Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 2/8 kr. 23
  • Kɔkɔbɔ No Mu Da Hɔ—So Woretie?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔkɔbɔ No Mu Da Hɔ—So Woretie?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tawa Ne W’akwahosan—So Ɛka No Ankasa?
    Nyan!—1991
  • So Ɛsɛ Sɛ Wɔbara Sigaretnom?
    Nyan!—1981
  • So Sigaretnom Bɛkɔ So Atra Ho?
    Nyan!—1981
  • Wɔn A Wɔtɔn Owu—So Wo Tɔ Bi?
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 2/8 kr. 23

Kɔkɔbɔ No Mu Da Hɔ​—So Woretie?

“HWƐ YIYE: Sigaretnom Betumi Asɛe W’akwahosan.” United States aban hyɛɛ mmara wɔ 1965 mu sɛ ɛsɛ sɛ nnipa a wɔyɛ sigaret no kyerɛw nsɛm yi gu wɔn sigaret nnaka no ho. Mfe anum akyi no, wɔde “Kɔkɔbɔ: Nnuruyɛfo Panyin no Ahu Sɛ Sigaretnom Sɛe W’akwahosan” sii ananmu. Mprempren mmara no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw kɔkɔbɔ foforo gu nnaka no ho wo asram anan biara mu. So eye sɛ wɔbɛyɛ eyi? Susuw amanneɛbɔ ahorow a efi wiase nyinaa no ho na w’ankasa si ho gyinae.

“Oduruyɛfo Panyin No Kɔkɔbɔ: Sigaretnom Ma Nkurɔfo Nya Ahrawa Mu Akisikuru, Komayare, na Ebetumi Ama Obi Nyinsɛn Mu Brɛ Adɔɔso”:

“Asoɛe a ɛhwɛ akwahosan ne yiyedi ho nsɛm so nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ akisikuru ho no ada no adi sɛ . . . wɔ Japan no . . . ɛyɛ sigaretnom na ɛma nnipa a ahrawa mu akisikuru ayɛ wɔn no mu fã anaa nea ɛboro saa no anya ɔyare no.”​—Asahi Evening News.

“Oduruyɛfo bi a ɔyɛ koko oprehyɛn a ɔwɔ Zimbabwe Sukuupɔn no fã a ɛhwɛ oprehyɛn ho nsɛm so a wɔfrɛ no Douglas Thompson aka sɛ nyansahu mu nkontaabu reda no adi sɛ abusuabɔ bi wɔ sigaretnom ne nyarewa a ɛyɛ ahrawa ne ntini ahorow no mu.”​—The Herald.

“Nnipa a ɔyare no ayɛ wɔn ahrawa no mu ɔha biara mu bɛyɛ 2 nya ɔyare no fi awo mu na nyarewa afoforo nso na ɛma nnipa afoforo nya ɔyare no . . . Nanso wɔ wɔn mu fã kɛse [a wɔwɔ Britania no] fam no, . . . sigaretnom na ɛma ɔyare no yɛ wɔn.”​—The Times.

“Oduruyɛfo Panyin No Kɔkɔbɔ: Bɔre Wɔ Sigaret Wusiw Mu”:

“Ade a wɔntaa nhu nanso ɛyɛ sigaretnom mu asiane kɛse . . . ne bɔre bi a wonya fi mu no . . . Nhwehwɛmufo . . . hui sɛ sɛ ofirikafo bi nya bɔre yi pii wɔ ne nipadua mu a, sɛnea otumi hu bere ne sɛnea ɔkwan a ɛda ɔne kar bi ntam tenten te na ama watumi ahu sɛ ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase anaasɛ dabi no tɔ kyima kɛse. Nsakrae kakra nso ba wɔ sɛnea ɔka kar no nso mu.”​—The Scientific Case Against Smoking.

“Oduruyɛfo Panyin No Kɔkɔbɔ: Sigaretnom a Wubegyae Nnɛ No Bɛma Nneɛma a Ɛsɛe W’akwahosan Kɛse No So Atew Kɛse”:

“Sɛ obi gyae sigaretnom a, ne koma ne ne mogya nkwaadɔm fi ase nya mfaso fi mu wɔ saa bere no ara mu. Asiane a ɛbɛma wanya komayare, n’afã afã a ebewu ne nyarewa afoforo a ɛka mogya nkwaadɔm no so tew. Akisikuru a sigaretnom bɛma wanya no ano fi ase brɛ ase na wɔ mfe du ntam no na aba fam koraa ma abɛyɛ te sɛ obi a ɔnnom sigaret de.”​—U.S. Department of Health and Human Services.

“Oduruyɛfo Panyin No Kɔkɔbɔ: Sigaret a Apemfo Nom No Betumi Apira Abofra No, Ɛbama Wɔawo Bere a Wɔn Awo Nnuu So Na Wɔbɛwo Abofra a Ne Mu Nyɛ Duru”:

“Ɛkame ayɛ sɛ nhwehwɛmu bɛboro 50 a wɔatintim a ɛfa mmofra a wɔboro ɔpepem fã a wɔwo wɔn a wofi aman ne mmusua ahorow pii mu ho no nyinaa ada no adi sɛ sigaret a ɛnanom nom no ka kɛse a abofra no bɛyɛ no. . . . Pɔn a wobetumi apɔn awo no kɔ soro fi ɔha biara mu 30 kosi 70 wɔ apemfo a wɔnom sigaret no fam sen wɔn a wɔnnom no, na sigaret a wɔnom no ma ɛho asiane yɛ kɛse. . . . Mmea a wɔnom sigaret wɔ wɔn nyinsɛn bere mu ne wɔ wɔn awo akyi no pii mma yareyare na ebinom nso wuwu bere a wonnya nnii mfe anum no.”​—The Health Consquences of Smoking: The Changing Cigarette.​—Oduruyɛfo Panyin no Amanneɛbɔ.

Nniso ahorow ne aduruyɛ adwuma no bɔ mmɔden sɛ wɔde kɔkɔbɔ ahorow bɛma. Nanso nea awiei koraa ebefi mu aba no gyina onipa no ankasa so. Sɛnea Bible no ka no: “Ogyimfo kwan teɛ n’ani so, na nea otie afotu yɛ onyansafo.” (Mmebusɛm 12:15) So woretie?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena