Ɔko—Dɛn Ntia?
SO WOASUSUW nea enti a aman ahorow ko no ho pɛn? Sɛ yenya saa asemmisa no ho mmuae a, ebia yebehu nea ɛde asomdwoe nso ba.
Ebia woyɛ w’ade wɔ ho te sɛ John Stoessinger a ɔyɛ amammuisɛm ho ɔbenfo no: “Mekenkanee sɛ wose ɔmampɛ, sraadisɛm, kuw nhyehyɛe ahorow, sikasɛm anaasɛ nneɛma afoforo a ɛte saa na ɛde akodi ba nanso ɛyɛ nea mintumi nte ase. . . . Ná minnye nni sɛ eyi betumi ayɛ nokware. . . . Nea ɛte ne sɛ, nnipa na wofii ɔko ahorow no ase. Nanso onipa ho asɛm a ɛwom kɛse yi yɛ nea wɔntaa nka ho asɛm kɛse wɔ ɔko ho nhoma ahorow mu.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Ampa, wɔrentumi mmu ani ngu onipa ho asɛm a ɛwɔ ɔko mu no so.
Wɔ ne nhoma The Evolution of War no mu no, ɔbenfo Otterbein nya adwene koro no ara sɛ “nnipa gyinaesi ahorow sɛ́ ahyehyɛde ahorow mufo, sɛ́ ɛyɛ asraafo ahyehyɛde anaa sodikuw, na ɛde ɔko ahorow no ba.” Nanso adwen horow bɛn nti na wɔko? Sɛnea ne nhwehwɛmu no kyerɛ no, nea ɛde ba titiriw ne: amammui tumidi, asasesin, adefow, dingye, ahobammɔ, ne awerɛdi.
Ɔko—So Ɛwɔ Yɛn Mogya Mu?
Wɔka nsɛm ahorow pii de kyerɛkyerɛ nea ɛde ɔko ba no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wogye adannandi di no bu onipa sɛ aboa a ɔkorɔn a ɔda so ara wɔ ntɔkwapɛ ne basabasayɛ su a ɛwɔ mmoa mu no bi. Wɔka sɛ ntɔkwapɛ yɛ su a ɛwɔ nnipa mu, kyerɛ sɛ ɛwɔ ne mogya mu. Mmoa ho nsɛm ho ɔdenimfo Irenaus Eibl-Eibesfeldt kyerɛwee wɔ The Biology of Peace and War mu sɛ: “Yɛn abusuafo paa a ɛyɛ nkontromfi no yɛ ntɔkwapɛfo paa ara yiye ne basabasayɛfo nso. . . . Eyi kyerɛ sɛ ebetumi aba ankasa sɛ onipa basabasayɛ su no yɛ tete agyapade a onya fii mmoa a wɔkorɔn no hɔ.”
Konrad Lorenz a ɔyɛ Austriani a ɔno na ɔde nnɛyi mmoa su ho adesua bae no ka sɛ onipa wɔ basabasayɛ su a ɛyɛ ne “nkate mu tumi a ano yɛ den sen biara a ɛno na ɛma ɔko no.”—On Aggression.
Wɔ ɔkwan foforo so no, Sue Mansfield a ɔyɛ abakɔsɛm ho ɔdenimfo kɛse no nnye ɛno ntom, na ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ aman ahorow pii de wɔn ho ahyɛ ɔko mu wɔ abakɔsɛm mu de, nanso nnipa pii no ara mfa wɔn ho nhyem ankasa.” Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nniso ahorow hyɛ nkurɔfo ma wɔde wɔn ho hyɛ sraadi mu no nso kyerɛ sɛ ɛnyɛ nea nnipa nyinaa bu basabasayɛ ne nnipakum sɛ ɛyɛ anigyesɛm kɛse, na saa ara na ɛrentumi nyɛ biribi a wofi wɔn pɛ mu yɛ. Ɔbenfo Mansfield de ka ho sɛ: “Ampa, abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ sɛ nnipa kakraa bi na wɔtaa de wɔn ho hyɛ akodi mu.”
Wɔ nnansa yi mfe no mu no wɔatete saa nnipa kakraa bi no ma wɔn ho akokwaw kɛse. Nea ɛka ho nso ne sɛ, esiane atuo akɛse, atopae ne bɛmma ahorow a aba no nti, akodi ne nnipakum nhyɛ da nyɛ nea onipa ankasa na odi ho dwuma. Nea ɛne tete ɔko ahorow bɔ abira no, nnipa kakraa bi a wɔn ho akokwaw yi tumi kunkum nnipa bere a wonhu wɔn ma enti wonnim nnipa ko a wokum wɔn no. Nanso sɛ nnipa no nnim wɔn atamfo no a, wɔbɛyɛ dɛn atumi akanyan wɔn ma wɔako?
Dwuma a Amammuisɛm ho Amanneɛbɔ Di
Ɛtɔ bere bi a afipamfo ne wɔn ho bam. Nanso ɛntaa nkowie mogyahwiegu mu. Nea edi kan no, ɔman no mu mmara mma wo man muni a wobɛhwe no ne awudi ho kwan. Nanso sɛ ɔko ba a, saa mmara no mfa ɔman a wɔko tia wɔn no mufo ho, ɛwom sɛ nnipa no pii nnim wɔn “atamfo” no ankasa de. Nea wonim wɔ ɔtamfo no ho ara ne nea wɔnam amammuisɛm ho amanneɛbɔ so ama wɔagye adi no.
Eyi te saa wɔ ɔman biara mu. Sɛnea Irenaus Eibl-Eibesfeldt kyerɛwee no: “Nea akuw ahorow (amansɛmdifo, akodeyɛfo, asraafo) ani gye ho so na wogyina kyerɛ nea ɛyɛ ɔmanfo adwene na wɔnam so de nsɛm a ɛnyɛ nokware daadaa wɔn.” Saa ara na abakɔsɛm kyerɛwfo H. E. Barnes kyerɛwee sɛ: “Ɛdefi Fransefo Ɔmananidan no so no . . . wɔakɔ so de amammuisɛm mu nnaadaasɛm abɔ ɔko a wɔde tia asɔretiafo ne nsɛm mu nokware ahorow no ho ban.”
Ɛno nti “ɛkame ayɛ sɛ wobetumi adaadaa obiara wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma ɔno ankasa de ne ho ahyɛ tebea bi a ɛbɛma wakunkum nnipa pii na ɔno nso awu mu.” (War, a Gwynne Dyer kyerɛwee) Enti, esiane tumi a “abirimpɔn” wɔ wɔ amammuisɛm ne sikasɛm mu nti, wotumi kyerɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo kwan ma wosiesie ɔmanfo ma mogyahwiegu.
Adolf Hitler ne Joseph Goebbels a na wɔyɛ Nazi nniso no akannifo no huu hia a ɔmanfo adwene so tumi a wobenya ne nnaadaa ho hia no. Wɔ August 24, 1939 mu no, Hitler kyerɛkyerɛɛ adwene a wayɛ sɛ obetu Poland so sa no mu kyerɛɛ aban mpanyimfo bi sɛ: “Mɛma nsɛm ho amanneɛbɔfo anya nea wobegyina so afi ɔko no ase. Mommma ɛnhaw mo sɛ ebia eye anaasɛ enye . . . . Wɔ akodi mu no, ɛnyɛ nea Ɛteɛ na ehia na mmom Nkonim.”
Enti ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wokanyan honhom bi na ama aman asɔre atia wɔn ho wɔn ho. Nanso dɛn na ɛma wotumi kanyan ɔko honhom no?
Henanom na Wosi Gyinaa Ahorow No?
Austriani sikasɛm ho ɔbenfo Schumpeter kyerɛwee sɛ: “Akuw horow a wodi tumi no na wɔhyɛ ɔko ho nkuran titiriw esiane nea wɔpɛ nti nanso wɔn a wonya ɔko mu mfaso wɔ sikasɛm anaa asetra ho nsɛm mu no nso hyɛ ho nkuran.” Wɔakyerɛ akuw horow a wodii tumi yi ase sɛ “ahempɔn a wɔbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wɔbɛdaadaa ɔmanfo a wɔaka no na ama woakɔ so ara akura wɔn tumidi no mu”—Why War? a abenfo Nelson ne Olin kyerɛwee.
Ɔman biara wɔ kuw a edi tumi, ɛwom sɛ ebia na kuw no mu apaapae ayɛ amammui akuw horow de. Nanso nnipa pii ka sɛ ɛnsɛ sɛ wobu tumi a asraafo wɔ wɔ ɔman biara mu no adewa. John K. Galbraith a na anka ɔyɛ Amerika Hemmɔfo no ka sraadi nhyehyɛe no ho asɛm sɛ “nea ɛwɔ tumi sen biara wɔ aban nhyehyɛe ahorow mu.” Ɔtoa so sɛ: “Ɛnyɛ faako a tumi fi no nko na asraafo tumi no kodu na mmom . . . nea wɔde hyɛ mu den no nyinaa . . . . Sɛ́ nea edi tumi sen biara wɔ yɛn bere yi mu no, ɛne nea ɛmma ɔmanfo nnya ahotɔ.”
Galbraith de United States yɛ n’asɛm no ho nhwɛso, na ɔkyerɛ sɛ ɛno ne ahyehyɛde a ɛwɔ tumi sen biara a ɛnyɛ nea ɛwɔ nko na mmom nea efi akodeyɛ mu ba nso. Akyinnye biara nni ho sɛ tebea a ɛte saa ara wɔ Rusia ne aman afoforo pii so. Na ɛha na tebea a asiane wom a ebetumi de ɔko a ɛbɛma wɔatɔre yɛn ase aba no wɔ—tumi a ano yɛ den a sraadi nhyehyɛe no wɔ sen amammui nhyehyɛe no.
Ɔkwan Bɛn so na Nyamesom Hyɛ Ɔko ho Nkuran?
Ɛwom sɛ nyamesom rekɔ fam wɔ aman pii so de, nanso yebetumi de asɔfo aka ahempɔn a wosisi gyinae ahorow no ho. Bio nso, nyamesom da so ara yɛ tumi a ɛhyɛ akodi ahorow no akyi. Nhwɛso biako ne Shi‘ite Nkramofo a wɔwɔ Iran a wɔne Sunni Nkramofo a wɔwɔ Iraq reko no.
Tebea a ɛte saa ara rekɔ so wɔ India ne Pakistan ntam. Ɔbenfo Stoessinger se: “Nyamesom akodi a wɔahwie mogya agu wom kɛse no nyɛ Kristofo ne Nkramofo ntam ɔko, na saa ara na ɛnyɛ Katolekfo ne Protestantfo ntam mfirihyia aduasa ɔko no. Ɛyɛ Hindufo ne Nkramofo ntam akodi wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no.” Dɛn na ɛde saa nitan no bae? Kyɛ a wɔkyɛɛ India ne Pakistan mu wɔ 1947 mu no. Nea edii kan fii mu bae “ne nnipadɔm kɛse a wotu fii beae biako kɔɔ beae foforo no. Hindufo bɛboro ɔpepem 7 a wosuro sɛ wɔbɛtaa wɔn wɔ Pakistan de anibere guan kɔhwehwɛɛ ogye wɔ India, na nnipa a wɔn dodow te saa ara a wɔyɛ Nkramofo guan fii India baa Pakistan. Basabasayɛ ne mogyahwiegu kɛse a nyamesom mu nitan de bae kɔɔ so wɔ eyi yɛ mu.”—Why Nations Go to War.
Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no asɔfo akuw no afi wɔn pɛ mu de wɔn ho abɔ ahempɔn a wodi tumi no ho. Nyamesom asɔfo ahyira akode ahorow ne asraafo a wɔwɔ afanu nyinaa wɔ Onyankopɔn din mu a mpɛn pii afanu no nyinaa yɛ nyamesom koro no ara mufo. Abusude yi ama nnipa pii atwe wɔn ho afi nyamesom ne Onyankopɔn ho.
Ɔmampɛ—Biribi a Ɛde Mpaapaemu Ba
Ɔko bi wɔ hɔ a ɛtɔ bere bi a ɔmanfo no mpene so. Ɛnde ɔkwan bɛn so na sodifo ahorow no tumi daadaa ɔmanfo no ma wogyina wɔn akyi wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw koraa so no? Eyi ne asɛm a na ɛyɛ den ma United States, wɔ Vietnam no. Enti dɛn na ahempɔn a wodi tumi no yɛe? Galbraith bua sɛ: “Vietnam Ɔko no ma wonyaa biribi a wɔbɔɔ ho mmɔden kɛse sen biara wɔ asetra mu [ɔmanfo adwene a wɔma ɛdan] wɔ United States wɔ nnɛ bere yi mu. Wɔbɔɔ mmɔden biara a wobetumi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔko no bɛyɛ te sɛ nea ɛho hia na Amerikafo agye atom.” Ɛno ma yehu ade a wɔde nya ɔman bi ma ɛde ne ho hyɛ ɔko mu no. Ɛne dɛn?
Bio, Ɔbenfo Galbraith ma yɛn mmuae: “Sukuu a ɛwɔ aman ahorow nyinaa mu de ɔman ho dɔ ho nnyinasosɛm hyɛ wɔn mu. . . . Tebea a ɛhwehwɛ sɛ obiara betwa frankaa no ho ahyia no ho hia titiriw wɔ gye a wobegye sraadi ne amannɔne nsɛm ho gyinaesi atom no mu.” Tebea yi kɔ so wɔ kommunist aman horow so te sɛ nea ɛte wɔ Atɔe Fam aman no mu no.
Charles Yost a na anka ɔyɛ adwuma wɔ Amerika asoɛe a ɛhwɛ amannɔne nsɛm so no kaa no sɛɛ se: “Ade titiriw a ɛmma aman nnya ahotɔ no kɔ so ara, ade koro no ara a aman de hoahoa wɔn ho kɛse no—wɔn aman no ahofadi, wɔn nkutoo de a wɔpɛ, wɔn ho ase a wɔmmmrɛ nhyɛ biribi foforo a ɛso anaa ɛkorɔn sen wɔn ankasa de biara ase no.” Eyi na ɛde ɔmampɛ a ɛno de mpaapaemu ba no ba na ɛma ɔman biara susuw sɛ ɛyɛ kɛse sen afoforo a wɔaka nyinaa.
Abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kyerɛwee sɛ: “Ɔmampɛ honhom no yɛ demokrase a ɛte sɛ nsã foforo a enye a wɔde agu nsa kotoku dedaw a ɛne abusua mu mpaapaemu mu.” Wɔ Power and Immortality mu no, Ɔbenfo Lopez-Reyes kyerɛwee sɛ: Ɔman tumidi ne ade titiriw a ɛde ɔko ba wɔ yɛn bere yi mu; sɛ wɔansiw ano a, aman ahorow tumidi ho asɛm no de Wiase Ko III bɛba. Ɔmampɛ ne ɔman tumidi so dua a wosi mma wonnye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛn nyinaa fi adesamma abusua koro mu a kasa a yɛka ne yɛn amanne ahorow mfa ho no ntom. Na eyi a wonnye ntom no de ɔko ba.
Yiw, abenfo no betumi de nkyerɛkyerɛmu ahorow a ɛfa nea enti a nnipa fa akwan ahorow so sɛe wɔn ho wɔn ho no ho ama. Nanso ade titiriw biako wɔ hɔ a abenfo pii bu wɔn ani gu so.
Nea Ɔde Ɔko Ba a Wonhu No
Ɛnsɛ sɛ wɔka ɔko ho abakɔsɛm ne nea ɛde ba no ho asɛm bere a wonsusuw ntawntawdi kɛse a akã adesamma kɛse no ho. Wɔada eyi adi pefee wɔ Bible mu. Saa nhoma a akyɛ yi kyerɛ sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi bi a pɛsɛmenkominya adwene aka no maa ne ho so tiaa Onyankopɔn. (Hiob 1:6-12; 2:1-7) Ofii atuatew bi ase wɔ soro ne asase so, na nea ɛka ɛno ho ne asoɔden, sintɔ, bɔne ne owu a ɔma ɛbaa adesamma abusua no so no. (Genesis 3:1-7) Enti, bere a Yesu wɔ asase so no otumi kyerɛɛ wɔn a wɔyɛ ne nyamesom atamfo no sɛ: “Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam . . . Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. . . . Ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:44.
Saa honhom abɔde tuatewfo, Satan (ɛkyerɛ, Ɔtamfo) Ɔbonsam (ɛkyerɛ, Ɔnototofo, Ntwirifo) yi adi tumi na wapaapae amanaman no mu mfe mpempem pii. Watumi adi amanaman no so wɔ honhom mu denam amammui tumi so. Dɛn na yegyina so ka eyi? Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ bere a ɔsɔɔ Kristo hwɛe no otumi de “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” kyerɛɛ no na afei ɔkae sɛ: “Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mɛma wo” no kyerɛ saa. Kristo annye ho kyim sɛ Satan nni “wiase ahenni nyinaa” so tumi. Ɔpowee na ɔkae sɛ: “Kotow sɔre [Yehowa], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.”—Mateo 4:1, 8-10.
Satan nam amammui ne mpaapaemu kwan biara a obetumi so adan adesamma afi asomdwoe kwan koro pɛ a ɛyɛ nokware no so. Adesamma dodow no ara di amammui nhyehyɛe ahorow a ɛsɔre tia wɔn ho nokware. Wɔrentumi mma adesamma abusua no nnya nokware asomdwoe efisɛ wɔwɔ onyame a ɔnteɛ—onyame a “ɔdaadaa amanaman nyinaa”—Satan, nkɛntɛnso ase. Enti, wɔpow ɔkwan koro pɛ a ɛyɛ nokware a ɛkɔ asomdwoe mu no.—Adiyisɛm 12:9; 2 Korintofo 4:4.
Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn ne nokware kwan a wɔbɛfa so ama asomdwoe ankasa aba? Dɛn na ɛde nsakrae a ɛte sɛɛ bɛba? Na dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na manya saa asomdwoe no bi?’ Asɛm a edi so no besusuw saa nsemmisa no ho.
[Kratafa 5 mfoni]
Joseph Goebbels, ɔsoafo a ɔhwɛ amammuisɛm ho amannneɛbɔ ho nsɛm so, “Nazi nniso no amammuisɛm mu nnaadaasɛm ho ɔbenfo”
[Asɛm Fibea]
U.S. Library of Congress
[Kratafa 6 mfoni]
Nyamesom da so ara ma ɔko ba sɛnea Iran ne Iraq ntam ntawntawdi no da no adi no
[Asɛm Fibea]
I. Shateri/Gamma-Liaison