Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 10/8 kr. 2-24
  • Dɛn Nti Na Asɔfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amammuisɛm Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Asɔfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amammuisɛm Mu?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dibea, Mfaso, ne Amammuisɛm
  • Efi Nasi Germany de Besi Nnɛ
  • Ɔmanfo Hokwan Ahorow, Asetra mu Atɛntrenee
  • Dɛn Na Ahofadi Nyamekyerɛ Reyɛ?
  • So Onyankopɔn Pene So?
  • Ahofadi Nyamekyerɛ​—So Ɛyɛ Wiase Aman a Ɛtɔ So Abiɛsa no Ɔhaw Ano Aduru?
    Nyan!—1988
  • Atwa Yɛn Ho Nyinaa Ahyia!
    Nyan!—1987
  • So Ɛsɛ sɛ Asɔfo Ka Amanyɔsɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Latin-Amerika Asɔre no wɔ Ahoyeraw Mu—Dɛn Nti na Ɔpepem Pii Refi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 10/8 kr. 2-24

Dɛn Nti Na Asɔfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amammuisɛm Mu?

ESIANE sɛ ɛka wo nti, ntease wom sɛ wubebisa sɛ, “Dɛn ntia?”

Ntease mu no, asɔfo, asomfo, ne nyamesom akannifo afoforo a wɔde wɔn ho ahyehyɛ amammuisɛm mu no nni adwene biako pɛ bi a enti ɛma wɔyɛ saa. Ebinom wɔ adwene a nkurɔfo bɛkasa atia. Ebia ebinom nso wɔ adwene a nkurɔfo ani gye ho, te sɛ ahiafo a wodwen wɔn ho.

Wɔn adwen horow no mu a wubehu no bɛma woatumi asusuw Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho no ho yiye na ama woahu nea ɔka sɛ ɛbɛba daakye no.

Dibea, Mfaso, ne Amammuisɛm

Nea ɛbɛyɛ na yɛate ade biako nti a asɔfo de wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu no ase no, ma yensusuw afeha a edi kan nyamesom akwankyerɛfo bi ho. Ná saa mmarima yi a wɔne ɔsɔfo panyin no ne Farisifo ne Sadukifo no, na ɛka bom yɛ Yudafo asennibea kɛse no. Bere a Lasaro a Yesu nyanee no fii awufo mu no ama wɔahaw no, wosusuwii sɛ: “Sɛ yegyaa [Yesu] saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.”​—Yohane 11:48.

“Yɛn ha yi ne yɛn man.” Yiw ná wodwene wɔn dibea, nkɛntɛnso, ne tumidi ho, na ɔmanfo biara tɔ so abien. (Mateo 23:2-8) Ɛdenam amansɛmdifo anim dom a asɔfo binom hwehwɛ so no, wɔanya dibea ahorow a ɛsoso. Wɔ pii fam no, eyi abɛyɛ ahonyade kwan. Nokwarem no, Bible mu nhoma a etwa to no ka “ɔbea bi” a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse” a wohuu “ne taamudi ahoɔden” no ho asɛm. Bible no ne abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɔyɛ wiase atoro som ho mfonini.​—Adiyisɛm 17:1-5; 18:3.

Afei susuw adanse a ɛkyerɛ sɛ eyi nti na asɔfo binom de wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu no ho. Nhoma a wɔfrɛ no Religion and Revolution no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wɔ 1774 ne 1790 mfinimfini hɔ no na France asɔfo mpanyimfo 192 no mu 173 yɛ adehye. Ná bɛyɛ asɔfokuw no mufo fã na wɔte Paris na wonya Franse ahenkurow no afɛfɛde mu anigye. Ɔsɔfopɔn Polignac wui wɔ 1741 mu a wankɔsra ɔmantam a na wɔayi no sɛ ɔnhwɛ so bɛyɛ mfe dunnum a atwam no mu da. Anibiannaso honhom a enya nkɔanim no kaa nkokorafi mufo a na wɔn mu pii yɛ adefo no.” Ná asɔfo mpanyimfo no te ahonya mu, bere a na asɔfo a wɔhwɛ nkuraase no mu pii di hia.

