Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 6/8 kr. 15-17
  • Florida Looe Key, Abɔde A Ɛyɛ Fɛ Atrae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Florida Looe Key, Abɔde A Ɛyɛ Fɛ Atrae
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Pokye—Apataa a Ɔyɛ Anwea
    Nyan!—2015
  • Anwonwade wɔ Po Kɔkɔɔ no Ase
    Nyan!—1994
Nyan!—1987
g87 6/8 kr. 15-17

Florida Looe Key, Abɔde A Ɛyɛ Fɛ Atrae

WO HYƐMMA no de nkakrankakra fi Big Pine Key ko po no so. Mframa a ɛrebɔ brɛoo no ma nsu no ani dannan na etwa nyinamnyinam wɔ anɔpa-wia no mu. Wɔ akwansin ason mu no, wugye w’ani wɔ mframa dɛdɛ no ne awia a ano nyɛ den pii no mu wɔ nsu no so. Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko koraa wo dede kɛse a ɛwɔ New York Kurom no ho!

Afei wuhu biribi a ɛtentɛn nsu no ani a mframa de no kɔ soro ba fam. Woadu Looe Key, faako a po mu mmoa wɔ a ɔman no abɔ ho ban no. Nanso wunnya nhuu wɔn ɛ. Nea edi kan no wokɔtra biribi a atenten nsu no ani no bi so, na afei wohwɛ wo nkyɛn mu​—na nea wuhu no ma wo ho dwiriw wo! Nsu no ase bɛyɛ anammɔn aduasa na wuhu baabi a anhwea fitaa wɔ ase, ne afei nam akuw horow pii. Wode ahopere kɔ hyɛmma no fã nohoa. Bɛyɛ anammɔn abiɛsa pɛ wɔ nsu no ase na afifide ahorow wɔ​—ne hwɛbea ahorow no yɛ fɛ yiye!

Wohyɛ asukɔdɔfo ntade ntɛm ara na wufi hyɛmma no mu kɔ wiase foforo bi mu. Wode nkakrankakra totow wo nsa kosi sɛ wudu asase a ɛso yɛ anika yi so. W’ani twa abohene akɛse ne nketewa, kɔkɔɔ ne tuntum so​—ɛtɔn, akrate bo, mmotaa, bankam, ne afoforo a wunnim ne din. Emu na nam ahorow a ɛsonosono wɔn honam ani hwɛbea nenam. Wohwɛ wɔn ahoɔfɛ a ɛma w’ani gye no na ahodwiriw ma woserew​—na mpofirim ara wokae sɛ, sɛ wowɔ nsu ase a asukɔdɔfo nneɛma hyɛ w’anom a, ɛnsɛ sɛ woserew!

Woma wo ho so ba soro kakra na wɔ nsu no ase bɛyɛ anammɔn 30 na wuhu abohene foforo nso a ɛyɛ fɛ paa. Wutua ahome na wugyaa wo ho mu na wobɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu no yiye, na ɛno ase na wuhu nam ahorow ahorow bɛboro 60. Ɛno ho pɛɛ na abohene kɔkɔɔ bi wɔ a ehinhim brɛoo wɔ nsu no mu.

Wosan ba soro bio na wuhu nam bi a ɔte sɛ opurow a ɔde n’ani akɛseakɛse no rehwɛ wo. Wote nam a ɔte sɛ akoo a ɔredidi no ano.

Nam bi a wɔte sɛ afofantɔ baanu a wɔn ho yɛ akokɔsrade ba betwam. W’ani twa biribi te sɛ abaa teateaa bi so​—ɛyɛ nam a ɔte sɛ torobɛnto no na ɔtew tokuru bi mu. Afei nam bi a ɔte sɛ akawa a n’ani abere rekyinkyin abohene bi ntam de abufuw taa aboa bi a waba hɔ a ɔbɛso asen akawa no bɛyɛ mpɛn abien. Sɛnea ɛyɛ wo anika no ma wo werɛ mfi asɛm a ɛfa serew wɔ nsu ase ho no na woserew na ɛma wobɔ waw na ɛyɛ te sɛ nea worebɛfe.

Nam kuw bi a wɔn ho yɛ bruu de ahoɔhare sian wo ho a ɛte sɛ nea wɔrekɔyɛ biribi wɔ baabi. Wobɔ wo tirim sɛ wubehu nam ko a wɔyɛ (na akyiri yi na wuhu sɛ ɛyɛ nam nketewa bi a wɔte sɛ awule) .

Wotow wo ho kɔ baabi a nwura bi a ɛte sɛ sare afifi wɔ po no ase no. Nwura atenten no wɔ w’ase pɛɛ​—ɛhɔ na akɔtɔ, mmɔnkɔ, abebew, ne mpempem pii foforo de ayɛ wɔn fi.

Afei wo yɔnko a wo ne no wɔ nsu no ase no to nsa frɛ wo sɛ san bra faako a abohene no wɔ no.

Wahu aberekuri kɛse bi. Ɛno ara ne sɛ ɔnyɛ kekã pii.Ɔfɛre ade paa. Ɔntaa nyi ne ti adi mfi tokuru no mu. Nanso ɔbɔnkɔ bi nan a ohui no twetwee no ma opuei ntɛm ara bɛsɔw no na ɔde ahoɔhare san kɔe. Ɛnan no dii akɔneaba araa kosii sɛ ɔmene wiei. Ɛnam a wɔte sɛ akoo no biako ahu na enti ɔno nso ba bɛsɔw ɛnan biako a aka no. Muhu oboodede kɛse bi a ɔrehome wɔ ɔbo kɛse bi ase​—ɔnyɛ kekã pii.

Bere no kɔ ntɛmntɛm. Wompɛ sɛ wufi hɔ, nanso nhyehyɛe a moayɛ no nkyerɛ saa. Wosan ba kurow kɛse no mu wɔ nnipadɔm pii ne lɔre ahorow bebree no mu a dede pii no rema woasan ayɛ basaa bio a sɛ esum ba a na wosuro sɛ wubefi adi.

Nanso nneɛma a ɛyɛ fɛ a wuhui wɔ Looe Key no de, woda so ara kae. Wɔ kommyɛ mu no nea wuhui no ho mfonini san ba w’ani so, ɛnam a ɔte sɛ ɔtwe no, ɛnam ketewa a ɔte sɛ akawa a ɔde abufuw taa aboa bi a ɔba bɛhaw no a ɛma woserew no, wote nam a ɔte sɛ akoo no nkekawmu no, na afei aberekuri a ɔfɛre ade a odi akɔneaba bere a ɔwe mmɔnkɔ no. Looe Key yɛ beae a ɛyɛ fɛ ne abɔde a ɛyɛ fɛ nso atrae. Ne ma wo nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena