“Paradise” Nsupɔw A Ɛwɔ Pacific Po No Mu
KUBE nhaban a ɛrehinhim, mpoano a anhwea dɔɔso, ɛpo a ani ayɛ bruu ne ahabamono fɛfɛɛfɛ, nsase a nnuaba ayɛ so ma ne anwummere a wim ayɛ fɔmm na ɔsram apae—so ɛno kae wo paradise? Yɛwɔ eyinom nyinaa ne nneɛma afoforo wɔ Micronesia ha, wɔ Pacific po no atɔe fam. Nnipa pii bɛpɛ sɛ “wofi” afeha a ɛto so 20 a ɔhaw ayɛ no ma “yi mu” na wɔkɔtra baabi fa asomdwoe wɔ na ɛhɔ yɛ fɛ. So Pacific po no mu supɔw bi betumi ayɛ guankɔbea a ɛte saa?
Nsupɔw ahorow 2,000 na ɛka bom yɛ Micronesia—emu 97 na nnipa te so—a agye bɛboro akwansin ɔpepem abiɛsa wɔ ɛpo no mu. Sɛ wufi wim hwɛ a, ɛte sɛ ahwehwɛ asinasin fɛfɛ bi a egugu Pacific Po a ani bruu no mu. Ɛsono sɛnea ebiara fɛ te, owia a ɛrekɔtɔ wɔ Guam ne Belau ne kube nnua a esisi Kiribati mpoano a ayɛ fitaa; Ponape mmepɔw a ɛso nwura tumm ne abotan a nsu nenam so, ne afei Truk baka a ani kurennyenn no.
So wobɛpɛ sɛ wotra paradise? Ɛnde ka yɛn ho ma yɛnkɔsra nsase ahorow fɛfɛ yi binom so. Ebia wubetumi apaw “paradise” ko a wopɛ!
Belau ne Yap
Ma yemfi ase mfi nea ebinom susuw sɛ ɛyɛ fɛ sen biara no so: Belau mantam (a na wɔfrɛ no Palau) , a ɛwɔ Carolina Nsupɔw no atɔe fam koraa no.
Sɛ wote wimhyɛn mu reyɛ adu hɔ na w’ani bɔ so nea edi kan wɔ wim hɔ a, nea wuhu no yɛ fɛ mmoroso. Wuhu biribi te sɛ mmire akɛse a ɛrefifi wɔ nsu no ani—nsu a ani tew ara ma wutumi hu ase pɛɛ, ɛwom sɛ emu dɔ bɛyɛ anammɔn 30 anaa 40 de. Bere a woasi fam no, wuhu sɛ supɔw no fɛ te sɛ nea wudii kan hui no ara pɛ. Nwura frɔmm wɔ baabiara. Mmepɔw a nnua ayɛ so ma wɔ ha. Asase no ye na ɛma nneɛma te sɛ aborɔfo nkate, akutu, ahwerew ne nneɛma afoforo a woduadua wɔ mmeae a owia bɔ kɛse no bɔ pii. Nnua ahorow bi fifi wɔ po no mu baabi a ɛhɔ nnɔ no na egye onwini ma mmoa a wɔwɔ po no mu no. Na te sɛ Micronesia nsupɔw no afã horow pii no, ɛha nso yɛ DINN.
Yɛrenkyɛ wɔ ha. Ma yɛnkɔ Yap—“paradise” foforo a ɛda nsow, asase a ɛyɛ fɛ a kube nnua ayɛ so ma. Wonni akwan a wɔahyɛ da apae wɔ ha. Ɛha nantew yɛ brɛoo na asase no ye.
Nea ɛma Yap yɛ soronko ne ne sika—abo akɛse nkuruwankuruwa a agye din no. Wɔ mmeae ahorow bi no, wɔde sika atwetwere mmorɔn so. Ɛnnɛ wɔmfa sika a ɛyɛ abo yi nni gua bio, nanso wɔda so ara bu sɛ ɛyɛ ade a ɛsom bo wɔ wɔn amanne mu. Wogyina sika no kyɛ a akyɛ so na ɛkyerɛ ne bo na ɛnyɛ ne kɛse. Wɔn a wɔwɔ nkuraase no pii wɔ wɔn “sika-korabea,” na wɔde abo akɛse nkuruwankuruwa, a wɔatuetue mu asisi akwan a ɛde kɔ “sika-korabea” hɔ no ho, na wode eyi twetwere adan ho.
Mmofra a wɔwɔ Yap a wɔn ani aba fitaa no ho yɛ fɛ yiye, sɛnea wɔte wo Micronesia nyinaa no. Na wɔwɔ din ahorow a ɛyɛ anika yiye, te sɛ: Radio, Dɔ Me, Ohunu, Ɛmfa Me Ho, Anibu, ne mpo Adolf Hitler. Wɔde ebinom toto nnipa atitiriw a wɔkɔsra hɔ, na wɔde mmeran ne nea ɛtete saa toto ebinom.
Wopɛ sɛ wotra ha? Ɛyɛ, ma yenwie yɛn akwantu no ansa na woasi gyinae
Truk, Ponape ne Kiribati
Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensɛe bere no, yɛde simma kakraa bi bɛkɔ akɔhwɛ Truk baka fɛfɛ no. Ne trɛw boro akwansin 30 ma Micronesia nsupɔw no nyinaa betumi akɔ mu. Ne nsu a ani bruu no ma ɛbɛyɛ biribi titiriw a ɛte sɛ paradise ma wɔn a wɔn ani gye asukɔ a wɔdɔ ho no. Nsu yi ase, wɔ faako a po so ahyɛn ahorow memee wɔ Wiase Ko II mu no na mmoa akɛse a wɔwɔ nsu no mu de ayɛ wɔn atrae.
Nanso afei, ma yɛnkɔ Ponape, wɔ Caroline Nsupɔw no apuei fam. Ponape wɔ nsuten ahorow a ɛtene fi mmotan so gu fam a ɛyɛ fɛ yiye, na wɔkyerɛ sɛ ɛha ɛna bepɔw a ɛkorɔn sen biara wɔ Caroline no wɔ—ne tenten boro anammɔn 2,500. Ɛyɛ asase a nsu tɔ wɔ so kɛse na kwae akɛse wɔ ha. Nanso wɔntaa nkɔ mu, efisɛ Ponapefo ani gye mpoano tra ho.
Nnipa no fɛre ade na wɔkasa brɛoo. Wɔn asɛmfua “Casalelia” (“Akwaaba,”) no yɛ Micronesiafo nkyia a ɔdɔ wom sen biara no biako. Yiw, Ponapefo ani gye ɔbea a ne sisi sõ ho kɛse; enti sɛ wote nka sɛ “wo mu yɛ duru” a, ebia eyi bɛyɛ “paradise” supɔw ama wo!
Ponape mpoano na tete kurow a obiara nte mu a wɔfrɛ no Nan Matol no wɔ. Wɔfrɛɛ no “Venice of the Pacific,” efisɛ wɔde ntayaa akɛse a ɛte sɛ nea wɔde ogya atõ na esisii adan wɔ nsupɔw nketewaa a ɛboro 100 so wɔ atɛkyɛ bi mu. Ɛnnɛ obiara nnim ɔkwan a wɔfaa so ne bere a wɔkyekyeree kurow no.
Micronesia kesee fam apuei nohoaa na Gilbert Nsupɔw (Kiribati) fɛfɛ no wɔ, a emu titiriw ne Tarawa. Ɛha na yetumi hu nea nnipa pii besusuw sɛ ɛne Pacific supɔw no sofo afie ankasa: adan a wɔpaapae kube nnua de si na wɔnwene ne nhaban no bi de bɔ so.
Nkurɔfo no ho yɛ anigye na wɔpɛ ahɔhoyɛ yiye. Wɔn nnɔbae titiriw ne kube ne aborɔfo nkate, na woyi nam pii nso. Sɛ wusi fam wɔ Tarawa pɛ a, wote asomdwoe nka. Sɛnea nnipa no tɔ wɔn bo ase yɛ wɔn ade no yɛ nea ɛbɛka wo ma woasuasua, na ebia obi a ɔyɛ ɔhɔho befi ase ate nka ankasa sɛ watumi ‘aguan afi kitikiti a ɛkɔ so wɔ wiase no nyinaa mu.’
Wɔwɔ bɔs a wɔde tu kwan wɔ ha, a ɛkame ayɛ sɛ ebi nni Micronesia nsupɔw afoforo a aka no biara so. Eyi boa wɔn, efisɛ wɔwɔ akwan ahorow a ɛwoware wɔ nsupɔw yi so. Nanso mmɔ mmɔden sɛ wo nsa bɛka bɔs no wɔ bere ano. Bɔs mfa bere nhyehyɛe na ɛyɛ adwuma—kae, nsupɔw so na yɛwɔ no.
Baka a kube nnua atwa ho ahyia no ma wuhu sɛnea Micronesia fɛ te no ankasa awia, na edu anadwofa a, ɛte sɛnea nsoromma no aba fam pɛɛ a wobetumi de nsa asom. Ɛnyɛ den sɛ po a ɛda supɔw no benkum ne nifa no mframa a ɛbɔ bɔkɔɔ no betumi ama nna afa wo. Ɛwom sɛ Tarawa da nkyɛmpɛ (equator) no so de, nanso anyɛ yiye koraa no, mframa a ɛbɔ wɔ ha no ma ɛha yɛ nwini asram bi wɔ afe no mu.
Afei de, so woahu mmeae a ɛhɔ yɛ anigye yi mu faako a wubeguan akɔ? Ansa na wubesi gyinae a etwa to koraa no, biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wuhu.