Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 11/8 kr. 10-12
  • Australia Mmoa A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa A Wɔwɔ Abaturu Kotoku

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Australia Mmoa A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa A Wɔwɔ Abaturu Kotoku
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awo a Ɛyɛ Ahodwiriw
  • Koala a Ne ho Yɛ Anika​—Aboa Foforo a Ɔwɔ Abaturu Kotoku a Ne Ho Yɛ Nwonwa
  • Adidi ne Ɔnom Nkwaadɔm a Ɛda Nsow
  • Japan Ma Australiafo ‘Atitiriw’ Baasia Akwaaba
    Nyan!—1987
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2000
  • Nufu A Wɔma—Ɛnã “Afɔrebɔ” A Efi Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1984
Nyan!—1992
g92 11/8 kr. 10-12

Australia Mmoa A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa A Wɔwɔ Abaturu Kotoku

Efi Australia Nyan! kyerɛwfo hɔ

DƐN ankasa ne aboa a ɔwɔ abaturu kotoku, na dɛn na ɛma mmoa a wɔwɔ abaturu kotoku no ho yɛ nwonwa?

Ne tiaatwa mu ne sɛ aboa a ɔwɔ abaturu kotoku no yɛ mmoa a wɔn honam mu hyew sakra, ɛmfa ho beae a wɔwɔ, a wɔma wɔn mma nufu no mu biako. Nanso, nea ɛne mmoa a wɔma wɔn mma nufu no mu fã kɛse no ara nneyɛe bɔ abira no, mmoa a wɔwɔ abaturu kotoku no mu abere nnya awo akyi ade wɔ wɔn awotwaa mu bere a wonyinsɛn no. Wɔwo wɔn mma no bere a wɔyɛ nketenkete na wonhu ade, afei wɔma wɔn nufusu hwɛ wɔn so wɔ wɔn ayaase kotoku bi mu. Enti, ne titiriw no, aboa a wɔwɔ abaturu kotoku yɛ aboa a ɔwɔ kotoku wɔ n’ayaase, efisɛ Latin asɛmfua marsupiam kyerɛ “kotoku” anaa “bɔtɔ.”

Nokwarem no, kangaroo yɛ mmoa bɛyɛ 250 a wɔwɔ abaturu kotoku no mu biako pɛ. Mmoa a wɔwɔ abaturu kotoku wɔ aman afoforo mu ka Australia ho​—nanso wɔnnɔɔso. Sɛ nhwɛso no, Amerika Kusuu Fam opossum no yɛ aboa a ɔwɔ abaturu kotoku, na wohu afoforo wɔ Amerika Kesee Fam. Nanso wohu wiase no mu mmoa a wɔwɔ abaturu kotoku no mu fã kɛse no ara wɔ Australia mpɔtam hɔ, na wɔahu akuw horow bɛyɛ 175 wɔ hɔ. Sɛ wɔka wɔn bom a, kangaroo akuw horow 45 na wɔwɔ Australia, nanso nea wonim no yiye ne kangaroo ɔbran kɔkɔɔ no. Ɔso sen mmoa a wɔwɔ abaturu kotoku nyinaa, ne mu duru bɛyɛ kilo 90, na ɔware sen nnipa pii. Nanso, ɔbere no sua sen no na ne ho yɛ bruu ne nsonso.

Kangaroo ahorow tumi huruw mita 11. Wɔasese ahu sɛ ebinom tumi de dɔnhwerew biako twa kilomita 64 na wɔahuruw afasu a ne sorokɔ boro mita 3. Wotumi hu kangaroo abran kɔkɔɔ yi ne nea osua kakra a ne ho hoa wɔ Australia asasepɔn no mmeaemmeae pii. Akwantufo taa hu wɔn na ɛma wɔn ani gye bere a wɔde kar fa Australia mfinimfini mmeae a nnua wɔ asase no fã so no ne anhweatan amansin mpo mu. Kangaroo yɛ mmoa a wɔpɛ fekubɔ na wɔtaa nantew bom wɔ nea a wɔfrɛ no mmoakuw mu.

Awo a Ɛyɛ Ahodwiriw

Ebia aboa a ɔwɔ abaturu kotoku asetra fã a ɛyɛ nwonwa sen biara ne n’abawo ne ne yɛn. Kangaroo te sɛ mmoa a wɔwɔ abaturu kotoku no mu fa kɛse no ara. Wɔwo kangaroo ba wɔ bere a wɔahyiam akyi nnafua 33 kosi 38 pɛ mu. Nanso ne ba a wɔawo no foforo te sɛ awotwa mu mogyatɔw​—abɔde ketewa bi a ɛte sɛ asedua, a ne mu duru bɛyɛ gram 0.75, osua sen wo nsateaa akokɔbɛto no ano, na ɛkame ayɛ sɛ wutumi hu ne mu nneɛma nyinaa.

Sɛ wɔwo no pɛ a, “ɔforo” fi ne na awotwaa mu ba ne nhwi mu. Afei, bere a ɔde nsa a abɔwerɛw wɔ so di dwuma no ɔpere nantew sɛntimita 15 de hyɛn ne na kotoku mu. Ɛhɔ na ɔfam ne na nufuano anan biako ano. Ɔnam saayɛ so nya aduan a ohia nyinaa, na ɔtra saa ɔhwɛ a ahotɔ wom yi mu asram anum ansa na wayi ne ti adi nea edi kan.

Kangaroo ba no fi ase fi adi bere a wadi asram asia no, na ɔsan ba kotoku no mu na wanya aduan ne ahobammɔ. Nanso, awiei koraa no, ɛna si gyinae sɛ ɔba no so sen kotoku no, enti ɔmma ɔnkɔ mu bio koraa. Obedi asram 18 no, na watew ne ho afi ne na ho koraa.

Ade biako a ɛyɛ nwonwa ne sɛ kangaroo na tumi de nufusu ahorow abien ma bere koro mu. Ɔne onini hyia bio wɔ n’awo a edi kan no akyi pɛɛ. Abofra a wayinsɛn no foforo yi tra hɔ dinn kosi sɛ kangaroo ba a odi kan no befi ase afi adi afi kotoku no mu. Afei wɔwo kangaroo ba a ɔto so abien no ketewaa na ɔfam nufuano foforo ho wɔ kotoku no mu.

Nanso kangaroo ba panyin no da so ara nya nufusu fi nufuano a edi kan no mu. Nea ɛma asɛm no yɛ den bio ne sɛ kangaroo ba a ɔte sɛ mogya tɔw yi hia nufusu soronko koraa. Nanso, eyi nyɛ asɛnnennen, efisɛ ɛna no tumi ma no nufusu a asikre pii wom fi nufuano a ɔfam ho no mu, bere a ɔma ne nua panyin no nufusu a protein ne sraade wom pii fi nufusu a edi kan a ɛyɛ ne de no mu!

Ɛwom sɛ wɔntaa nyɛ mmoa a wɔyɛ keka de, nanso anini no tumi de wɔn ho hyɛ nea ɛreyɛ ayɛ sɛ akuturukubɔ mu. Ɛtaa yɛ anini nketewa abien a wɔresɔ wɔn ahoɔden ahwɛ. Ɛtɔ mmere bi a, anini abien a wɔanyinyin bɔ akuturuku​—wɔbobɔ wɔn ho wɔn ho akuturuku ankasa wɔ ɔbere biako a wɔapaw no ho! Ntɔkwaw yi betumi ayɛ nea anibere wom, efisɛ akorafo yi de wɔn nsa bɔwerɛw bobɔ titi wɔn ho na wɔde wɔn anan wowɔ wɔn ho wɔn ho denneennen.

Koala a Ne ho Yɛ Anika​—Aboa Foforo a Ɔwɔ Abaturu Kotoku a Ne Ho Yɛ Nwonwa

Aboa a ɔwɔ abaturu kotoku a ne ho yɛ anika a ɛkame ayɛ sɛ wonim no yiye te sɛ kangaroo, na wɔtaa ka ne ho asɛm wɔ akwantufo a wɔkɔ Australia nsɛmma nhoma mu ne koala. Aboa ketewa yi atrae ankasa ne nnua so, na ɔtaa kyinkyin anadwo. Sɛnea ɔte nti, wɔtaa fa no sɛ sisi, na ɛtɔ mmere bi a, wɔfom frɛ no sɛ koala sisi. Nanso ɔne asisi mmɔ abusua biara, na ɔnyɛ opossum anaa kontromfi bi. Ɔda nsow yiye. Yiw, koala kuw biako pɛ na ɛwɔ hɔ, na Australia apuei fam amantam no mu nkutoo na wɔwɔ.

Koala ho yɛ anika bere nyinaa, ɔwɔ nhwi fukufuku, ani a ɛhyerɛn sɛ potwom, ɛhwene horɔhorɔ, ne anim tebea a ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ basaa. Wɔnyɛ mmoa akɛse, wonyin kɔ soro bɛyɛ sɛntimita 60 na wɔn mu duru yɛ fi kilogram 8 kosi 14.

Wɔwo koala te sɛ mmoa afoforo a wɔwɔ abaturu kotoku no mu fã kɛse no ara, nea ɛyɛ soronko ara ne sɛ koala ɔbere wɔ kotoku a ano wɔ akyi. Ɔba a wawo no foforo no tra kotoku no mu asram asia, na awiei koraa no, sɛ ofi adi a, ɔtare ne na akyi bere a ne na yɛ adwumaden hwehwɛ nnua a n’ahaban yɛ dɛ.

Adidi ne Ɔnom Nkwaadɔm a Ɛda Nsow

Koala kyerɛ wɔn ho wɔ adidi mu. Eucalyptus dua ahaban nkutoo na wodi. Na ɛnyɛ ahaban biara kɛkɛ na wodi. Eucalyptus akuw horow 600 no mu 50 anaa 60 pɛ na koala di. Esiane ngo ne nnubɔne a ɛyɛ awuduru a ɛwɔ nhaban yi mu nti, sɛ mmoa afoforo di saa nhaban yi bi a wobewuwu. Adidi ne ɔnom nkwaadɔm a ɛyɛ hwanyann na ɛboa koala ma ɔyam n’aduan soronko no, nanso n’aduan a ɛda nsow yi ma ne ho yi hua soronko!

Wɔn ho animdefo bi kyerɛ sɛ koala nnom nsu koraa, na wɔkyerɛ sɛ asɛmfua “koala” no yɛ Aboriginfo asɛmfua a ɛkyerɛ “mennom nsu.” Nanso nhwehwɛmu a wɔde ahwɛyiye ayɛ ada no adi sɛ bere nc bere mu no, koala fi wɔn dua so si fam bɛnom nsu, na mpo ɛtɔ da bi a, wodi dɔte kakra de ka wɔn aduan a ahoɔden nnuru nni mu no ho.

Ɛwom sɛ wotumi hu kangaroo ahorow wɔ mmoa nyɛmmea ahorow bi a ɛwɔ wiase nyinaa no mu de, nanso mmoa nyɛmmea kakraa bi pɛ a enni Australia mu na wohu koala ahorow. Nanso sɛ ebia woanya hokwan ahu wɔn anaa dabi no, yegye di sɛ wubegye atom sɛ wɔyɛ nnnoa a wɔn ho yɛ nwonwa ampa​—mmoa a wɔwɔ abaturu kotoku a wonni awo akyi ade yi.

[Kratafa 11 mfonini]

Kangaroo na a ne ba hyɛ kotoku mu

[Kratafa 12 mfonini]

Koala a ɔrewe nhaban

[Asɛm Fibea]

Melbourne Zoo Education Service, Victoria, Australia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena