Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 4/8 kr. 22-23
  • Nyan! Bisabisa Kasa Ho Ɔbenfo Bi Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyan! Bisabisa Kasa Ho Ɔbenfo Bi Nsɛm
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dodowpo Ho Suro Ase a Yɛbɛte
    Nyan!—1998
  • Ɔdodowpofo Haw No A Wobɛte Ase
    Nyan!—1987
  • Sɛnea Migyina Dodowpo Ano
    Nyan!—1998
  • Ɔmpo Dodow Bio!
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 4/8 kr. 22-23

Nyan! Bisabisa Kasa Ho Ɔbenfo Bi Nsɛm

Nyan! bisabisaa Ɔbenfo Oliver Bloodstein a ɔyɛ dodowpo ho ɔbenfo no nsɛm. Nsemmisa a wosusuwii ho wɔ nsɛm a wobisabisaa no mu bi no na ɛwɔ ase ha no.

Woayɛ adwuma yi mfe ahe, Ɔbenfo Bloodstein?

Mfe aduasa ason.

So obi betumi abɛyɛ ɔdodowpofo bere a ɔne nnipa a wɔpow dodow bɔ no?

Ɛno yɛ mmisa o cho hia efisɛ nkurɔfo pii susuw sɛ ɛte saa. Sɛnea yenim no, asiane biara nnim. Dodowpo nyɛ biribi a wosuasua.

So adodowpofo taa yɛ basaa?

Nkurɔfo kura adwene pɔtee bi wɔ adodowpofo ho​—kyerɛ sɛ wɔtaa twe wɔn ho fi nnipa ho, wɔyɛ ahopɛfo na wɔyɛ basaa​—adodowpofo nipasu ho nhwehwɛmu a wɔayɛ nni ho adanse ankasa.

Bere bi na wogye di yiye sɛ adodowpofo nyinaa adwene ho akã nanso kasa ho abenfo agyae saa nkyerɛkyerɛ no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wɔ 1930, ‘40’ ne ‘50’ mfe no mu no, wɔyɛɛ adodowpofo nipasu ho nhwehwɛmu kɛse. Ne titiriw no, ɛte sɛ nea ɛdaa adi sɛ na adodowpofo pii ntaa nyɛ basaa; saa ara nso na wɔanhu sɛ dodowpo ama wɔanyɛ nipasu pɔtee bi.

So adodowpofo nim nyansa te sɛ wɔn a wɔmpo dodow no?

Oo, yiw! Nokwarem no, wohui wɔ nhwehwɛmu ahorow pii mu sɛ adodowpofo a wɔkɔ kɔlege no mu pii nim nhoma sen wɔn a wɔmpo dodow no.

So adodowpofo no bi gyae dodowpo?

Dodowpo taa gyae wɔ mmofraase. Adanse a eye sen biara a yɛwɔ no kyerɛ sɛ ebia mmofra a wɔpo dodow no bɛyɛ ɔha biara mu 80 gyaee dodowpo ansa na wɔrenyin ayɛ mpanyimfo.

So eyi kyerɛ sɛ, sɛ abofra bi po dodow a, ɛho nhia sɛ n’awofo haw wɔn ho wɔ ho?

Yɛtaa ka sɛ wɔ mmofraase no, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ abofra no begyae dodowpo bere a ayɛ no bere tiaa bi akyi no ye. Nanso yɛrentumi nkyerɛ abofra a obegyae dodowpo no nea ɔrennyae no mprempren. Enti yɛn nhyehyɛe ne sɛ: Sɛ ɛhaw ɔwofo bi a, ɔmfa abofra no nkɔma ɛho abenfo; ɛsɛ sɛ ɔma wɔhwɛ abofra no na wɔhwɛ sɛ ebia wobetumi aboa no anaa. Sɛnea yenim no, dodow a abofra no sua no, dodow no ara na hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ obegyae dodowpo no yɛ kɛse. Sɛ abofra no kɔ so po dodow a, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ obegyae a wɔremmoa no no kɔ so yɛ nea esua.

Mudi ho dwuma dɛn nnɛ?

Yɛfa akwan horow abien so. Biako ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ adodowpofo sɛ wɔmma ehu kɛse nka wɔn na wonnya wɔn haw no ho adwempa, na nea ɛka ho no ne sɛ ɛsɛ sɛ wodi wɔn dodowpo no ho dwuma tẽẽ.

Mprempren akwan horow abien wɔ hɔ a wɔfa so di dodowpo ho dwuma tẽẽ. Ɔkwan biako a wɔtaa fa so titiriw fi afeha a ɛto so 19 no mu tɔnn ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ ɔdodowpofo no ma wakasa wɔ ɔkwan soronko so. Yenim sɛ, sɛ adodowpofo sakra sɛnea wɔkasa anaasɛ wɔhome no a, ɛntaa mma wɔmpow dodow. Enti wɔtaa nya ɔpɛ sɛ wɔbɛfa saa kwan yi so wɔ ɛho dwumadi mu na nokwarem no, ɛne ɔkwan a wɔtaa fa so titiriw nnɛ. Nanso ɔhaw ahorow bi wom. Nea emu yɛ den kɛse ne sɛ wɔn wɔn mu pii san po dodow bio wɔ asram kakraa bi akyi. Wotumi boa adodowpofo binom ma wogyae dodowpo koraa nanso wɔn mu fã kɛse no ara san po dodow bio. Bio nso, ɛma ɔdodowpofo no hwɛ sɛnea ɔkasa bere nyinaa na ɛntaa mma ɔnkasa sɛnea ɛsɛ.

