Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 8/8 kr. 17-19
  • Britania Nsuka Nsupɔw A Owia Bɔ Wɔ So Kɛse No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Britania Nsuka Nsupɔw A Owia Bɔ Wɔ So Kɛse No
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔne France Abusuabɔ No
  • Ɛpo No So Nnaadaasɛm
  • Asetra wɔ Nsupɔw no So
  • Bible Mu Nokware No Retrɛw Ntɛmntɛm
  • Nnamfo Daa
  • Nsupɔw Bebree Ani Gye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Nyan!—1986
g86 8/8 kr. 17-19

Britania Nsuka Nsupɔw A Owia Bɔ Wɔ So Kɛse No

Efi British Isles “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

JERSEY ne Guernsey​—edin yi kyerɛ dɛn ma wo? Sweata (atade a awɔw ba a wɔhyɛ) ? Yiw, eyinom yɛ ntade a ɛyɛ fɛ sen biara a emu adwini yɛ soronko no mu bi din. Baabi a wɔyɛn anantwi? Yiw, efisɛ mmoa yi som bo kɛse esiane ye a wɔn nufusu ye no nti. Nanso Jersey ne Guernsey yɛ nsupɔw nketewa abien a ɛwɔ Engiresi Nsuka no mu a ɛka nsupɔw kuw a wɔfrɛ no Nsuka Nsupɔw no ho din ankasa.

Saa nsupɔw yi bɛn France Normandy mpoano, ma enti sɛ wowɔ so wɔ da a wim atew a, wubetumi ahu France mpoano. Efi Alderney a ɛyɛ nsupɔw kuw no mu atitiriw no biako so kɔ France Cherbourg asase kɔn no so yɛ akwansin awotwe pɛ. Nanso England wɔ bɛyɛ akwansin 60 wɔ kusuu fam. Sɛ wɔka nsupɔw no nyinaa bom a ne tenten ne ne trɛw yɛ akwansin 75 na nnipa bɛyɛ 130,000 na wɔte so.

Wɔne France Abusuabɔ No

Esiane sɛ Nsuka Nsupɔw no bɛn France pɛɛ nti, ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛɛ Britaniafo de? Nsupɔw no sotefo mmuae ne sɛ: ‘Engiresi antumi anni yɛn so nkonim da. Yɛn na yedii Engiresi so nkonim!’ Abakɔsɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ hɔ a ɛfa eyi ho.

Mfiase no na nsupɔw no yɛ Normandy Ahenni a ɛwɔ France no fã. Wɔ 1066 mu no, Ɔhene William “Nkonimdifo” no twaa Engiresi Nsuka no na ɔko faa England na ɔkaa ahenni abien no boom hyɛɛ n’ase na ɔfrɛɛ ne ho sɛ Engiresi Ɔhene William I. Ɛno ne Norman Nkonimdi no.

Bɛyɛ mfe 150 akyi no, tumi a na Engiresi Hene John di wɔ Normandy so no fii ne nsa nanso ɔkɔɔ so dii Nsuka Nsupɔw no so tumi. Sɛ wɔn nokwaredi so akatua no. ɔhyehyɛɛ mmarahyɛ bagua maa wɔn sɛ wɔn ankasa betumi adi wɔn ho so na atra hɔ abedu nnɛ.

Sɛ saa mpo a, bɛn a nsupɔw no bɛn France no ama wɔanya agyiraehyɛde bi a ɛrentumi mfi hɔ. Ɛwom sɛ Engiresi ne kasa a wɔka da biara de, nanso Franse kasa na supɔw no sotefo de di dwuma wɔ aban mu. Sɛ wubetumi akɔ wɔn mmorɔn a esua no so ne wɔn aguadidan ahorow mu anaa mmeae a ɛbemmɛn hɔ no a, anka wubehu sɛ nsupɔw no mufo pii da so ara ka patois kasa a ɛte sɛ kan Norman-Fransefo kasa no.

Ɛpo No So Nnaadaasɛm

Efi Vikingfo bere so tɔnn no, po no adi dwuma titiriw wɔ su a nsupɔw no ne ɛsotefo no anya no mu. Asorɔkye a ɛso sen biara wɔ wiase no mu no mu biako​—ne sorokɔ wɔ fefɛw bere mu bɛyɛ anammɔn 40​—bɔ wɔ Jersey mpoano. Ɔhweam a ɛyɛ hu no ma hyɛn a wɔde fa nsu a atwa nsupɔw no ho ahyia no so no yɛ nea asiane wom. Ahum nso tu wɔ Engiresi Nsuka no so; omununkum betumi asi wɔ bere a wim ayɛ dinn mpo mu.

Esiane eyi nyinaa nti, saa nsupɔw yi sotefo yɛ apopofo pa ne aguadifo mmɔdenbɔfo bere nyinaa. Mfiase no na wɔne Fransefo ne Engiresifo na edi gua. Awiei koraa no, wɔkɔtɔn wɔn nneɛma wɔ Portugal ne Spain na afei wɔkɔɔ mmeae a ɛwɔ akyiri sen saa. Bere a wohuu Amerika akyi no, na nsupɔw no sotefo kɔ Atlantic po no ano daa wɔ fefɛw bere mu na wɔsan ba ntɛm betwa wɔn nnɔbae na wɔfɛtɛm asase no wɔ twabere mu.

Nanso ɛnyɛ wɔn aguadi nyinaa na nsisi nnim. Sum ase aguadi ne po so adwotwa ma wonyaa sika de sisii nsupɔw no so tete adan a ɛyɛ fɛ a ɛsom bo kɛse nnɛ no mu pii.

Nea edi mmeae ahorow a ɛwɔ akyirikyiri a nsupɔw no sotefo kɔe no ho adanse ne nkaedum bi a esi amusie bi a ɛwɔ Gaspe wɔ baabi a St Lawrence Asubɔnten no kɔbɔ po mu wɔ Canada no. Ɛkenkan sɛ: “Wɔnam po so fi Nsuka Nsupɔw a ɛne Guernsey ne Jersey bae. Wosisii wɔn adan, asɔredan ne sukuu ahorow wɔ po no ho na wonyaa wɔn aduan fii po no mu na wogyee wɔn ahome wɔ po no ho.”

Adanse a ɛfa Nsuka supɔw no sotefo akwantu ahorow ho no yɛ nea wobetumi ahu wɔ mmeae afoforo wɔ Amerika Kusuu Fam. Guernsey ɔmansin a ɛwɔ Ohio no ne Guernseyfo a wodii kan bɛtraa hɔ no wɔ abusuabɔ tee. Nanso wɔde edin New Jersey na ɛfrɛ no kɛse. Ɔhene Charles II de asase a ɛda nsubɔnten Hudson ne Delaware a ɛwɔ Amerika no ntam nyinaa maa Owura George Cateret a na ɔne Jersey amrado no sɛ boa a ɔboaa no wɔ bere a Engiresifo twaa wɔn ho koe no mu no so akatua. Owura George ani gyee edin a ɛne New Jersey no ho kɛse na aka hɔ de besi nnɛ.

Asetra wɔ Nsupɔw no So

Ade a ama “jersey” ne “guernsey” aka Engiresi kasa mu no ne saa din no a wɔde frɛ sweata no. Wɔ bere bi mu no na nneɛma a wɔnwene ne adwuma titiriw wɔ nsupɔw no so. Na wɔn nneɛma a wɔnwene no som bo kɛse wɔ Europa nyinaa. Supɔw no sotefo de wɔn ho hyɛɛ adwuma foforo a ɛma wonya ahonyade no mu kɛse ma enti yɛ a na wɔbɛyɛ otwa adwuma wɔ Jersey no bɛyɛɛ ɔhaw kɛse. Na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmara bi a ɛremma mmarimma nnwene nneɛma wɔ twabere mu.

Na nnipa no​—mmarima, mmea, ne mmofra​—de wɔn nneɛma a wɔnwene no kɔ asɔredan mu mpo. Na dede a mpaane no yɛ no yɛ kɛse ma enti na ɛkame ayɛ sɛ wontumi nte asɛm a ɔsɛnkafo no ka no. Mmarahyɛ Bagua a ɛwɔ kurow no mu no na ɛma wogyaee saa suban “bɔne” no.

Wɔde anantwi ahorow abien a wɔyɛn wɔn wɔ Jersey ne Guernsey no akɔ amannɔne na wɔyɛn wɔn wɔ aman a ɛwɔ wiase no mu pii mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a anantwi afoforo mmɛfra mu nti, wɔmma wɔmmfa anantwi afoforo mma nsupɔw no so; wɔmma wɔmmfa anantwi a wɔde wɔn akɔ amannɔne no mpo nsan mma hɔ. Ɛwom sɛ Jersey nantwi a ne ho nnodowee no sua sen nea wɔyɛn no wɔ Guernsey no de, nanso ɔwɔ nufusu a srade a wɔde yɛ butturu wom kɛse sen anantwi nyinaa. Nanso Guernsey anantwi a wɔn ho fitaa no wɔ nufusu pii sen wɔn a wɔwɔ Jersey no. Enti ntease wom sɛ akansi no mu yɛ den.

