Mexico Abakɔsɛm Wɔ Ne Nyamesom So Nkɛntɛnso Nnɛ
Efi Mexico Nyan! Kyerɛwfo hɔ
Mexico City National Museum of Anthropology kɛse hɔ nsrahwɛ da sɛnea mfehaha a atwam no mu mmusua ɔsom ahorow anya Katoleksom a nnipa pii wom nnɛ wɔ Mexico no so nkɛntɛnso no adi.
Wɔn a wosua abakɔsɛm nim sɛnea Hernán Cortés ne ne mfɛfo nkonimdifo no de Katoleksom kɔɔ Mexico wɔ 1500 mfe no mu no ho asɛm. Saa bere no, na amammerɛ ahorow a ɛwɔ wɔn ankasa nyamesom mu gyidi horow wɔ hɔ dedaw, sɛnea nneɛma a wɔde kyerɛ wɔ National Museum no mu da no adi ma ɛyɛ anigye no.
Na Mexi ne Mexica abusua no nyame a odi kan, enti ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu faako a ɔman no ne n’ahenkurow, Mexico City din no fi. Tete Indiafo yi kyekyee Mexico City wɔ bɛyɛ 1325 mu wɔ supɔw bi a hwee nni so a ɛwɔ Ɔtare Texcoco mfinimfini so. Na Indiafo mmusua ahorow bi na wɔbom yɛ wɔn a wodii kan traa hɔ. Wɔne Olmekfo, Chichimekfo, Aztecfo, Mayafo, ne afoforo. Na abusua biara wɔ n’ankasa adwini nnwuma, na wɔn tete adan, asɔrefi ahorow, ne nkurow no bi amamfo da so ara wɔ hɔ.
Nyamesom a Wɔde Afra
Wɔn a wɔkɔsra tete nneɛma akorae a ɛwɔ Chapultepec Park fɛfɛ no so yi no ho dwiriw wɔn wɔ sɛnea tete ne nnɛyi Mexicofo gyidi horow a adi afra no kɔ akyiri kodu no ho. Nea ɛka ho bio no, nsɛdi ahorow a ɛwɔ tete mmusua gyidi horow ne nea Katolekfo nkonimdifo no de bae mu no yɛ nnipa pii nwonwa.
Wɔ Aztecfo nneɛma asa so no, asase mfonini ahorow kyerɛ sɛnea wɔkyekyee Mexico. Nneɛma a esisi hɔ no ma ɛda adi sɛ na Aztecfo no pɛ nyamesom. Wotumi hu anyame ne anyamewa a Aztecfo no somee no ahoni pii. Ohoni kɛse biako, a ne mfonini wɔ kratafa yi so no, yɛ onyamewa Coatlicue, a wobuu no sɛ anyame ne nnipa nyinaa nã no dea. Hyɛ no nsow sɛ ɛwɔ awɔ ti abien a edi nhwɛanim, ɛnyɛ ɔdesani ti. N’atade yɛ awɔ a wɔakyebakyebaw mu. Ɛte sɛ nea nsɛnkyerɛnnede yi mu binom gyina hɔ ma owu ne nkwa.
Nkonimdifo no bae no, Indiafo no mu pii guan kɔɔ mmeae a ɛyɛ mmepɔmmepɔw so anaa kwae no mu. Esiane sɛ Indiafo no mu pii nam saa yɛ so tew wɔn ho nti, wɔakura wɔn tete nyamesom adwenhorow no pii mu abesi nnɛ. Wɔn a wɔde nkurɔfo kyinkyin tete nneɛma akorae hɔ no mu biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ nhwɛso no, Huicholfo gye di sɛ owia, ɔforote ne aburow yɛ baasakoro, te sɛ Katolekfo Baasakoro kyerɛkyerɛ no ara pɛ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mprempren mpo Indiafo a wɔwɔ Chiapas Mantam mu hɔ no da so ara som tete anyame a na wɔwɔ hɔ ansa na Hispaniafo bere reba te sɛ osu nyame, asase nyame, ne ahum nyame no, na wɔwɔ amanne soronko ma emu biara.”
Ebia wubebisa sɛ dɛn nti na nnipa pii a wɔwɔ Mexico nnɛ no ka sɛ wɔyɛ Kristofo bere a wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom afoforo mu nso. Ɛdefa eyi ho no, asɛm bi a wɔakyerɛw wɔ “Nnianim Nsɛm to Ethnography” asa no so no ka sɛ: “Nyamesom wɔ Indiafo asetram biribiara so nkɛntɛnso. . . . Indiafo nyamesom mu ade a ɛho hia sen biara ne sɛnea wɔde Katolek amanne ahorow afra abosonsomfo de a ɛyɛ gyidi horow ne ɔsom mu nneyɛe a na ɛwɔ hɔ ansa na Hispaniafo bere reba no mu no. Huicholfo, Lacandonfo, ne Otomifo ne wɔn a wɔda so ara kura amanne a ɛwɔ hɔ ansa na Hispaniafo bere reba no mu sen biara wɔ wɔn ɔsom mu; [Huicholfo no] som owia, nsu ne ogya anyame na wɔde wɔn sie abodan mu. Lacandonfo da so ara som tete ahoni a ɛwɔ Mayafo asɔre adan mu no.” Yiw, Katoleksom a wɔde afra tete abosonsom ɔsom ahorow mu no abu so wɔ Mexico.
Wohu eyi ho nhwɛso pii wɔ nneɛma a wɔde kyerɛ wɔ Kusuu fam apuei asa no so no. Eyinom ka Yaquifo, Serifo, ne Tarahumarafo gyidi horow ho asɛm. Nkyerɛwee bi a ɛwɔ asa yi so no kenkan sɛ: “Mprempren, Yaquifo yɛ nnipa a wɔpɛ nyamesom yiye, na wɔn adwenhorow no yɛ Kristofo de ɛwom mpo sɛ wɔasakra mu de. Wogye di sɛ na Kristo yɛ Yaquini bi a ɔbaa asase so sɛ obegye wɔn afi nsuyiri no mu, na ɔde wɔn asase ama wɔn, akyekye wɔn nkurow awotwe no na wama wɔn Comunila no (atumfo kuw). . . . Wɔmmma Protestantfo asuafoyɛ dwumadi hokwan na wɔmma kwan ma Katolekfo sɔfo ntra hɔ.”
Nanso, sɛnea nkyerɛwee yi kɔ so ka no: “Nea ɛka gyidi hwanyann ne nkonyaayi amanne ahorow ne ɔsom a na ɛwɔ hɔ ansa na Hispaniafo bere reba mu nneɛma ho no nso ne sɛ wɔpene Katoleksom so. Wogye Kristofo nyame bi di na wɔtaa frɛ no owia.”
Nea nsrahwɛfo hu wɔ beae a Tarahumarafo nneɛma wɔ no nso si tete ne nnɛyi nyamesom gyidi horow a adi afra no so dua. Wotumi hu mfɛnsere ketewaa bi a wɔde nnua ayɛ mmeamu nnua wɔ ho wɔ hɔ; ase nkyerɛwee bi ka sɛ: “Tarahumarafo nyamesom no fi Kristofo ne abosonsomfo gyidi a adi afra mu. Francis asɛmpatrɛwfo na wɔde nea edi kan no bae wɔ afeha a ɛto so 17 mu. Wogye Tata Rioshi (Agya Onyankopɔn), Kristo Yesu, Everuame (Ɛna Kɛse no, anaa Ɔbaabun Maria), ne ahotefo afoforo a wɔhwɛ nkuraa binom so no di. Wɔma wɔn nyinaa anyame dibea. Mmeamudua no ho hia titiriw efisɛ wɔde yɛ owia ne ɔsram ne asase pa ho som mu ade.”
Wɔ beae a Serifo nneɛma wɔ no, nkyerɛwee foforo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Serifo nyamesom yɛ tete gyidi horow a wɔde Kristofo nkɛntɛnso ahorow afrafra.”
Nneɛma pii a ɛma wohu tete Indiafo a wɔtraa hɔnom no nyamesom gyidi horow no wɔ hɔ a wobetumi akɔhwɛ. Sɛ nhwɛso no mfonini fɛfɛ bi a egyina hɔ ma amammerɛ anum a efi Pacifik, Gulf Coast, Maya, Altiplano, ne Mixtee amantam mu no wɔ Mesoamerica asa no so. Wɔayɛ ɛhɔfo no mfonini sɛ wɔresom aburow, ɔsabontwi, sare so ɔkyereben, ne ɔkɔre—a wɔabu wɔn nyinaa sɛ wɔyɛ anyame no.
Bere a obi akɔsra National Museum of Anthropology a ɛhɔ yɛ fɛ no akyi no, sɛnea tete Indiafo a wɔtraa ɔman no mu tete amanne ne gyidi horow no fraa Katolek nkonimdifo de no mu no ma ne ho dwiriw no. Sɛnea nneɛma a wɔde kyerɛ wɔ hɔ no ma ɛda adi no, nnɛ mpo mfehaha a atwam no mu abusua ɔsom ahorow nya wɔn a wɔwɔ Mexico no pii so nkɛntɛnso.