Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 5/8 kr. 20-23
  • Asase Ahye Kɛse A Etwa To No Mu A Mehwehwɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asase Ahye Kɛse A Etwa To No Mu A Mehwehwɛe
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asukɔdɔ Adwuma wɔ Po a Emu Dɔ Mu
  • Po Ase Akohyɛn a Asɛe a Yɛhwehwɛe
  • ‘Po Yii Awufo a Ɛwom no Mae’
  • Asukɔdɔ Mu Nsakrae
  • Apataa A Obiara Mpɛ N’asɛm
    Nyan!—1992
  • Sɛnea Mehwehwɛɛ Asetena a Ɛbɛma Manya Akomatɔyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Anwonwade wɔ Po Kɔkɔɔ no Ase
    Nyan!—1994
Nyan!—1987
g87 5/8 kr. 20-23

Asase Ahye Kɛse A Etwa To No Mu A Mehwehwɛe

NÁ MEREYƐ adwuma sɛ obi a ɔdɔ asukɔ bere a yɛtee ɔfrɛ no. Na ɔkorow kɛse bi adan abutuw bere a na ɛnam po a ahum kɛse retu wɔ so so wɔ Florida mpoano no. Na adwuma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔyɛ? Sɛ́ yɛbɛkɔ akoyi ɔkorow no na yɛde ne wura ade asan ama no.

Yeduu hɔ wɔ Mayport, Florida bɛyɛ awia nnɔnabien. Yehui sɛ ɔkorow no adan abutuw a ɛtɛn nsu no ani. Na nsu no ma ɔkorow no so kɔ soro ba fam bere a ɛrekɔ kusuu fam nkakrankakra wɔ Gulf Stream no mu no. Nanso na mframa ne po asorɔkye no ano reyɛ den nkakrankakra na bere a yɛrekɔ no ɔyare bɔɔ nea me ne no dɔ asukɔ no.

Enti na ɛsɛ sɛ me nkutoo kɔ. Meguare kɔɔ ɔkorow no ho a na mehyɛ ntade a mede dɔ asukɔ na na mekura nneɛma afoforo a mede dɔ asukɔ no nso. Ná nhyehyɛe a mayɛ ne sɛ metutu ho nneɛma ahorow bi. Afei mapue afi nsu no mu na mama ɔkorow foforo atwe.

Bere a medɔɔ asukɔ no, mekɔɔ nsu no ase bɛyɛ anammɔn du na meguare kɔɔ ɔkorow no ho a mammrɛ. Hwɛ nea mihui! Na nnua a esisi so no rehinhim wɔ nsu no mu na na mpataa ɔhaha pii nenam ho. Na ɛyɛ den sɛ mehu po no ase wɔ akyirikyiri. Eyi nyinaa kanyan m’anigye. Nanso ankyɛ biara na mihuu nokwasɛm a eyi yɛ no.

Na ɛnyɛ me nkutoo na mewɔ hɔ. Anyɛ yiye koraa no, na aboodede bɛyɛ dumien atwa me ho ahyia! Na wɔwɔ baabi a efi me hɔ kɔ hɔ bɛyɛ anammɔn 20 kosi 30 na nawɔnam brɛoo a wɔrebɛn me kɛse bere nyinaa. Na minim sɛ memmɛn yɛn ɔkorow no koraa. Dɛn na metumi ayɛ? Na mabɛn ɔkorow a adan abutuw no mu dan no ho pɛɛ. Na ano pon no abue kɛse na na ehinhim bere a nsu no ma ɔkorow no so kɔ soro ba fam no. Na merekɔ saa ɔkorow no dan no mu!

Meko tiaa nkate a emu yɛ den a ɛbɛma mede ehu ne ahopere aguare no, nanso mpo, na keka a mekeka me ho biara no twe me kɔ ɔpon a ano abue no ho. Mekɔɔ so hwɛɛ oboodede biara a na ɔbɛn me no kosii sɛ mebɛnee ɔkorow no ho. Saa bere no na mihuu no no. Na oboodede kɛse bi a ne tenten bɛyɛ anammɔn 14 hyɛ ɔpon no ase! Ɛdɛn, na oboodede yi betumi akyere saa aboodede foforo no mu biako​—ne me nso awe a ɛrenyɛ den mma no!

