Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 5/8 kr. 26-31
  • Ɔsoro Asomdwoe wɔ Wiase a Ɔhaw Wom Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsoro Asomdwoe wɔ Wiase a Ɔhaw Wom Mu
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Wosiesie Agumudibea
  • Asomdwoe ne Nhyehyɛe Pa
  • Afoforo a Wɔne Wɔn Nya Abusuabɔ a Asomdwoe Wom
  • Wɔde Aseda Mae wɔ Ɔsoro Asomdwoe Ho
  • Sɛnea “Ahenni Biakoyɛ” Kã Wiase no Nyinaa
    Nyan!—1984
  • “Yɛnka Kasa Koro De, Nanso Ɔdɔ Ama Yɛayɛ Biako”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 5/8 kr. 26-31

Ɔsoro Asomdwoe wɔ Wiase a Ɔhaw Wom Mu

ƐTƆ bere bi a, wɔkyerɛw nsɛmti te sɛ “Owu wɔ Agumadibea” wɔ atesɛm krataa mu wɔ agorudi ahorow akyi. Wɔ nnansa yi mfe yi mu no, bɛhwɛadefo basabasayɛ ama nkurɔfo apirapira na ebinom nso awuwu wɔ Peru, Turkey, Argentina, Soviet Union, Mexico, China, Egypt, Belgium, Britania, ne India​—aman a nsɛm a ɛte saa asisi wom no kakraa bi nen.

Basabasa a wɔyɛ wɔ agumadibea wɔ aman a ɛwɔ Apuei Fam ne Atɔe Fam mu yi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase a ɔhaw wom mu.

Agumadibea so ahwɛfo sɛe sika pii de gye ban a ɛremma bɛhwɛadefo mmɛn agodifo no ne ɛso ahwɛfo no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ agodifo kuw biako akyigyinafo no ho ban wɔ wɔn a wogyina foforo no akyi no ho. Eyi nyinaa ho hia esiane nea Fransefo atesɛm krataa Le spectacle du monde frɛ no “Agumadibea Asɛefo” basabasayɛ no nti.

Nanso pɛnkoro wɔ afe biara mu no, amanpii mu agumadibea so ahwɛfo ani gye ho sɛ wɔde wɔn nneɛma bɛma nnipakuw bi a wonsuro sɛ wɔbɛyɛ basabasa​—Yehowa Adansefo. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, na Adansefo no ɔmantam nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ 1986 mu no gyina asɛmti a ɛne “Ɔsoro Asomdwoe” no so.

Nnipa a Wosiesie Agumudibea

Esiane sɛ Yehowa Adansefo nyɛ “agumadibea asɛefo” nti, wɔagye din kɛse sɛ nnipa a wosiesie agumadibea. Sɛ nhwɛso no, wɔ Cork City, Ireland no, Neptune Agumadibea so ahwɛfo ani gyei sɛ wohui sɛ Adansefo mmarima ne mmea 60 a wɔatu wɔn ho ama resiesie agumadibea no turo bi mu. Wɔn mu panyin biako kamfoo wɔn na ɔkae sɛ: “Nea moyɛe Memeneda no yɛ nea wontumi nnye nni. Obiara reka ho asɛm. Moama yɛn ani awu. . . . Mobae ara pɛ na mufii ase yɛɛ adwuma no. . . . Ɛyɛ nwonwa.”

Wɔyɛɛ nhyiam 15 a wɔyɛe wɔ Britania no mu biako wɔ Manchester City agumadibea, faako a wɔn adwumayɛfo no mu biako kaa eyi no, sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ moasan aba na merebɛma ɛha atew. Mewɔ anidaso sɛ nnipadɔm a wɔbɛba kɔnsɛt wɔ ha dapɛn a edi hɔ no mu no remmɛsɛe mo adwuma pa yi nyinaa.”

Wɔ Valencia, Spain no, agumadibea sohwɛfo bi kae sɛ: “Mo ahotew no yɛ nea wontumi nnye nni! Sɛ ɛnyɛ sɛ yɛn agumadikuw no hia sika kɛse a, anka yɛbɛma moaba agumadibea ha a yɛrennye mo hwee.”

Norwayfo atesɛm krataa Troms Folkeblad no mu asɛm bi kae sɛ: “Sɛ Adansefo no fi nhyiambea hɔ kɔ a, ɛkame ayɛ sɛ wɔsan de nneɛma no hyɛ wɔn wuranom nsa wɔ tebea a eye sen bere a wobegyee no. Na nnwuma a wɔyɛ bere a ɛte sɛɛ mu no nyinaa yɛ nea egyina nea wɔfrɛ no sɛ ‘adwuma a wotu wɔn ho ma yɛ’ so. Yiw, ɛyɛ nwonwa ampa.”

Esiane sɛ Yehowa Adansefo agye din sɛ nhyiamfo a wɔpɛ asomdwoe a wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ nti, wogye wɔn tom wɔ mmeae pii a anka nnipa pii wɔ wɔn ho adwemmɔne esiane nyamesom mu ntease anaasɛ nneɛma afoforo nti no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Tomar wɔ Portugal mfinimfini no, kurow no so panyin bi ka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛɛ “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam a wɔyɛe wɔ hɔ no so no mu biako sɛ: “Mubetumi de Agumadibea no mu nneɛma nyinaa adi dwuma. Yenim sɛ mobɛsan de biribiara ahyɛ yɛn nsa wɔ tebea a eye mu. Ɛyɛ anigye sɛ moaba yɛn kurow yi mu na yɛn ani sɔ sɛ moyɛ nhwɛso pa ne ɔman mma na wodi mmara so.”

Asomdwoe ne Nhyehyɛe Pa

Yiw, nkurɔfo hu nsonsonoe a ɛda Yehowa Adansefo nhyiam ne nnipa afoforo de ntam no. The News Tribune a wotintim wɔ Tacoma, Washington no kae sɛ: “Wɔrennom nsa a ano yɛ den, nnubɔne, sigaret na saa ara na wɔremma rock nnwom.”

Bere a atesɛm krataa no retoa n’amanneɛbɔ a ɛfa “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam a wɔyɛe wɔ hɔ no so no, ɛkae sɛ: “Mmofra ne wɔn awofo kotie da mũ nyinaa dwumadi no wɔ afe afe nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no ase. Aban mpanyimfo ka sɛ nteɛso ho ɔhaw kakraa bi na wohyia efisɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ wɔnkyerɛ obu mma wɔn na wonyi suban pa adi.”

Wɔ baabiara a Yehowa Adansefo yɛ nhyiam wɔ hɔ no, wɔbɔ mmɔden nso sɛ wɔne kurow no mu mpanyimfo ne nnipa a wɔte hɔ no bɛyɛ biako. Sɛ nhwɛso no, wɔ Leeds a ɛwɔ England kusuu fam no, na ɛhaw Adansefo no sɛ ba a nhyiamfo no bɛba baabi a wɔbɔ bɔɔl wɔ kurow no mu na wɔasan afi hɔ akɔ no betumi ahaw adwumayɛbea bi a ɛbɛn hɔ no adwumayɛfo. Enti dwumadibea a ɛhwɛ nhyiam no ho nsɛm so no kyerɛw krataa kɔmaa adwumayɛkuw no na wɔkaa da a wɔde bɛyɛ nhyiam no ne dwumadi no ho nhyehyɛe ho asɛm kyerɛɛ ɛso mpanyimfo.

Bere a wowiee nhyiam no, Pullmax a ɛyɛ adwumayɛkuw a yɛka ho asɛm no kyerɛwfo kyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo no sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛkamfo wo ne wo mfɛfo no ne nhyiamfo no wɔ mo su pa no ho. Sɛnea yehui no, yɛannhyia ɔhaw ahe biara wɔ bere a moyɛɛ nhyiam no mu na ɛda adi sɛ nnipa pii betumi ahyiam a wɔrenyɛ basabasa, sɛ wokura nnyinasosɛm ahorow ne su pa mu a.”

Dɛn na ɛde biakoyɛ su a Yehowa Adansefo yi adi no ba? Sɛnkyerɛwfo bi a ɔkaa “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam a wɔyɛe wɔ Marseilles, Franse ho asɛm no twee adwene sii mmuae no so wɔ Le Provencal atesɛm krataa no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi bɛtra ase sɛ Yehowa Ɔdansefo no hwehwɛ sɛ ogye nnyinasosɛm ahorow bi tom, sɛ ebia ɛyɛ asɛm a ɛfa nhomasua, abusua asetra, anaasɛ aware ho mu no, na woyi saa nnyinasosɛm ahorow yi fi Bible mu. . . . Onyankopɔn Asɛm di wɔn asetra nyinaa so.

Sɛnea atesɛm krataa Stampa Sera kae wɔ “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam a wɔyɛe wɔ Turin, Italy no ho asɛm a ɛkae no mu no, Bible mu nnyinasosɛm a wɔma ɛkyerɛ wɔn asetra kwan no sow asomdwoe aba. Atesɛm krataa no kae sɛ: “Sɛnea wɔyɛ bere nyinaa no, nnipakuw kɛse no yɛɛ nhwɛso wɔ nsɛm a ɛfa nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ, wɔyɛ no anibere so, wɔma ɛho tew ne mpaebɔ ne anigye a wɔde ma obiara a ɔba ho akwaaba ho no mu.”

Afoforo a Wɔne Wɔn Nya Abusuabɔ a Asomdwoe Wom

Bible mu odwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntõatõa wɔn.” (Dwom 119:165) Wohuu sɛnea Onyankopɔn mmara a wɔde di dwuma no betumi asiw ɔhaw ano no ho nhwɛso wɔ nhyiam a, wɔyɛe wɔ Dortmund, Federal Republic of Germany no ase. Ɛhɔ no, na ɛsɛ sɛ Adansefo bɛyɛ 24,000 to santen kɔtɔ wɔn aduan wɔ mframa a na ɛrebɔ ne osu kɛse a ɛretɔ mu. So wonwiinwii anaa?

Germanfo atesɛm krataa Westdeuche Allgemeine Zeitung no kae sɛ: “Na wɔde akatawia pii akatakata wɔn ti so. Esiane sɛ wodii nhyiam no fene a ɛne ‘Ɔsoro Asomdwoe’ no so nti, wɔannwiinwii na wɔanyɛ basabasa nso.”

Abusuabɔ a asomdwoe wom a Yehowa Adansefo ne nnipa afoforo wɔ no yɛ nea ahotoso a nkurɔfo wɔ wɔ wɔn mu no da no adi. Sɛ nhwɛso no, wɔ Denmark wɔ Arhus agumadibea no, wɔde adan no nyinaa ano nsafe maa Adansefo no. Nhyiam no boayikuw no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔmaa adwumayɛfo no nyinaa kɔɔ akwan mma. Saa na wogye Yehowa Adansefo di kɛse nen.”

Wɔ Switzerland no, wɔyɛɛ “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam no biako wɔ Hallenstadion, Zurich. Ɛda a edi kan noanɔpa mmarima a wɔhwɛ faako a wɔde kar sisi no antumi amma ntɛm ammegyigye wɔn sika. Wɔ saa bere no mu no na Adansefo no mu pii de wɔn kar ahorow abesisi ho dedaw na na wɔkɔ nhyiam no ase a wɔantua sika no. Wɔkaa eyi ho asɛm kyerɛɛ nhyiamfo no. Ebinom annye nea esii da a edi ho no anni.

Mpanyimfo a wɔhwɛ hɔ no mu biako kae sɛ: “Ɛrentumi mma saa! Minhyia a nnipa a wɔde wɔn kar besisi ha da koro na wofi wɔn pɛ mu san baa da a edi ho no sɛ wɔrebetua ka da wɔ m’asetra mu. Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa di nokware saa a, anka wobetumi adi ɔhaw ahorow pii ho dwuma.”

Wɔde Aseda Mae wɔ Ɔsoro Asomdwoe Ho

Yiw, nea “ɛrentumi mma saa” no tumi baa saa wɔ nnipa a wodi Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow a wɔada no adi wɔ Bible mu no so fam. Na wɔasiesie “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛe wɔ wiase nyinaa wɔ 1986 mu nnanan dwumadi no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so ne Yehowa ne wɔn yɔnkonom anya asomdwoe. Esiane eyi nti, wɔde ɔkasa ahorow a egyina Bible so, drama ahorow a efi Kyerɛwnsɛm mu ne asetra ankasa mu amanneɛbɔ ahorow mae. Afei nso, woyii Bible sua mmoa ahorow foforo te sɛ Worldwide Security Under the “Prince of Peace” adi wɔ kasa ahorow pii mu na ɛmaa nhyiamfo no ani gyei.

Nokwasɛm a, ɛyɛ sɛ dwumadi koro no ara na ɛkɔɔ so wɔ nhyiam no nyinaa ase a sɛnea asase no anaa kasa no te biara mfa ho no no yɛɛ pii de sii wiase nyinaa asomdwoe ne biakoyɛ a Yehowa nkurɔfo wɔ no so dua.

Wɔde aseda pii mae wɔ nhyiam no ho. Wɔ Netherlands no, obi a ɔkɔɔ nhyiam no bi de asomdwoe a na ɛwɔ nhyiam no ase totoo wiase a ɔte mu a ɔhaw wom no ho. Ɔkaa no sɛɛ se: “Mprempren a mewɔ nhyiam yi ase no, mete nka te sɛ obi a ɔretu kwan wɔ anhweatam bi so a wɔakɔto kwae asase bi mpofirim.” Bere a Ɔdansefo bi akɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Cardiff, Wales awie akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔ Yehowa ahyehyɛde no akyi no, ɛhe bio na obi betumi anya nokware asomdwoe ne ɔkasa horow a ɛhyɛ obi den, afotu ne akwankyerɛ a ɛte saa afi?”

Wɔn a wɔnyɛ Adansefo nso daa anisɔ a wonyae no adi. Wɔ Finland no, ɔbarima bi a osiesie nneɛma wɔ Helsinki Ice Hall, faako a wɔyɛɛ nhyiam no ani gyee nnwom a wɔtow yii Yehowa ayɛ bere a wɔrebefi dwumadi noase, bere a ɛrekɔ so ne bere a wɔapɔn no ho. Ɔkae sɛ: “Mo nnwom no yɛ dɛ, emu nsɛm no ye na ntease wom.”

Wɔ Sweden no, sukuupɔn ɔkyerɛkyerɛfo panyin bi ani gyee anigye ne biakoyɛ a ɛdaa adi wɔ Norrkoping “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam no ase no ho kɛse. Ɔkae sɛ: “Metaa kɔ nhyiam ahorow a wɔyɛ no nna pii ase. Ntetee a mode mae wɔ ha no ye sen biribiara a mahu pɛn. M’ani gye nsɛm no ho, ɔkwan ka wɔfaa so de mae, ne sɛnea ɛsom bo kɛse no ho.”

Yiw, wɔn a wɔhwehwɛ “Onyankopɔn asomdwoe” nyinaa ani sɔɔ “Ɔsoro Asomdwoe” dwumadi a ɛhyɛ nkuran kɛse no. (Filipifo 4:7) Wɔ Europa aman 18 mu nkutoo no, nnipa a wɔn dodow yɛ 1,133,851 na wɔkɔɔ nhyiam ahorow yi na wɔbɔɔ 18,548 asu ma wɔde yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no ho sɛnkyerɛnne (Romafo 16: 20) Wɔ United States ne Canada no, nnipa afoforo 1,416,471 kɔɔ “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam ahorow no na wɔbɔɔ 14,243 asu.

Saa nhyiamfo yi nyinaa ne ɔpepem pii foforo nso a, wɔakɔ “Ɔsoro Asomdwoe” nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ Central ne South America, Australia, po mu nsupɔw ahorow so, Asia ne Afrika no ani agye na wɔde aseda ma sɛ wɔwɔ anidaso a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛtra ase wɔ trenee nneɛma nhyehyɛe foforo bi mu ne sɛ, wɔanya asomdwoe wɔ wiase a ɔhaw wom mu.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 27]

“Ɔsoro Asomdwoe” Nhyiam Horow a Wɔyɛe wɔ Kusuu Fam Asasetifi no mu Binom

Ɔman Dodow Nea Ɛsen Biara Asubɔ

Austria 4 25,227 257

Bahamas 2 2,047 55

Barbados 4 5,330 82

Belgium 6 30,411 271

Belize 2 2,506 32

Britain 15 152,501 1,052

Canada 29 139,893 1,640

Colombia 11 67,046 1,424

Cyprus 2 1,523 25

Denmark 5 22,952 147

Dominican

Republic 2 19,666 267

Finland 6 25,502 326

France 11 126,946 2,263

Germany 18 150,705 1,157

Greece 5 29,979 358

Guadeloupe 1 12,507 197

Guyana 1 3,112 31

Haiti 2 10,942 212

Hong Kong 3 2,493 96

Ireland 2 3,949 51

Italy 27 196,840 4,921

Ivory Coast 4 6,185 139

Jamaica 3 18,068 248

Japan 27 220,054 3,709

Korea 7 73,469 1,655

Leeward Islands 3 1,587 34

Luxembourg 1 1,460 21

Malaysia 2 1,640 17

Martinique 2 5,837 117

Netherlands 7 42,886 169

Netherlands

Antilles 3 3,940 82

Norway 4 12,604 156

Panama 6 3,919 126

Poland 9 111,508 4,000

Portugal 10 54,623 995

Puerto Rico 6 42,102 350

Spain 15 96,627 1,871

Suriname 3 2,860 35

Sweden 10 29,039 315

Switzerland 5 20,092 218

Taiwan 1 2,058 52

Trinidad 1 10,053 151

United States 135 1,276,578 12,603

Venezuela 8 79,839 1,386

TOTAL 430 3,149,105 43,313

[Kratafa 26 mfoni]

Agumadibea ahorow faa yɛ beae a basabasayɛ sisi

[Asɛm Fibea]

ROSSEL and CIE, S.A., Brussels

[Kratafa 27 mfoni]

Yehowa Adansefo ma agumadibea ahorow dan asomdwoebea

[Kratafa 28 mfoni]

Yosef gyina Farao anim wɔ Bible mu drama a ɛne Nkwa So a Wɔkora wɔ Ɔkɔm Bere Mu no mu wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Spania kasa mu wɔ Switzerland no ase

[Kratafa 29 mfoni]

Nnipa 43,313 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ “Ɔsoro Asomdwoe nhyiam ahorow 430 a wɔyɛe wɔ Kusuu Fam Asasetifi no mu biako

[Kratafa 30 mfoni]

Martin ne Gertrud Poetzinger rehwehwɛ nhyiam no nhoma ahorow a woyii adi wɔ German kasa mu no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena