Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 10/8 kr. 10-11
  • Ahobammɔ A Wɔrehwehwɛ Wɔ Ɔtopae Bere No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahobammɔ A Wɔrehwehwɛ Wɔ Ɔtopae Bere No Mu
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nuklea Akode Korabea a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ
  • Nuklea Akodi—Ɛda So Ara Yɛ Asiane?
    Nyan!—2004
  • Nuklea Akodi—Henanom na Wɔde Bɛba?
    Nyan!—2004
  • Nuklea Ho Asiane No Emfii Hɔ Koraa
    Nyan!—1999
  • Akode A Ɛsen Biara No Ne Ahobammɔ A Wɔrehwehwɛ No
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 10/8 kr. 10-11

Ahobammɔ A Wɔrehwehwɛ Wɔ Ɔtopae Bere No Mu

Wɔ JULY 27, 1943 anadwo no, wɔtow ogya ɔtopae mpempem pii guu Hamburg a ɛwɔ Germany no so. Nea efii mu bae yɛ ade foforo wɔ akodi mu: ogya a ɛhyewee nneɛma pii. Mframa a ano yɛ den maa ogya no dɛw kɔɔ baabiara na ehyew nnipa. Ná ogya no ano yɛ den. Faako a nnipa guan kohintaw dɔe te sɛ fononoo mu na nnipa a wɔwom no hyewee. Nnipa afoforo nso hyew dwerɛbee. Nnipa bɛboro 40,000 a wɔn dodow no dɔɔso sen nnipa a wowuwu wɔ ɔtopae a na wɔtow wɔ saa bere no mu mpɛn 20 wuwui.

Mfe abien akyi no, ogya foforo hyew Hiroshima a ɛwɔ Japan no. Saa bere yi mu de, wimhyɛn biako na ɛtow ɔtopae biako pɛ a ɛsɔɔ ogya no.

Ná wɔfrɛ ɔtopae no, atom ɔtopae yi sɛ Abarimaa Ketewaa. Nanso ɛsɛee nneɛma pii. Ná ɛyɛ hu. Ne hyerɛn a ano yɛ den no maa nkurɔfo ani furae. Ɛmaa ogya ne ɔhyew kunkum nkurɔfo na afoforo nso dii dɛm. Mframa bɔne a efii mu bae no maa nkurɔfo wuwui.

Ne nnansa so no, ɔtopae foforo a wɔfrɛ no Ɔbarima Ɔbran sɛee kurow a wɔfrɛ no Nagasaki no fã. Bepɔw bi a ɛwɔ kurow yi a ɛwɔ bepɔw so no mfinimfini na ɛbɔɔ ɔfã a aka no ho ban.

Nuklea Akode Korabea a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ

Ɛnnɛ, saa akode ahorow a etumi sɛe nneɛma pii yi bɛyɛ 50,000 wɔ hɔ. Susuw ho hwɛ:

◻ Sɛ aman abien a wɔwɔ tumi kɛse no tow wɔn nuklea akode no mu ɔha biara mu 5 gu wɔn ho wɔn ho nkurow so a, nnipa ɔpepem 200 a wɔyɛ nnipa a wokunkum wɔn wɔ Wiase Ko II mu no dodow ahorow anan bewuwu wɔ simma kakraa bi ntam. Wɔrentumi nhwɛ nnipa pii a wobenya nkwa a wɔapirapira no wɔ ayaresabea a nnipa ayɛ hɔ ma no.

◻ United States nsu ase akohyɛn a wɔfrɛ no Trident no biako pɛ wɔ nuklea aprɛm a ɛdɔɔso a ebetumi atow asɛe mmeae ahorow 192. Ahoɔden a eyi mu biako biara a ɛtow wɔ no sen ɔtopae a wɔtow too Hiroshima so no mpɛn awotwe.a

◻ Ahoɔden a nuklea akode a wɔaboaboa ano wɔ wiase no mu wɔ no sen akode a wɔde dii dwuma wɔ Wiase Ko II mu no mpɛn 2,600.

Akontaabu a ɛte sɛɛ no ma ehu ka nkurɔfo na ɛma yehu sɛnea ɔhaw no kɛse te.

Afrika Atɔe Fam abebusɛm bi ka sɛ: “Sɛ asono abien nya ntɔkwaw a, ɛhɔ wura no nso hu amane.” Saa ara na ɛnyɛ asraafo nkutoo na nneɛma a ebefi nuklea ɔko mu bɛba no bɛka wɔn. Nyansahufo Carl Sagan kae wɔ asɛm bi a ɔkyerɛwee wɔ Foreign Affairs nsɛmma nhoma no mu no mu sɛ nuklea ɔko “bɛma obiara a obenya nkwa wɔ okyinsoromma no so nkwa ho aba asɛm. Wobetumi atɔre adesamma abusua no ase ankasa.”

[Ase hɔ nsɛm]

a Bere a yɛrekyerɛw eyi no, na nsu ase akohyɛn 36 a ekura aprɛm 616 a ɛwɔ aprɛm mmɛmma bɛboro 4,928 na ɛwɔ United States nsu ase akohyɛn kuw no mu. Rusiafo nso wɔ nsu ase akohyɛn kuw a ɛte saara.

[Kratafa 10 mfoni]

(For fully formatted text, see publication.)

Ahoɔden a nuklea akode a wɔaboaboa ano nnɛ wɔ no sen akode a wɔde dii dwuma wɔ Wiase Ko ll mu no mpɛn 2,600

tɔn ɔpepem 16,000

tɔn ɔpepem 6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena