Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 4/8 kr. 17-21
  • Ɔdodowpofo Haw No A Wobɛte Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdodowpofo Haw No A Wobɛte Ase
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔte Nka wɔ Wɔn Mu
  • Da Ayamhyehye Adi
  • Sɛnea Ebinom Atumi Agyina Ano
  • Ɔhaw No a Wobeyi Afi Hɔ
  • Nyan! Bisabisa Kasa Ho Ɔbenfo Bi Nsɛm
    Nyan!—1987
  • Dodowpo Ho Suro Ase a Yɛbɛte
    Nyan!—1998
  • Sɛnea Migyina Dodowpo Ano
    Nyan!—1998
  • Ɔmpo Dodow Bio!
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 4/8 kr. 17-21

Ɔdodowpofo Haw No A Wobɛte Ase

Da biara a wim yɛ hyew kɛse no, abusua no gyina wɔ baabi a wɔtɔn ais krim wɔ kurow no mu no. Na Carl pɛ butter-pecan ais krim kɛse sen biara. ‘Mede sika a ɛho toromtorom a me papa de ama me no hyɛɛ me nsa a emu ayɛ nwini no mu. Me koma bɔɔ ntɛmntɛm na na mitumi te sɛ m’anim refi fifiri. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ me papa sɛ ɔntɔ mma me nanso na minim nea ɔbɛka wɔ saa bere no mu. Na ɔtaa ka wɔ bere a atwam no mu sɛ: “Wopɛ saa ais krim no paa enti w’ankasa tɔ.” Hwɛ sɛnea na ɛno mma m’ani nnye ne ho. So na onnim sɛ ɛyɛ me yaw? Migyinaa hɔ komm a na me ho rewosow wɔ saa ɔpon a ɛhyerɛn no anim. Bere a mede me nan ano sisii fam no, mitumi de sika a fifiri afɔw no no maa ntoaso sukuuni abarimaa a twã pii wɔ n’anim a ɔreserew no.

‘“Abofra, nea ɛwɔ he na wopɛ?”

‘“Mepɛ bab . . . ma me bbbaa . . . ba ba ba . . . ”

‘M’ano ka toom na mekɔɔ so peree a na mintumi nkasa. Na mitumi hu sɛ abofra no rehwɛ me papa anim. Saa nhwɛ no na wɔn a wɔpo dodow nyinaa no hu no kɛse. Nhwɛ a ɛkae sɛ, “So wubetumi aboa? Ɛte sɛ nea abofra yi yare abibiriw na ɔrema mayɛ basaa.” Nokwarem no, eyi ma mekɔɔ so bɔɔ mmɔden kɛse kosii sɛ me bo fuwii, meyɛɛ basaa a na merebɔ mmɔden sɛ mɛtwe mframa akɔ me mu. Awiei koraa no, “butter-pecan” pue fii m’ano. Na me ho nyinaa yɛ me yaw nanso na matumi aka.’​—The Best of Letting Go, Newsletter, San Francisco, California, U.S.A.

SƐ NA wugyina hɔ rehwɛ abofra Carl bere a ɔkae sɛ ɔbɛtɔ saa ais krim no a, anka dɛn na wobɛyɛ? Ɔbenfo Oliver Bloodstein a wasua dodowpo ho ade mfe 37 ni no ka asɛm a ɛkyerɛ sɛ, “sɛ ɛnyɛ ntease titiriw bi nti a, nnipa a wɔmpo dodow no ntaa nte sɛnea dodowpo yɛ hu na ɛma nkurɔfo yɛ basaa no ase.”

Yiw, wɔ nnipa a wɔpo dodow pii fam no, kasa yɛ “ade a ɛde dadwene ne haw a emu yɛ den a ennyae ba,” sɛnea Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ no.

Wɔ ɔkwan foforo so no, so woyɛ obi a n’ano atew? Sɛ saa a, ebia wubehu sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛte saa dadwene yi ase. Dɛn ntia? Efisɛ kasa nyɛ ade a yɛn mu pii haw yɛn ho wɔ ho. Sɛ ɔkɔm de yɛn a, yɛkɔ adidibea kɔtɔ aduan. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtɔ biribi de kyɛ obi a, yɛka kyerɛ adetɔnfo no sɛ ɔmmoa yɛn. Sɛ obi frɛ yɛn wɔ telefon so a, yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebegye so. Nanso wɔ nnipa a wɔpo dodow fam no, nsɛm a ɛte sɛɛ a esisi da biara no betumi ayɛ ayamhyehye ama wɔn.

Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘So ɔhaw no yɛ aniberesɛm kɛse saa? Wiɛ, so woasusuw sɛnea asetra betumi akyerɛ ama obi a ɔpo dodow no ho pɛn? Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte ne haw no ase kɛse na woanya ayamhyehye kɛse ama no no, bra na yensusuw sɛnea ɔte nka wɔ ne mu​—ne nkate horow ho.

Sɛnea Wɔte Nka wɔ Wɔn Mu

Joe: “Menka dodow ho asɛm sɛ kasa mu akwanside: mefrɛ no asetra mu akwanside. Ɛmma yentumi nyɛ yɛn ade sɛnea ɛsɛ. Ɛmma yentumi nsua nhoma ne nsaanodwuma sɛnea yɛpɛ ne sɛ, yentumi nni nkitaho wɔ asetra mu sɛnea yɛpɛ. Minim nkurɔfo a wɔnwaree . . . a wonni nnamfo. Wɔtwe wɔn ho fi afoforo ho, wonnyi adamfofa su adi nkyerɛ wɔn na wɔne wɔn mmɔ.

Donna: ‘Mapo dodow fi bere a na madi bɛyɛ mfe akron. Bere a midii mfe 27 no na emu yɛ den araa ma mannye telefon so wɔ fie da. Ehu ka me kɛse efisɛ wubebisa me sɛ wɔfrɛ me dɛn, na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo, na ka a mɛka sɛ “Donna” no yɛ den kɛse ma me. Wɔ mfe abien mu no, mafa din ahorow ahorow mpɛn 122.’

Obi a ɔmpɛ sɛ wɔbɔ ne din: ‘Ɔkwan a eye sen biara a metumi afa so aka sɛnea dodow a mepow no di m’asetra so tumi no ne sɛ mɛkyerɛw nsɛm a esisii no mu binom ato hɔ. Na me ho ye kosii sɛ mididii anɔpa efisɛ mankasa. Afei mekɔɔ adutɔnbea bi efisɛ mansɔre ntɛm anaasɛ na meda me mpa so a ehu aka me. Na mepɛ sɛ metɔ kɔfe ne brodo nanso metɔɔ nufusu ne oats efisɛ na minim sɛ merentumi mmɔ saa nsɛmfua no din na na mempɛ sɛ ɔbea no bedi me ho yaw. Mempɛ oats.

‘Wɔ sukuu no, ɔkyerɛkyerɛfo no frɛɛ me na na ɛwom sɛ minim mmuae no de, nanso meyɛ me ho sɛ meyɛ mum na mewosow me ti sɛ minnim. Bere a yɛpɔn sukuu no, meyɛɛ ntɛm kɔɔ nhomakorabea hɔ, mefaa nhoma bi na meyɛɛ me ho sɛ meresua ade denneennen bere a obiara a minim no retwam no.

‘Na me sika asa na mekyerɛw krataa kɔmaa me papa sɛ ɔmana me sika. Na mepɛ sɛ mede stampo soronko bi tim so nanso mekaee sɛ bere bi a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛtɔ bi wɔ post office no, mekɔɔ so kaa sp-sp-sp-sp-sp-sp mpɛn pii ma nea ɔtɔn no ne nkurɔfo a wogyina m’akyi no bo fuwii, mantumi annyina ano ma enti metɔɔ stampo foforo bi. Aka me sika 30 cents a mede bedidi.’

W. J.: “Meyɛ obi a ɔpo dodow. Mente sɛ nnipa afoforo. Ɛsɛ sɛ misusuw nneɛma ho, meyɛ ade na metra ase wɔ ɔkwan soronko so​—efisɛ mepo dodow. Te sɛ nnipa afoforo a wɔpo dodow ne wɔn a wɔtwe wɔn ho fi nnipa ho no, madi awerɛhow kɛse na ɛyɛ nea manya anidaso nso wɔ m’asetra mu na ɛno na ama mayɛ sɛnea mete yi. Tɛkrɛmabutuw asakra m’asetra.

Ɔmpɛ sɛ wɔbɔ ne din: “Na meyɛ adwuma sɛ obi a odum gya wɔ keteke mu. Da koro na yɛreyɛ adwuma wɔ keteke kwan bi so. Na yenim sɛ keteke biara remma hɔ wɔ dɔnhwerew fã mu. Medan m’ani na mihui mpofirim ara sɛ keteke ketewaa bi reba. Na nea me ne no reyɛ adwuma no hyɛ keteke ketewaa bi mu. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛka akyerɛ no, nanso mantumi ankasa. Mantumi ampo dodow mpo ansa na keteke no duu hɔ. Na keteke no ntu mmirika nanso n’abien nyinaa sɛee. Obiara anwu nanso me yɔnko a me ne no yɛ adwuma no nan biako twae. Me werɛ remfi da. Sɛ mitumi bɔɔ no kɔkɔ a anka.”

Nnipa baanum. Anyɛ yiye koraa no wɔn nsusuwii ne wɔn osuahu ahorow a wɔwɔ no ma yenya wɔn basaayɛ ne animguase a ebetumi ato nnipa a wɔpo dodow da biara wɔ wɔn asetra mu no mu nhumu kakra. Afei bu nkate a nnipa bɛyɛ ɔpepem 15 nya yi ho akontaa. So wuhu nea enti a dodowpo betumi ayɛ nea ɛde dadwene ne haw a emu yɛ den a ennyae ba no ankasa yiye?

Sɛ wowɔ adamfo bi a ɔpo dodow a, dɛn nti na wummisa no sɛnea ɔte nka wɔ asɛm no ho? Ebetumi ayɛ wo nwonwa sɛ wubehu akokoduru ne mmɔdenbɔ a wohia da biara mpo no.

Da Ayamhyehye Adi

Esiane sɛ saa dɛmdi yi taa nya nnipa a ɛwɔ wɔn ho no so tumi kɛse​—adwene ne nkate mu​—nti, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wo ne saafo no di? So ɛsɛ sɛ wudi wɔn ho yaw na wokorɔkorɔ wɔn? So ɛsɛ sɛ wo ne wɔn di wɔ ɔkwan soronko so? Nyan! bisabisaa nnipa pii a wɔpo dodow anaasɛ wɔapo dodow pɛn no nsɛm yi. Nsɛm a wɔkae no bi ni.

YƐSRƐ WO NNI YƐN HO FƐW. Frank a wadi mfe aduonu akron no apo dodow fi bere a na wadi mfe du. Ɔka sɛ: “Mepɛ sɛ nkurɔfo te ase sɛ nnipa a wɔpo dodow da so ara wɔ nkate horow na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn di sɛ nnipa na ɛnsɛ sɛ wodi wɔn ho fɛw. Adodowpofo hyia ɔhaw, ɛno ara nen. Obiara wɔ nea ɛhaw no na dodowpo na ɛhaw me.” Atesɛm krataa bi sɛnkyerɛwfo a wagye din kɛse kae bere bi sɛ esiane sɛ dodowpo nyɛ nea ebetumi akum obi nti, ɛte sɛ nea ɛno nkutoo ne dɛmdi a wodi ho fɛw wɔ baguam. Robert gye tom sɛ, yiw, me nnamfo di me ho fɛw wɔ sɛnea mekasa no ho. Ɔserew na ɔka sɛ: “Ɛnhaw me efisɛ minim sɛ ɛyɛ agoru ara kwa.” Ampa, ɛsono sɛnea obiara te na ɛnyɛ nea ɛhaw adodowpofo binom sɛ wobedi wɔn ho fɛw kakra. Nanso so worennye ntom sɛ ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubeyi ayamhyehye adi akyerɛ nnipa a wɔpo dodow no na wo ne wɔn adi sɛnea wobɛpɛ sɛ wɔne wo di wɔ saa tebea koro no ara mu?

YƐSRƐ WO, MMA YƐN ADE NYƐ WO MMƆBƆ: Bere a ɛda adi sɛ ɔdodowpofo ani begye sɛ wɔbɛte n’ase no, ɔrennye bu a wobebu no sɛ ɔyɛ mmɔbɔ no ntom. Carol a ɔpoo dodow mfe 25 no ka sɛ: “Yɛmpɛ sɛ nkurɔfo di yɛn ho yaw nanso ɛho hia sɛ wɔtɔ wɔn bo ase ma yɛn.” Kate a mprempren wadi mfe bɛboro aduosia no de ka ho sɛ: “Mempɛ sɛ nkurɔfo bedi me ho yaw sɛ ɔdodowpofo. Mepɛ sɛ wobu me sɛ onipa na wohu sɛ ɔhaw ahorow a emu yɛ den wɔ hɔ a ɛsen dodowpo. Dodowpo yɛ sintɔ ketewa bi pɛ.”

