Japan Ma Australiafo ‘Atitiriw’ Baasia Akwaaba
Efi Japan “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NSƐM ho amanneɛbɔfo ɔha de ahopere twɛn saa anɔpa no wɔ Narita Wimhyɛn Gyinabea wɔ Tokyo, Japan. Wimhyɛn kɛse no gyinae ara pɛ na wɔkyerɛɛ wimhyɛn no mufo atitiriw baasia bi kwan kɔɔ afie fɛfɛ foforo bi a wɔasi ama wɔn no mu ntɛm ara. Henanom ne saa ‘atitiriw’ a wɔde bere tenten atwɛn wɔn yi?
Ɛyɛ Australiafo sisi a wɔfrɛ no koala no asia! Efi 1975 na wofii ase kaa koala yi bi a wɔde wɔn bɛba Japan ho asɛm. Wɔhyɛɛ da siesiee wɔn ho kɛse de twɛn saa mmoa yi ansa na awiei koraa no ‘Wɔredu hɔ wɔ October 25, 1984 mu. Nanso fi a wɔde wɔn befi wɔn asase so akɔ beae foforo yi nyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw.
Ahɔho a Wɔn Ho Adwumayɛ Nyɛ Mmerɛw
Sɛ mmoa yi wɔ wɔn ankasa asase so a, ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa wubehu wɔn wɔ ɛhyɛ dua so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛhyɛ ahaban ne aduan koro pɛ a koala di. Wonya nneɛma ahorow pii fi saa ahaban yi mu, na ɛyɛ nea koala ntaa nnom nsu. Nnipa a wofi Anstralia ankasa no na wɔde edin koala no maa wɔn a ɛkyerɛ “nea ɔnnom nsu.” Nanso ɛnyɛ ɛhyɛ ahaban biara kwa na wɔwe!
Ɛwom sɛ ɛhyɛ nnua ahorow ahorow bɛyɛ 600 na ɛwɔ hɔ de, nanso emu 10 pɛ na koala pɛ. Enti woduaduaa pii wɔ nkurow abien a na wɔde wɔn rebɛkɔ so no mu biara mu. Nanso so Australiafo koala yi bɛwe ɛhyɛ a wɔadua wɔ Japan yi nhaban? Wɔde nea wɔadua wɔ Japan yi nhaban no bi kɔɔ Australia. Wɔkɔhwɛe sɛ ɛyɛ nea mmoa yi ani begye ho! Mmoa yi de anigye wee ɛhyɛ nhaban a efi Japan yi.
Esiane sɛ wɔde mmoa yi twaa kwan bɛboro akwansin 4,000 fii wɔn kurom nti, na ɛho hia sɛ wonya adan a eye ma wɔn. Ɔdan a wosi maa koala wɔ Tama Mmoa Yɛmmea no yɛ nea na ɛwɔ bepɔw ketewaa bi so. Wɔakyekyem afã horow abiɛsa.
Ɔfã a edi kan no mu na nsrahwɛfo no kenkan nsɛm ahorow a ɛfa Australia ho na wɔhwɛ mfonini ahorow nso. Ɔfã a ɛto so abien no mu na mmoa nketewa ahorow pii a wofi Australia wɔ. Na ɔfã a ɛto so abiɛsa no mu na anigyesɛm no wɔ, ɛhɔ na koala a wɔn ho yɛ anigye no wɔ.
Ɛha na nsrahwɛfo hwɛ koala no fa ahwehwɛ kɛse bi mu. Mmoa no wɔ nnua ahorow 15 a wɔfoforo. Dua biara nso wɔ ne nɔma, na wɔkyerɛ nnua ahorow a mmoa no wɔ so no wɔ kyerɛw pon bi so. Eyi ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu wɔn. Wɔasosɔ nkanea bi a ɛma hɔ yɛ sum kakra wɔ hɔ, efisɛ anwummere ne ahemadakye na mmoa yi pɛ. Enti sɛ wɔsosɔ nkanea yi a, ɛma wuhu sɛ wɔnenam mu.
Wɔwɔ adan ahorow pii nso wɔ hɔ ma wɔn a ebi yɛ mmeae a sɛ wɔyare a wɔde wɔn kɔ hɔ, baabi a wɔde wɔn aduan gu, ne baabi a wosiesie wɔn aduan no; na mmoa yi wɔ baabi a wotumi kɔtra gye wɔn ahome nso. Ɛka a wɔbɔe wɔ eyi nyinaa ho yɛ Japan sika yen 550,000,000 (¢198,000,000) na eyi kyerɛ sɛnea Japanfo ani gye ho sɛ mmoa yi bɛyɛ yiye wɔ hɔ no.
Amanfo ani gyee mmoa yi ho denam ɛho dawurubɔ ahorow no so. Efi bere a wobuee ano no nnipa mpempem pii akɔhwɛ mmoa yi. Nnipa bɛboro 15,000 kɔhwɛɛ mmoa yi Kwasida bi wɔ Tokyo. Na wɔ Afe Foforo ahomegye da no mu no, nnipa 22,000 na wɔkɔhwɛɛ mmoa yi wɔ Kagoshima na 46,000 nso kɔhwɛɛ wɔn a wɔwɔ Nagoya no.
Sɛ edu ahomegye nna a, ɛsɛ sɛ nnipa no twɛn bɛyɛ dɔnhwerew biako ne fã ansa na wɔatumi ahu koala wɔ Tokyo Tama Mmoa Yɛmmea hɔ. Nanso dɛn na ɛma nkurɔfo ani gye mmoa yi ho saa no?
Mmaduaba a Wɔwɔ Nkwa
Nea enti a nkurɔfo ani gye wɔn ho ne wɔn ho nhwi fɛfɛ no, wɔn ani nketewa no, wɔn hwene a ɛda nsow no, wɔn aso a nhwi bebree wɔ ho no, ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade bɔkɔɔ no. Mmoa no ho yɛ anika ankasa ampa. Wɔte sɛ abaduaba a ɛwɔ nkwa pɛpɛɛpɛ.
Wɔtaa hu mmoa a wɔn ho yɛ anigye yi wɔ Australia apuei fam ne afei kesee fam nso, na te sɛ kangaroo no, wɔn nso wɔwɔ kotoku bi a wɔde wɔn mma hyehyem. Sɛ wɔwo wɔn ba foforo a, ne tenten yɛ nsateakwaa fã ne kakraa bi pɛ. Aboa ketewa yi ankasa foro kɔhyɛ ne maame kotoku no mu na ɛhɔ na onyin bere a onum ne maame nufu no. Sɛ odi asram asia anaasɛ ason a, ofi kotoku no mu na ofi ase we ɛhyɛ ahaban a ne maame awesaw asan apuw agu hɔ no. Eyi akyi no afei abofra no fi ase we ɛhyɛ ahaban a ɛyɛ mmerɛw no. Ɛyɛ saa bere yi na ne maame no fi ase turu no kɔ baabiara a ɔkɔ no. Sɛ wuhu wɔn saa a, ɛyɛ fɛ yiye!
Ɛwom sɛ ebia nneɛma pii da so ara wɔ hɔ a wonnya nhui wɔ ‘atitiriwfo’ yi ho de, nanso wɔwɔ anidaso sɛ wobesua pii afa mmoa yi ho wɔ wɔn fie foforo a ɛwɔ Japan no mu.