Adaemone Dii M’asetra So
NA MEYƐ osumanni, ɔbayifo, ɔbaninyɛn ankasa. Mede me ho hyɛɛ abosonkɔm mu. Mede kabere kyekyeree afoforo. Miyii ntafoa. Ahonhonsɛmdi a wɔkasa tia wɔ Bible no mu wɔ Deuteronomium 18:10-12 no mu fã kɛse no no ara yɛ nea mede me ho hyeem.
Ɔsomafo Paulo yɔnko kwantuni Luka kyerɛwee sɛ: “Abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom behyiaa yɛn; nso ɔde nkɔmhyɛ ma ne wuranom nya ade bebree.” (Asomafo no Nnwuma 16:16) Sɛnea na ɛte wɔ saa abeawa no fam no, saa ara na na adaemone ma mitumi hu nneɛma ahorow a wontumi nhu wɔ ɔkwan biara kwa so no.
Sɛ nhwɛso no, ansa na me nanabea rebewu no, na minim sɛ ne wu abɛn. Na sɛ me busuani bi rebɛyem a, mitumi hu ansa na obi foforo biara ahu. Na eyi nyɛ nsɛm a mebɔ me tirim ka ma ɛbam ara kwa; na ɛkame ayɛ sɛ nea meka no bam bere nyinaa. Sɛ mepɛ sɛ me yɔnko sukuuni anaasɛ ɔkyerɛkyerɛfo, anaasɛ obusuani bi yare a, ɛba saa pɛpɛɛpɛ.
Bere bi me bo fuw me nanabea na enti mepɛe sɛ opira. Mefrɛɛ adaemone no na mehyɛɛ da ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma ompira ne ho—saa da no ara awia ɔde sekan twaa ne ho.
Wɔ m’abosonkɔm no mu no, mede ntama bi yɛɛ me nuabarima no mfonini. Na mempɛ sɛ ɔbɛbɛn me na wabɛhaw me. Ɛno akyi no, bere biara a ɔbɛbɛn me anammɔn du no, ne koko fi ase yɛ no yaw na ontumi nhome. Enti ɔtwee ne ho fii me ho.
Akyiri yi obi a onim me gyee me kyim wɔ adaemone a mitumi frɛ wɔn no ho. Na minim sɛ odi nnubɔne ho gua. Enti meka kyerɛɛ no sɛ wɔbɛkyere no nanso wobegyaa no. Adaemone no yɛɛ nea mekae no pɛpɛɛpɛ. Bɛyɛ sɛ asram abien ntam no, wɔkyeree ɔbarima no. Nanso akyiri yi wogyaa asɛm no mu na woyii no. Ɔbarima no annye me kyim bio.
Ahonhonsɛmdi Mu a Mede Me Ho Hyɛe
Na m’abusua no de wɔn ho ahyɛ abosonsom a ɛwɔ Ozark Mmepɔw no so wɔ United Satates no mu denneennen, faako a nkurɔfo dwemfa wɔn adɔfonom ne nea ɛtete saa no. Bere a m’awofo tu kɔɔ San Fransisco no akyi na wɔwoo me. Ná ɛnyɛ nea wɔpɛ mma ankasa; na ɛne wɔn asetra a wɔmpɛ sɛ wɔbɛbrɛ wom no nhyia. Enti wɔpow me, wɔanyi ɔdɔ biara adi ankyerɛ me na eyi kaa me wɔ nkate mu kɛse. Mebɛyɛɛ ankonam, obi a ɔmpɛ nnipa.
Efi me mmofraase pɛɛ na m’ani gyee ahonhonsɛmdi ho. Ná mehwɛ sini ne TV so dwumadi biara a ɛfa ho no nyinaa. Na ansa na meredi mfe asia no, na mede ahwehwɛ a wɔhwɛ mu ka asɛm di dwuma daa. Na mewɔ hokwan, na na m’ani gye ho sɛ me ne ahonhom bedi nkitaho. Na minim sɛ adaemone wɔ hɔ na na m’ani gye ho sɛ me ne wɔn bɛkasa. Na wɔma minyaa tumi ne nimdeɛ soronko bi.
Mifii ase kenkan nhoma a ɛfa ahonhonsɛmdi ho a me nsa kae nyinaa. Na aguadidan bi a ɛyɛ osumanni bi de yɛ nea wɔahyɛ da abue ama abayifo anaasɛ ntafoayifo. Nhoma dedaw ahorow a ɛfa ahonhonsɛmdi ho a mekenkanee no ma mihuu adaemone ahorow a nnipa a wɔde wɔn ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu tete no ne wɔn dii nkitaho no din.
Afei wɔ me ne adaemone no nkitahodi mu no, mifii ase de din ahorow yi dii dwuma bere a me ne wɔn kasa no. Na na ɛte sɛ nea bere biara a me ne adaemone bi bɛkasa no, na ne su ne ɔkwan a ɔfa so yɛ adwuma no yɛ soronko wɔ adaemone foforo a mɛfrɛ no no de ho. Enti mibehuu adaemone pii din.
Mibehuu wɔ ahonhonsɛmdi ho nsɛm a mekenkanee no mu sɛ adaemone no yɛ abɔfo a Onyankopɔn dom abɔ wɔn na ɛnyɛ nnipa a wowuwu no ahonhom anaasɛ wɔn akra. Na mete nka ma abɔfo yi na ɛyɛɛ me yaw maa Satan titiriw. Mebɛyɛɛ obi a ɔsom Satan, nanso wɔ ɔkwan a ɛbɔ ne ho abira so no, na mebɔ Onyankopɔn mpae bere koro no ara. Na bere biara a menya me mpaebɔ ho mmuae no, na migye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na watie me mpaebɔ. Ɛyɛ nea ɔbonsam daadaa me ankasa.—2 Korintofo 11:14.
Ɛwom sɛ adaemone no ma minyaa tumi soronko bi de, nanso wɔammoa me amma manyɛ onipa pa. Mmom no, wokyinkyim m’adwene ma mebɛyɛɛ obi a nitan ahyɛ no ma mmom sen ɔdɔ. Ankyɛ na mebɛyɛɛ oguamammɔfo, owifo, ɔsabofo, obi a ɔnom nnubɔne, ne obi a ɔne ne yɔnko mmarima da ɔbea nna.
Me nanabea no wui wɔ January 1974 mu. Eyi haw me kɛse, efisɛ na ɔne onipa biako pɛ a medɔ no. Bere a meyɛ abofra no na ɔkenkan Bible no kyerɛ me na na ɔka owusɔre ho asɛm. Afei na mepɛ sɛ mete owusɔre no ho asɛm pii. Efi me mmofraase pɛɛ no, na mepɛ sɛ metra ase daa, na na adaemone no ahyɛ me bɔ sɛ ɛbɛba saa. Nanso na mintumi nhu ɔkwan a eyi bɛfa so aba.
Nkitahodi Bi a Ɛho Hia
Bere a wɔyɛɛ me nanabea ayi wiei akyi bere tiaa bi no, meka kyerɛɛ abeawa bi a wɔfrɛ no Gwen a na me ne no yɛ adwuma no sɛ wiase awiei abɛn nanso obiara nnye nni. Gwen kae sɛ ogye di na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ minim. Metee eyi fii adaemone no hɔ, nanso Gwen kyerɛɛ me eyi fii Bible no mu.
Na Gwen ka Yehowa ho asɛm bere nyinaa na ɔka sɛ ɔno ne Nea ɔbɛma nhyehyɛe yi aba awiei. Meka kyerɛɛ no sɛ mempɛ saa din Yehowa no, na mekae sɛ onnyae bɔ. Ɛhaw no na ɔkae sɛ, sɛ mempɛ sɛ ɔbɔ din a n’ani gye ho kɛse no a, ɛnde ɔne me begyae kasa mmom, efisɛ Yehowa ne Onyankopɔn din.
Me ho dwiriw me. Enti bere a mekɔɔ fie saa anadwo no, mefaa King James Version Bible a ɛyɛ me nanabea a wawu no de no, na mifii ase buebuee mu sɛ mehu edin Yehowa no. Ná minim sɛ sɛ mihu wɔ Bible yi mu a, ɛnde na nea Gwen ka no yɛ nokware sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din. Nanso na mete nka sɛ ennim. Bere a mibuee Exodus 6:3 no, me ho dwiriw me, ɛhɔ kenkan sɛ: “Miyii me ho me kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din [Yehowa] no de, mamma wɔamfa anhu me.”
Mihui wɔ hɔ ara sɛ Yehowa ne Onyankopɔn ampa ne sɛ, sɛ wɔde toto ho a na Satan nni tumi koraa! Edin a mempɛ no a mihui wɔ Bible mu ne owusɔre anidaso no ho asɛm a metee no ma mifii ase ne Adansefo no suaa ade.
Adaemone Tumi Ase a Medee Me Ho Fii
Ɛno akyi no ankyɛ na Gwen de me kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam no bi ase. Na ɔkasa no fa aboa a wɔaka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu a ɔwɔ agyiraehyɛde 666 no ho. Ná mate ne ho asɛm kakra afi adaemone no hɔ, na afei me ho dwiriw me ankasa sɛ mihui sɛ wɔakyerɛw eyinom nyinaa wɔ Bible no mu. M’ani gyee ho ma enti me ne Adansefo no fii Bible adesua a wɔyɛ no daa ase dapɛn a edi hɔ no.
Ɛwom, adaemone no ampɛ sɛ me ne wɔn besua ade. Nanso na minim sɛ nea meresua no ne nokware no na na ɛnyɛ nea megyae, ɛwom sɛ adaemone no bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw me kwan de. Na wɔboro me bere a meda mpa so no. Me ti ho twɛre a wɔbɔe bere bi no gyee nnɔnhwerew pii ansa na ne yaw no regyae. Mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa hɔ mmoa, na ɛno akyi no wamma wɔamma me dan no mu bio. Nanso adaemone no annyae. Wɔba bɛyɛ dede wɔ me dan a meda mu no mfɛnsere akyi. Wɔkɔ so yɛ saa anadwo mu no nyinaa ma enti nnɔnhwerew kakraa bi na na minya de da. Na wɔpɛ sɛ wɔhaw me. Nanso mekɔɔ so ara bɔɔ Yehowa mpae na mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow no nyinaa, na Yehowa boaa me.
Ampa, adaemone no wɔ tumi kɛse. Wobetumi akum nnipa mpo te sɛ nea wɔyɛɛ Hiob mma du no. (Hiob 1:18, 19) Na na migye di sɛ wɔpɛ sɛ wokum me esiane sɛ mayɛ wɔn somfo a wɔama me tumi titiriw bi a afei magyaw wɔn resom wɔn tamfo Yehowa Nyankopɔn no nti. Enti me ho ban a Yehowa abɔ no yɛ adanse sɛ ɛnsɛ sɛ yesuro adaemone no.
Wɔ 1974 ahohuru bere mu no, mekɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Oakland-Alameda County Stadium no bi. Ɛhɔ na misii gyinae sɛ mɛbɔ asu wɔ nhyiam foforo a ɛte saa bio a wɔbɛyɛ no ase. Enti wɔbɔɔ me asu wɔ beae koro no ara wɔ July 18, 1975 mu, na mewaree obi a ɔno nso yɛ ɔdansefo wɔ October a edi hɔ no.
Bere a mewaree Mari akyi mpo no, adaemone no kɔɔ so ara haw yɛn, na ɛtɔ bere bi a wɔma hu ka me yere. Ná Mari fi asafo a mifii ase kɔɔ adesua wom no mu. Na onim me ho asɛm nyinaa ansa na yɛrebɛware. Ose bere a mifii ase baa Ahenni Asa so no ara pɛ na ɔkae sɛ ɛbɛyɛ sɛ meyɛ ɔbaninyɛn. Na me ho yɛ hu ankasa. Na atade tuntum nkutoo na mehyɛ na na me ne obiara nkasa, mekɔtra adesua no ase kɛkɛ.
Bere bi de na yesusuw sɛ ebia adaemone no rennyae yɛn haw kosi sɛ wɔde Satan bɛto ebun no mu. (Adiyisɛm 20:1-3) Esiane bɛn a yɛkɔɔ so bɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu ne honhom mu nsiesiei horow nyinaa a ɔnam n’ahyehyɛde no so ayɛ no a yɛde dii dwuma nti, mfe pii ni a adaemone no nhaw yɛn bio te sɛ nea na wɔyɛ kan no.
Yɛanya mmabea baasa a wɔn ho yɛ fɛ, na wɔ mfe anan a atwam no mu no, Mari resom sɛ daa ɔkwampaefo. Yɛhwɛ bere a wobeyi Satan ne n’adaemone no afi hɔ koraa no kwan. Na ɛwom sɛ mprempren de adaemone no nhaw yɛn tẽẽ bio de, nanso yɛmma yɛn werɛ mfi sɛ yɛne wɔn wɔ akodi te sɛ nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne . . . wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.” (Efesofo 6:12)—Sɛnea Ralph Anderson ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Bere biara a me ne adaemone biako bi bɛkasa no, na ne su yɛ soronko wɔ adaemone foforo de ho