Nsa Ne Afrika
WOAKƆTRA stia no akyi, woatu kar no na woasi kwan so. Ebia afirika bɛyɛ ade a ne yɛ nyɛ den mma wo, ne titiriw sɛ wode mfe pii na ayɛ saa a. Nanso ɛnyɛ mmerɛw te sɛ nea ebia wuhu no.
Wɔabu akontaa sɛ wɔ tebea pa mu no, wusi gyinae atitiriw 20 wɔ kwansin biako biara a woka kar de twa no mu. Ɛsɛ sɛ gyinae ahorow a wusi wɔ nea wuhu na wote wɔ kar afoforo, lɔre kwan so sɛnkyerɛnnede ahorow ne nkurɔfo a wonam ɔkwan no so ho no ma wutia brake, ogya ne clutch so na wukyim stia no. Wunni bere pii a wode besi gyinae—mpɛn pii anibu biako.
Enti afirika hwehwɛ sɛ wudi gyinae ahorow a wusi no ho dwuma. Nsa ma afirika adwuma yi yɛ nea asiane wom titiriw. Dɛn ntia? Efisɛ nsa ka ofirikafo wɔ akwan horow pii so a ɛma kar a otumi ka wɔ ɔkwan a asiane nnim so no ho tɔ kyima.
Nsa ne Sɛnea Obi Tumi Hu Ade
Woabu akontaa sɛ bere a woreka kar no, nsɛm a wo nsa ka a ɛfa nnipa ne kar ahorow ho no ɔha biara mu 85 kosi 90 yɛ nea ɛnam w’aniwa so. Ɛnam nkwaadɔm a ɛma w’aniwa keka ne ho na wutumi gyen w’ani no na edi sɛnea wutumi hu ade ho dwuma. Nsa brɛ ɛnam nkwaadɔm yi dwumadi ase na enti ɛma sɛnea wutumi hu ade ho to kyima wɔ akwan horow pii so.
Ade biako ne sɛ nsa ma sɛnea aniwa tumi di hann dodow a ɛba aniwa nkesua no mu ho dwuma no ano brɛ ase. Eyi te saa titiriw anadwo. Dɛn ntia? Efisɛ ɛma bere a egye ansa na aniwa no atumi ahu ade bio bere a ahwɛ kar a ɛreba kanea a ɛhyerɛn no dɔɔso. Alcohol, Vision and Driving a Amerika Mfiri Fekuw no kyekyee no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mpɛn pii egye anibu biako na aniwa kurutiayisi no adi kar ahorow a ɛreba nkanea a ɛhyerɛn no ho dwuma. Bere a aniwa kurutiayisi no ahwɛ kar kanea a ɛhyerɛn no akyi no, egye anibu ason wɔ eyi akyi ansa na atumi ahu ade bio wɔ sum mu. Nsa ma bere a egye ansa na atumi ahu ade bio yi dɔɔso.
Susuw asiane a ebetumi aba no ho: Ɛyɛ ɔdasum. Woreka kar wɔ lɔre kwan a akɔntɔn na esua so. Kar no kanea a ɛhyerɛn no mma afirikafo a wɔnam kwan no so no nyinaa nhu ade. Sɛ wunim sɛ ofirikafo a ɔreka kar a ɛreba no abow a, wobɛyɛ dɛn atumi ate nka sɛ wowɔ ahobammɔ?
Nsa ma w’anim a wutumi hwɛ—sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nneɛma a ɛwɔ wo benkum ne wo nifa so no ano brɛ ase. Eyi yɛ nea asiane wom titiriw bere a wanom nsa na wode kar retu mmirika no. Alcohol Vision & Driving kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Afrikafo pii ntumi nhu sɛ sɛ ofirikafo bi de dɔnhwerew biako twa akwansin 45 a, ɔma sɛnea otumi
hu ade so tew ɔha biara mu 25. Sɛ ɔde dɔnhwerew biako twa akwansin 45 a, wama sɛnea ohu ade so atew ɔha biara mu 50. Sɛ ɔde kar twa akwansin bɛboro 60 wɔ dɔnhwerew biako mu a, ɛnde na onhu hwee koraa.
Susuw nea ebetumi afi mu aba bere a ofirikafo bi a wabow de mmirika twam wɔ nkwanta so anaa kar ahorow a egyinagyina hɔ ho a ebia abofra bi betumi apue wɔ hɔ mpofirim no ho?
Bio nso, nsa betumi ama nneɛma a ofirikafo a wabow nsa hu no ayɛ n’ani so abien abien na enti obehu sɛ kar abien na ɛreba bere a ɛyɛ biako no. Afei nso, etumi ka sɛnea obi tumi hu sɛnea ɔkwan bi tenten te. Esiane eyi nyinaa nti, ɛda adi sɛ te sɛ nea ngo ne nsu rentumi mfra no, saa ara na asanom ne afirika nhyia. Ampa, Bible no ka nokware bere a ɛka sɛ: “Hena na ɔwɔ . . . ani a abere? Wɔn a wɔkyɛ nsa ho.”—Mmebusɛm 23:29, 30.
Nanso kar ne nnipa a wɔnam ɔkwan no so a wutumi hu wɔn yiye no yɛ kar a wɔka wɔ ɔkwan a asiane nnim so no fa bi kɛkɛ.
Nsa ne Gyinaesi
Bere a woahu kar ahorow ne nnipa a wɔnam ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wusi nea wobɛyɛ no ho gyinae. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ kar a edi w’anim no nam brɛoo. Ɛsɛ sɛ wusi gyinae sɛ ɛyɛ nea asiane nnim sɛ wobetwa kar no ho na wuhu bere a wode bɛyɛ saa.
Ɛha nso, nsa betumi ayɛ nea ɛne owu na ɛnam. Ɔkwan bɛn so? Mpɛn pii bere a nsa a ɛwɔ ɔsanomfo no mogya mu dɔɔso no, saa ara na ahotoso a ɔwɔ no yɛ kɛse. Alcohol and Alcohol Safety nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛda adi sɛ obi a waba tebea yi mu [nsa dodow a ɛwɔ ne mogya mu yɛ ɔha biara mu .04 kosi .06] no bebu ne ho sɛ n’ani so da hɔ kɛse na otumi ka kar yiye sen sɛnea ɔyɛ daa mpo ɛwom sɛ bere a ɔde di nneɛma ho dwuma, ne gyinaesi ne tebea a egye ntɛmpɛ ho dwuma a otumi di no ano brɛ ase de. Enti nneɛma ho dwuma a otumi di ankasa ano brɛ ase na ahotoso a ɔwɔ wɔ eyi mu no yɛ kɛse.”—Fa toto Mmebusɛm 20:1; 23:29-35 ho.
Esiane eyi nti, ebia ofirikafo a wabow no de nneɛma bedi agoru kɛse wɔ kar ahorow a obetwa ho anaasɛ mmirika obetu no mu. Sɛ onii no yɛ ofirikafo a ne ho nkokwawee a, mfomso ketewaa bi a obedi wɔ ne gyinaesi mu no betumi ayɛ nea asiane wom!
Nsa ne Nneɛma ho Dwuma a Wotumi Di No Ntɛm
Ɛyɛ nea enye kɛse sɛ ɛyɛ den ma ofirikafo a wabow no sɛ obehu ade na wayɛ nneɛma pii a asiane wom. Nea ɛma ɔhaw no mu yɛ den bio nso ne sɛ nsa ma nneɛma ho dwuma a otumi di ntɛm no ano brɛ ase. Esiane eyi nti, ɛbɛma bere kakra abɛka bere a ɔde yi ne nan fi ogya no so de kosi brake so no ho.
Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ asiane a ɛno betumi ayɛ no mu no, amanneɛbɔ a Malfetti ne Winter de mae no ka sɛ, sɛ woanom beer ntoa abien wɔ dɔnhwerew biako ntam a, ɛbɛma bere kakra abɛka bere a wode di nneɛma ho dwuma no ho.
Sɛ wususuw sɛnea nsa ka sɛnea obi hu ade, osi gyinae, otumi di nneɛma ho dwuma ntɛm no ho a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu nea enti a nsa a wɔnom de ka kar yɛ nea ɛde owu ba no. Nanso dɛn na wubetumi ayɛ wɔ ɔhaw no ho? Na ɔkwan bɛn so na wubetumi abɔ wo ne w’abusua ho ban wɔ ofirikafo a wanom nsa pii dodo no ho?
[Kratafa 6 mfoni]
Wobɛyɛ dɛn atumi ate nka sɛ wowɔ ahobammɔ sɛ wunim sɛ ofirikafo a ɔreka kar a ɛreba no abow a?
[Kratafa 7 mfoni]
Tumi a nsa nya wɔ nneɛma a wutumi di ho dwuma ntɛm so no na ɛbɛkyerɛ sɛ kar akwanhyia a wubenya no mu bɛyɛ den anaa emu renyɛ den?
[Asɛm Fibea]
H. Armstrong Roberts