Wokae sɛ akwan ahorow abien wɔ hɔ a wɔfa so di dodowpo ho dwuma tẽẽ. Nea ɛka ho no ne nea ɛwɔ he?

Nea ɛka no ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔapo dodow wɔ ɔkwan soronko so na ɛnyɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔakasa wɔ ɔkwan soronko so. Ebia eyi bɛyɛ wo nwonwa nanso na ahyehyɛde bi wɔ hɔ a wɔtewee wɔ 1930 mfe no mu a ɛda so ara de di dwuma kɛse nnɛ. Na ɛka kyerɛ ɔdodowpo no sɛ: Mfa akwan horow bi so nkwati dodowpo denam kasa a wobɛkasa wɔ akwan soronko so te sɛ kasa a wobɛkasa a wonsakra wo nne no so. Mmom no ɛsɛ sɛ wosakra sɛnea wopo dodow no mu. Yɛn nyinaa gyinagyina wɔ yɛn kasa mu.

Eyi yɛ ade a wɔyɛ no nkakrankakra. Nanso ɔhaw ahorow wɔ ɛno nso mu. Nea ɛyɛ titiriw wom ne sɛ ɔdodowpofo no ntaa nnyae dodowpo no koraa. Ɛdenam saa ɔkwan a yɛbɛfa so yi so no, yebetumi aboa ma ɔdodowpofo no ama dodow a ɔpo no abrɛ ase na ɛnyɛ sɛ ebegyae.

Nea mereka akyerɛ wo ankasa ne sɛ yenni ɔkwan pa biara a yɛbɛfa so ama dodowpo agyae nnɛ. Nanso yebetumi aboa adodowpofo bebree kɛse.

So ɛboa so wɔbɛka akyerɛ ɔdodowpofo sɛ ɔnkasa nyaa anaasɛ ɔntwe mframa pii nkɔ no mu?

Ɛyɛ den sɛ mebua asemmisa a ɛte sɛɛ pɛpɛɛpɛ efisɛ nnipa gu ahorow. Wɔma migye dii sɛ enye koraa sɛ wobetu awofo fo ma wɔaka eyinom akyerɛ wɔn mma. Na ɛdenam osuahu a mankasa manya so no, migye di sɛ awofo betumi ama ɔhaw no ayɛ kɛse denam nsɛm a ɛte sɛɛ a wɔbɛka akyerɛ wɔn mma no so. Yɛate nsɛm a ɛkyerɛ sɛ wotuu abofra bi fo sɛ ɔntwe mframa pii nkɔ no mu, na ade kyee no na ɛnyɛ sɛ ɔrepo dodow nko na mmom na ontumi nhome nso. Nanso ɛnyɛ mmerɛw efisɛ migye di sɛ mmofra binom wɔ hɔ a wɔaboa wɔn ma wɔagyae dodowpo denam nsɛm a wɔn awofo aka denam mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛboa wɔn no so. Ɛyɛ asɛm a egyina onipa no ankasa so kɛse. Nanso sɛ ɔwofo no, mɛhwɛ yiye kɛse sɛ merenkɔ so nhyɛ abofra bi sɛ ɔnkasa nyaa, ɔntwe mframa pii nkɔ no mu, onsusuw asɛm no ho ansa na wakasa ne nea ɛtete saa.

So biribi wɔ hɔ a ɔdodowpofo betumi ayɛ de aboa n’ankasa ho?

Misusuw sɛ ade biako pɛ a ɛho hia kɛse ne sɛ ɔdodowpofo no besua sɛnea ɔbɛkasa sɛ obi a ɔpo dodow. Sɛ meka saa a, mekyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔdodowpofo no gyae sie a ɔde dodow a ɔpo no sie no, ɛsɛ sɛ osua sɛnea ɔbɛka ne dodowpo no ho asɛm kakra akyerɛ nkurɔfo na ɛnsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ne ho sɛ n’ano tew wɔ ɔhaw a eyi ma ohyia nyinaa no akyi. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ obiara a onim no nim sɛ ɔpo dodow ne sɛ, nkurɔfo betumi abɔ ho nkɔmmɔ ne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn aniwu sɛ wofi ase po dodow a.

Sɛ ebetumi a, obetumi asua sɛnea woyi dodowpo ho aseresɛm mpo. Ɛyɛ den ma adodowpofo sɛ wobehu biribi a ɛyɛ serew wɔ dodowpo ho, nanso minim ɔdodowpofo bi a sɛ ofi ase po dodow a ɔka sɛ: “Asɛm no mu betwa kakra,” na eyi ma egyae. Anaasɛ ɛtɔ bere bi a ɔka sɛ: “Ɛbɛkyɛ kakra ansa na makasa esiane ɔhaw ahorow bi nti.”

Dɛn na otiefo betumi ayɛ de aboa obi a ɔpow dodow?

Sɛ otiefo bi dan n’ani hwɛ baabi ntɛm ara bere a adodowpofo fi ase pow dodow a, wɔn mu pii mpɛ. Afei nso, atiefo boa adodowpofo yiye sɛ wotie nea ɔdodowpofo no ka mmom na ɛnyɛ sɛnea ɔka asɛm no a. Na ɛno kyerɛ sɛ eye sɛ atiefo begyae nsɛm a wɔka de boa adodowpofo anaasɛ wɔbɛka akyerɛ ɔdodowpofo no sɛ, “Tɔ wo bo ase.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena