Wɔ Ntɛmpɛ Mu—Nanso Yennu Baabiara?
OFIRIKAFO no tuu mmirika sɛnea osusuwii sɛ eye: na ɔde dɔnhwerew biako twa akwansin 80! Esiane sɛ na nnipa a wɔte ne lɔre no mu no nim sɛ wɔto mmirika a lɔre tu no anohye nti, lɔre a na ɛretu mmirika ntɛmntɛm wɔ West Germany lɔre akwan so no ma wɔyɛɛ basaa kɛse. Wɔ hɔ no, wɔntoo mmirika a lɔre tu no anohye gye mmeae ahorow bi pɛ na wɔayɛ saa. Na ɛyɛ nokware sɛ wɔde dɔnhwerew biako na etwa akwansin 80 de, nanso na kar ne motor ahorow twa wɔn ho! Esiane sɛ na lɔre no mu nnipa no mu biako ntumi nyɛ komm bio nti, obisae sɛ: “Dɛn nti na obiara pɛ ntɛm saa? Ɛhe na obiara rekɔ?”
Onipa a na wakɔsra no a ɔreserew no buae sɛ “Ebia wɔnkɔ baabiara” a na ɛda adi sɛ ɔredi agoru. Efisɛ na ɛda adi sɛ wɔn nyinaa rekɔ baabi—na na wɔyɛ saa wɔ ntɛmpɛ mu nso!
Nanso dɛn nti na obiara pɛ ntɛm saa? So wɔn werɛ afi sɛ anigye a ɛwɔ akwantu mu fã bi ne sɛ wɔbɛtɔ wɔn bo ase na wɔahwɛ nneɛma a ɛwɔ kwan no ho no? So wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asetra yɛ te sɛ ammirikatu akansi?
Kar ahorow a etu mmirika ntɛmntɛm, nnuan a wotumi noa no ntɛmntɛm ne wimhyɛn ahorow a etu mmirika ntɛmntɛm no yɛ bere a ɛhyɛ yɛn ma yɛyɛ nneɛma pii no agyiraehyɛde: Ma wo ho nyɛ hare! Yɛ no ntɛm! Yɛ no yiye! Ampa, nnipa kakraa bi na wɔbɛpɛ sɛ wɔsan kɔ nteaseɛnam mmere no mu. Na yɛn mu pii begye atom sɛ nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛde ntɛmpɛ yɛ. Kɔfrɛ oduruyɛfo anaasɛ polisini na ɛda adi sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase.
Nanso so ahopere a yɛde yɛ ade no ho hia anaasɛ mfaso wɔ so? Ebinom te nka sɛ mfaso nni so. Los Angeles Times ɔkyerɛwfo bi ka sɛ: “Esiane sɛ [nnipa pii] hyia ɔhaw a emu yɛ den, wɔpɛ ntɛm na ebu aka wɔn nti, bere hyɛ wɔn ma wɔde ahopere yɛ ade wɔ wɔn asetra mu wɔ Ntɛmpɛ Bere yi mu.”
Ntɛmpɛ a wɔde yɛ ade mprempren no nso ama nea The Toronta Star ka ho asɛm sɛ “ɔyare bi a wontumi nsa”—adwenemhaw aba! Adwenemhaw ka nkurɔfo te sɛ nea wɔanom awuduru bi. Wɔkyerɛ sɛ ɛno na ama nyarewa a ɛyɛ hu aba, efi ahuahuan ne awerɛw a emu paapae kosi mogya mmoroso ne komayare so. Bere ma nnipa ntam abusuabɔ nso sɛe.
Ɛnde dɛn nti na wɔka yɛn bere yi ho asɛm sɛ “Ntɛmpɛ Bere”? Sɛ wote nka sɛ worehyia ɔhaw a emu yɛ den ne nhyɛso ahorow mprempren a, ɛnde w’asetra bɛyɛ te sɛ dɛn wɔ mfe kakraa bi mu? So ɔkwan bi wɔ hɔ a wobɛfa so akyerɛ w’asetra kwan kɛse—nea ɛfa nnɛyi asetra a ano yɛ hyew ano a wubegyina ho no?