Nokwasɛm No A Wobegye Atom: Tawanom Nnɛ
ESIANE sɛ ɛyɛɛ Harvard Aduruyɛ Sukuu Akwahosan Krataa samufo bi nwonwa sɛ nkurɔfo nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛtɔ sigaret nti, obisa sɛ: “Dɛn nti na adebɔne a ɛregyae a wɔkasa tiae kɛse [wɔ 1870 mfe no mu] wɔ Ɔhemmea Victoria bere so no san sɔree mpofirim?” Sɛnea ho dawuru a wɔbɔ nnansa yi ka kyerɛ mmea no, yiw, “Awuraa, woanya nkɔso kɛse.” Abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ sɛ ne nom a ɛka nkurɔfo hɔ, ho dawuru a wɔbɔ, ne ɔko na ɛma ɔmanfo gye tom. Nnansa yi nhwehwɛmufo bi bɔ amanneɛ sɛ, “Wɔ ne nom a ɛka nkurɔfo hɔ akyi no, ɛho dawuru a tawa adwuma no bɔ ne ade a ɛwɔ tumi kɛse a wɔde di dwuma wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya sigaretnomfo no koma ne n’adwene no mu. Ɛwom, nanso so nneɛma pii ka ho?
Asɛm a Ɛwɔ Asɛm no Akyi
Wɔ Bible asuafo fam no, nea sigaret bere no kyerɛ no nyɛ nea wobetumi abu wɔn ani agu so ntɛm ara. Dɛn ntia? Efisɛ bere no—ne titiriw, efi 1914 no—ama nkɔmhyɛ aba mu. Nea edi kan wɔ 1914 mu no, ‘Ɔman sɔree ɔman so’ wɔ wiase nyinaa ko mu. Afei sɛnea Yesu san ka siei no, ‘amumɔyɛ a ɛredɔɔso’ no sɛee adesamma abusua no. Esiane sɛ ɔko maa nkurɔfo yɛɛ basaa na ɛsɛee wɔn nnyinasosɛm a na wɔwɔ wɔ Ɔhemmea Victoria bere so no nti, ɛbuee kwan maa sigaretnom kɛse yi.—Mateo 24:7, 12.
Wɔ 1914 mu no, wiase no hyɛn adwenem basaayɛ bere mu na sigaret adwuma no nyaa nkɔso. Nnipa pii nomee sigaret sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina nea Bible frɛ no “mmere a emu yɛ den” no mu ɔhaw ahorow no ano. Ɛho dawuru a wɔbɔe ne nicotine a wɔn kɔn dɔe no maa ahopɛ bɛyɛɛ nnipa su foforo. Bible no ka too hɔ pɛpɛɛpɛ sɛ nnipa bɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn” wɔ nna a edi akyiri no mu.—2 Timoteo 3:1-5.
Ɛsɛ sɛ eyi nyinaa ma yehu ntɛmpɛ a yɛn mmere yi gye no. Sɛ anka ‘yɛrenhu’ sɛnea Yesu kae sɛ nnipa binom yɛe wɔ ɔhaw bere mu no, yebetumi asua biribi afi abakɔsɛm mu. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn Ahenni so mmom na ɛnyɛ ɔsatu ahorow a mfaso nni so a wɔyɛ sɛ wɔde bɛsakra wiase—no, anaasɛ anidaso a nkurɔfo wɔ sɛ amanaman no begyae wɔn su ahorow a enye no wɔ bere bi mu no.—Mateo 24:14, 39.
So Wiase no Betumi Agyae Nom?
Wonni anidaso ankasa sɛ wiase no begyae tawanom. Britania nnuruyɛfo sukuu bi dii kan bɔɔ sigaretnom ho kɔkɔ wɔ 1962 mu nanso Britaniafo tɔɔ sigaret ɔpepepem 110 wɔ 1981 mu. United States nnuruyɛfo panyin dii kan bɔɔ asiane a ɛyɛ ma obi akwahosan ho kɔkɔ wɔ 1964 mu. Nanso wɔtɔɔ sigaret sen bere biara wɔ afe a na edi hɔ no mu. Wɔ asiane a ɛyɛ ma obi akwahosan ho kɔkɔbɔ a nnuruyɛfo panyin no de mae a wɔakyerɛw wɔ sigaret adaka biara ho akyi no, ebeduu 1980 mu no na nea Amerikafo tɔ afe biara boro nea wɔtɔe wɔ 1964 mu no so ɔpepepem 135. Nokwasɛm no ne sɛ mprempren wiase no tɔ sigaret ɔpepepepem anan afe biara.
Sɛ ebia wonom sigaret anaasɛ dabi no, ɛsɛ sɛ sika a tawa adwuma no ma wonya nnansa yi ma wuhu sɛ nniso ahorow ne amammuifo remma wonnyae tawa aguadi no. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ sigaretnom ma nnipa 350,000 wuwu afe biara wɔ United States de, nanso tawa ma wonya dɔla ɔpepepepem 21 fi tow a wotua mu. Ɛma nnipa ɔpepem abien nya adwuma nso yɛ. Tawa nnwuma no sɛe sika kɛse. Wɔ wiase nyinaa no, wɔde (U.S.) dɔla ɔpepepem 2 bɔ ho dawuru—ɛma dɔla ɔpepem 7 a Amerika Akisikuru ne Ahrawa Fekuw sɛe wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa ye a sigaretnom nye ho no ho ye nea esua.
Anaasɛ susuw hyia a Amanaman Nkabom no ahyehyɛde abien adwene nhyia wɔ tawa ho no ho: Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kaa nnansa yi sɛ “sigaretnom” a wɔbɛma wɔagyae wɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu no “bɛma wɔanya akwahosan pa ne nkwa tenten . . . sen biribi foforo biara a wɔbɛyɛ wɔ aduruyɛ a wɔde siw nyarewa ano no mu.” Nanso Aduan ne Kuadwuma Ahyehyɛde no ka sɛ “tawa a wodua ma wonya adwuma pii yɛ wɔ nkuraase” wɔ Wiase Aman a Ɛto So Abiɛsa no mu. Aduan ne Kuadwuma Ahyehyɛde no ka tawa ho asɛm sɛ “ɛho hia kɛse na wonya sika fi mu de hyɛ akuafo nkuran kɛse ma wodua na ɛma nniso ahorow no nso nya sika, de hyɛ ne dua ne nneɛma a wɔde bɛyɛ no ho nkuran.”
Nokwasɛm Ahorow no a Wobegye Atom
Yiw, efi 1914 titiriw no, sigaret ho asɛm no hwehwɛ sɛ wogye nokwasɛm ahorow bi a emu yɛ den tom. Ebinom ka sɛ, ‘Sɛ eye ma wo a, nom.’ Nanso nokwasɛm ahorow a ɛma wɔde sigaretnom bata ɔyare a ɛka ahrawa ne koma ho no kyerɛ sɛ saa asɛm no nyɛ nokware. Wɔ England no, wɔkyerɛ sɛ sigaretnom kunkum nnipa a wɔdɔɔso sen wɔn a wowuwu wɔ lɔre akwanhyia mu mpɛn awotwe. Wɔ wiase nyinaa no, sigaretnom “akunkum nnipa a wɔdɔɔso sen wɔn a wɔawuwu wɔ ɔko a wɔako wɔ afeha yi mu nyinaa no,” saa na asɛm bi a ɛwɔ Manchester Guardian Weekly mu no ka.
Na ne nom a aka nkurɔfo hɔ no nso ɛ? Nokwasɛm a emu yɛ den ne sɛ nicotine ma wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛkɔ so anom? Na nnipa pii a wosusuw ade ho te nka sɛ wɔrentumi mmu wɔn ani ngu pira a etumi pira nkurɔfo wɔ abrabɔ ne honhom mu no so.
Nea Enye Wɔ Ho Wɔ Abrabɔ Mu
Kristofo hu sɛ ye a tawanom nye wɔ abrabɔ ne Kyerɛwnsɛm mu no yɛ aniberesɛm kɛse mpo sen aduruyɛ anaasɛ akwahosan ho kɔkɔbɔ a wɔde ma no. Ahonhonsɛmdi, ne anyame a nnipa ayeyɛ a wɔsom wɔn no na ɛde tawanom bae—wɔakasa atia ne nyinaa wɔ Bible mu sɛ aniwude a ɛma obi twe ne ho fi Ɔbɔadeɛ no ho. (Hwɛ adaka a ɛne “Ahaban Kronkron a Egyee Din No,” kratafa 4.) Romafo 1:23-25) Sigaretnom gu obi ho fi, asiane wom na ɛne Kristofo nnyinasosɛm bɔ abira. Nea ehia titiriw no, ne nom a ɛka obi hɔ no ma ɛdan “ahonisom”—asɛm a wɔde gyina hɔ ma biribi a epira obi wɔ honhom mu ne gyidihunu wɔ Bible mu.—Hwɛ Reference Bible asehɔ asɛm a ɛfa Adiyisɛm 21:8; 22:15 ho no.
Ne Nom a Wubegyae
Sɛ wubegyae tawanom a, ɛsɛ sɛ wugyina ɔhaw a wo nipadua ne nneɛma a atwa wo ho ahyia ma ɛba no ano. Sɛ sigaretnomfo no, wo kɔn dɔ nicotine. Wotumi nya ho akɔnnɔ te sɛnea sigaretnomfo pii tumi nya efi bere a wofii ase twee sigaret wusiw kɔɔ wɔn mu no. Ɛho mfonini ne nsɛmma nhoma ahorow ma wote ho asɛm na wɔde bata anigye, ahofadi, mmarimasɛm, ahoɔfɛ ne nneɛma a ɛyɛ fɛ ho bere nyinaa.
Ne tiaa mu no, sɛ wubegyae nom a, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ nneɛma a ama ne nom aka wiase no hɔ no. Nyansahyɛ a eye te sɛ nea ɛwɔ kratafa yi mu betumi ama woapow nea wiase no yɛ no nanso adepa a edi kan a wobɛyɛ no mu yɛ den: Hu nea enti a wopɛ sɛ wugyae nom no. Ɔbenfo C. F. Tate kae wɔ American Medical News no mu sɛ, “Sɛ wusi gyinae yi a, woadi ɔhaw no mu nea ɛyɛ den kɛse no ho dwuma.”
Na wiase a ɛte sɛ nea ɛrentumi na ɛmpɛ sɛ ɛyɛ nsakrae a wubetumi ayɛ no nso ɛ? Dabi, adesamma abusua no ntumi mfa wɔn ankasa mmɔdenbɔ nnyae nneɛma te sɛ sigaretnom a ɛsɛe wɔn ankasa no. Nanso nya ahotoso sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Nea Onyankopɔn nam so de eyi bɛba—ne Soro Ahenni nniso—no, ne wo anidaso a ɛyɛ den a ɛbɛma woahu sɛ obiara asan anya ahoɔden wɔ honhom, abrabɔ, ne honom mu wɔ asase yi so da bi no.—Yesaia 33:24.
[Graph/Picture on page 9]
(For fully formatted text, see publication.)
Dɔla ɔpepepem 2 a wɔde bɔ sigaret ho dawuru afe biara no ma dɔla ɔpepem 7 a wɔsɛe wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa ye a sigaret nye ho no yɛ nea esua
Sigaret ho Dawurubɔ
Nkyerɛkyerɛ a Ɛfa Ye a Sigaret Nye no Ho
Ɔpepepem 2
(adaka biako biara gyina hɔ ma dɔla ɔpepem biako)