Wonya amoo anaasɛ tomato, nnuadewa ne nhwiren pii nso wɔ nsupɔw a owia bɔ wɔ so kɛse no so. Nhwiren bi a wonya wɔ Guernsey wɔ fefɛw bere mfiase mu no yɛ akyɛde a agye din wɔ England. Ɛwom, wɔtaa ka Guernsey ho asɛm sɛ supɔw a ahwehwɛ adan pii wɔ so. Sɛ wote wimhyɛn mu na wobɛn supɔw no a, nea enti a wɔka saa no da adi bere a owia bɔ adan a ɛho yɛ ahabammono a ɛwɔ supɔw no so nyinaa no.

Wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu no, Nsuka Nsupɔw no nkutoo ne Britania asase no fã a Nazi asraafo tumi ko fae. Esiane sɛ wohui sɛ nnipa pii bewuwu na nneɛma pii bɛsɛe wɔ nsupɔw no ho ban a wɔbɛbɔ no mu nti, Britania aban no koyii wɔn a na wɔpɛ sɛ wofi hɔ nyinaa fii hɔ. Alderney supɔw no bɛyɛɛ Germanfo afiase ma ɔko mu nneduafo. Wɔ ahokyere kɛse a ɛbaa nsupɔw a aka no so akyi no, ɔko no antrɛw ankɔ hɔ.

Bible Mu Nokware No Retrɛw Ntɛmntɛm

Woguu Bible mu nokware aba no wɔ ha wɔ 1925 mu bere a Zephaniah ne Ethel Widdel de wɔn baesekre fii England bae sɛ wɔrebɛyɛ daa Bible adesua ho nhyehyɛe no. Esiane nea efii wɔn adwuma no mu bae nti, ankyɛ biara na wɔtew Yehowa Adansefo asafo ahorow wɔ Jersey ne Guernsey nyinaa.

Ɛwom sɛ wɔbaraa Adansefo no adwuma no wɔ Wiase Ko II no mu de, nanso wotumi kɔɔ so yɛɛ Bible adesua ahorow na wɔyɛɛ nhyiam ahorow daa a nnipa bɛboro 20 ba ase. Bere a wɔko gyee nsupɔw no na Adansefo bɛboro 80 na wɔreyɛ asɛmpaka adwuma no wɔ nsupɔw no so nyinaa​—nkɔanim ahorow anan. Mprempren Adansefo a wɔwɔ hɔ boro 350. Wɔ mfe no mu no, nsupɔw no sotefo pii a asɛmpatrɛwfo baasa a wɔawie Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu a wɔresom wɔ Afrika mprempren ka ho abɛyɛ bere nyinaa asɛnkafo.

Nnamfo Daa

Sɛ woanya osuahu a ɛyɛ anigye a ɛne kɔ a woakɔ Nsuka Nsupɔw no so pɛn a, ɛnde wobɛkae bere tenten. Ampa, wim a ɛyɛ hyew ne owia a ɛbɔ kɛse ne mpoano a anhwea pii wɔ hɔ no yɛ nea ɛkanyan anigye. Nanso sɛ anka wobɛkɔ baabi a nnɛyi asetra mu nneɛma wɔ hɔ wɔ St Helier a ɛwɔ Jersey anaasɛ St Peter Hyɛn Gyinabea a ɛwɔ Guernsey no, ebia wɔbɛpaw sɛ wobɛkɔ akɔhwɛ tete aboda ne nneɛma afoforo a abakɔsɛm ka ho asɛm a ɛwɔ nsupɔw no so​—nneɛma a ɛsom bo fi onipa mfiase pɛɛ no. Nea ɛsen ne nyinaa no, w’ani begye supɔw no sotefo yamyefo a ɔwɔ ahɔhoyɛ su asetra kwan no ho. Na bere a woahu wɔn no, wubenya ahotoso sɛ wɔbɛma wo akwaaba a emu yɛ hyew bere biara a wobɛsan akɔ saa Nsuka Nsupɔw a owia bɔ wɔ so kɛse yi so no.

[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

ENGLAND

English Channel

Channel Islands

FRANCE

Alderney Is.

Guernsey Is.

Sark Is.

Jersey Is.

[Kratafa 19 mfoni]

St. Peter Hyɛn Gyinabea a ɛwɔ Guernsey Supɔw so no

[Asɛm Fibea]

J. Tesson/H. Armstrong Roberts

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena