Abo Mum Kasa
Efi Mexico Nyan! kyerɛwfo hɔ
WƆ FEBUARY 21, 1978, bere a anyinam ahoɔden adwumakuw bi a ɛwɔ Mexico City no adwumayɛfo bi retu ɛkã bi wɔ kurow no fã baabi no, woyii ohoni bi a wɔde ɔbo ayɛ. Ɛno na efii nea na ɛbɛyɛ fam tutu a ɛsen biara wɔ Mexicofo abakɔsɛm mu no biako ase.
Wohuu ɔbo honi no wɔ faako a na anka ɛhɔ na Aztecfo kurow Tenochtitlán abosonnan kɛse si no. Ɛnnɛ, wɔatutu abosonnan a abubu no mu nneɛma a asɛe no na nnipa kɔ hɔ kɔhwɛ. Nnipa a wɔkɔsra hɔ no mu bi pɛ biribi ahu ara kwa. Nanso afoforo nso ani gye ho sɛ wobehu nea saa nneɛma a asɛe yi betumi aka kyerɛ yɛn afa Aztecfo a wɔn na wɔkyekyeree tete Mexico ahemman no ho. Abo mum wɔ asɛm a ɛyɛ anigye ka kyerɛ yɛn.
Abosonnan Kɛse No
Zocalo keteke gyinabea bɛn faako a wotutu fam no. Wubetumi ahu sɛnea na wosusuw sɛ asɔrefi no te mfonini ketewa bi wɔ ha. Ná ase yɛ tɛtrɛɛ na atifi yɛ hwirenhwiren a biribi a ɛte sɛ abantenten abien wɔ atifi. Esiane sɛ na ɛhɔ ne beae a na Aztecfo som wo titiriw nti, na esi Tenochitlán kurow no mfinimfini baabi a abosonnan afoforo atwa ho ahyia. Ɛha na na Aztecfo anyame titiriw a na wɔsom wɔn a. wɔne ɔko nyame Huitzilopochtli ne nsu nyame Tláloc no wɔ.
Bere a Spaniafo bae no, na Tenochtitlán yɛ supɔw bi a ɛda ɔbon bi a atare pii wom mu. Ná nsukã deda ne mmɔnten so a wɔde akorow nketewa a wɔfrɛ no chalupas no twe nneɛma fa so. Salvador Toscano kyerɛkyerɛ yɛn ho ade wɔ ne nhoma a wato din Cuauhtemoc no mu: “Ná abosonnan kɛse no agye supɔw no mfinimfini nyinaa, na Cortés de ka ho sɛ ‘wɔrennya nsɛm a wɔde bɛkyerɛ sɛnea na ɛyɛ fɛ na ɛda nsow no mu, na na ɛsõ araa ma na wobetumi asi ɔdan a nnipa500 betumi atra mu wɔ faako a na esi no. Na adan pii a wɔsom wom, agodibea, akamfo fi, tikoraa a wɔahyehyɛ (tzompantlis) , ne abosonnan a wɔde abo a wɔapae ne kyeneduru nnua a eyi hua asi wɔ bɔ. Wɔ eyinom nyinaa akyi no, na abosonnan kɛse a n’ase tɛtrɛɛ a atifi hwirenhwiren a ɛyɛ owia nyame ma ɔko a wɔfrɛ no Huitzilopochtli de a ne sorokɔ yɛ anammɔn 100 a wohu wɔ supɔw no so baabiara no nso wɔ hɔ.
Faako a Wɔatutu no Nsrahwɛ
Bere a nsɛm yi wɔ yɛn adwenem mu no, ma yɛnkɔfa ɔkwan ketewaa a wɔde nnade agye ho a ɛkɔ amoa a wɔatu no mu no so sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu beae no nyinaa yiye. Dɛn na wuhu? Nea edi kan no, ɛyɛ nneɛma a asɛe a wɔaboaboa ano nkutoo. Wɔagyaw beae no te sɛ nea wɔbɛtoo no pɛpɛɛpɛ, a nneɛma kakraa bi na wɔasiesie. Nanso hwɛ a wohwɛ no yiye no ma wuhu nneɛma bi a ɛyɛ anigye.
Sɛ nhwɛso no, wuhu faako a na wɔsom Huitzilopochtli ne Tláloc no wɔ baabi a wɔatutu no mfinimfini hɔ. Nea ɛyɛ anigye no, ɔdan a Cortes kaa ho asɛm no so sen eyi koraa. Spaniafo no pɛe sɛ wɔsɛe Aztecfo no amammerɛ ne titiriw no, nea wobuu no sɛ ɔsom a ɛpɛ mogyahwiegu no korakora. Enti, bere a wodii kurow no so wɔ 1521 mu no, wɔde nkakrankakra sɛee abosonnan no kosii sɛ anka hwee sɛ dɔte a abubu nkutoo. Afei wosii wɔn ankasa dan sii hɔ.
Nanso nea Spaniafo no anhu ne sɛ na abosonnan a wɔsɛee no no yɛ adansi nhyehyɛe bi fã a etwa to. Na wɔatrɛw ɔdan a wodii kan sii no mu mpɛn ason, a na ntrɛwmu no mu biara so sen nea ɛwɔ hɔ dedaw no. Enti bere a Spaniafo sɛee no no, asɔrefi a wodii kan sii no bi kae. Mmeae abien a yehu wɔ ha no yɛ ntrɛwmu a ɛto so abien no fã.
Saa mmeae a na wɔsom wɔ hɔ yi na na wɔde nnipa bɔ afɔre no, na esiane saa afɔrebɔ yi nti na na wɔka Aztecfo som ho asɛm sɛ ɛpɛ mogyahwiegu no. Nanso sɛ yɛde saa som no toto nnɛyi de ho a, ɛfata sɛ yɛhyɛ nsɛm a Dominique Verut kae yi nsow: “Wohu afɔre a wɔde nnipa bɔ a ɛyɛ hu wɔ Aztecfo anibuei mu, amammerɛ mu ade a anya akyigyinafo pii nanso n’atamfo a wɔma wɔn werɛ fi Atirimɔden Asenni Kronkron no ne Nazisɛm no da so ara ka ho nsɛmmɔne no.”
Nanso awɔse gu obiara a ohu abo a na wɔbɔ afɔre wɔ so wɔ Huitzilopochtli abosonnan no anim no. Ɛyɛ ɔbo traa yi so na wɔde onipa a wɔde no rebɔ afɔre no to a n’ani kyerɛ soro a wɔrebɛte ne koma de abɔ afɔre ama anyame no.
Ɔbo foforo a ɛyɛ onyamewa Coyolxauhqui a ɔyɛ Huitzilopochtli nuabea a okum no na otwitwaa ne mu asin asinasinno. Enti ohoni traa no kyerɛ sɛnea wɔtetew ne mu a wɔatew ne ti afi ne kɔn so no. Ɛda adi sɛ na ɛnhaw Aztecfo no sɛ wɔbɛsom onyamewa a wɔatetew ne mu.
Ntotoho—Tete ne Nnɛ
Bible akenkanfo nim sɛ nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre ayɛ atoro som fã bere nyinaa. Kanaanfo ne ɛtɔ bere bi mpo a, Israelfo awaefo de wɔn mma bɔɔ afɔre maa adaemone anyame. (2 Ahene 23:10; Yeremia 32:35) Ná Aztecfo nso de wɔn mma bɔ afɔre. Yɛkenkan eyi ho asɛm wɔ nhoma a wɔfrɛ no El Templo Mayor no mu sɛ: “Wohuu mmofra a wɔde wɔn bɔɔ afɔre no nkae ne nsu nyame no nsɛso bi wɔ [amoa] yi biako mu. So eyi yɛ afɔre soronko a ɔkɔm nti wɔbɔe?”