Mexico de nhwɛso foforo ma. Wɔ 1810 mu no Miguel Hidalgo a ɔyɛ ɔsɔfo wɔ akuraa bi ase no dii ɔko a wɔde repere ahofadi afi Spania nsam no anim. Ɔbenfo Guenter Lewy kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Paapa a ɔwɔ Rome no ne ɛkame ayɛ sɛ asɔfokuw no nyinaa kasa tiaa [saa Mexicofo] ɔman mma yi. Nyaatwom kwan a asɔfo mpanyimfo no faa so [akyiri yi] bɛyɛɛ wɔn a wɔtaa ahofadi no akyi denneennen no . . . bɛyɛɛ nea ɛho da hɔ na ɛma wohuu asɔre no sɛ ɛyɛ kuw bi a ɛhwehwɛ ne yiyedi titiriw a wɔrentumi mfa wɔn ho nto no so. . . . asɔre no anya ne ho wɔ nsase ne adan fam, a na ebinom bu ano sɛ ɛbɛyɛ ɔman no asase ankasa fã.”

Protestantfo, Katolekfo, Yudafo, anaa wɔn a wɔwɔ gyidi afoforo bi mu​—so yɛn nyinaa rennye ntom sɛ ɛnsɛ sɛ asɔfo de wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu de pɛ dibea a ɛkorɔn? Nanso, ɛno ne ade a ɛrekɔ so.

Efi Nasi Germany de Besi Nnɛ

Nasi bere no ma yehu sɛnea wɔde nyamesom frafra amammuisɛm mu no yiye. Nnipa pii a wodwene abisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na Katolek ne Lutheran asɔfo ne Hitler ne ne Nasifo awudifo no dii?’

Mfiase no, wɔyɛɛ saa denam mmoa bi a wɔde mae anaasɛ anyɛ yiye koraa no denam sɛnea wɔne wɔn traa hɔ saa ara no so. Nyamesomfo kakraa bi na wɔmaa wɔn nne so de kasa tiae. Ɔbenfo T. A. Gill kyerɛw obi a ná ɔda nsow ho asɛm. “[Nyamekyerɛfo Dietrich] Bonhoeffer hui akyiri yi sɛ nea na n’agya ne ne nuabarimanom aka akyerɛ no fi bere a na wadi mfe dunnum no yɛ nokware: asɔre no ho nhia titiriw bio wɔ nneɛma a ehia kɛse no mu a enti ɛsɛ sɛ ɔde ne nkwa ma no.” Bere a Hitler akyi a asɔre no gyina anaa hwee a ɛmfa wɔn ho no ama Bonhoeffer ayɛ basaa no, ɔkɔdɔm atirisopamfo bi a na wɔrehwehwɛ Hitler akum no no. Nanso na Bonhoeffer da nsow.

Paul Johnson nhoma a wɔfrɛ no History of Christianity no kyerɛkyerɛ nea na ɛrekɔ so no mu sɛ: “Titiriw, asɔre baanu no nyinaa de mmoa kɛse maa nniso no. . . . Wɔ Evangelical asɔfo 17,000 no nyinaa mu no, amma da sɛ wɔde bɛboro aduonum guu afiase bere tenten [esiane sɛ wɔmmoa Nasi nniso no nti] wɔ bere koro bi mu. Wɔ Katolekfo mu no, wɔyii ɔsɔfo panyin biako fii ne mantam a ɔhwɛ so no mu, na wɔde obiako too afiase nna kakraa bi esiane sikasɛm mu adebɔne bi a ɔyɛe nti.” Ɛdefa wɔn a wɔde wɔn ho fam wɔn nnyinasosɛm ho a wɔanhinhim ho no, Johnson toa so sɛ: “Wɔn a na wɔwɔ akokoduru sen biara ne Yehowa Adansefo a wofi mfiase no ara daa sɛnea wɔn nkyerɛkyerɛ sɔre tia no adi pefee na wohuu ho amane no. Wɔpowee sɛ wɔne Nasi ɔman no bɛka abom ayɛ biribi.”

Efi saa bere no, asɔfo afoforo ne atirimɔden nniso horow abom sɛnea ɛbɛyɛ a wobekura wɔn kɛseyɛ, tumi, ne ahonya mu. Samufo asɛm bi a epuei wɔ National Catholic Reporter mu kae sɛ: “Katolek asɔre no huammɔdi wɔ Argentina no mu na wohu kommyɛ ne afã a wɔne asraafo nniso tirimɔdenfo no nyae, nea enye koraa wɔ nnansa yi abakɔsɛm mu no wɔ. . . . Enti ná asɔre mpanyimfo no wɔ gyinabea a anka wobetumi akasa ma ɛde nsonosonoe bi aba, sɛ ebia anka wobeyi nyamesom mpeneso no afi hɔ. Nanso, wɔanka hwee ankyerɛ obiara. Ebinom, a asɔfo a wɔhyɛ asraafo ntade ka ho, penee ayayadeyɛ ne okum no so.”​—April 12, 1985.

Ɔmanfo Hokwan Ahorow, Asetra mu Atɛntrenee

Nanso, sɛnea yɛadi kan aka no, nkurɔfo ani gye nyamesom akannifo bi ho kɛse esiane wɔn ho a wɔde hyehyɛ amammuisɛm mu wɔ ntease afoforo bi mu no nti.

Nhwɛso bi a efi United States ne nea ɛfa Baptist sɔfo Martin Luther King, Jr. a odii ɔmanfo hokwan ahorow mu ɔko a wɔde tia mmusua mu nyiyim a wɔde bere tenten ako wɔ ho no anim ho no. Asɔfo afoforo nso adi anim wɔ ɔko a wɔde pere hokwan ahorow ma mmea ne akuw nketewa binom no mu. Asɔfo ahorow abɛyɛ wɔn a wɔyɛ nnam wɔ amammuisɛm mu wɔ ɔko ahorow a wɔde hwehwɛ abatow hokwan, akatua a ɛfata adwuma a wɔyɛ, ne adwumayɛ hokwan a ɛfata no mu. Nnansa yi no. wɔama “ahofadi nyamekyerɛ” bi so na wɔde ama ahiafo amane a wohu no mu agow, te sɛ nsase a wɔbɛkyekyɛ ama wɔn a ɔkɔm de wɔn no.

Wote nka dɛn wɔ asɔfo ho a hyehyɛ amammuisɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma asetra mu adeyɛ bi anaa “ɔmanfo ho a wodwen,” sɛnea ɛtɔ bere bi a wɔfrɛ nneɛma a ɛte sɛɛ no, akɔ so no ho? Asɔfo binom mpo wɔ hɔ a nea ɛrekɔ so no mma wɔn ani nnye. Keith Gephart a ɔyɛ ɔsɔfo a n’ani gye mfitiasesɛm ho no kae sɛ: “Bere a merenyin no, na metaa te sɛ wɔka sɛ ɛsɛ sɛ asɔre ahorow no yi wɔn ho fi amammuisɛm mu. Afei de ɛte sɛnea ɛyɛ bɔne sɛ woremfa wo ho nhyem.” Obi a ɔkyerɛw nyamesom ho nsɛm wɔ atesɛm krataa bi mu kae sɛ: “Efi 1970 mfe no mfiase hɔ no, Kristofo a wɔn ani gye mfitiasesɛm ho no de nkakrankakra abegye atom sɛ amammuisɛm mu a wɔde wɔn ho hyehyɛ no yɛ asɛyɛde.”

Sɛ ntease horow no fata mpo a, susuw faako a adeyɛ a ɛte saa no de asɔfo no akodu no ho na hwɛ sɛ wopene so anaa.

Dɛn Na Ahofadi Nyamekyerɛ Reyɛ?

Nnipa pii ka sɛ Gustavo Gutiérrez a ɔyɛ Katolek sɔfo wɔ Peru na ofii “ahofadi nyamekyerɛ” a wɔde boa ahiafo no ase. Saa adeyɛ yi mu atrɛw wɔ asɔfo a wɔwɔ Latin America ne mmeae afoforo no mu. Engiresi atesɛm krataa Manchester Guardian Weekly bɔɔ amanneɛ sɛ Ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Durham kasa tiaa nniso no amammui nyansapɛ ahorow no na enti ɔhyɛe sɛ “wɔmma ‘ahofadi nyamekyerɛ’ bi nya nkɔanim.”

So nyamekyerɛ a ɛte saa no yɛ ahiafo ho a wodwen no so dua a wosi ara kwa? Ɛnte saa koraa. Sɛnea Guardian kyerɛ no, ɔsɔfo panyin no gye tom sɛ: “Britania ahofadi nyamekyerɛ no bɛfa Marxi nkyerɛkyerɛ no mu bi aniberesɛm kɛse.” Eyi kyerɛ sɛ wɔbɛhwɛ ahiafo a wɔko ma wɔn no wɔ Marxi nsusuwii kwan ahorow so. Dɛn na ɛde bɛba?

National Catholic Reporter (July 4, 1986) kaa asɛmti “Brazil Asase ho Ɔko ma Asɔre Ko Tia Ɔman” no ho asɛm. Nokwasɛm a ɛwɔ saa ntawntawdi yi mu ne sɛ “nsasewuranom akɛse no mu kakraa bi di asase no nkyem ɔha biara mu 83 so.’ Aguabɔ ne aprententu ahorow a asɔfo di anim ka saa “asase ho ɔko” yi ho. Na “ɔko” yɛ asɛmfua a ɛfata. Amanneɛbɔ no kae sɛ “nnipa 218 na wokunkum wɔn wɔ asase ho ntawntawdi 700 mu afe a etwaam no mu, a na Father Josimo Tavares a ɔyɛ Brazilni sɔfo ne asase ho ɔkofo kannifo a wokum no June 11 no ka ho.”

Ahofadi nyamekyerɛ no regye din. New York Times samufo asɛm bi kae sɛ Vatican gyinabea ne sɛ ɛnsɛ sɛ asɔfo de wɔn ho hyɛ amammuisɛm mu pii, nanso ɛkɔɔ so kae sɛ Vatican “gye ahofadi nyamekyerɛ mu nnyinaso titiriw no tom: sɛ Kristofo Asɛmpa no pene ɔko a ahiafo ko de pere amammui mu ahofadi ne wɔn ankasa asetra a wobedi so no so.”

Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so na wɔka Katolek asɛmpatrɛw kuw bi a wɔfrɛ no Maryknoll no ho asɛm sɛ “ɛretrɛw ahofadi nyamekyerɛ asɛmpa no ne sohyialist amammuisɛm mu.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1985 mu a wɔfrɛɛ no The Revolution Lobby no kae sɛ: “Maryknoll atumi adi nkonim wɔ Marxi ne Lenin nsɛm a ɛfa ɔman anidan a basabasayɛ wom ho a wɔma amanfo gye tom no mu titiriw efisɛ wɔama kwan ma ayɛ adwuma sɛ Katolek Asɔre no fã. Ɛnyɛ asɔrekɔfo a wonnim pii no nkutoo na ne nkrasɛm no aka wɔn, na mmom Amerika akwankyerɛfo a wɔagye din nso.”

So Onyankopɔn Pene So?

Ɛda adi sɛ, wɔ wiase nyinaa no, wɔde ɔsom refrafra amammuisɛm mu, na wɔwɔ ntease ahorow a wɔde yɛ eyi. Ɛnde, Onyankopɔn te nka dɛn wɔ ho? Bible no kyerɛ sɛ ɔbɛma ne gyinabea mu ada hɔ pefee nnansa yi ara. Ɛbɛka wo ne w’adɔfo dɛn? Na nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ ɛno nya wɔ wo su ne wo nneyɛe so mprempren?

[Kratafa 21 adaka]

“Ná Katolek asɔre a ɛwɔ Germany no yɛ Germani kosi ase, na te sɛ Protestant asɔre ahorow no, egyee ɔman no ne ne tumidi no toom.”​—The German Churches Under Hitler.

“Russia Otodoks Asɔre na kaa no baguam nnɛra sɛ egyina Owura Gorbachev nsusuwii ahorow a ɛfa akode a wɔde begu fam ho no akyi pintinn. . . Ɛkaa ho asɛm sɛ ‘ɛne Kristofo kwan a wɔfa so no hyia pɛpɛɛpɛ.’”​—The Guardian (London) , April 9,1986.

[Kratafa 22 mfoni]

Ná Martin Luther King, Jr., di akoten kɛse wɔ nyamesom akannifo a wɔko tia musua mu nyiyim no mu

[Asɛm Fibea]

UPI/Bettmann Newsphotos

[Kratafa 23 mfoni]

Ohia ne ntɛnkyia nu ɛma wɔde ahofadi nyamekyerɛ bae

[Asɛm Fibea]

J. Viscarrs/WHO

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena