Yafunu A Wotu Gu—Ɛho Nimdeɛ De Asɛyɛde Ba
SƐ WUNIM sɛ biribi teɛ a, ɛyɛ a woka ho asɛm? Eye sɛ woyɛ saa, titiriw bere a ɛfa afoforo yiyedi ho no. Bere a wakenkan asɛm bi a ɛfa yafunu a wotu gu ho wɔ nsɛmma yi biako bi a ɛbae mu akyi no, ɛna bi a ɔwɔ Engiresi Aburokyiri kyerɛw nea edi so yi:
“Afei ara na makenkan ‘Krataa a Efi Abofra a Wɔnwoo no Na Hɔ’ a ɛwɔ September 8, [1986] Nyan! mu no awie na ebubuu me koma.
“Mintuu yafunu nguu da, nanso bere a na manyinsɛn me ba a odi kan asram anan no, na me kunu nuabea anyinsɛn ne ba a ɔto so abiɛsa asram abien. Na ɔde ne mmabea nkumaa abien no akɔto sukuu mu na na wanya adwuma a n’akatua ye. Na nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a ɔpɛ: nea wɔde siesie ɔdan mu, video, kar foforo, nnua ahorow a obedua wɔ ne turo mu. Nanso na nyinsɛn no bɛma wagyae adwuma no yɛ na sika a ɔde bɛtotɔ saa nneɛma yi no abɔ no. Enti osii gyinae sɛ obetu yafunu no agu.
“Ɛda a obetu yafunu no agu no bɛn no, n’ani gyei kɛse. Nanso ho a misusuwii no bɔɔ me yare. Saa bere yi mu ara na mifii ase tee nka sɛ me ba no keka ne ho wɔ me yam, na misusuwii sɛ abofra a na m’akummaa yem no no nso renyin.’
“Ɛda a wobetu yafunu no agu no anwummere dui na mekɔɔ so nyaa anidaso ara sɛ m’akummaa no bɛsesa n’adwene. Na mitumi de m’adwene bu sɛ ne ba no abobɔ ne ho a hwee nyɛ no wɔ n’awotwaa mu a ɔretie ne koma a ɛrebɔ brɛoo no. Afei sɛ mibu sɛnea wɔatew abofra no afi ne wiase ketewaa a ahobammɔ wom no mu a, ɛma m’adwene nyinaa tu fra. Sɛ misusuw ho saa a, ɛma misu. Otuu yafunu no gui. Me babea ketewaa no renhu ne papa wɔfase a ɔne no fi a wɔn mfe bɛn so sɛɛ yi da.
Na me kunu nuabea no nso ɛ? N’adwuma no fii ne nsa nanso onyaa foforo, na ɛno akyi na wayɛ nnwuma ahorow pii. Onyaa ne video, kar foforo, n’afifide ahorow, ntade afoforo, ne nea ɛtete saa, nanso ɔyaree adwenemhaw na ogyaw ne kunu ne ne mma hɔ, na ɔsan baa fie nna kakra bi akyi. Nanso n’ani nnye. Sɛ abɛsra me a, ne mmabea nketewa baanu no ne me babea no ne me babarima a wadi asram 11 no di agoru, na wɔka wɔ me babea no ho sɛ: ‘Mama, so ne ho nyɛ anika? Me yam a anka yɛwɔ nuabea anaa nuabarima ketewaa bi.’ Sɛ wɔka saa a miwia me ho hwɛ n’anim tebea. Mete nka sɛ mepɛ sɛ mekyekye ne werɛ efisɛ bere a otuu ne yafunu gui no na onnim nea ɔreyɛ ankasa. Nanso m’akummaa no paw sika gyaw ne ba no nkwa, na eyi nti na mete nka sɛ wanu ne ho afei no.
Nanso eyi ma mibisa me ho asɛm bi a anibere wom. Mefa no sɛ meyɛ Yehowa Adansefo mu biako, ɛwom sɛ minya mmɔɔ asu de. Nanso mihu sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ, efisɛ wɔn a wɔyɛ Adansefo ampa no te sɛ Yesu, wɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye ma afoforo, a sɛnea afoforo te anaa nea wɔyɛ no mfa ho. M’ani gyina ɛda a metumi aka no nokwarem sɛ mete nka te sɛ nea wɔyɛ wɔ afoforo ho na mede ahohoahoa de Yehowa din ato me ho so. Ebia sɛ manyi m’ani saa a, anka metumi de akokoduru adi me kunu nuabea no adanse, na ebia anka wobegye abofra no nkwa.”
Ɛyɛ Nyan! akyerɛwfo no pɛ kɛse sɛ saa nsɛm a yɛasusuw ho yi bedi saa atirimpɔw yi ara ho dwuma.