Nhoma koro no ara de ka ho wɔ kratafa 219 sɛ: “Fray Juan de Torquemanda ka eyi ho asɛm bi kyerɛ yɛn wɔ ne nhoma Monarquia Indiana (India Ɔhempɔn) no mu sɛ: ‘Sɛ wɔde mmofra no rekɔ faako a wɔde wɔn bɛbɔ afɔre no a, wosiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ, wɔde wɔn si apakan ketewa bi mu, wɔde nhwiren ne ntakra hyehyɛ wɔn ho na akɔmfo ne asomfo de si wɔn kɔn ho. Afoforo di anim a wɔrebɔ mmɛn to nnwom na wɔsaw. Wɔnam ɔkwan yi so de wɔn kɔ faako a wɔde wɔn bɛbɔ afɔre ama adaemone no.’”
Wɔrekyerɛ nsɛdi foforo a ɛwɔ Aztecfo som ne Tete Wiase ɔsom afoforo mu no, wɔbɔ amanneɛ sɛ na onyame Tláloc yɛ awo nyame. Wɔahyira afɔremuka atitiriw no mu biako so ama no. Awɔ akɛse abien nso nsɛso wɔ abosonnan no mu na na ɔwɔ yɛ awo ho sɛnkyerɛnne. Saa ara nso na wɔ Tete Wiase ɔsom ahorow mu no, wɔwɔ awo anyame, na na ɔwɔ yɛ awo ho sɛnkyerɛnne. Bio nso, na wɔka sɛ Huitzilopochtli yɛ Coatlicue ba, na akyiri yi wɔfrɛɛ onyamewa a ɔyɛ ɛna yi sɛ “anyame no nyinaa na.”
Aztecfo Gye Ɔsom Foforo Tom
Spaniafo bɔɔ mmɔden sɛ wobetu Aztecfo som ase wɔ Mexico na mpɛn pii wɔyɛɛ saa denam basabasayɛ so. Wɔ nsɛm ahorow pii mu no, wosii wɔn ankasa asɔredan sii Aztecfo abosonnan ananmu na wɔde ɔdan dedaw no abo na ɛtoo wɔn de no. Wɔde Aztecfo ahoni asinasin mpo too adan.
Nanso anyɛ den amma Aztecfo no sɛ wobegye ɔsom no atom. Wɔde nnua ne dɔte ahoni sii wɔn de a wɔde abo ayɛ no ananmu. Ná ahoni afoforo yi sɛ nnipa sen wɔn de no, nanso na wɔyɛ ahoni ara. Na ɔsom a ɛwɔ tete bere no mu nsusuwii ahorow no pii da so ara yɛ Mexicofo amammerɛ no fã. Sɛ nhwɛso no, na wɔda so ara som awufo na na wɔyɛ eyi afe biara wɔ November mfiase mu hɔ. Na ɔsom foforo no akyidifo gye di sɛ ɔkra no ntumi nwu te sɛ nea na tete Mexicofo gye di no. Enti na nsɛdi pii wɔ nyamesom a Cortés de bae no ne nea na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe no no mu.
Saa abosonnan kɛse a entumi nkasa a mprempren nnipa tumi kɔhwɛ hɔ no ma yɛkae ahemman ne amammerɛ bi a atwam korakora. Ɛkae yɛn ɔsom mu atirimɔden amanne ahorow, anyame a wɔnsom wɔn bio ne nneyɛe ahorow a wɔda so ara kura mu, ɛwom sɛ wɔama no din na ɛwɔ ɔsom foforo mu de. Na ɛma yɛkae nsɛdi akɛse a na ɛwɔ Tete Wiase no atoro som ne Wiase Foforo de no mu no.
[Kratafa 24 mfoni]
Onyamewa Coatlicue
[Asɛm Fibea]
Nat’l Institute of Anthropology and History, Mexico
[Kratafa 25 mfoni]
Onyamewa Coyolxauhqui
[Asɛm Fibea]
Nat’l Institute of Anthropology and History, Mexico