Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 6/8 kr. 6-8
  • Ɔhaw Ahorow A Ɛwɔ “Paradise”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw Ahorow A Ɛwɔ “Paradise”
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efĩ a Ɛwɔ “Paradise”
  • Awerɛhow a Ɛwɔ “Paradise”
  • Ehu a Ɛwɔ “Paradise”
  • Nsupɔw Bebree Ani Gye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • “Paradise” Nsupɔw A Ɛwɔ Pacific Po No Mu
    Nyan!—1982
  • “Dua A Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Ma Onipa”
    Nyan!—1993
  • So Paradise Ankasa Bi Bɛba Da Bi?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 6/8 kr. 6-8

Ɔhaw Ahorow A Ɛwɔ “Paradise”

YƐTE nka sɛ ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, ɛwom sɛ nsupɔw no te sɛ paradise de, nanso ɔhaw ahorow wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso, so wopɛ mmoawa mmoawa asɛm? Yegye di saa, efisɛ bebree wɔ ha​—ntontom, nwansena ahorow ne ntɛtea ahorow, titiriw kɔkɔɔ nketewaa a wɔte sɛ ahahini a wɔn ano yɛ yaw no.

Ɔhaw foforo ne sɛ, ɛtɔ da bi a, sɛ́ wim bɛyɛ bruu mmom no, ahum akɛse na etu. Ɛtaa tu wɔ Pacific nsupɔw no atɔe fam nyinaa. Ahum akɛse yi bi atu nnansa yi mfe no mu wɔ Marianas ma asɛe nneɛma pii. Adan pii wɔ ha a nnua na wɔde asi de nkyɛnsee abɔ so, enti sɛ ahum akɛse no tu a ɛma bebree bubu​—mframa no ano yɛ den araa ma etumi ma adan ho nnua nketewa no so tow gu nnua akɛse nkɔn mu. Anigyesɛm ne sɛ, nkurɔfo afi ase de ntayaa ankasa resisi adan nnɛ.

Na, anyɛ yiye koraa no ogya bepɔw biako wɔ ha, ɛne Bepɔw Pajaros. Na mma wo werɛ mfi nsasewosow no. Yiw, ɛno nso sisi wɔ ha. Nea aboa yɛn ne sɛ, bebree ano nyɛ den papa, nanso mmiako mmiako binom wɔ hɔ a sɛ ɛwosow a ɛsɛe ade pii. Asasewosow sɛee adan a wɔde ntayaa na asisi pii wɔ Agana a ɛyɛ Guam kurow titiriw no mu, wɔ 1902 mu.

Wubetumi ada ntontom dan mu, wubetumi ahwɛ wo ho a ahahini no bi nka wo, abɔ wo ho aguaa wɔ ahum akɛse no mu na woahwɛ wo ho yiye bere a ogya bepɔw bi mu gya retutu anaasɛ asase rewosow. Nanso, ebia nneɛma a ɛnkyɛ na abɔ ntuw bɛhaw wo kɛse. Esiane wim a ɛyɛ hyew no nti, ntade ne mpaboa mu betumi abɔn da koro pɛ. Nanso ɔhaw ahorow a ɛyɛ den sen eyinom wɔ ha a wubehyia.

Efĩ a Ɛwɔ “Paradise”

Bere a mframa a ɛbɔ wɔ Micronesia no mu da so ara tew no, mpɛn pii no ɛpo nsu no nte saa. Wɔ mmeae ahorow pii no wogyaw nneɛma fĩ ahorow gu hɔ ma nsu bɛhohoro kogu po mu. Esiane ɛno nti, sɛ wɔn a wɔte ha no we po no mu nam a, ɛma nyarewa ahorow te sɛ nea asunson de ba, ɔdweaa, konkoruwa ne yafunu yare ahorow haw wɔn. Nyarewa ahorow nso betumi aba bere a woanom nsu a emfi abotan mu a ani tew, na mmom​—sɛnea ɛte mpɛn pii no​—nsu a wɔsɔw wɔ ɔdan atifi bere a osu retɔ no. Na mmeae pii nni baabi a wɔtɔn nnuru a wubetumi atu mmirika akɔtɔ nnuru a wɔde sa saa nyarewa yi.

Afeha a ɛto so 20 yi nso de ɔhaw no bi abɛka ho, a ɛne dede a wɔyɛ wɔ mmeae binom de sɛe asomdwoe a ɛwɔ hɔ. Wɔ supɔw biako a ɛso trɛw bɛyɛ akwansin 12 so no, wɔbɔ disko nnwom awia ne anadwo wɔ lɔre ahorow mu. Mmerante ne mmabaa hyɛ lɔre ahorow yi mu ma, titiriw bere a bosome apae fɛfɛɛfɛ anwummere no, na wɔto disko nnwom ahorow yi di akɔ-ne-aba saa ara kosi sɛ ade bɛkye. Ɛkame ayɛ sɛ wɔbɔ disko nnwom wɔ nsupɔw no nyinaa so wɔ adidibea ahorow, ne ahɔho atrae ahorow, titiriw wɔ dapɛn no awiei, ara kodu ahemennakye.

Wɔ mmeae bi no, wɔde fam-tutu resɛe asase no fɛ ankasa mpo. Nauru, Ocean Island (mprempren wɔfrɛ no Banaba) , afei Anguar, Belau nso yɛ mmeae a wɔatu abo bi a wɔfrɛ no phosphate wɔ hɔ de asɛe asase no ani. Wotuu bi wɔ Banaba araa ma nnipa no sɔre tiae, na akasakasa bi baa ho ma ekopuee Engiresifo mmarahyɛ bagua (British House of Commons) no anim tɔnn.

Wɔda so ara retu abo yi wɔ Nauru ɛwom sɛ wɔte nka sɛ ebedu afeha yi awiei no na phosphate tu aba awiei de. Sɛ wɔanyɛ ho biribi mprempren a, Nauru bɛyɛ asase a asɛe a wɔye hwee wɔ so a ɛnyɛ yiye.

Awerɛhow a Ɛwɔ “Paradise”

Nanso, anyɛ yiye koraa no phosphate a wotu de sika brɛ Naurufo. Na mmeae a phosphate nni hɔ a wotu, na wonni biribi foforo a wɔyɛ a ɛde sika brɛ wɔn no nso ɛ? Nea ɛyɛ awerɛhow no, ohia wɔ hɔ yiye. Mpɛn pii, nnuan ahorow a wodi nnɔɔso. Wonnyaa nkɔso pii wɔ mfiridwuma mu, na nkurɔfo hwehwɛ wɔn anoduan fi po no mu titiriw.

Ahonhonsɛmdi abu so wɔ Micronesia nsupɔw no nyinaa so. Ebia “abosonnan ahorow” a wɔkyerɛ sɛ ahonhom te mu no bɛyɛ ahɔho a wɔabɛsra ha no binom anika, nanso saa gyidi ahorow yi sɛe wɔn a wodi akyi no anigye wɔ asetra mu. Wosuro ahonhom no, na wosusuw sɛ, sɛ wɔanyɛ nea wɔpɛ a wɔde ɔyare ne owu bɛba wɔn so. Woyi nkonyaa, na wɔda so ara de kabere a wɔde kyekyere adɔfo ne atamfo di dwuma.

Asabow nso yɛ ɔhaw foforo, titiriw wɔ wɔn a wonni adwuma yɛ no mu. Nea eyi taa de ba ne ntɔkwaw wɔ abusua mu ne nsɛmmɔnedi. Na, nea ɛyɛ nwonwa no, nnipa pii kunkum wɔn ho. Nnansa yi ara wɔ supɔw ketewaa biako a ɛso nnipa yɛ 3,000 pɛ so no, mmofra a wonnya nnii mfe aduonu, baawɔtwe kunkum wɔn ho wɔ asram abiɛsa pɛ mu. Ɛda adi sɛ nea ɛsen supɔw a ɛyɛ fɛ so asetra ho hia na obi anya anigye ankasa.

Nea etwa to koraa no, onipa atamfo a wofi tete, ɔyare ne owu resɛe ade wɔ ha sɛnea wɔreyɛ wɔ wiase no afã afoforo no. Wɔde bi ka awerɛhow ne amanehunu a ɛhaw mmeae a ɛte sɛ ɔhonam fam paradise no ho.

Ehu a Ɛwɔ “Paradise”

Nneɛma a ɛkɔ so wɔ wiase no afã afoforo no ma ehu ka nnipa pii. Wiase tumi ahorow anan na adi Micronesiafo so, na ebiara kowiee nhyɛso mu. Wɔkoo Wiase Ko a etwa to no mu nea ɛyɛ den no bi wɔ ha, na nsupɔw ahorow fɛfɛ yi da so ara wɔ akodi ho nnekae wɔ ha. Po so ne wim ahyɛn ahorow a ɛsɛee, atuo adedaw ne asase ne akwan a ɛsɛee ​—ne nyinaa di amane kɛse a nsupɔw ahorow no sofo hui wɔ mfe dudu kakraa a atwam ni no mu no ho adanse.

Ɔko no akyi no, ɔmansɛmdifo bi a ofi Truk mantam a ɛhɔ na wɔkoo ako a ɛyɛ hu wɔ po so no biako wɔ no srɛe sɛ: “Sɛ United States yɛ n’adwene sɛ ɔbɛko ɔko foforo a, mesrɛ mo mommma wɔnnko wɔ Truk!” Ná saa ɔbarima yi ahu sɛ nnipa a wokunkum wɔn wɔ ɔko no mu mogya ama ɔkwan biako pɛ a ɛda ne supɔw no so no so ayɛ kɔɔ, na na nnipa mogya ama ɛpo asorɔkye no ani ayɛ kɔkɔɔ. Ɔko no akyi mfe abien no, na po so ahyɛn a ɛmemee no mu ngo da so ara ba mpoano.

So obi tie saa adesrɛde yi? Ɛte sɛ nea obiara ntie. Kwajalein supɔw no so wɔ Marshalls na wɔde atuo akɛse akɛse asisi a wɔde resiw Rusiafo po ase akohyɛn a wɔkyerɛ sɛ wohui sɛ abɛn emu hɔ baabi no ne po so akohyɛn ahorow a wɔbɛpɛ sɛ wɔde bɛhwehwɛ Amerikafo akode nhyehyɛe ahorow a ɛwɔ hɔ no mu no kwan. Esiane faako a Guam wɔ wɔ Pacific no mu nti, Amerika asraafo atwa ho ahyia a wɔbɔ ho ban.

Nuklea akode ho hu ankasa no duu Micronesiafo a wɔmpɛ wɔn ho asɛm no mu wɔ 1946 mu bere a Amerika kɔsɔɔ atomik ɔtopae hwɛe wɔ supɔw Bikini a ɛyɛ Marshal nsupɔw no fã so no. Esiane ɔtopae a wɔtowee wɔ hɔ no nti, Bikinifo no ntumi nkɔtra supɔw no so bio, na ebia ɛbɛyɛ saa mfe pii a ɛbɛba. Wɔ Pacific no afã afoforo no, Britania ne Franse nso asɔ wɔn nuklea akode ahorow ahwɛ wɔ nsupɔw fɛfɛ no so.

Akomatu kɛse sɔree nnansa yi wɔ nsusuwii foforo bi ho. Japanfo yɛe sɛ wɔpɛ sɛ wɔde nuklea nsu-fĩ gugu ankorɛ mu de kɔhyɛ Pacific Po no ase, wɔ baabi a ɛbɛn Guam. Nanso, mprempren de, wɔde saa adwene no ato nkyɛn ansa esiane sɔre a Gruam aban no sɔre tiae nti.

Afei, yɛsrɛ wo, nnya nea yɛka no ho ntease a ɛnteɛ. Saa nsupɔw ahorow yi so yɛ fɛ ankasa, na akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wokɔsra hɔ a w’ani begye. Awia no da so ara ma ne ho so wɔ po a ani bruu no so na ɛkɔtɔ wɔ kube nnua a mframa a ano bɔkɔɔ no rehinhim no no akyi. Mmepɔw a nnua ayɛ so ma, asuten ahorow a ɛnam abotan so gu fam ne mpoano anhwea no da so ara wɔ hɔ. Nanso ɛnyɛ paradise ankasa ankasa. Ɔhaw ahorow, a pii yɛ nea nnipa ankasa de aba siw ho kwan.

So eyi kyerɛ sɛ paradise ankasa a wɔbɛtra ho anidaso biara nni hɔ​—faako a abɔde yɛ fɛ na nnipa nyɛ biribiara mfa nsɛe no, faako a obiara kyerɛ ne yɔnko ho anigye ankasa ne faako a asetra yɛ anigye ankasa?

[Kratafa 6 mfoni]

AHAHINI

AHUM AKƐSE

OGYA MMEPƆW

[Kratafa 7 mfoni]

ANADWO NTEƐTEƐM

ASASE A WƆASƐE NO

AHONHONSƐMDI

[Kratafa 8 mfoni]

ASABOW

AKODI HO NNEKAE

ONYIN NE ƆYARE

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena