Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 3/8 kr. 3-5
  • Tawa Ne W’akwahosan—So Ɛka No Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tawa Ne W’akwahosan—So Ɛka No Ankasa?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwanhosan ho Kɔkɔbɔ Ahorow a Aban De Ma
  • Nea Enti a Nkurɔfo Nom Sigaret, Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔnom
    Nyan!—1986
  • Wɔn A Wɔtɔn Owu—So Wo Tɔ Bi?
    Nyan!—1991
  • Kɔkɔbɔ No Mu Da Hɔ—So Woretie?
    Nyan!—1987
  • Tawa Ne Nhwehwɛmu
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 3/8 kr. 3-5

Tawa Ne W’akwahosan​—So Ɛka No Ankasa?

“Yɛda Wo Ase sɛ Wonnom Sigaret” Times mu sɛnkyerɛnne bi

“Yɛda Wo Ase sɛ Wonom Sigaret” Ɔkasatia bi a ɛwɔ tawa adwumakuw bi nsɛmma nhoma mu

WOTWA ɔko mpasua, wɔde adawurubɔfo pen ne computer di dwuma. Aguade ho dawurubɔ nnwuma ka wɔn nsɛm a wɔde kasa tia. Wodi ako yi wɔ aguadi wiase no mu. Ɛyɛ tawa ho akodi, na sika a wɔsɛe wɔ ho sõ. Dɔla ɔpepem pii afe biara. Sɛ ebia wonom sigaret anaasɛ wonnom mpo a, ɛka wo.

Ɛyɛ ako a wodi no akwan horow abien so​—sikasɛm ne akwahosan mu. Wɔ wɔn a wɔsɔre tia sigaretnom fam no, akwahosan ne nea edi kan a ɛho hia wɔn. Wɔ tawa ho adwumayɛfo mpanyimfo ne wɔn a wontumi nyi wɔn ho mfi adwuma no ho fam no, wɔn sikasɛm, mfaso ne nnwuma da asiane mu. Ɛda adi sɛ nkate ne nneyɛe ahorow mu yɛ den. Wɔ wimhyɛn gyinabea bi no, sigaretnomfo bi bisaa nea wɔde sɔ sigaret fii obi a ogyina bɛn no no hɔ. Mmuae a adwene a ɛnteɛ biara nni akyi a ɔmae ne sɛ, “mesrɛ wo, mennom sigaret.” Sigaretnomfo no de abufuw kae sɛ, “mammisa wo sɛ ebia wonom sigaret!”

Nanso dɛn na ɛde akasakasa yi ba? So sigaretnom nye mma wo koraa? So ɛsɛ sɛ wugyae nom?

Akwanhosan ho Kɔkɔbɔ Ahorow a Aban De Ma

Wɔagye tawanom ne akisikuru ho ɔsɛmpɔw no ho akyinnye mfe du du pii wɔ United States. Tawa adwuma no yii dɔla mpempem pii sɛ wɔmfa nyɛ nhwehwɛmu wɔ 1960 mfe no mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu abusuabɔ a ɛda akisikuru ne tawanom ntam no pefee, na wɔnam saayɛ so ahu ɔkwan bi a wɔbɛfa so ayɛ sigaret a nneɛma a ɛde akisikuru ba nnim. Ɛkame ayɛ sɛ nea afi mu aba no mu biako kyɛn nea tawa ho adwumayɛfo hwɛɛ kwan.

Wɔ 1964 mu no U.S. oduruyɛfo panyin no de n’amanneɛbɔ a ɛyɛ sigaretnom mu asiane ho kɔkɔbɔ a edi kan too gua wɔ United States. Efi 1965 mu no, wɔahyɛ U.S. sigaretyɛfo mmara sɛ wontintim kɔkɔbɔ ahorow wɔ wɔn sigaret adaka ahorow no ho. Mfiase no na nkrasɛm no mu nyɛ den: “Kɔkɔbɔ: Oduruyɛfo Panyin no Ahu Sɛ Sigaretnom De W’akwahosan To Asiane Mu.” Afei wɔ 1985 mu no, wɔhwehwɛɛ sɛ tawa adwumakuw ahorow de nkrasɛm anan di dwuma nnidiso nnidiso wɔ wɔn aguade ho dawurubɔ ahorow mu ne wɔn aguade no ho. Emu biara fi ase sɛ: “ODURUYƐFO PANYIN NO KƆKƆBƆ.” Afei nkrasɛm ahorow no ne: “Sigaretnom Ma Ahrawa Mu Akisikuru, Komayare, Mpafe, Na Ebetumi Ama Nyinsɛn Mu Asɛnnennen.” (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 4.) “Nea Ebetumi Afi Sigaret a Apemfo Nom Mu Aba Ne Sɛ Ebepira Akokoaa No, Ɔpɔn, ne Akokoaa a Ne Mu Nyɛ Duru a Wɔwo No.” “Sigaretnom a Wubegyae Mprempren No Bɛtew Asiane a Wode W’akwahosan Bɛto Mu No So Kɛse.” “Carbon Monoxide Wɔ Sigaret Wisiw Mu.”a

Wɔ United States akyi no, aman afoforo nso de sigaret ho kɔkɔbɔ ahorow ma. Nsɛm a edi so yi ka aguade ho dawurubɔ nsɛm a ɛwɔ India Toay nsɛmma nhoma no mu ho: “MMARA MU KƆKƆBƆ A WƆDE MA: SIGARETNOM SƐE AKWAHOSAN.” Wɔ Canada no wɔde nkyerɛwde nketewa na etintimii: “Kɔkɔbɔ: Akwahosan ne Yiyedi Canada tu fo sɛ sigaret dodow a obi nom no ma n’akwahosan ho asiane nya nkɔanim​—kwati ne wusiw a wobɛtwe akɔ wo mu no.” Efi May 31, 1988 mu no, wɔabara tawa ho dawurubɔ wɔ Canada. Wɔ Britain no, nsɛm a edi so yi ka tawa ho dawurubɔ ho: “MIDDLE TAR [anaasɛ LOW TAR] Sɛnea ƆHEMMEA Aban no ASIANE kyerɛkyerɛ mu no: Aban Akwahosan KƆKƆBƆ: SIGARET BETUMI ASƐE W’AKWAHOSAN KƐSE.” Wɔabara tawa ho dawurubɔ wɔ Italy fi 1962. (Nanso sigaret dodow a Italiafo nom no abu abɔ ho wɔ mfe aduonu a atwam no mu!) Esiane kɔkɔbɔ ahorow yi a egyina nyansahu mu adanse bebree bɛboro nhwehwɛmu 50,000 a wɔayɛ wɔ mfe no mu no so nti, akyinnye biara nni sɛnea wɔde asɛm no ba awiei no ho​—sigaretnom nye mma w’akwahosan!

Ɛwom sɛ wɔnom sigaret wɔ wiase nyinaa de, nanso ɛnyɛ aman nyinaa na wɔhwehwɛ sɛ wɔkyerɛw kɔkɔbɔ ahorow wɔ nneɛma a wɔde tawa yɛ no ho. Na sɛ gua no sɛe wɔ baabi a, tawa tɔnfo mpanyimfo no de wɔn dawurubɔ a wɔde kanyan nkurɔfo akɔnnɔ no hyehyɛ gua ahorow wɔ aman afoforo so. So wo man aba tawa tɔn ho dawurubɔ a tumi wom no nkɛntɛnso ase? So wɔyɛ amanɔnne sigaret ma ɛdɔ kɔn? Asɛm pɔtee bɛn na ɛhyɛ “aguadi kɛse” yi akyi?

[Ase hɔ nsɛm]

a Carbon monoxide mframa a enni hua no yɛ sigaret wusiw mu nkyem 1 kosi 5, na ɛfra hemoglobin no, ade a ɛma mframa pa tra mogya no mu no. Ɛtew mframa pa a ɛho hia a ɛsɛ sɛ ɛtra mogya no mu no so. Eyi bɛtumi ayɛ asiane ama obi a ɔwɔ komayare dedaw no.

[Adaka/Mfoni wɔ kratafa 4, 5]

SIGARETNOM ne Apemfo

NNANSA yi ara Rusiafo nsɛmma nhoma Nauka I Zhizn (Nyansahu ne Nkwa) no tintim Owura Victor Kazmin asɛm a emu no, ɔkyerɛkyerɛɛ asiane ahorow a sɛ ɛna a ɔyem nom sigaret a, ɔne akokoaa no ba mu no mu. Ɔkae sɛ: “Sigaretnom ma ɔbea a esiane sɛnea ɛsono ne yɛbea nti ɛma ɛyɛ mmerɛw pii sɛ awuduru bɛka no kɛse no nkwaadɔm ho kã. Mpo koraa no, tawa wusiw mu nneɛma ahorow yɛ asiane kɛse ma akwahosan.”

Ose ɛnanom a wɔnom sigaret no ma wɔn mma awuduru ankasa. “Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ mmeae a wɔyɛ nyarewa ho nhwehwɛmu akyerɛ sɛ awuduru ahorow​—nicotine ne emu adubɔne bi, continine, wɔ saa mmea a wɔyare no awotwaa mu. Nanso, sɛnea wɔnam anyinam ahoɔden hwɛe bi a ano yɛ den so ahu no, nea ɛyɛ hu sen biara ne sɛ wɔ mmea a wɔnom sigaret fam no, sɛ wɔyem a akokoaa no funuma no su mpo sakra; nanso ntini yi na ɛma akokoaa no nya nea ohia nyinaa fi ɛna no nkyɛn na wakɔ so atra ase. . . .

“Sɛ ɛna no nom sigaret wɔ bere a wafa yafunu akyi adapɛn abien anaa abiɛsa a edi kan no mu a, ɔkwan biara so no, nea ɛka no kɛse ne akokoaa hon nkwaadɔm . . . Wɔ nyinsɛn no adapɛn a ɛto so anan anaa anum no mu no, koma ntini ahorow a mogya nam mu no ba. Nanso na awuduru adi kan aka no.”

Owura Kazmin de asɛm no baa awiei dɛn? “Tawa wusiw yɛ asiane kɛse ma akokoaa no sen ɛna no ankasa.” So ɛfata saa? Kae U.S. oduruyɛfo panyin no kɔkɔbɔ no: “Sigaretnom . . . Betumi Ama Nyinsɛn mu Nsɛnnennen.” Na ɛno yɛ nea wɔaka no nyansam bɔkɔɔ.

[Asɛm Fibea]

WHO/American Cancer Society

[Kratafa 5 adaka]

SIGARETNOM ne Mpafe

MPAFE yɛ ɔyare bi a ɛde nkakrankakra siw ahrawa no mu a etumi bue no kwan, a awiei koraa no ɛmma mframa bɔne ntumi mfi nipadua no mu yiye. Columbia University College of Physicians and Surgeons Complete Home Medical Guide no kyerɛkyerɛ mu se: “Ade biako da adi wɔ nnipa a [wɔwɔ United States] a wɔyare mpafe no nyinaa ho: Ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ mmarima, a wɔadi fi mfirihyia 50 kosi 70 a wɔanom sigaret bebree mfe pii. Bere bi a atwam no, na mmea ntaa nnya mpafe te sɛ mmarima, nanso eyi resakra efisɛ mmea kɔ so yɛ wɔn a wɔnom sigaret pii.”

Nhoma koro no ara de ka ho sɛ: “Mpafe betumi ayɛ te sɛ ɔyare foforo bi mfe pii. Ebia ɔpakum yɛ obi a ɔyare mpafe no mpɛn pii wɔ awɔw bere biara mu, a ɔwaw a ano yɛ den ne ebia hwenem a ɛtaa siw ka ho. Ɔwaw no taa kyɛ, na ɛbɛyɛ nea wontumi nsa.” Dɛn ne mpafe ho sɛnkyerɛnne afoforo no bi? Mpafe ba nkakrankakra. Ebia nea edi anwummere ne anɔpa a wontumi nhome yiye akyi ba ne ɔbrɛ nka a wɔte. Ebia nantew kakraa bi ma onipa no ahome tew no; atrapoe foro yɛ no den. Awiei koraa no, bere a ahrawa no ntumi ntwe mframa, na entumi mma mframa mfi nipadua no mu yiye no, ebia ebedu baabi no na home a ɔbɛhome biara gye mmɔdenbɔ kɛse, na ɔyarefo no bubu gu hɔ a ontumi nyɛ adwuma biara.”

Aduruyɛ mu akwankyerɛ koro no ara de ka ho sɛ mpafe betumi de komayare ahorow a emu yɛ den aba. So ɛfata saa? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wotwa wo nkwa akyɛde a ɛsom bo no so de sesa nicotine mu anigye a ɛtra hɔ bere tiaa no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena