Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 9/8 kr. 6
  • Ahaban Kronkron a Egyee Din No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahaban Kronkron a Egyee Din No
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tawa Ne Nhwehwɛmu
    Nyan!—1991
  • Nokwasɛm No A Wobegye Atom: Tawanom Nnɛ
    Nyan!—1986
  • Ɔpepem Pii Nkwa Redan Wusiw
    Nyan!—1995
  • ‘Subammɔne Yi A Ɛne Tawanom No’
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 9/8 kr. 6

Ahaban Kronkron a Egyee Din No

Wɔ mfeha abiɛsa mu no, na tawa yɛ aduru ma Europafo. Nnuruyɛfo de saa nyarewa ahorow. Efii ase wɔ 1492 mu bere a Columbus ne ne hyɛn mufo a wɔne Europafo a wodii kan huu tawa no hui sɛ West Indies supɔw no sotefo renom cigar wɔ wɔn mmusua afahyɛ ahorow ase no.

Bere tenten ansa na Columbus rekɔ hɔ no, na ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wodii kan traa Amerika no nyinaa bu tawa sɛ ɛyɛ kronkron. Mfiase no na nnunsinfo ne akɔmfo nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wɔnom tawa. Wɔde tumi a enya wɔ adwene no so dii dwuma de nyaa anisoade wɔ wɔn mmusua afahyɛ ahorow ase. Abakɔsɛm kyerɛwfo W. F. Axton bɔ amanneɛ sɛ, “Ɛnyɛ wɔn anyamesom afahyɛ ahorow mu nko na wɔde tawa dii dwuma wom de kaa wɔn anyame ho na mmom wɔ wɔn ayaresa mu a na ne nyinaa ka wɔn nyamesom ho no so. Nanso sɛ tawa a wɔde yɛ aduru no na nnipa a wokyin hwehwɛɛ nsase a wofi Spain ne Portugal no ani gyee ho a, ɛnde ankyɛ biara na wofii ase nom de gyee wɔn ani wɔ ɛno akyi.

Beatles nnwontofokuw no mufo John Lennon ne Paul McCartney tow dwom sɛ “Mɛsan anom sigaret biako bio/Nnome nka Owura Walter Raleigh.” Owura Walter Raleigh a wɔfrɛ no “Engiresini a ɔbɔɔ abua a wɔnom de gye wɔn ani ho dawuru sen obiara no” duaa tawa wɔ n’asase so wɔ Ireland. Ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛma tawanom agye din wɔ nnipa a wɔn ani gye nneɛma a aba so foforo ho no mu. Ɔma wodii kan nyaa tawa adwumawura ne ɛho dawurubɔfo a ɔbɛba wɔ ‘sigaret afeha’ no mu no ho adwene.

Jerome E. Brooks ka sɛ, nanso ɛnyɛ Owura Walter tawa no na ɛmaa afeha a ɛto so 17 no yɛɛ “Abua Afe Titiriw” na mmom Mfirihyia Aduasa Ɔko a ɛbaa Europa no. Ɔka sɛ, “Ɛnam ɔko so titiriw na tawanom trɛw kɔɔ Asasepɔn no so nyinaa” ne Asia ne Afrika. Asɛm foforo a ɛte saa ara a esii na ɛmaa sigaretnom fii ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena