Afã Ahorow No Nyinaa Mu Retrɛw Wɔ France
Efi France “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
YEHOWA ADANSEFO som a wɔn baguam asɛnka adwuma ahorow ka ho no fa Bible nhoma ahorow asekyerɛ, ne tintim ne mana a wɔde mana ho. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama a wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn nimdeɛ ma kwa na wɔyɛ adwuma yi nyinaa. Wɔ ɔman biara mu no, wɔma wɔn dabere ne aduan wɔ ofi bi a wɔfrɛ no Betel a ase ne “Onyankopɔn Fi” no mu. Wɔ France no, wosii Betel a edi kan no wɔ Paris ankasa. Nanso wɔ 1959 mu bere a wɔahwehwɛ asase wɔ kurow no mu ne akyi no, wosii Betel fi, office, ne nhoma tintimbea foforo wɔ Boulogne-Billancourt a ɛbɛn Paris no. Saa bere no na Yehowa Adansefo a wɔwɔ France no bɛyɛ 14,000.
Wɔ 1970 mfe no mfiase mu hɔ no, na wotintim Bible nhoma a wɔde di dwuma wɔ France no wɔ Brooklyn, New York, na na wɔde fa po so kɔ Le Havre, Normandy. Esiane sɛ Louviers wɔ Paris ne Normandy mpoano ntam nti, wosii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wosi nhomakorabea wɔ ho. Wɔyɛɛ eyi wɔ 1978 mu na woyii faako a wofi de nhoma mana ne nhoma tintimbea ketewaa no nso fii Boulogne kɔɔ Louviers. Ebeduu saa bere yi no, na Adansefo a wɔwɔ France no dodow aboro 48,000.
Wɔ 1975 mu no, France nniso no maa Ɔwɛn-Aban no kyekyɛ ho kwan. Akyiri yi woyii Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhomakra ho kyerɛwtohɔ ahorow ma France ne aman afoforo 15 a wɔka Franse kasa no fii Switzerland kɔɔ Louviers. Eyi maa nsɛmma nhoma a wotintim wɔ Louviers no dodow kɔɔ soro na ɛmaa adwumayɛfo ne dabere pii ho bebiae. Enti wosii ɔdan a dabere 34 wom wɔ Incarvile a efi nhoma tintimbea a ɛwɔ Louviers no kɔ hɔ nyɛ nea ɛware pii no. Yehowa Adansefo a wotuu wɔn ho mae nkutoo na wosii ɔdan no na wobuee ano wɔ 1978 mu.
Ntrɛwmu Foforo
Wɔde lɔre pii na ɛfa nsɛmma nhoma ne Bible nhoma afoforo no kɔma Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛyɛ 1,200 no wɔ France. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ lɔre ahorow yi yiye na wɔasiesie no no, wosii ɔdan a wosiesie lɔre wom wɔ borɔn bi a ɛbɛn nhoma tintimbea a ɛwɔ Louviers no ho pɛɛ no so wɔ 1984 mu.
Ɛyɛ 1980 mfe no mfiase mu hɔ nso na Yehowa Adansefo Sodikuw a ɛwɔ New York no sii gyinea sɛ wɔde nhoma tintim mfiri (offset rotary presses) abien bɛkɔ France na ama Adansefo a wɔwɔ hɔ no atumi atintim wɔn ankasa nsɛmma nhoma sen sɛ wɔbɛkra. Saa nhoma tintim mfiri foforo yi maa ɛho behia sɛ wosi factory dan foforo a ɛyɛ abansoro a ɛtoa so abiɛsa de ka nea ɛwɔ Louviers no ho. Ɔdan foforo a wosi kaa factory dan a wosii wɔ 1978 mu no ho no ama ayɛ nea ɛso sen ɔdan a wodii kan sii wɔ Louviers no mpɛn asia.
Mmoa a Efi Ayamye Mu
Bere a ɔdansi adwuma yi rekɔ so wɔ France no, Yehowa Adansefo suasuaa Onyankopɔn tete asomfo anokwafo no na ‘wɔde wɔn ahonyade hyɛɛ [Yehowa] anuonyam.’ (Mmebusɛm 3:9; Esra 1:4; 7:15, 16) Sɛ nhwɛso no, bere a Yɛn Ahenni Som a wotintim wɔ France no de amanneɛbɔ mae wɔ ɔdansi adwuma no nkɔso ho na ɛkae sɛ wohia apon a ogya rentumi nhyew a ne bo yɛ den de asisi factory dan no apon ano no, Sara a wadi mfe awotwe ne ne nua Frédéric de wɔn sika a wɔde asie mae sɛ “wɔmfa ntɔ nhoma tintimbea dan no ano apon.” Ebinom nso hyɛɛ Yehowa anuonyam denam ɔdansi adwuma no a wɔbɛboae wɔ adapɛn awiei no so na afoforo nso tumi kɔyɛɛ adwuma wɔ hɔ adapɛn pii anaasɛ asram pii mpo.
Ɔdansi adwumayɛkuw bi na wosii factory dan foforo no afasu nanso dua adwumfo nnwuma, ɔdorobɛn mu nsu ne anyinam ahoɔden nkanea ho adwuma ne ɔdan no mu a wosiesiei yɛ nea Adansefo a wotuu wɔn ho mae na wɔyɛe. Honhom pa a wɔdaa no adi no maa adwuma no so hwɛfo bi a ɔnyɛ ɔdansefo kae sɛ: “Eyi ne abusuabɔ a eye sen biara a mahu pɛn wɔ ɔdansi adwumayɛfo mu!” Ɔdansi adwumayɛkuw no dwumayɛni biako a ɔnyɛ ɔdansefo mpo bɛboae a wannye sika biara wɔ da a ɔmfa nkɔ adwuma no mu.
Ano a Wobuei Wɔ Anigye Mu
May 4, 1985 anɔpa no, wɔde wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛhwɛ ɔdan no ano a wobebue no kyinkyin ɔdan foforo no mu. Wɔmaa atiefo a wɔn dodow yɛ 56,537 a wɔwɔ nkurow awotwe mu wɔ France tiee ano a wobuei ho dwumadi no denam telefon so. M. G. Henschel a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni na ɔmaa ɔkasa a wɔde buee ano no. Ɔkaee atiefo no sɛ adan ahorow a wosisi ma Yehowa som nyinaa di Yehowa papayɛ ho adanse.
Nhoma tintimbea foforo a ɛwɔ Louviers no yɛ Yehowa Adansefo adwuma a emu retrɛw wɔ France no fã biako pɛ. Wɔreyɛ Nhyiambea Akɛse a ɛbɛn Lyons, Marseilles, Paris ne France kusuu fam ho nhyehyɛe anaasɛ wogu so resi.
Esiane sɛ Adansefo bɛyɛ 90,000 reka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa na nnipa bɛboro 178,000 kɔɔ Kristo Wu nkae no ase wɔ afe a etwam no mu nti, afã horow no nyinaa mu retrɛw wɔ France.
[Kratafa 31 mfoni]
Factory dan foforo a ɛwɔ Louviers, France, ne M. G. Henschel bere a ɔrema ɔkasa a wɔde buee ano no