YƐSRƐ WO, NSUSUW SƐ YƐYƐ NKWASEA ANAASƐ YƐN ADWENE HO AKÃ. Robert ka sɛ: “Me yam a anka nkurɔfo remmɔ mmɔden sɛ wɔbɛkenkan ho asɛm anaasɛ wɔbɛhwehwɛ mu akɔ akyiri na wɔabu no sɛ adwene mu yare.” Carol se: “Munnsuro yɛn. Yɛmfa ‘nsan afoforo.’ Ɛnsɛ sɛ ɛnanom bɔ wɔn mma ho ban wɔ yɛn ho. Mɛpɛ sɛ nkurɔfo kyerɛ obu ne nidi ma adodowpofo. Yenim nyansa te sɛ obiara. Yentumi nka nea yɛpɛ sɛ yɛka, ɛno ara nen. Na nea yɛyɛ, yɛn nsa a yɛtoto, ne fom a yɛn ano fom no nyinaa​—yɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛma asɛm no apue no fã bi.”

Ebia wobɛka sɛ: ‘Eye sɛ mehu sɛnea adodowpofo te nka na ɛsɛ sɛ eyi boa me daakye. Nanso mibisa sɛ: Wɔyɛ dɛn tumi gyina ano?’ Eyi yɛ asemmisa a eye ne nea ɛfata sɛ wosusuw ho.

Sɛnea Ebinom Atumi Agyina Ano

Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛboa ma woanya asemmisa yi ho mmuae no, yebisabisaa wɔn mu binom a wɔyɛ Yehowa Adansefo no nsɛm efisɛ wɔn tebea no mu yɛ den kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔtete Yehowa Adansefo ma wɔkasa wɔ nnipadɔm anim wɔ dapɛn dapɛn nhyiam bi a wɔfrɛ no Teokrase Ɔsom Sukuu no ase. Ebinom a wɔpo dodow akyerɛw wɔn din wɔ sukuu yi mu. Afei nso, ɔdansefo biara ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ baguam na ɔtaa yɛ saa kɛse wɔ afie afie mu. Ɛda adi sɛ nkitaho kɛse a wobedi wɔ tebea horow a emu yɛ den mu ho hia. Wɔyɛ eyi wɔ ɔkwan bɛn so? Nneɛma abien boa: afoforo nhwɛso ahorow a wɔkae ne mpaebɔ.

Kate kae Mose nhwɛso no bere nyinaa. Wɔtaa susuw sɛ na Mose hyia kasa mu akwanside bi. Bere a Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ Mose sɛ onkoyi Israelfo mfi Misraim no, obuae sɛ: “M’ano ntew, . . . me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma nso yɛ duru.” (Exodus 4:10) Enti Yehowa fi ɔdɔ mu de ne nuabarima Aaron maa no sɛ ne kasamafo. Nanso na nhyehyɛe yi rentra hɔ nkyɛ. Akyiri yi yehu sɛ wɔakyerɛw nsɛm a emu yɛ hyew a Mose ka kyerɛɛ Israelfo no wɔ Deuteronomium nhoma no mu. Saa bere no na Aaron ho nhia! Esiane sɛ Kate nim sɛ awiei koraa no Mose dii kasa mu akwanside titiriw a ohyiae yi so nti ahyɛ no nkuran kɛse.

Robert yɛ ɔpanyin wɔ n’asafo mu. Ɔka sɛ: “Ansa na mɛsɔre akɔma ɔkasa bi no, mebɔ mpae.” So ɛboa no? “Yiw. Etumi ma meyɛ m’ade bɔkɔɔ.” Mae adi mfe bɛboro 50 na wapow dodow wɔ mfe 11 a atwam no mu. Ɔka sɛ na ɔtaa kɔ afie afie mu nanso na ɔnka asɛm no bi. Da koro ɔne ɔdansefo bi yɛɛ adwuma na ofii ayamye mu bisaa no sɛ: “Sɛ worenkasa nkyerɛ nkurɔfo a, ɛnde ntease bɛn na ɛwom sɛ wobɛkɔ asɛnka?” Nea ɔkae no yɛ nokware. Enti obisaa nea obetumi ayɛ de aboa ne ho. Afotu bɛn na ɔde mae? Mpaebɔ. Mae tumi de mfe pii yɛɛ ɔkwampaefo a anyɛ yiye koraa no na ɔde nnɔnhwerew 90 ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ nkurɔfo ɔsram biara. Ɔkae sɛ: “Sɛ mpo sɛ mifi ase po dodow bere a me ne obi rekasa wɔ ofi bi mu a, ntɛm ara mebɔ mpae kakra. Egyae na minya ahotɔ bio.”

