Ahofadi Nyamekyerɛ—So Ɛyɛ Wiase Aman a Ɛtɔ So Abiɛsa no Ɔhaw Ano Aduru?
Efi Mexico “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
ƐNNƐ, Wiase Aman a Ɛtɔ So Abiɛsa no mu pii a wɔwɔ Afrika, Asia, ne Latin Amerika di hia na wɔn nkɔso ano asiw wɔ akwan horow pii so. Nnipa a wɔwɔ saa nsase yi pii so no kasa tia nniso ahorow a ɛwɔ hɔ no ne ɔman no mu nyamesom akannifo sɛ wɔhyɛ wɔn so. Afoforo nso de wɔn mprempren ɔhaw ahorow no ho sõ to amannɔne ka ahorow so. Nanso biribi aba a ebinom bu no sɛ ɛyɛ wiase Aman a Ɛtɔ So Abiɛsa no haw no ano aduru—ahofadi nyamekyerɛ.
Wɔ December 8, 1986 no, nnipa bɛboro 2,000—Katolekfo titiriw—hyiae wɔ National Autonomous University of Mexico a ɛwɔ Mexico Kurom no mu sɛ wɔrekosusuw “Ahofadi Nyamekyerɛ wɔ Wiase Aman a Ɛtɔ So Abiɛsa Mu” ho. Ná akasafo no—Katolekfo ne Protestantfo nyinaa—yɛ nyamesom mu nhomanimfo bi a na wɔreyɛ Wiase Aman a Ɛtɔ So Abiɛsa Asɔfo Nhyiam a Ɛtɔ so Abien wɔ Oaxtepec a ɛwɔ Mexico no mufo. Wɔyɛɛ nea edi kan no wɔ Sri Lanka wo 1981 mu. Ná saa nhyiam horow yi atirimpɔw ne dɛn? Sɛ wɔde bedwennwen ahofadi nyamekyerɛ nkɔso ne ne daakye ho.
Nkɛntɛnso bɛn na ahofadi nyamekyerɛ renya wɔ Wiase Aman a Ɛtɔ So Abiɛsa no mu? So ɛredu ne botae ahorow no ho? So ɛwɔ daakye pa bi? Sɛ yedi kan pɛɛpɛe nea ahofadi nyamekyerɛ no kyerɛ ne nea ɛpɛ sɛ ɛyɛ no mu a na yɛbɛte saa nsemmisa yi ho mmuae no ase yiye.
Ahofadi Nyamekyerɛ
Sɛnea Mexico Kurom atesɛm krataa La Jornada kyerɛ no. Brazilni Katolek nyamekyerɛfo Frei Betto se ahofadi nyamekyerɛyɛ “adeyɛ a wɔde gye ahiafo a egyina Bible, Kristofo atetesɛm ne asɔfo tumi a wɔwɔ sɛ wɔkyerɛkyerɛ so no ho nsusuwii a anibere wom.” Nanso ɔkwan a wɔfa so bɛn na wobu sɛ eye ma saa ogye ho “adeyɛ” yi?
Ahofadi nyamekyerɛfo gye tom sɛ nhyɛso a wɔde di dwuma—basabasayɛ—ne ano aduru wɔ aman bi mu. Enti ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔpene ahofadi nyamekyerɛ so no pene ɔman anidan ahorow a wɔde tia nniso a ɛwɔ hɔ, te sɛ nea ɛwɔ Nicaragua ne Phillipines no so nko na mmom wɔhyɛ ho nkuran nso. Eyi kyerɛ amammuisɛm a wɔde wɔn ho hyem kɛse. Frei Betto kyerɛ sɛ: “Ɛrenyɛ yiye sɛ yɛde yɛn gyidi bɛtra ase a yɛatew yɛn ho afi amammuisɛm ho.” Nanso dɛn so na wɔn gyidi no gyina?
Wɔka sɛ Bible no yɛ “denhyɛ” a wɔde gyina ahofadi nyamekyerɛ akyi no fibea. Peruni ahofadi nyamekyerɛfo Gustavo Gutiérrez—a wobu no sɛ “ahofadi nyamekyerɛ agya” no—sɛ “Israel ahofadi no yɛ amammui mu adeyɛ, amanehunu . . . tebea mu a wofi ne ɔman a atɛntrenee ne ɔdɔ wom asefi.”
Nanso, nea ɛho hia ahofadi nyamekyerɛfo kɛse no ne nea wɔfrɛ no “nkurɔfo a wɔba fam” no. Eyinom ne akuw a wɔka ahiafo “nguanhwɛ adwuma” ne ntetee ne amammui mu adeyɛ a wɔhyɛ ho nkuran bom no. Wɔ Brazil nkutoo no Katolekfo bɛboro ɔpepem anan na wɔyɛ nkurɔfo a ‘wɔba fam akuw horow bɛyɛ 70,000 no mufo. Yiw, Wiase Aman a Ɛtɔ So Abiɛsa no mu nyamekyerɛfo reyɛ biribi de anya wɔn botae ahorow no.
Ahofadi Nyamekyerɛ ne Vatican
Nanso, ahofadi nyamekyerɛ nkɔso no nyɛ nea nsɛnnennen nsɔree wɔ ho. Wɔ August 6, 1984 mu no, Vatican de ne nsɛm Instrucción Sobre Algunos Aspectos de la Teología de Liberación (Ahofadi Nyamekyerɛ mu Nsɛm Bi ho Nkyerɛkyerɛ) mae na ɛkasa tiae sɛ ɛyɛ “Kristofo nkrasɛm no a wɔdan ani.” Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ ‘ɛmfa ho sɛ ɛhe na basabasayɛ a wɔyɛ no nkakrankakra anaasɛ wɔboapa yɛ befi aba no, ɛsɛ sɛ wɔkasa tia.”
Afei wɔ 1985 mu no Vatican yɛɛ ade dennen tiaa “ahofadi nyamekyerɛfo okyinnyegyefo a ɔsen biara” a ɔne Brazil Franciscani sɔfo Leornado Boff, na wobuu no atɛn sɛ ɔntra “ahonu ho kommyɛ” mu afe biako. Nanso nsakrae bae wɔ asram 11 akyi.
Sɛnea Newsweek nsɛmma nhoma kyerɛ no, ‘ná Rome anya adwene foforo wɔ ahofadi nyamekyerɛ ho.’ Paapa no “de kyɛɛ” Boff, na wɔ March 22, 1986 no, wɔde Instrucción Sobre Libertad Cristiana y Liberación (Kristofo Ahofadi ne Ogye ho Akwankyerɛ) bi a ano nyɛ den fi asɔre no dwumadibea ti hɔ mae. Ɛkae sɛ “ɛfata yiye sɛ wɔn a adefo ne amammui atumfo hyɛ wɔn so no de akwan horow a eye wɔ abrabɔ mu di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nhyehyɛe ne ahyehyɛde ahorow a wɔbɛkyerɛ obu a ɛyɛ nokware ama hokwan ahorow a wɔwɔ no.” Afei de na wɔama “akode a wɔde di apere” ho kwan. Paapa John Paul II de krataa bi dii eyi akyi kɔmaa Brazil asɔfo mpanyimfo a na ɔrekyerɛ mu sɛ “Ahofadi Nyamekyerɛ nyɛ nea aba ne bere mu nko na mmom ɛho wɔ mfaso na ɛho hia ma Latin America.” Nanso dɛn nti na wɔasakra wɔn su wɔ ho?
Sɛnea Katolek asɔre no kyerɛ no, wɔde akwankyerɛ a ɛto so abien no mae sɛnea “wɔde bɛyɛ nnipa a wɔte ase nnɛ no basaayɛ wɔ bere a wogyina nhyɛso ano na wɔn kɔn dɔ sɛ wobenya ahofadi no ho biribi.”
Nanso, ebinom wɔ hɔ a wɔte nka sɛ asɔre no ansusuw ahofadi nyamekyerɛ no anoden ho na wɔn ho dwiriw wɔn. Bere a wɔtwee Boff aso akyi no, asɔfopɔn baanu ne asɔfo mpanyimfo baanan kɔɔ Rome sɛ wɔrekodi ama no. Asɔfo mpanyimfo du de wɔn nsa hyɛɛ krataa bi a ɛfrɛɛ n’asotwe no sɛ ade a wɔyɛ tia adesamma hokwan ahorow no ase. Na na ɛte sɛ nea Katolek asɔfo a wɔwɔ Wiase Aman a Ɛtɔ so Abiɛsa nyinaa mu de wɔn ho hyɛɛ “ahofadi adwuma” mu.
Hena na Ne De Teɛ—Asɔre No Anaasɛ Ne Nyamekyerɛfo No?
Ɛda adi sɛ asɔre no a ɛrehyia emufo mu mpaapaemu no rebɔ mmɔden dennen de akura ne tumi mu. Boff ne afoforo reko dennen de asan ahyehyɛe asɔre no sɛnea wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ.
Nanso afanu no nyinaa adi nkogu. Wɔ ɔkwan bɛn so? Bere a wobisaa Gustavo Gutiérrez nea wogyina so de hu nokware a ɛwɔ atetesɛm ne asɔre nkyerɛkyerɛ mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Nyan! sɛ nokware no ne “Kristofo man a wogye tom mu nhumu.” Yiw, wɔ nneɛma afoforo mu no, nea amanfo gye tom ne nnipa nyansa ne nea wogyina so kasa a wɔmmfa Bible no mma mu koraa. Ɛnsɛ sɛ eyi ba saa da. Dɛn nti?
Ahofadi Nyamekyerɛ ne Bible No
Bible no nkutoo na “efi Onyankopɔn home mu” na ɛsɛ sɛ “wɔde kyerɛkyerɛ, wɔde bɔ mfomso gu, wɔde kyerɛ nkurɔfo asetra kwan na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔyɛ kronkron.” (2 Timoteo 3:16, The Jerusalem Bible) Bible no bɔ kɔkɔ nso sɛ ‘wi yi ase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim.’ (1 Korintofo 3:19) Enti, dɛn na Onyankopɔn Asɛm wɔ ka wɔ ahofadi nyamekyerɛ ho?
Ɛwom sɛ Bible no mfa asɛm “ahofadi nyamekyerɛ” nni dwuma de, nanso ɛka ahofadi ho asɛm. Nokwarem no, Bible no nkrasɛm a ɛwɔ ma adesamma a ano yɛ den kɛse no mu biako fa ahofadi ho. (Romafo 8:12-21) Nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ na Israel ahofadi a enyae fii Misraim no nam Onyankopɔn ho a ɔde hyeem so. Nanso bere a Israelfo no tew wɔn ho fii Onyankopɔn ho no, ɔdomee wɔn na wohuu amane.
Ɛnnɛ, nyamesom ho a ɛde hyehyɛ asetra mu akuw horow mu no taa de basabasayɛ na ɛba. Nanso na Yesu Kristo ani nnye ho sɛ ɔde ɔsom bɛfrafra amammuisɛm mu. Bere a ɔsomafo Petro twee “nkrante” sɛ ɔde rebɔ Onyankopɔn Ba no ho ban no, Yesu kaa n’anim se: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26: 51, 52) Nanso eyi nkyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ wɔbɛsan de trenee aba asase so.
Nokware Ahofadi
Sɛnea Bible no kyerɛ no, Onyankopɔn de ne ho begye adesamma nsɛm mu wɔ ne bere a wahyɛ mu. “Wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.” (Mmebusɛm 2:22) Dɛn na ɛbɛba ama wɔn a wɔhwehwɛ ohia ne ntɛnkyea mu ahofadi no? “Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:11, 29.
So w’ani begye sɛ wobɛtra asase so wɔ tebea horow a ɛyɛ nwonwa saa no mu? Yɛ wiase a ohia, amanaman ntam nitan, mmusua mu nyiyim, anaa nhyɛso nnim ho mfonini wɔ w’adwenem. Nanso mma ɛnso hɔ ara. Onyankopɔn Asɛm no hyɛ bɔ sɛ obeyi yare, ɛyaw, ne awerɛhow nso afi hɔ. Owu mpo bɛyɛ ade a atwam! So eyi renyɛ ahofadi a ɛsen biara a wobetumi aka ho asɛm?—Adiyisɛm 21:4.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]
“Ahofadi Nyamekyerɛ . . . ho wɔ mfaso na ɛho hia ma Latin America.”—Paapa John Paul II
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]
Ná Yesu Kristo ani nnye ho sɛ ɔde nyamesom bɛfrafra amammuisɛm mu
[Kratafa 25 mfoni]
“Ɛrenyɛ yiye sɛ yɛde yɛn gyidi bɛtra ase a yɛatew yɛn ho afi amammuisɛm ho.”—Frei Betto
Paapa no maa Leornado Boff a ɔyɛ “ahofadi nyamekyerɛ okyinnyegefo a ɔsen biara” no ano brɛɛ ase asram 11