Dɛn Nti Na Asetra Ano Yɛ Agyaw Saa?
DƐN nti na yɛn bere yi mu yɛ den saa? Ɛnyɛ asomdwoe bere a yenya bere pii de gye yɛn ahome sɛnea wɔkyerɛe sɛ mfiridwuma bɛma yɛanya no. Nkɔm a sikasɛm ho abenfo, asetra ho adenimfo ne nkɔmhyɛfo pii hyɛe sɛ “obiara bɛyɛ adwuma ketewaa bi na wadi agoru kɛse” no nyɛ nea aba mu.
Nokwarem no, ɔkyerɛwfo A. Kent Macdougall ka sɛ: “Adwuma gye obi a n’akatua ye no bere pii te sɛ nea na ɛyɛ wɔ awo ntoatoaso a atwam no mu, na adwuma a ɔkɔ san ba fie no gye ne bere pii.”
Sɛ anka nnɛyi mfiridwuma bɛma asetra ayɛ mmerɛw no, aboa ma ayɛ den kɛse mmom. Aguadi ho ɔbenfo a wɔfrɛ no Harold H. Kassarjian ka sɛ: “Nkitahodi ne akwantu pii resɛe yɛn. Yɛwɔ nhyɛso kɛse ase efisɛ yɛn ankasa ayɛ nneɛma ahorow a ɛbɛma yɛde ahopere ayɛ ade. Yɛrehyia ɔhaw a yɛn ankasa na yɛama aba.”
Nneɛma Atitiriw a Ama Aba Saa
Ɛnnɛ, agyanom pii yɛ adwuma pɔn akyi adwuma anaasɛ adwuma abien na ama wɔatumi ahwɛ wɔn mmusua. Mmea pii nso wɔ hɔ a wɔyɛ adwuma gye akatua. Paul Johnson kyerɛw wɔ Daily Telegraph mu sɛ: “Nokwarem no, ɛyɛ nwonwa sɛ wɔ saa bere yi mu wɔ abakɔsɛm mu a mfiridwuma ama nnwuma a mmea yɛ wɔ fie so atew kɛse no, . . . wɔyɛ adwuma denneennen te sɛ kan no; ebia wɔyɛ adwuma denneennen sen saa.”
Enti bere a mmea pii de da mũ no nyinaa yɛ adwuma a wɔyɛ gye akatua akyi no, wɔba fie bɛyɛ adwuma a ɛto so abien—wɔn fi a wobesiesie ne mmofra a wɔbɛhwɛ wɔn no. Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ ɛnyɛ nea okununomyɛ nneɛma pii de boa na ama wɔn yerenom adwuma a ayɛ kɛse no so atew. Esiane eyi nti, bere yɛ ade a ɛho taa yɛ na ma ɔyerenom a wɔyɛ adwuma. Working Couples akyerɛwfo faa ɔyere bi a ɔyɛ adwuma asɛm kae sɛ: “Me ho kyere me kɛse efisɛ minnya bere pii na mede ayɛ nneɛma a mepɛ sɛ meyɛ anaasɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ no.”
Wɔ nnipa pii fam no, su a wɔwɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho a ɛresakra ne awaregyae a ɛredɔɔso no ama asetra ano ayɛ hyew. Ɔkwan bɛn so? Asɛm bi a ɛwɔ Family Relations mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛn man yi (U.S.) ahu sɛ awofo a wonni ahokafo mmusua dodow anya nkɔanim 79% wɔ bɛboro mfe akron a atwam no mu . . . Nea ɛrekɔ so nnɛ no yɛ kɛse sen bere biara wɔ tete bere no mu.” Wɔ ɔwofo a ɛsɛ sɛ ne nkutoo tete mmofra, kodi gua, noa aduan, na osiesie fie fam no, asetra betumi ayɛ te sɛ ade a wɔde ntɛmpɛ kɛse yɛ a ɛmma awiei.
Nneɛma Afoforo
Nneɛma afoforo a ɛho nhia ahe biara te sɛ nea edidi so yi nso ama nnɛyi asetra ano ayɛ hyew:
Nkwa Yɛ Tiaa—Bible no ka sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no; opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.” (Hiob 14:1, 2) Esiane sɛ nnipa pii ahu sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware nti, wɔpere wɔn ho wɔ asetra mu na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pii sɛnea wobetumi. Wɔn adwene ne sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”—1 Korintofo 15:32.
Nim a Yennim Sɛnea Asetra Bɛyɛ—Onyansafo a ɔne Ɔhene Salomo kae sɛ: “Ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu.” Dɛn ntia? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛbere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Enti ɛte sɛ nea nnipa de ntɛmpɛ yɛ ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu wɔn botae ho efisɛ wosuro sɛ akwanhyia bi bɛto wɔn a ɛremma wontumi nyɛ.
Suro a Yesuro sɛ Biribi Bɛpa Yɛn Ti so—Te sɛ mmofra nketewa no, mpanyimfo pii yɛ peterepetere, wontumi mfa wɔn adwene nsi biribi so nkyɛ na ɛsɛ sɛ wɔde ntɛmpɛ yɛ biribi foforo bere nyinaa. Wontumi nnye wɔn ahome na wɔanya nea wɔwɔ mprempren mu anigye efisɛ wɔn ho pere wɔn sɛ wobenya daakye mu anigye.
Ehu ne Boasetɔ a Yenni—Fa eyinom ka ehu ne boasetɔ a yenni no ho na ebia wubetumi ate ofirikafo a sɛ wohwɛ wo kar ahwehwɛ mu a wubehu sɛ ɔreba wɔ w’akyi no ase yiye. Esiane sɛ ɛda adi sɛ obu kar biara a edi n’anim no sɛ mpoatwa nti, ɔbɔ mmɔden sɛ obetwa wɔn nyinaa ho ntɛm sɛnea obetumi a mpɛn pii ntease biara nnim. Ɛtɔ bere bi a, wosan hyia no bio wɔ akyerɛkyerɛ kwan kanea (traffic light) a edi hɔ no ase!
Ɔbrɛ—Esiane sɛ ebinom hu sɛ honam fam adwuma anaasɛ nea wɔyɛ da biara no afono wɔn na ɛnyɛ anigye nso nti, wɔyɛ nneɛma a wɔka ho asɛm sɛ bɔne ahorow a ɛho hia yi ntɛmntɛm sɛnea wobetumi na ama wɔanya bere pii de agye wɔn ahome.
“Bere Yɛ Sika”—Ebinom de nnyinasosɛm yi—ne bere—di dwuma na wɔde wɔn bere a wɔmfa nyɛ hwee anaasɛ wɔn akwamma bɔ afɔre gye sɛ ɛbɛma wɔabɔ ka Cedi biako. Esiane sɛ wɔn ani ntaa nsɔ nea wɔwɔ nti, wɔn ho pere wɔn bere nyinaa sɛ wɔbɛboaboa honam fam nneɛma a wontumi nnya bere na wɔde anya mu anigye ano gu hɔ.
Sɛnea ɛte biara no, ebia w’asetra ano yɛ hyew. Sɛ saa a, ɛnde asemmisa no ne sɛ . . .
Ɛhe Na Ɛde Wo Kɔ?
Ade biako ne sɛ sɛnea nnɛyi asetra ano yɛ hyew no ama nkurɔfo pii anya adwenemhaw. Nanso nokware a abebusɛm a ɛne sɛ “wopɛ ntɛm a wuhwie no amono” yɛ no da adi wɔ nneɛma afoforo a nnipa yɛ no mu nso.
Sɛ nhwɛso no, Germanfo atesɛm krataa a wɔfrɛ no Arztliche Praxis bɔ amanneɛ sɛ: “Nea ɛde lɔre akwanhyia ba titiriw no da so ara yɛ mmirika a wotu ma ɛtra so.”
Ɛbɛyɛ den ama abofra a ɔkɔ sukuu a ɔpere ne ho sɛ obehu nneɛma atitiriw bi yɛ no sɛ obetumi anya adwuma na wakɔ so ayɛ. Obi a odidi ntɛmntɛm no betumi anya yafunu yare, aduan a odi no rentumi nyam yiye na nyarewa afoforo nso bɛyɛ no. Ɔbarima a “ɔpere ne nsɛm ho” betumi agu obi anim ase na wɔama obi adi yaw anaasɛ obetumi ama adamfofa a ɔne obi wɔ no asɛe. (Mmebusɛm 29:20) Na obi a ɔde ahopere hwehwɛ aware mu ɔhokafo no behu sɛ ɔde ahopere hwehwɛ awaregyae.
Na wɔn a wɔn ho pere wɔn sɛ wobenya honam fam nneɛma, sɛ wobenya adwuma a n’akatua so ayɛ, sɛ wɔbɛhyehyɛ abusua anaa sɛ wobenya nneɛma pii wɔ asetra mu no nso ɛ? Ampa, mfomso nni nneɛma a ɛtete sɛɛ a wɔbɛhwehwɛ no ho ankasa. Nanso sɛ nneɛma a wɔhwehwɛ yi dan akansi a emu yɛ den a, awiei koraa no mfaso bɛn na nnipa no nya?
Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete bere no mu dii nneɛma a ɛte sɛɛ akyi nanso ɔkae sɛ: “Medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne brɛ a mebrɛ yɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu, na mfaso bi nni mu owia ase.”—Ɔsɛnkafo 2:11.
Enti so ɔkwan bi wɔ bɔ a wobɛfa so agyina nnɛyi asetra a ano yɛ hyew no ano na woabu wo bra wɔ kommyɛ mu?