Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 9/8 kr. 3-5
  • Nea Enti A Wiase No Ntumi Nnyae Sigaretnom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Wiase No Ntumi Nnyae Sigaretnom
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔko Ahorow a Ɛmaa Nkurɔfo Nyaa Ɔpɛ Sɛ Wɔbɛtɔ
  • Ne Nom Kaa Wɔn Hɔ!
  • Nea Enti A Sigaretnom Abu So Saa
    Nyan!—1981
  • Ne Nom Ma Ho Ɔsɔretia No Di Nkogu
    Nyan!—1986
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugyae Sigaretnom?
    Nyan!—2000
  • Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 9/8 kr. 3-5

Nea Enti A Wiase No Ntumi Nnyae Sigaretnom

AMERIKA mmarahyɛ baguani no nom sigaret nnaka abien da biara. Bere a ɔne ne mfɛfo mmarahyɛ baguafo resusuw bo a ɛsɛ sɛ akuafo de wɔn tawa gye ho no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Minim sɛ ebetwa me nkwa nna so . . . Ebekum me. Midi da a adebɔne yi nom kaa me hɔ no ho yaw.”

Ɛnyɛ mmarahyɛ baguani no nkutoo na wanu no ho. Akontaabu bi da no adi sɛ sigaretnomfo a wɔwɔ ɔman a ofi mu no mu ɔha biara mu 90 abɔ mmɔden sɛ wobegyae nom anaasɛ wɔpɛ sɛ wogyae nom. Wɔ 1983 mu nkutoo no, Japanfo a wɔnom sigaret ɔpepem abien gyaee nom. Aban panyin biako kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ɛte sɛ nea wɔn a sigaretnom aka wɔn hɔ nyinaa anu wɔn ho na wɔbɔ wɔn mma kɔkɔ sɛ wonnsuasua wɔn.”

Nanso ɛyɛɛ dɛn na sigaretnomfo a wɔanu wɔn ho yi de wɔn ho hyɛɛ ne nom mu kɛse saa? Nhwehwɛmufo Robert Sobel ka wiase yi ho asɛm sɛɛ se, “ɛmfa ho sɛ adepa anaasɛ adebɔne bɛn na krataa a wura a wɔayam kakraa bi hyem no de bɛba no, yɛn a yɛn ani abue no de yɛn ho afam ho.” Sigaret nnwuma akɛse asia no mu biako wɔ adwumayɛfo mpem ahanu aduonum. Enya (U.S.) dɔla ɔpepepem 10 fi sigaret a wɔtɔn wɔ aman 78 mu no wɔ nsasepɔn asia so no mu afe biara. Ɛyɛɛ dɛn na adebɔne a ɛte sɛɛ tumi ma nkurɔfo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛtɔ ma enti ɛsɛ sɛ wonya adwuma kɛse a ɛma wotumi nya bi tɔ no?

Ɛwom, sigaret ho asɛm no betumi ayɛ nneɛma a ɛmaa nkurɔfo ho dwiriw wɔn kɛse wɔ mfe ɔha a atwam no mu no mu biako. Nea ɛmaa nkurɔfo nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛtɔ sigaret wɔ saa sigaret afeha yi mu ne ɔko abien a ɛbae wɔ afeha a ɛto so 19 yi mu no. Adwuma foforo a ɛne nneɛma ho dawuru a wɔbɔ ma enya nkɔso. Tawa foforo koraa​—akokɔsrade a ano nyɛ den a ɛsono emu nnuru​—no, maa sigaretnomfo nyaa akokoduru sɛ wɔbɛtwe ne wusiw akɔ wɔn mu. Saa nsakrae titiriw a ɛbaa sigaretnom mu no maa wogye dii sɛ sigaretnomfo pii bɛkɔ so anom wɔ wɔn nkwa nna a aka no nyinaa mu.

Ɔko Ahorow a Ɛmaa Nkurɔfo Nyaa Ɔpɛ Sɛ Wɔbɛtɔ

Tawa kɔɔ so yɛɛ anigyede a ne bo yɛ den kosii sɛ wɔtɔn sigaret pii wɔ 1856 mu. Saa bere no na Britania ne Franse asraafo de “paper cigar” a wosuaa nom wɔ Crimea Ɔko no mu bae. Sigaretnom baa so wɔ Europa nyinaa na ɛmaa nkurɔfo nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛtɔ Turkeyfo sigaret anaasɛ nea Engiresifo yɛ no mpofirim.

Crimea de no maa sigaret bɛyɛɛ ade a ne bo nyɛ den a wɔde si abua anaasɛ cigar ananmu wɔ ɔko bere mu. Nanso wogyaee ne nom. Bio nso sɛnea Robert Sobel ka no, “wɔ 1860 mfe no mfiase mu hɔ no, na ɛte sɛ nea Amerikafo adefo​—nnipa a na wɔtɔ tawa titiriw​—no, rennom sigaret.” Na tete sigaret yi wusiw ntumi nkanyan akɔnnɔ te sɛ nnɛ de no. Te sɛ cigar wusiw no, na aduru bi a wɔfrɛ no alkaline kakra wom na na wɔn a wɔnom de tua wɔn ano. Na ɔkwan pa biara nni hɔ a wobetumi afa so atwe ne wusiw akɔ wɔn mu te sɛ nea sigaretnomfo taa yɛ nnɛ no. Na bere adu sɛ asɛm foforo a ɛmaa nkurɔfo ho dwiriw wɔn no si.

Ko a Amerikafo twaa wɔn ho koe (1861-65) no ma wonyaa sigaret a ne wusiw ano yɛ den kɛse a ɛde nea tawa ho ɔbenfo Jerome E. Brooks frɛ no “tumi kɛse” na ɛyɛɛ saa. Bio nso, ɔko na ɛmaa asraafo nyaa sigaret a ne bo nyɛ den​—afanu a wotwaa wɔn ho koe no. Nanso saa bere yi de, wɔannyae nom.

Wɔde Amerikafo tawa na ɛyɛɛ saa sigaret yi na na biribi da nsow wɔ ho. Na nnipa a wodua tawa wɔ Amerika no apaw tawa foforo bi a etumi yɛ yiye wɔ wɔn asase no so.

Wohui nso wɔ afuw bi mu wɔ North Carolina sɛ biribi ma tawa no ahaban dan akokɔsrade, nea ano nyɛ den a ɛyɛ dɛ. Wɔ 1860 mu no, U.S. Asoɛe a ɛhwɛ nnipa a wɔkan wɔn ho nsɛm so kaa eyi ho asɛm sɛ “Anwonwasɛm akɛse a esisii wɔ kuadwuma mu a wiase no ahu pɛn no mu biako.” Bere a wɔde tawa yi yɛɛ sigaret kakraa bi akyi no, sigaretnomfo afoforo tee nka sɛ wɔn kɔn dɔ kɛse sɛ wɔbɛsan anom bio.

Ne Nom Kaa Wɔn Hɔ!

Esiane sɛ wɔante eyi ase wɔ saa bere no mu nti, ade a na ɛnnɔɔso nanso wɔtɔɔ no kɛse yi abɛyɛ nea nipadua no kɔn dɔ a ne nom aka nkurɔfo hɔ. Ɔbenfo Michael A. H. Russell a ɔyɛ sigaretnom a aka nkurɔfo hɔ ho nhwehwɛmufo no ka sɛ, “Ɛkame ayɛ sɛ sigaret a ɛboro abien anaasɛ abiɛsa a obi nom wɔ bere ne bere mu wɔ ne mmeranteberem no ma ne nom ka ne hɔ. Esiane sɛ aberante a ɔyɛ sigaretnomfo nte sɛ obi a mfiase no ɔde heroin wɔ ne ho paane pɛnkoro anaasɛ mprenu da biara no nti, ebedu bere a ɔbɛnom sigaret adaka biako a edi kan awiei no, na wanya nicotine a ɛboro ahanu wɔ ne nipadua mu.

Esiane sɛ acid kakra wɔ sigaret wusiw mu nti, entumi nhyehye obi anom ne ne menewam bere a ɔtwe kɔ ne mu ntoatoaso no. Nanso bere a wusiw no wɔ ahrawa no mu no, acid no ahoɔden ano brɛ ase na ɛma nicotine kɔ mogya no mu. Wɔ anibu ason pɛ mu no, mogya a nicotine wom no du amemene no ho. Britania aban nhwehwɛmu bi bɔ amanneɛ sɛ hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ mmofra a wɔnom sigaret a ɛboro biako no renyɛ sigaretnomfo no yɛ ɔha biara mu 15 pɛ.

Enti, sigaret adwuma no maa nkurɔfo nyaa su foforo a ɛyɛ den wɔ mfe du a Crimea ko no bae wom no ara mu. Wɔ mfe 20 ntam no, tawa aguadifo nyaa adwene sɛ wɔde atesɛm krataa mu dawurubɔ ne adansedi ahorow a ɛkanyan anigye bɛhwehwɛ adetɔfo afoforo. Afiri bi a wɔyɛe wɔ 1880 mu no tumi yɛɛ sigaret pii na ɛmaa ne bo baa fam bere a agumadifo a wɔagye din ne mmabaa a wɔreserew mfonini nso maa mmarima huu sɛnea ɛte no. Nanso dɛn na ɛma wɔkɔɔ so tɔe? Ɛyɛ nicotine a na wɔn kɔn dɔ bere nyinaa no! Sɛnea akwahosan ho ɔkyerɛwfo William Bennet, M.D., ka no: “Mfiridwuma, ɛho dawuru a wɔbɔɔ no nyansam ne akwan ahorow a wɔfaa so tɔnee no boae de, nanso [ɛnyɛ nicotine] a, anka wɔrentumi ntɔ nhabamma a awo no pii.”

Ebeduu 1900 no, na sigaret a ɛwɔ hɔ nnɛ a na wɔtɔn wɔ amanaman mu dedaw no rebenya nnipa a wɔwɔ wiase no mu no so nkɛntɛnso kɛse.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Sigaretnomfo foforo nya nicotine 200 fi sigaret adaka biako a odi kan nom no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena