Ahenni Adawurubɔfoɔ Bɔ Amanneɛ
Nsupɔw Bebree Ani Gye
ASƐM a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo ne sɛ: ‘Mobɛyɛ m’adansefo de akɔpem asase ano nohɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Awiei koraa no, na saa ahyɛde no bɛbam wɔ Western Pacific, faako a Ahenni adwuma a ɛwɔ Micronesia nyinaa hyɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Guam no ase mprempren no. Nnipa a wɔwɔ nsupɔw fɛfɛ so no mu pii ani gye nnɛ. Dɛn ntia? Dwom 97:1 kyerɛ nea enti a ɛte saa: “[Yehowa] di hene, asase ho san no, nsupɔw bebree no ani gye.”
Wɔka kasa ahorow pii wɔ nsupɔw ahorow no so wɔ wiase no fã yi, na eyi yɛ ɔhaw kɛse wɔ asɛmpa no a wɔtrɛw mu sɛ “[Yehowa] di hene” no mu. Enti, na ade titiriw biako wɔ ɔsom afe yi mu ne wɔn nsa a ɛkaa Ɔwɛn-Aban a ɛba ɔsram biara wɔ wɔn kasa atitiriw no anum mu, ne afei nso Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ne Nya Asetra Mu Anigye wɔ Asase So Daa nhomawa no wɔ Micronesiafo kasa ahorow no dodow mu no. Nhoma ahorow a wobenya wɔ nnipa a wɔwɔ mmeae a atetew ne ho yi ankasa kasa ahorow mu no yɛ nhyira ankasa na edi ahiade kɛse ho dwuma. Nnipa a wɔwɔ hɔ no ani gye eyi ho, na nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ Kristoman nyamesom ahorow a ɛwɔ hɔ no nhaw wɔn ho sɛ wɔbɛkyerɛ nhoma ahorow ase akɔ wɔn kasa ahorow no mu.
◻ Sɛ nhwɛso no, asɛmpatrɛwfo no bɔ amanneɛ wɔ Moen supɔw fɛfɛ a ɛwɔ Truk no ho sɛ. Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no a ɛwɔ Trukfo kasa mu no maa ɛhɔ yɛɛ hoo bere a afiewuranom nsa kae na wɔde kyerɛɛ wɔn nnamfo ne abusuafo no. Nkurɔfo ma asɛmpatrɛwfo no gyina wɔ mmorɔn so a wɔrehwehwɛ nhoma no b, na ebinom mpo kɔɔ asɛmpatrɛwfo no fi ansa na anɔpa 6:30 rebɔ a wɔrehwehwɛ bi. Afoforo nso kɔɔ asoɛe a ɛhwɛ nhomasua ho nsɛm so no kogyee bi fii Yehowa Adansefo no mu biako a ɔyɛ adwuma wɔ hɔ no nkyɛn.
Ɔkyerɛkyerɛfo biako bisaa nea enti a Yehowa Adansefo atumi atintim nhoma a ɛte sɛɛ wɔ Trukfo kasa mu bere a Katolekfo ne Protestantfo de bere pii atra hɔ na wontintim biribi a ɛte saa no. Ná wɔn a wɔ bere bi mu mpo no na wɔsɔre tia no pɛ bi.
◻ Osuahu biako a efi Marshall Nsupɔw no so kyerɛ sɛnea Bibile mu nokware ahorow no tumi de biakoyɛ ne anigye ba fie. Ná ɔbarima a ɔyɛ okunu no yɛ ɔsabofo ne obi a ɔnom sigaret kɛse, na na ɔyɛ Katolekni mmɔdenbɔfo nso. Adansefo nkumaa baanu kɔɔ ne nkyɛn wɔ ne fi na bere a ne yere ani nnye ho mpo no, ɔpenee Bible adesua a wɔbɛyɛ so. Ne yere sɔre tiaa no mfe abiɛsa a edi hɔ no. Nanso bere a ohuu sɛnea nokware no ama wasakra a wagyae sigaretnom, na ɔmmow nsa bio, na ofii ase ne n’abusua yɛɛ ade no, afei otiee asɛmpa no, na ɔkaa nea osuae no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Nnipa baanu yi de wɔn aware no kɔhyɛɛ aban mmara ase na wɔde asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Mprempren ɔbarima no som sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu, bere a ne yere nso hwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma no.
Anigye ne asomdwoe aba ofi yi mu sɛnea aba afie a ɛte sɛɛ pii mu wɔ nsupɔw a odwontofo no kae sɛ ebenya anigye esiane sɛ Yehowa adi Hene nti no so.—Dwom 144:15.
[Kratafa 19 asase mfoni]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Belau
Yap
Rota
Guam
Saipan
Truk
Ponape
Kosrae
Nauru
Marshall Islands
Kiribati
Midway Islands
Pacific Ocean