Ɔhaw No a Wobeyi Afi Hɔ

So wo ne obi a ɔpo dodow bɔ kɛse? So wote nka te sɛ ababaa yi a ɔkaa n’adamfo ho asɛm sɛ: “Ɔyɛ obi a ne ho yɛ fɛ, ɔwɔ anigye na osusuw afoforo ho. Ɔwɔ pii de ma nanso ontumi nkasa”? Sɛ wote nka saa a, ɛnde wo nso wohwehwɛ ano aduru te sɛ ɔno ara pɛ.

Sɛ wutumi ka kyerɛ ɔdodowpofo sɛ: “Yɛ eyi. Etumi yɛ yiye bere nyinaa!’ a, ɛbɛyɛ nwonwa ampa. Nanso ɛnte saa. Dodowpo yɛ dɛmdi kɛse na ɛsono sɛnea ɔdodowpofo biara ne nea ohia no te. Enti nea ebetumi aboa obi ma wagyae dodow a ɔpo no rentumi nyɛ saa mma ɔfoforo. Ɛnde so eyi kyerɛ sɛ anidaso kakraa bi na ɛwɔ ɔdodowpofo asetra mu?a

Robert, Mae, ne Kate de anigye bɛka akyerɛ wo sɛ wobenya ano aduru​—ɛrenkyɛ. Wɔde anigye bɛka anidaso a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ mum bɛkasa no ho asɛm akyerɛ wo. Wɔbɛka ɔbarima bi a na ontumi nkasa yiye a Yesu saa no yare no ho asɛm akyerɛ wo. Anaasɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ wo sɛ na Yesu Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene a wɔahyɛ no anuonyam no adan n’ani ahwɛ asase no. Na sɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛyɛ nea ɔyɛ maa saa ɔbarima no wɔ mfe pii a atwam no mu no ama nnipa pii. Yiw, wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no ne ne Ba, Yesu Kristo ani begye sɛ wobeyi ɔhaw yi afi hɔ korakora.​—2 Korintofo 1:3, 4.

Akyinnye biara nni ho sɛ wobedi nea ɛbɛba daakye no ho dwuma yiye. Na mprempren nso ɛ? Robert, Mae, Kate ne afoforo a wɔte sɛ wɔn no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase wɔ wɔn haw no mu sɛnea wobetumi. So wɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi ho asɛyɛde no ho dwuma? Yɛwɔ anidaso sɛ ɛnte saa. Yebetumi aboa wɔn denam obu a yɛbɛkyerɛ ama wɔn no so. Yebetumi ayi ayamye, ntease, ne boasetɔ adi bere nyinaa. Yebetumi atie nea wɔreka no. Yiw, gye a wobegye wɔn haw no atom no begyina ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛte ɔdodowpofo haw no ase no so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛsrɛ wo, hwɛ nsɛm a wobisabisaa obi a edi so no ne asɛm a ɛne “Ɔkasa Mu Ɔhaw Bi a Wobetumi Ama Ano Abrɛ Ase” a ɛwɔ May 8,1966 Awake! no mu no mu na ama woanya nsɛntitiriw bi a ɛfa sa a wɔbɛsa ne boa a obi betumi aboa ne ho no ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]

“Me yam a anka nkurɔfo de nidi ne obu bɛma adodowpofo”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

“Atiefo boa adodowpofo kɛse sɛ wotie nea ɔdodowpofo no reka na ɛnyɛ sɛnea ɔreka asɛm no a.”​—Ɔbenfo Oliver Bloodstein, ɔkasa ho ɔbenfo

[Kratafa 21 adaka]

“Ɔkasa Te Sɛ Dwetɛ: No Kommyɛ Te sɛ Sika Kɔkɔɔ”

Wɔkyerɛ sɛ Apuei Famfo na na wobu tete bɛ yi. Wobu saa bɛ yi wɔ Hebri kasa mu sɛ: “Sɛ asɛmfua biako yɛ dwetɛbona biako a, kommyɛ yɛ nnwetɛbona abien.”​—Brewer’s Dictionary of Phrase and Fable

Onyansafo bi a ɔtraa ase wɔ tete bere no mu no kaa no tiawa sɛ: “Biribiara wɔ ne bere na bere wɔ hɔ ma adwuma biara ɔsoro ase: . . . kommyɛ wɔ ne bere na ɔkasa wɔ ne bere.”​—Ɔsɛnkafo 3:1, 7, The New English Bible

[Kratafa 19 mfoni]

So woabisa sɛnea asetra betumi akyerɛ ama obi a ɔpo dodow no pɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena