Sɛnea Abibifo Nyamekyerɛ Sɔree
“Kristosom abɛyɛ nea abibifo pii de nnipa mu nyiyim na ɛka ho asɛm.”—Efi The Church Struggle in South Africa a Congregational sɔfo J. de Gruchy kyerɛwee no mu
BERE a South Africa akwan so Protestantsom ama abibifo pii ahaw no, wɔadan akɔ biribi foforo—abibifo nyamekyerɛ a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛma Bible no afa wɔn tebea no ho—so.
Louise Kretzschmar kyerɛkyerɛ mu wɔ The Voice of Black Theology in South Africa mu sɛ: “Wobetumi ate asɛm ‘abibifo’ no ase wɔ akwan pii so. Nea edi kan, ɛfa wɔn a bere bi a atwam mu no na wɔfrɛ wɔn ‘wɔn a wɔnyɛ aborɔfo’ anaa ‘wɔn a wɔnyɛ Europafo, kyerɛ sɛ Afrikafo, Wɔn a Wɔwɔ Honam Ani Hwɛbea horow ne Indiafo ho. . . . Nea ɛto so abien no, wɔfa ‘obibini a obi yɛ’ no sɛ ɛne ‘nnipa a wɔhyɛ wɔn so wɔ South Africa’ no yɛ adekoro.”
Enti abibifo nyamekyerɛ si so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nidi koro no ara ma abibifo sɛnea wɔyɛ aborɔfo no efisɛ wɔbɔɔ abibifo nso wɔ Onyankopɔn suban so. Ne nsɛmti atitiriw no bi ne Israelfo a wogyee wɔn fii Misraim ne Yesu amanehunu no. Ne fene ne sɛ ‘Onyankopɔn wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so afã.’
So Ɛyɛ Nkabom Kwan?
Abibifo nyamekyerɛ akyerɛkyerɛfo apete wɔ South Africa asɔre pii mu, na akyinnyegye kɔ so wɔ wɔn mu. Sɛ nhwɛso no, ebinom ani gye komunism nsusuwii ho na wɔpɛɛpɛe mu wɔ wɔn nsɛm ahorow a wɔkyerɛw mu. Afoforo pow Maksisɛm. Saa ara nso na wɔn nyinaa adwene nhyia wɔ faako a ɛsɛ sɛ aborɔfo nya saa “Kristosom” kwan foforo yi mu kyɛfa kodu no ho.
Bere a abibifo nyamekyerɛ no kasatiafo ka sɛ ɛma abibifo ɔmampɛ nya nkɔso sɛnea nnipa mu nyiyim nyamekyerɛ no ma aborɔfo ɔmampɛ nya nkɔso no, Ɔbenfo Allan Boesak a ɔyɛ abibifo nyamekyerɛ ɔkyerɛkyerɛfo titiriw no ma mmuae sɛ: “Kristofo gyidi tra nsusuwii ne ɔmampɛ adwene nyinaa so.”
Nanso, Bonganjalo Goba a ɔyɛ Congregational Asɔre no ɔsɔfo bi no bua sɛ: “Mene Allan Boesak nyɛ adwene.” Goba se wɔrentumi nguan mfi ho sɛ abibifo nyamekyerɛ “bɛda nsusuwii a abibifo ani gye ho no adi. Sɛ anyɛ saa a na ɛnyɛ abibifo nyamekyerɛ bio.” Lutheran sɔfo panyin Ɔbenfo Buthelezi de ka ho sɛ: “Bible nkrasɛm a ɛkanyan Afrikana honhom no . . . na ɛrekanyan yɛn ma yɛato Abibifo Nyamekyerɛ dwom no.”
Wɔde Adi Dwuma sɛ Akode
Itumeleng Mosala a ɔyɛ Methodist sɔfo ne abibifo nyamekyerɛ kyerɛkyerɛfo no kyerɛ sɛ: “Abibifo nyamekyerɛ adi n’atirimpɔw ho dwuma yiye sɛ akode a wɔde kasa tia aborɔfo nyamekyerɛ ne aborɔfo ankasa.” Ɛdenam ɔkasatia a ɛte saa a wɔbɛda no adi so no, abibifo nyamekyerɛfo wɔ anidaso sɛ abibifo mmerante ne mmabaa bɛtra wɔn asɔre ahorow no mu. Pii afi mu rekɔkasa atia ɔkwan a wohu sɛ wɔfa so di “Kristosom” ho dwuma wɔ asɔre ahorow no mu no.
Afoforo kɔ anim na wɔde abibifo nyamekyerɛ di dwuma sɛ akode de pɛ amammui mu nsakrae. Takatso Mofokeng a ɔyɛ abibifo DR Asɔre wɔ Afrika no sɔfo ne abibifo nyamekyerɛ ɔkyerɛkyerɛfo no gye tom sɛ: “Abibifo nyamekyerɛ kɔ so yɛ adwinnade a ɛho wɔ mfaso ma ahofadi ho apere a ɛkɔ so bere nyinaa no.”
Eyi ho nhwɛso ne The Kairos Document a South Africa nyamekyerɛfo 156 de wɔn nsa hyɛɛ ase no. Ɛka kyerɛ asɔremma sɛ “wontu nhyɛso ase, wonnyi atirimɔden mfi tumidi mu na wɔmfa trenee nniso nsi hɔ.” Nyamekyerɛfo no paem ka sɛ: “Yegye di sɛ Onyankopɔn reyɛ adwuma wɔ yɛn wiase mu a ɔredan tebea horow a anidaso nnim na ɛyɛ bɔne ma ayɛ papa sɛnea ɛbɛyɛ a ‘n’ahenni bɛba’ na ‘wɔayɛ ne pɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro.’ . . . Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntawntawdi ne aperepere no mu den wɔ asram ne mfe a ɛda anim no mu efisɛ ɔkwan foforo biara nni hɔ a wɔbɛfa so de ayi ntɛnkyea ne nhyɛso afi hɔ.”
Nanso, so eyi ne nea Bible no kyerɛkyerɛ? So Onyankopɔn Ahenni nam amammui mu anidan so na ɛbɛba? So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Protestantsom de mpaapaemu aba South Africa no kyerɛ sɛ Kristosom ankasa adi huammɔ?