Nanso mannyina hɔ koraa. Esiane biribi nti wankeka ne ho bere a mebɛn no no, na mehyɛn ɔkorow no dan no mu ntɛm ara na metow mu. Metow mu yiye na metraa hɔ sɛ merehwɛ nea ebesi. Aboodede no nyinaa beduu baabi a efi ɔkorow no ho kɔ hɔ bɛyɛ anammɔn anan anaa anum na wogyinae. Enti na maka ɔkorow a adan abutuw no mu wɔ baabi a efi hɔ kɔ mpoano yɛ akwansin 70 a ɛkaa me nko a, anka mewɔ baabi foforo. Baabi foforo!

Bere a na mewɔ ɔkorow no mu no, mehwehwɛɛ mu nyinaa. Ná mframa pii wom na ɛno na mehomee. Bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi no, mekɔɔ ɔpon no ano. Na aboodede no kɔ, na ɛkame ayɛ sɛ minhu wɔn bio. Na yɛn ahyɛmma no mu panyin de ehu retwa ɔkorow no ho hyiaa wɔ po no so. Na oboodede kɛse no nso ɛ?

Mibuee ɔpon no na mehwɛɛ ase. Nokwarem no, na ɔda so ara wɔ hɔ​—na yɛhwɛ yɛn ho yɛn ho anim! Mesan kɔɔ ɔkorow no dan no mu na wɔ anibu kakraa bi akyi no, oboodede no fii ɔkorow no ase na ɔbaa ɔpon no ano. Ebia na ɔpɛ sɛ mesan pue bio na ohu me. Nanso na ɛnyɛ nea, mɛma wanya hokwan bio! Na eye kɛse ma me sɛ na ɔyɛ anibiannaso.

Bere a mehwɛɛ aboodede a wɔn mu ɔkɛse no nso ka ho na meretwɛn ɔkorow no dan no mu no awiei koraa no wofii hɔ kɔe. Me ho tɔɔ me! Na ɛno yɛ asukɔ a madɔ wɔ bɛboro mfe 20 mu a mede ahwehwɛ asase ɔhye kɛse a etwa to​—po a emu dɔ no mu nea ɛyɛ anigye kɛse no mu biako.

Asukɔdɔ Adwuma wɔ Po a Emu Dɔ Mu

Mifii asukɔdɔ ase wɔ Florida kesee fam wɔ 1957 mu na na mede nnɔnhwerew pii tra po ase a mehyɛ asukɔdɔ atade. Wɔ saabere no mu no, na mmoa pii wɔ abotan ahorow a ɛbɛn mpoano no mu​—na mmɔnkɔ ne mpataa a wɔn ho yɛ fɛ wɔ baabiara.

Afei wɔ 1958 ahohuru bere mu bere a na me ne me nnamfo baanu redɔ asukɔ wɔ Florida mpoano no, yehuu Spaniafo hyɛn bi a asɛe; na obiara nkɔɔ hɔ ɛ. Na ɛda abotan bi so. Nokwarem no, na po so hyɛn no sɛkyɛ da faako a ɛkɔtɔe no na na ɛda abotan so. Na ɔprɛm bi ne atuo asinasin ne nneɛma afoforo nso gugu nkyɛn. Wɔ bere tiaa bi mu no, nneɛma a ɛte sɛɛ ho anigye a minyae no ma mede m’asetra mu mfe pii dɔɔ asukɔ.

Po Ase Akohyɛn a Asɛe a Yɛhwehwɛe

Bere a mede mfe pii ayɛ asukɔdɔ adwuma no, mekɔyɛɛ U.S. po so sraani na wɔ 1960 mu no, mekɔɔ Po so asraafo asukɔdɔ sukuu wɔ Key West, Florida. Bere a miwiee me ntetee no, wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ New London, Connecticut, na menkɔyɛ adwuma wɔ Po so asraafo po so hyɛn a wɔde yi po ase akohyɛn a ɛho aka no mu biako mu. Na wɔfrɛ po so hyɛn no sɛ USS Sunbird ASR-15. Na yɛkɔ kusuu fam kodu Newfoundland ne kesee fam kodu Bermuda. Na yɛtaa kɔ Mediterrnea Po no mu wɔ bere ne bere mu nso. Na wɔde po so ahyɛn a ɛte sɛ yɛn de no gye nnipa a wɔaka po ase akohyɛn a adan abutuw a asɛe mu no nkwa.

Na nnipa a wɔwɔ po ase akohyɛn a akɔ nsu ase anammɔn 850 mu no tumi te yɛn dɔn a yɛbɔ de frɛ wɔn no. Na yɛwɔ nnipa a wɔdɔ asukɔ a wɔwɔ nneɛma a wɔde dɔ asukɔ kɔ po mu pii. Na po so hyɛn no ne mu adwumayɛfo suasua ɔkwan ahorow a wɔfa so yi nnipa a wɔaka po ase akohyɛn mu no yiye wɔ wim tebea horow nyinaa mu. Misusuwii sɛ, ‘Awiei koraa no, mfaso bɛba anigye a mewɔ wɔ asukɔdɔ ho no so!’ Nanso na me nsa besi fam.

Sɛ nhwɛso no, wɔ April 1963 mu wɔ New England mpoano no, wɔkaa nuklea po ase akohyɛn USS Thresher SSN-593 ho asɛm sɛ akyɛ dodo wɔ asukɔ ahorow a ɛredɔ no mu. Esiane sɛ na yɛbɛn hɔ nti, yekoduu hɔ wɔ nnɔnhwerew kakraa bi ntam. Nanso na Thresher no wɔ akyirikyiri dodo ma enti biribiara a na yɛwɔ no rentumi nnu ne nkyɛn​—ɛyerae wɔ nsu a emu dɔ yɛ anammɔn 8,400 no mu. Na po no so ayɛ komm kɛse bere a wimhyɛn bi a ɛnam fam gyaw nhwiren bi too nsu no mu no. Na eyi nkutoo ne nea yetumi yɛ maa nnipa 129 a wowuwui wɔ po no mu no. Meyɛɛ basaa kɛse.

Wɔbɔɔ mpae maa mmarima yi na ɛma minyaa biribi susuw ho. Mihui wɔ nea esii no mu sɛ nuklea po ase akohyɛn dɔ asukɔ kɔ akyiri dodo ma enti yɛrentumi mfa yɛn asukɔdɔ nneɛma a yɛde gye emu nnipa nonkwa no nyɛ adwuma. Enti wɔ November 1963 mu bere a na mayɛ basaa na m’aba mu abu no, migyaee po so sraadi no.

‘Po Yii Awufo a Ɛwom no Mae’

Mifii ase yɛɛ adwuma sɛ obi a ɔdɔ asukɔ ma asukɔdɔ adwumakuw ketewaa bi wɔ Jacksonville, Florida. Na asukɔdɔ adwuma wɔ hɔ a mɛyɛ bere nyinaa. Na ɛho hia sɛ nnipa a wɔdɔ asukɔ kɔhwɛ keteke twene ahorow. Na ɛsɛ sɛ wɔde mfiri a wɔnam so di nkitaho nhama toto amoa mu bere biara a saa nhama no tra nsukã ahorow no. Na nsu ase adwuma a ɛhwehwɛ sɛ wobetwitwa nnade na wɔasosɔ nso wɔ hɔ.

Na nea ɛyɛ anigye titiriw ne adwuma a yɛyɛ wɔ nsu ase de yiyi nneɛma ahorow a nneɛma te sɛ akorow nketewa a yɛbɛma so ka ho. Na yetutu ntokuru wɔ atɛkyɛ a ɛwɔ akorow a amemem no ase, yɛde nhama akɛse kyekyere ne fã bi na afei yɛde ahoɔden-mensa afiri kɛse bi ma so.

Ɛyɛ bere a mituu kwan tenten bi no na mihuu biribi a ɛmaa anigye a mewɔ wɔ po ho ne nkate ma nnipa a wɔawuwu wɔ po so no yɛɛ kɛse. Mihyiaa Yehowa Adansefo no mu biako na ankyɛ biara na me ne me yere penee so sɛ yebesua Bible no.

Minyaa ahotɔ kɛse bere a mihui sɛ wɔremfa ogya nhyew asase fɛfɛɛfɛ yi ne ne po ahorow no sɛnea na wɔakyerɛkyerɛ me sɛ́ Baptistni no. (Dwom 104:5; Ɔsɛnkafo 1:4) M’ani gyee adwene a ɛkyerɛ sɛ wobenyan awufo, awufo a wɔwɔ po mu mpo no ho. Kyerɛw nsɛm ahorow te sɛ Adiyisɛm 20:13 kaa me koma ankasa: “Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae.” Ná mepɛ sɛ metra ase daa wɔ paradise asase so. Wɔ ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ me ne me yere asu wɔ September 4, 1966 mu.

Asukɔdɔ Mu Nsakrae

Wɔayɛ nsakrae akɛse wɔ asukɔdɔ mu fi bere a mifii asukɔdɔ ase wɔ ɛrekɔ 1950 mfe no awiei mu hɔ no. Wɔ obi a ɔdɔ asukɔ de di agoru fam no, asukɔdɔ ama wahu po ahye ahorow. Nanso ohia ntetee pii na ama wanya agorudi yi mu anigye a ɔrempira.

Nanso obi a ɔde asukɔdɔ ayɛ adwuma a ɔyɛ no na wahu nsakrae ahorow ankasa. Bere a mifii asukɔdɔ ase no, na yetumi dɔ asukɔ kodu anammɔn 150 bere a yɛde mframa a yɛde agu biribi mu di dwuma no. Nanso nnɛ wɔwɔ kyɛw ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛma wotumi dɔ asukɔ kɔ akyirikyiri na asukɔdɔfo home mframa a ɛma wotumi yɛ adwuma wɔ nsu a ɛyɛ nkyenkyene mu a baabi a wɔwɔ no mu dɔ boro anammɔn 1,000! Asukɔdɔfo fa nnwinnade ahorow nyinaa bi, te sɛ afiri a wɔde twa television so mfonini wɔ nsu ase. Nea afiri a wɔde twa mfonini no hu wɔ nsu no ase no ba video so.

Asukɔdɔfo a wɔyɛ adwuma wɔ nsu a emu dɔ mu no tra nsu no mu kyɛ araa ma mframa a wɔfrɛ no nitrogen no kɔ wɔn nipadua mu. Sɛ ɛba saa a wonhu nsakrae biara, ɛmfa ho sɛ bere tenten ahe na wɔde tra nsu no ase. Wobetumi atra nkwa mu ayɛ adwuma dapɛn biako anaa nea ɛboro saa mpo wɔ baabi a nsu no mu dɔ kɛse no.

Wɔ m’adwenem no, baabiara nni asase so a po mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa no bi wɔ. Po a ne trɛw yɛ akwansin ɔpepem pii da so ara akata abɔde mu nneɛma pii a ɛwɔ hɔ ma onipa no so wɔ po ase, faako a nsu no mu dɔ na ɛyɛ bruu no. Hyɛn ahorow a ɛbɔɔ wɔ tete bere no mu ne nnɛ gugu ase. Wɔn mu pii ayɛ po ase adan akɛse ama mpataa ahorow pii. Hwɛ sɛnea nneɛma a asɛe yi ma me ho dwiriw me!

Ampa, po ahorow no yɛ akyɛde a ɛyɛ nwonwa a efi Onyankopɔn nkyɛn! Ebia wɔ ne nhyehyɛe foforo no mu no, yebetumi ahwehwɛ po no mu ampa na yɛanya ho anigye daa sɛ Onyankopɔn asase a ɛyɛ fɛ no fã.​—Sɛnea Oscar Sam Miller ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20, 21]

Anyɛ yiye koraa no, na aboodede bɛyɛ dumien atwa me ho ahyia!

[Kratafa 22 mfoni]

Akyiri yi, Thresher sɛe wɔ nsu a emu dɔ yɛ anammɔn 8,400 mu a nnipa 129 wom​—ná ɛwɔ nsu no ase baabi a emu dɔ dodo sɛ yebetumi agye wɔn nkwa

[Asɛm Fibea]

U.S. Navy photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena