Dabi, na ɛnyɛ nea ɔreka Bible no ho asɛm na mmom na ɔde retoto nhoma bi a wɔfrɛ no Don Quixote no ho. Nanso, Aaron (wadi mfe 20) yɛɛ aso tiei. Efisɛ ɛwom sɛ na ɔdenimfo yi nyɛ nyamesomfo de, nanso obuu Bible no sɛ ɛyɛ nhoma a eye​—sɛnea ɔkae no, nhoma a ‘ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea biara a onim nhoma kenkan.’

SO BIBLE no betumi atete obi ankasa? Ná dɛn na ɛwɔ obi a ɔyɛ duadwumfo asɛm no mu a ɛma asase wosow no? Na Aaron pɛ sɛ ohu, enti ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛkenkan Bible no.

George (wadi mfe 12) hyiaa asɛm bi wɔ Bible mu a ese: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu.” (Ɔsɛnkafo 12:1) Enti obisaa ne ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na metumi akae me Bɔfo no,’ sɛ nea edi kan koraa no ɛyɛ nea minnim no a?’ Ɔno nso fii ase huu hia a ɛho hia sɛ ɔbɛkenkan Bible no.

Kelvin (wadi mfe 21) yɛ Yehowa Adansefo no mu biako a ɔde ne ho hyɛ afie afie asɛnka mu bere nyinaa. N’ani gye ho sɛ ɔbɛka nea wasua afa Bible ho no akyerɛ afoforo Nanso ohui sɛ nnipa a ohyia wɔn no mu binom akenkan Bible no afã horow bi dedaw. Na esiane sɛ Kelvin pɛ sɛ ɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ a nyansa wom nti, osiesie ne ho denam Bible no a ɔkenkan no yiye no so. Sɛnea n’ankasa ka no, “Ɛho hia sɛ wokenkan wo Bible no na woahu nea woreka ho asɛm.”

Aaron, George, ne Kelvin bɛyɛɛ nnipa a wɔn ani abere resua Bible no. Na wo nso ɛ? So ɛnsɛ sɛ wo nso wokenkan Bible no? Te sɛ mmofra pii no, ebia wubebisa sɛ:

‘So Bible no Akenkan Nyɛ Anihaw?’

Ebinom te nka saa. Nanso nokwarem no, wonnim nea wɔrehwere no. Bible no yɛ Onyankopɔn adiyisɛm ma onipa. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛyɛe a yɛbaa ha ne faako a yɛrekɔ. Ɔkwan bɛn so na ɛno betumi ayɛ anihaw?

Ampa, ɛte sɛ nea afã binom akenkan yɛ ntɛm sen afoforo. David (wadi mfe 19) ka sɛ: “Wɔ Bible mu nhoma a ɛyɛ Numeri ne Deuteronomium mu no, nsɛm ahorow bi a esisii wom, nanso mmara ahorow ne nea enti a wɔde mae na ɛwom titiriw. Ɛnyɛ sɛ eyi akenkan yɛ anihaw na mmom wɔ Yosua a ɛyɛ nhoma a edi hɔ no mu no, nsɛm ahorow pii a esisii wom; wuhu sɛnea asɛm no kɔɔ so. Efi Yosua rekɔ no, ɛkɔ ntɛm ankasa.” Nanso bere a David nya nkɔso wɔ n’ankenkan no mu no, adwene a ɔwɔ wɔ nea ose ɛyɛ Bible no afã a n’akenkan nkɔ ntɛm ho no bɛsakra. Dɛn ntia? Susuw w’ankasa osuahu ho.

So woahwɛ sini bi a na ɛne ne nea edi kan a worehwɛ pɛn bere a woyɛ abofra kakra no?

Ebia emu pii wɔ hɔ a woante ase saa bere no ma enti emu fã kakraa bi na ɛyɛɛ te sɛ nea ɛyɛ anigye. Nanso mprempren a woanyin kakra yi, wubetumi ate pii ase. Wunya asɛm no mu ntease kɛse na nsɛm a esisii no kɔ ntɛmntɛm ma wo. Biribi a ɛte saa ara ba bere a woba bɛte wiase nhoma a wɔatɔ sen biara no ase kɛse no. (Hebrifo 5: 14) Bere biara a wokenkan no, wunya saa mmara horow no ne nea enti a wɔde mae no mu ntease kɛse. Wunya emu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri no ho anisɔ.

Nanso dɛn nti na ɛho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri ho hia? Wiɛ, susuw obi a ɔka bɔɔl a wɔbɔ ho asɛm wɔ radio so ho. N’adwuma ne sɛ ɔbɛma bɔɔl a wɔrebɔ no ayɛ paara ama n’atiefo. Na ɔkwan bɛn na ɔfa so yɛ saa? Ɔka ho asɛm kɔ akyiri pii​—sɛnea obi bɔɔ bɔɔl no, ne tenten, bɔɔl no bɔ ankasa, wɔn ɛ wɔahyɛ bi, ɛho akontaabu, bɔɔlbɔfo no ho asɛm. So ɛno yɛ anihaw? Dabida! Saa ara na nsɛm a ɛkɔ akyiri pii wɔ Bible no mu​—anato ahorow, nkontaahyɛde, nneɛma a wosusuw wɔ nsenia ani ne ade, mmara ahorow. Hwɛ sɛnea nsɛm a wɔkyerɛkyerɛ mu ma ɛkɔ akyiri yi ma asɛm no yɛ paara

Bio nso, mmara horow yi da Onyankopɔn nipasu adi. Wɔ Exodus 22:21, 22 ne Leviticus 19:32 sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn hyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔne akunafo, nyisaa, ne mpanyimfo di wɔ ɔkwan a eye so. Yiw, Yehowa pɛ sɛ ɔne obiara di wɔ ɔkwan a obu wom so a ne bɔbeasu anaa ne mfe mfa ho. So ɛno mma wunnya ɔpɛ sɛ wubehu no yiye? Saa na ababaa bi a wɔfrɛ no Georgie tee nka. Ɛdefa ne Bible akenkan ho no, ose: “Ɛma wobɛn Yehowa kɛse.”

Wo nso wubetumi ahu sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ “nkwa na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Ɔkwan bɛn so?

Bible No Wɔ Nkwa!

Marvin (wadi mfe 19) ka sɛ: “Bible akenkan yɛ soronko wɔ atesɛm krataa anaa nsɛmma nhoma ho. Ɛsɛ sɛ wode w’adwene si nea worekenkan no so. Worentumi nyi w’adwene mfi so nkɔ baabi foforo bere a worebue kratafa no. Bible no akenkan gye mmɔdenbɔ ankasa. Bere a merekenkan Po Kɔkɔɔ no mu a ɛpaee anaasɛ soro a ebuei ma Yehowa kasae hoasɛm no, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nea ɛkɔɔ so no ho mfonini na mefa no sɛ mewɔ hɔ bi.”

Wubetumi ayɛ eyi! Bere a worekenkan kyerɛwtohɔ a ɛfa Daniel a ɔda gyata amoa mu ho no, fa no sɛ wowɔ hɔ! Yɛ ho mfonini wɔ w’adwene mu sɛ wo nkutoo na woda gyata a ɔkɔm de wɔn amoa mu a wunkura hwee! (Daniel 6:16-23) Na kyerɛwtohɔ a ɛfa Ɔhemmea Ester ho no nso ɛ? Na aka kakra ma wɔakunkum ne nkurɔfo nyinaa. Tebea a ɛyɛ ahometew bɛn ara ni! Sɛ obegye wɔn nkwa a, na ɛsɛ sɛ ɔfa akwan ahorow a ɛde n’ankasa nkwa bɛto asiane mu na ama ɔne ɔtamfo no ahyia anim ne anim. So wutumi hu sɛnea tebea no mu yɛ den no?​—Ester 3:6-5:4; 2:10; 8:3-6.

Biribi foforo a wubetumi ayɛ ama Bible no akenkan ayɛ anigye kɛse a ɛkanyan adwene wɔ hɔ. Bere a worekenkan Bible no, hwɛ sɛnea n’afã horow no toatoam no. Sɛ nhwɛso no, ade biako bɛn na ɛda adi wɔ Daniel ne Ester kyerɛwtohɔ ahorow no mu? Ne nyinaa di nokware a Dwom 34:7 yɛ no ho adanse: “[Yehowa] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.”

Asɛmti foforo a ɛde Bible no afã horow toatoam ne Onyankopɔn Ahenni no. Daniel 2:44 se: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni . . . bi so.” Nanso dɛn na Ahenni yi bɛyɛ? Efi Bible no mfiase kosi n’awiei no, ɛkyerɛ sɛ Yehowa de Ahenni yi​—ne nniso​—no bedi dwuma de daa asomdwoe aba. “Ɔma akodi gyae kosi asase ano,” saa na Dwom 46:9 ka. Na ɔnam Ahenni no so ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’​—Adiyisɛm 21:4.

Wɔde biribiara atoatoam. Onyankopɔn ahenni bɛma ɔyare, amanehunu, ne owu mpo agyae. Nsisi bɛyɛ ade a enni hɔ bio. Wɔne obiara bedi wɔ ɔkwan a ɛteɛ na obu wom so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae sɛ, “W’ahenni mmra”! (Mateo 6:10) Saa Ahenni asɛm no na ɛwosow wiase no saa bere no na ɛreyɛ saa ara mprempren! Enti so ɛnyɛ nea ɛfata sɛ wobɛhwehwɛ nsɛm a ɛma nkwa yi mu? Wubetumi, denam Bible no akenkan so!

‘Nanso Mɛyɛ Dɛn Atumi Akenkan?’

Sɛ wowɔ sukuu a, ebia wobɛte nka sɛ wo sukuu adwuma remma wunnya adagyew koraa. Nanso so ɛyɛ nea ɛyɛ den saa sɛ wobɛyɛ wo sukuu adwuma na woakenkan Bible no nso? Ɛnte saa mma Richard (wadi mfe 17) : “Sɛ mewɔ sukuu adwuma a ɛsɛ meyɛ a, meyɛ wie awia. Yɛnhwɛ TV wɔ dapɛn no mu wɔ yɛn fie hɔ.” Sɛ woyɛ saa ara a, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu bere a wubenya ama Bible akenkan no. Ɛdɛn, sɛ wokenkan simma 15 da biara a, wubetumi awie Bible mu no nyinaa bɛyɛ afe biako!

Ebetumi Aboa Wo Mprempren Ara!

Worenyin wɔ mmere a “emu yɛ den” mu ampa. (2 Timoteo 3:1) Nanso, Bible no reboa mmofra yi ma wɔagyina ano:

“Ɛtɔ bere bi a sɛnea wiase no te no ma meyɛ basaa. Mekenkan kyerɛw nsɛm te sɛ Adiyisɛm 21:4, na ɛma minya biribi a mede m’ani bɛto so.”​—Prentice.

“Bible no akenkan ho wɔ mfaso kɛse, titiriw bere a biribi haw me no. Mpɛn pii ebia na obi wɔ Bible mu a ohyiaa ɔhaw koro no ara, na ɛno boa ma midi ho dwuma.”​—Myrtie.

“Mihu sɛ merenyin denam Bible no akenkan so.”​—Theresa.

Wo nso wubetumi ahu sɛ worenyin. Nya akomatɔyam a efi biribi a eye ase a wofi na wɔyɛ kosi awiei mu ba no. Na nea mfaso wɔ so kɛse mpo ne Ɔbɔadeɛ Kɛse no a wobɛba abehu no. (Ɔsɛnkafo 12:1) Wɔ bere tiaa mu no, wobɛpɛ sɛ wode Bible no boa afoforo. Ampa, Bible akenkan yɛ nnwuma ahorow a eye sen biara a wubetumi ayɛ no mu biako!

[Kratafa 19 mfoni]

Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nsɛm a esisii no ho mfonini bere a worekenkan no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena