Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/15 kr. 5-32
  • So Wontumi Nnyae Akodi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wontumi Nnyae Akodi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛyɛ Asetra Mu Ahiade?
  • Nneɛma a Ɛde Ɔko Ba
  • Ɔko A Ɛde Akodi Bɛba Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Akodi
    Nyan!—2017
  • Dɛn na Ɛbɛba Akodi So?
    Nyan!—1999
  • Ɔko—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/15 kr. 5-32

So Wontumi Nnyae Akodi?

ƆKO ho amanneɛbɔ haw adwene. Akyinnye biara nni ho sɛ saa atirimɔdensɛm yi ho asɛm a wɔka no haw wo. Nanso ebia ɛma wususuw nea enti a akode na ɛsɛ sɛ wɔde siesie ntawntawdi nso ho. So nnipa rensua sɛ wɔbɛtra ase wɔ asomdwoe mu da?

Ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wobenya AIDS ano aduru sen sɛ wobegyae akodi. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, aman pii asiesie wɔn ho ama akodi, na wɔama wɔn man mma ɔpepem pii akodi ako na wɔasɛe nkuropɔn ɔhaha pii. Na ayɛ sɛ nea anidaso biara nni hɔ sɛ wobegyae okunkɛse yi. Akode ho aguadifo a wonya sika no hwɛ hu sɛ wiase asraafo—ne amammɔfo—bɛkɔ so adi awu.

Ɔko mu akode a abɛyɛ nea etumi di awu kɛse no ama nnipa a wowuwu wɔ akodi mu no dodow akɔ soro yiye. Nea ɛboro asraafo ɔpepem 65 a wodii ako wɔ Wiase Ko I no mu fã na wokunkum wɔn anaa wopirapirae. Bɛyɛ mfe 30 akyi no, atom atopae abien pɛ kunkum Japanfo a wɔnyɛ asraafo bɛboro 150,000. Efi Wiase Ko II so reba no, mmeae mmeae nkutoo na wɔadi ako. Nanso nnipa pii wuwu, titiriw ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo a mprempren wɔyɛ nnipa dodow a wokunkum wɔn akodi mu ɔha biara mu nkyem 80 no.

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, okunkɛse yi kɔ so wɔ bere a wɔabɔ mmɔden sen biara sɛ wɔbɛbara akodi a wɔnam so siesie aman ntam ntawntawdi no. Bere a apuei fam ne atɔe fam aman ntam ntawntawdi no baa awiei nnansa yi no, wonyaa anidaso a emu yɛ den sɛ wiase nhyehyɛe foforo bi a asomdwoe wom bɛba. Nanso, wiase asomdwoe da so ara yɛ anidaso hunu. Dɛn ntia?

So Ɛyɛ Asetra Mu Ahiade?

Abakɔsɛm akyerɛwfo ne onipa ho adesua mu adenimfo bi ka sɛ wontumi nkwati akodi—na ehia mpo—efisɛ ɛyɛ adannandi mu apereperedi a wɔnam so tra ase no fã bi. Bere a nsusuwii a ɛte saa kanyan sraadi mu nsɛm ho nhwehwɛmufo Fredrick von Bernhardi no, ɔkae wɔ 1914 mu sɛ wodi ako ma “asetra ne abrabɔ yɛ yiye.” Nea na ɛkyerɛ ne sɛ wɔnam ɔko so yi ankorankoro anaa aman a wɔyɛ mmerɛw fi hɔ ma ɛka wɔn a wɔyɛ den.

Ɛyɛ den sɛ nsusuwii a ɛte saa betumi akyekye nnipa ɔpepem pii a ɔko ama wɔayɛ akunafo ne nyisaa no werɛ. Sɛ abrabɔ mu akyide a ɛyɛ no da nkyɛn a, adwene a ɛte saa ma yebu yɛn ani gu awerɛhosɛm ankasa a efi nnɛyi akodi mu ba no so. Otuo a ɛtow ntɛmntɛm no nnim nea ɔyɛ den sen biara, na ɔtopae sɛe wɔn a wɔyɛ den ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw nyinaa korakora.

Adolf Hitler nam n’ani a obu guu wiase nyinaa ko a edi kan no mu asuade ahorow so pɛe sɛ ɔfa akodi mu nkonimdi so hyehyɛ abusuakuw a ɛyɛ den sen biara. Ɔkyerɛw wɔ ne nhoma Mein Kampf mu sɛ: “Adesamma anya nkɔanim kɛse wɔ daa apereperedi mu, na wɔadi nkogu wɔ asomdwoe ho. . . . Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ den no di wɔn a wɔyɛ mmerɛw no so, na ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn di afra.” Nanso sɛ́ anka Hitler bɛma adesamma anya nkɔso mmom no, okunkum nnipa ɔpepem pii na ɔsɛee asasepɔn bi pasaa.

Nanso, sɛ ɔko nyɛ asetra mu ahiade a, ɛnde dɛn na ɛkanyan adesamma ma wokunkum wɔn ho? Tumi bɛn na epiapia aman no kɔ saa “atirimɔdenfo adwuma” yi mu?a Nea edidi so yi ne nneɛma bi a ɛsɛe mmɔden a ɛyɛ sen biara a wɔn a wɔpɛ asomdwoe bɔ no.

Nneɛma a Ɛde Ɔko Ba

Ɔmampɛ. Nneɛma a ɛkanyan akodi sen biara no mu biako a amammuifo ne asahene taa gyina so di ako ne ɔmampɛ. Wɔadi ako pii de abɔ “ɔman yiyedi” anaa “ɔman anuonyam” ho ban. Bere a wokura ɔmampɛ adwene no, wotumi ma ɔko a ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ ntua mpo bɛyɛ sɛ nea ɛfata te sɛ ade a wɔyɛ de sɛe atamfo akode na wɔamfa anko antia wɔn.

Mmusua ntam nitan. Aman ne mmusua ntam nitan a ɛtra hɔ kyɛ na efi amanko pii ase na ɛma mu yɛn den. Eyi ho nhwɛso ne amanko a ɛyɛ hu a asisi wɔ kan Yugoslavia, Liberia, ne Somalia nnansa yi no.

Sikasɛm ne sraadi mu akansi. Wɔ bere a na ayɛ sɛ nea asomdwoe wɔ hɔ ansa na wɔredi Wiase Ko I mu no, Europa aman a wɔwɔ tumi no hyehyɛɛ asraafo dɔm a wɔyɛ den ankasa. Germany ne Great Britain sii akan wɔ akodeyɛ mu. Esiane sɛ na aman akɛse a awiei koraa no wɔde wɔn ho hyɛɛ okunkɛse no mu no biara gye di sɛ ɔko bɛma wɔn tumidi ayɛ kɛse na ɛde sikasɛm mu mfaso horow abrɛ wɔn mpofirim nti, ná wɔasiesie wɔn ho ama akodi.

Nyamesom mu nitan. Titiriw no, sɛ mmusua mu mpaapaemu bɛka adwene a enhyia wɔ nyamesom mu ho a, etumi de ɔko ba. Nyamesom mu nitan na ɛde akodi baa Lebanon, Northern Ireland, ne afei India ne Pakistan ntam.

Ɔko farebae a wonhu no no. Bible da no adi sɛ “wi yi ase nyame,” Satan Ɔbonsam, redi dwuma mprempren sen bere biara. (2 Korintofo 4:4) Esiane sɛ wafa abufuw kɛse na “bere a ɔwɔ yɛ tiaa” no nti, ɔrehwanyan asase so tebea horow mu, na akodi a ɛma asase so tebea sɛe sen sɛnea ɛte ka ho.—Adiyisɛm 12:12.

Ɛyɛ den sɛ wobeyi saa nneɛma a ɛde akodi ba yi afi hɔ. Bɛboro mfe 2,000 ni no, Plato kae sɛ “awufo nkutoo na wɔahu akodi awiei.” So ne nsusuwii a anidaso nnim yi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde amemenemfe gye tom? Anaasɛ yɛwɔ biribi a yebegyina so anya anidaso sɛ wiase a akodi nnim bɛba da bi?

[Ase hɔ asɛm]

a Napoléon na ɔkaa ɔko ho asɛm sɛ “atirimɔdenfo adwuma.” Bere a na ɔde ne mpanyin mfe mu fã kɛse no ara ayɛ ɔsraani na ɔde bɛyɛ mfe 20 ayɛ ɔsahene no, n’ankasa huu atirimɔdensɛm a ɛwɔ akodi mu no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Anim: John Singer Sargent’s painting Gassed (detail), Imperial War Museum, London

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Instituto Municipal de Historia, Barcelona

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena