Anwonwade wɔ Po Kɔkɔɔ no Ase
Nkurɔfo ka sɛ ahoɔfɛ betumi ayɛ honam ani ade ara kwa. Nanso ahoɔfɛ ankasa wɔ komam—na eyi mfa nnipa nkutoo ho. Mihuu nokware a eyi yɛ wɔ Po Kɔkɔɔ no ho. Mpoano a ɛhɔ pradadada no amma mannya adwene bi wɔ n’ahoɔfɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛretwɛn osuguarefo a onya hokwan kɔhwɛ ne bun mu no.
PO KƆKƆƆ no agye din sɛ wiase mmeae a ɛyɛ anigye yiye a wɔhwehwɛ nsu mu abotan fɛfɛ mu anwonwade ahorow no biako. Enti na m’ani gye ho kɛse sɛ m’ankasa mehu sɛ edin a agye no fata anaa.
Bere a m’ankasa mihuu nneɛma a ɛwɔ nsubun no mu no, mepɛe sɛ mete ase yiye. Nsu mu abɔde a nkwa wom ho ɔdenimfo Aaron Miroz, a waben wɔ Po Kɔkɔɔ mu abɔde ho no, yiyii me nsemmisa ano.
Dɛn nti na nsunam pii wɔ Po Kɔkɔɔ mu saa?
“Po Kɔkɔɔ no te sɛ beae bi a ɛhɔ kyere so, na ɛtwetwe mpataa fi India Po no mu. Afei nso, yɛwɔ afifide afɛfɛ soronko pii wɔ ha. Mpɛn pii na wubetumi ahu nsu mu afifide yi ahorow bɛyɛ 20 a afifi wɔ abotan no baabi a ne kɛse bɛyɛ sɛ mita biako so. Ade a ɛma nsu mu afifide no nyin ne nsu no mu ɔhyew a ɛfata a nsakrae ketewaa bi pɛ na ɛbam wɔ afe no mu no. Afei nso, nsu a ɛntɔ wɔ ha kɛse no nso kyerɛ sɛ dontori kakraa bi pɛ na ɛkɔ po no mu. Eyi nso ma efi a ɛkɔ mu no so tew, ɛwom sɛ ɛyɛ me yaw sɛ mɛka sɛ tebea no asɛe koraa wɔ mfe 15 a atwam no mu de.”
Dɛn na ɛma ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ nsu mu abɔde yi ho ban?
“Efĩ ne ɔhaw a emu yɛ den wɔ atrae a wɔnsɛee no kɛse no ho dwumadi mu. Nneɛma atitiriw abiɛsa na ɛde efĩ ba Po Kɔkɔɔ no mu: aduru a ɛyɛ asase yiye, mmura a wɔyɛn mpataa wom, ne nsufĩ a efi mpoano nkurow mu. Mmeae a wɔdɔ asukɔ wɔ hɔ a agye din nso betumi de ɔhaw ahorow aba. Wɔn a wɔdɔ asukɔ a wɔnyɛ ahwɛyiye betumi asɛe abotan fɛfɛ a ɛnyɛ den no ntɛm.”
Woasua abotan fɛfɛ a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no mu ho ade mfe pii. Nneɛma a woasua no bi ne dɛn?
“Yɛahu sɛ mpataa wɔ bere a wodidi. Ebinom fi ase didi anɔpa nnɔnson, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa didi, na wogye wɔn ahome, na afei wɔde nnɔnhwerew abiɛsa foforo adidi awiabere. Ebinom didi anadwo nkutoo. Saa nhyehyɛe yi ho hia. Sɛ mpataa a wɔkyere afoforo we no taa nketewa no pɛ sɛ wɔkyere wɔn bere nyinaa wɔ ɛda no mu a, anka nketewa no nnya kwan nnidi. Na te sɛ nnipa no, mpataa nso tumi sa nnuan mu. Sɛ nhwɛso no, mpataa akɛse a wɔn ho asisi bruu no ani gye mpataa nketewa a wɔn ho nhwinhwi a wɔdɔɔso wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no ho. Mpataa a wɔwɔ yɛn abura mu no nso wɔ aduan a wɔpɛ—ebinom pɛ odaa, bere a afoforo pɛ mman.
“Ebia wubesusuw sɛ apataa ntumi nhyɛ nnipa nsow, nanso ɛnte saa. Mpataa ne nsunam bi a wonni berɛmo nnompe mpo tumi hyɛ nnipa nsow. Mekae sɛ bere bi, yɛn dwumayeni bi bɔɔ posena bi agoru so. Wampɛ, na wannye saa nipa no aduan bio. Yɛahu sɛ nnipa a wodwo tumi yɛ mpataa ho adwuma yiye, bere a wɔn a wɔn ani yɛ den anaa wonni boasetɔ ma ehu ka wɔn.”
Ade a obi a ɔdɔ asukɔ foforo ani gye ho ne nneɛma a ɛyɛ fɛ ne kɔla ahorow a ɛyɛ nwonwa no.
“Ɛyɛ nokware sɛ mpataa a wɔn ho yɛ kɔla ahorow no ho yɛ anika. Nanso ade a nnipa pii nnim ne sɛ mpataa bi de wɔn kɔla ahorow no di dwuma sɛ nsɛnkyerɛnne, te sɛ nea yɛde kanea a ɛkyerɛ kar kwan di dwuma no. Sɛ nhwɛso no, sɛ apataa kɛse kɔkɔɔ no rekɔ ahayɔ a ne honam ani bere dum sen bere a ɔrehwɛ n’asasesin so ara kwa no. Apataa bi a wɔfrɛ no clown fish a apataa kɛse kɔkɔɔ no kyere no we no tumi gyina ne kɔla so hu bere a ‘ɔnyɛ ha no.’ Na wɔ saa mmere yi a asiane nnim mu no, sɛ ɔkɔ clown fish no asasesin mu a, ɔde akokoduru bɛpam no.”
Nokwarem no, wobetumi ahu Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ fɛ kyɛn so wɔ mmeae pii a wɔnhwɛ kwan. Saa afɛfɛde yi mu kakraa bi pɛ a mihui no ama m’asetra ayɛ anigye kɛse. Bere tiaa bi a mede kɔɔ po ase no ama anisɔ a mewɔ wɔ abɔde a ɛwɔ yɛn okyinnsoromma yi so no ayɛ kɛse.—Wɔkyerɛw mae.
[Kratafa 26 mfonini]
Ɛpo mu akenkantwɛre a ɔnam brɛoo, a onsuro mpataa a wɔkyere afoforo we. Wɔmmɛn no, efisɛ awuduru bi wɔ ne ntɛtɛw a ɛwowɔ no mu
[Kratafa 26 mfonini]
Apataa a wɔfrɛ no “clown fish” ntaa mfi ne trabea a ɛne nsu mu aboawa bi nsa atɛtrɛtɛ no mu nkokyinkyin. Otumi kyinkyin aboawa no nsa a ɔka mmua ano no mu bere a ɔboa ma ne fiewura no ho tew
[Kratafa 26 mfonini]
Tantra a wɔtoatoa so a wɔn kɔla gu ahorow. Wɔn honamdua a ɛte sɛ tetare, a ehinhim no kae me afofantɔ
[Kratafa 26 mfonini]
“Picasso fish,” a ne ho nsensanee a ɛhyerɛn sɛ aduru a ɛte sɛ akokɔsrade a wɔde ka ano no kae me mfonini a obi abɔ ne tirim ayɛ
[Kratafa 26 mfonini]
“Emperor angelfish” a ne kɔla gu ahorow a ɛsesa bere a ɔrenyin no